Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnkaa Akyi Dodo sɛ Wobɛsom Onyankopɔn

Ɛnkaa Akyi Dodo sɛ Wobɛsom Onyankopɔn

Ɛnkaa Akyi Dodo sɛ Wobɛsom Onyankopɔn

Wɔ Málaga a ɛwɔ Spain anafo fam no, maame bi ne ne babea a wɔfrɛ wɔn baanu nyinaa Ana bɔɔ asu December 19, 2009. Ná wɔka nnipa 2,352 a wɔbɔɔ asu wɔ Spain wɔ afe 2009 mu no ho. Nanso, ade a na ɛda nsow wɔ maame yi ne ne babea no ho ne mfe a na wɔadi no. Ná maame no adi mfe 107, ɛnna ne babea no nso adi mfe 83!

Dɛn na ɛkaa wɔn ma wɔbɔɔ asu de yɛɛ wɔn ho so a na wɔahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne? Wɔ afe 1970 mfe no mfiase no, na maame no babea Ana fipamfo bi to nsa frɛ no kɔ Asafo Nhoma Adesua a na wɔyɛ wɔ Ɔdansefo no fie. Ɛwom wom ara a na Ana kɔ adesua no bi. Nanso, esiane adwuma a na Ana yɛ nti, wannya nkɔso.

Bɛyɛ mfe du akyi no, Ana mma no mu binom fii ase suaa Bible no, na bere bi akyi no, wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo. Awiei koraa no, wɔn mu biako a ne din de Mari Carmen maa ne maame ani san begyee Bible mu nokware no ho, na ɔboaa no ma ɔpenee so ma wɔne no suaa Bible no. Afei, Mari Carmen nanabea, Ana panyin no nso fii ase kyerɛɛ Bible ho anigye. Awiei koraa no, abusua yi mufo du bɔɔ asu.

Ɛda a maame no ne ne babea a wɔfrɛ wɔn baanu nyinaa Ana no rebɔ asu no, wɔn ani gyei yiye. Ana a wadi mfe 107 no kae sɛ: “Yehowa ne me adi no yiye paa sɛ wama mahu no.” Ne babea no nso kae sɛ: “Mepɛ sɛ mesom Yehowa na meyɛ n’apɛde, na meka asɛmpa no sɛnea metumi biara, ansa na Paradise no aba.”

Ade a ɛma saa akunafo baanu yi ani gye paa ne asafo nhyiam a wɔkɔ. Wɔn asafo mu panyin biako kae sɛ: “Wɔmmma nhyiam biako mpo mmpa wɔn ti so. Wɔyɛ krado bere nyinaa sɛ wɔbɛma mmuae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase.”

Wɔn nhwɛso pa no ma yɛkae okunafo bi a wɔfrɛ no Hana a ‘na ɔmpa asɔrefie hɔ da a na ɔde mmuadadi ne nkotɔsrɛ som awia ne anadwo’ no. Eyi ma onyaa hokwan huu abofra Yesu. (Luka 2:36-38) Bere a na Hana adi mfe 84 mpo no, na onnyinii dodo sɛ ɔbɛsom Yehowa, na mmea baanu a wɔn din ne Hana din di nsɛ a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso te nka saa ara.

So wowɔ abusuafo a wɔn ani gye ho sɛ wobetie Bible mu asɛm no? Anaasɛ woahyia akwakoraa anaa aberewa bi a n’ani gye ho sɛ obetie asɛm no bere a wokɔɔ ne fie asɛnka no? Nnipa a wɔte saa no betumi abɛyɛ sɛ mmea baanu a wɔfrɛ wɔn Ana a yɛaka wɔn ho asɛm no, efisɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ wobefi ase asom nokware Nyankopɔn Yehowa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Yehowa ne me adi no yiye paa”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Mepɛ sɛ mesom Yehowa . . . ansa na Paradise no aba”