Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Nea ɛma nnipa yɛ nneɛma bɔne no bi ne dɛn?

Emu atitiriw bi ne ahoyeraw a nhyɛso de ba, sikanibere, mmara a wɔnhwɛ mma ɛnyɛ adwuma, ne gyae a nnipa gyae wɔn ho mu ma sɔhwɛ. (Ɔsɛnk. 7:7; 8:11; 1 Tim. 6:10; Yak. 1:14, 15)—10/1, kratafa 4.

• Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ wode ayamhyehye bɛwɛn w’aso atie w’adamfo bi a ɔyare?

Ɛnyɛ ɔhaw no ano aduru ankasa na w’adamfo a ɔyare no hwehwɛ, na mmom obi a obefi ne komam atie no. Ebia ɔbɛte nka sɛ ehia sɛ ɔka nea ɛrehaw no no kyerɛ wo a onsuro sɛ wobɛkasa atia no. (Ɔsɛnk. 3:1, 7; Yak. 1:19)—10/1, kratafa 10, 11.

• Ɔbɔfo bɛn na Onyankopɔn somaa no dii Israelfo anim bere a na ɔreyi wɔn afi Egypt no? (Ex. 23:20, 21)

Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ ɔbɔfo a ‘Yehowa din da no so’ no ne Onyankopɔn Abakan no a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yesu no.—9/15, kratafa 21.

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere sua sɛ wɔbɛbom asusuw nneɛma ho?

Yehowa Nyankopɔn bu awarefo sɛ wɔyɛ “ɔhonam koro.” (Mat. 19:3-6) Nkitahodi pa ho hia na ama saa abusuabɔ no mu akɔ so ayɛ den.—10/1, kratafa 15.

• Nsɛm a nkurɔfo de yi wɔn ho ano wɔ nokware som ho a Onyankopɔn nnye ntom no bi ne dɛn?

‘Ɛyɛ den dodo. M’ani nnye ho. Minni adagyew koraa. Memfata. Obi ayɛ me ade ma ayɛ me yaw.’ Eyinom nyɛ anoyi a edi mũ a obi betumi de ayi ne ho ano sɛ ɔrenni Onyankopɔn ahyɛde ahorow so.—10/15, kratafa 12-15.

• Akwan a wubetumi afa so ama Kristofo nhyiam ahyɛ wo ne afoforo den no bi ne dɛn?

Di kan sua nneɛma a wobesusuw ho no. Kɔ daa. Du hɔ ntɛm. Fa nhoma ahorow kɔ. Mma nneɛma ntwetwe w’adwene. Fa wo ho hyɛ mu. Ma wo mmuae nyɛ ntiantiaa. Yɛ dwumadi ahorow a wɔde ma wo. Kamfo wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no. Bɔ fekuw ansa na wɔafi nhyiam no ase ne bere a wɔapɔn no.—10/15, kratafa 22.

• Awofo bɛyɛ dɛn atumi “agyaw” wɔn mma “nhwɛsode” ma wɔayɛ nnipa a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma? (Yoh. 13:15)

Ɛsɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma na wɔyɛ nhwɛso de boa wɔn ma wohu sɛnea wobedi wɔn asɛyɛde ho dwuma pɛpɛɛpɛ sɛnea Yesu yɛe no.—10/1, kratafa 19.

• Dɛn na yebetumi asua afi atipɛnfo nhyɛso a enyaa Aaron so nkɛntɛnso no mu?

Bere a na Mose nni hɔ no, Israelfo no hyɛɛ Aaron sɛ ɔnyɛ onyame bi mma wɔn. Ɔyɛɛ nea wɔkae no. Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ mmofra nkutoo na wohyia atipɛnfo nhyɛso. Ebetumi anya wɔn a wɔn ani afi na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ mpo so nkɛntɛnso. Ɛsɛ sɛ yegyina atipɛnfo nhyɛso bɔne ano.—11/15, kratafa 8.

• Nneɛma a ɛbɛma yɛanya Bible akenkan so mfaso kɛse no bi ne dɛn?

Fa adwempa kenkan. (Yak. 1:23-25) Paw nkyerɛase a edi mũ. Bɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa. (Dw. 119:18) Kenkan da biara da. (Yos. 1:8) Fa akwan foforo so kenkan. Dwinnwen ho. (Dw. 119:97) Ma wɔmmoa wo na te ase. (2 Pet. 3:16)—10/1, kratafa 21-23.