Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Sigyadi Di Dwuma Yiye

Fa Wo Sigyadi Di Dwuma Yiye

Fa Wo Sigyadi Di Dwuma Yiye

“Obiara a obetumi agye eyi atom no, ma ɔnyɛ saa.”—MAT. 19:12.

1, 2. (a) Yesu, Paulo, ne afoforo buu sigyadi dɛn? (b) Dɛn nti na ebinom betumi asusuw sɛ sigyadi nyɛ akyɛde?

AKYINNYE biara nni ho sɛ, nneɛma a ɛsom bo paa a Onyankopɔn de akyɛ adesamma no mu biako ne aware. (Mmeb. 19:14) Nanso, Kristofo a wɔyɛ asigyafo pii nso wɔ anigye ne abotɔyam wɔ wɔn asetena mu. Onuabarima bi a wɔfrɛ no Harold a wadi mfe 95 a ɔnwaree da no ka sɛ: “Ɛwom sɛ m’ani gye ho sɛ me ne afoforo bɛbɔ na mada ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn de, nanso sɛ ɛka me nkutoo a, mente nka da sɛ mayɛ ankonam. Migye di sɛ metumi aka paa sɛ, mewɔ akyɛde a ɛne sigyadi no.”

2 Nokwarem no, Yesu Kristo ne ɔsomafo Paulo nyinaa kaa sigyadi ne aware ho asɛm sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Monkenkan Mateo 19:11, 12; 1 Korintofo 7:7.) Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ obiara a ɔnwaree no na ɔno ankasa apaw sɛ obedi sigya. Ɛtɔ mmere bi a, nsɛm tebea ma ɛyɛ den ma obi sɛ obenya ɔhokafo a ɔfata aware no. Anaasɛ bere a ebinom aware mfe bi akyi no, esiane awaregyae anaa wɔn ahokafo a wowu nti wɔbɛyɛ asigyafo bere a wɔnhwɛ kwan. Ɛnde, dɛn nti na yebetumi aka sɛ sigyadi yɛ akyɛde? Na ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ asigyafo betumi de wɔn sigyadi adi dwuma yiye?

Akyɛde Soronko Bi

3. Hokwan ahorow bɛn na Kristofo a wɔyɛ asigyafo taa nya?

3 Osigyani taa nya bere pii ne ahofadi kɛse sen obi a waware. (1 Kor. 7:32-35) Eyinom yɛ hokwan soronko a ebetumi ama obi atrɛw ne som adwuma mu, atrɛw ne dɔ mu ma aka afoforo, na wabɛn Yehowa kɛse. Enti, Kristofo dodow bi abehu mfaso a ɛwɔ sigyadi so, na wɔasi gyinae sɛ anyɛ yiye koraa no, ‘wobegye sigyadi atom’ akosi bere bi. Afoforo nso wɔ hɔ a ebia mfiase no wɔanyɛ wɔn adwene sɛ wobedi sigya, nanso bere a wɔn nsɛm tebea sesae no, wɔde mpaebɔ susuw wɔn tebea no ho, na wohui sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔn nso betumi asi gyinae wɔ wɔn koma mu. Enti, wogyee wɔn nsɛm tebea a ɛsesae no toom, na wogye toom sɛ wobedi sigya.—1 Kor. 7:37, 38.

4. Dɛn nti na Kristofo a wɔyɛ asigyafo betumi anya ahotoso sɛ wɔfata sɛ wɔyɛ Onyankopɔn som adwuma no?

4 Kristofo a wɔyɛ asigyafo nim sɛ ɛho nhia sɛ wɔware ansa na Yehowa anaa n’ahyehyɛde no agye wɔn atom, anaa wɔakyerɛ wɔn ho anisɔ. Onyankopɔn da ne dɔ adi kyerɛ yɛn mu biara. (Mat. 10:29-31) Obiara anaa biribiara nni hɔ a ebetumi atew yɛn afi Onyankopɔn dɔ ho. (Rom. 8:38, 39) Sɛ́ yɛaware anaa yɛyɛ asigyafo no, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ yɛfata sɛ yɛyɛ Onyankopɔn som adwuma no.

5. Dɛn na ehia na ama obi atumi de ne sigyadi adi dwuma yiye?

5 Nanso, sɛnea ɔdom akyɛde te sɛ nnwonto anaa mmirikatu te no, egye mmɔdenbɔ na ama obi atumi de ne sigyadi adi dwuma yiye. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ asigyafo nnɛ—sɛ́ wɔyɛ mmarima anaa mmea, mmabun anaa mpanyin, wɔn ankasa na wɔapaw sɛ wobedi sigya anaa nsɛm tebea bi nti no—betumi de wɔn tebea no adi dwuma yiye wɔ wɔn asetena mu? Ma yensusuw ebinom a na wɔwɔ tete Kristofo asafo no mu nhwɛso a ɛhyɛ nkuran ho, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

Sigyadi wɔ Mmabunbere Mu

6, 7. (a) Hokwan bɛn na Filipo mmabea a na wɔyɛ mmabun no nyae wɔ Onyankopɔn som mu? (b) Akwan bɛn so na Timoteo de mfe a ɔde dii sigya no dii dwuma yiye, na nhyira bɛn na onyae wɔ ne pɛ mu a ofi somee wɔ ne mmabunbere mu no so?

6 Ná ɔsɛmpakafo Filipo wɔ mmabea baanan a wɔyɛ mmaabun, na na wɔyɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi te sɛ wɔn papa. (Aso. 21:8, 9) Ná nkɔmhyɛ ka honhom kronkron akyɛde ahorow a na wɔde yɛ anwonwade no ho, na saa mmabaa no de saa akyɛde no dii dwuma maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 no nyaa mmamu.

7 Timoteo yɛ aberante a ɔde ne sigyadi dii dwuma yiye. Ne maame Eunike ne ne nanabea Lois de “nkyerɛwee kronkron no” kyerɛkyerɛɛ no fii ne mmofraase. (2 Tim. 1:5; 3:14, 15) Nanso, ɛda adi sɛ ɛyɛ bere a edi kan a Paulo kɔɔ wɔn kurom Listra wɔ afe 47 Y.B. mu no na wɔbɛyɛɛ Kristofo. Mfe abien akyi, bere a Paulo kɔɔ hɔ ne mprenu so no, ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo reyɛ adi mfe 20, anaasɛ na wadi mfe 20 ne kakra. Ɛmfa ho sɛ na onnyinii pii wɔ mfe mu ne nokware no mu no, Kristofo asafo no mu mpanyimfo a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no “kaa ne ho asɛm pa.” (Aso. 16:1, 2) Enti Paulo too nsa frɛɛ Timoteo sɛ ɔmmɛka ne ho mma ɔne no ntutu akwan. (1 Tim. 1:18; 4:14) Yɛrentumi nka ankasa sɛ Timoteo anware da. Nanso, yenim sɛ bere a na ɔyɛ aberante no, ogyee nsa a Paulo to frɛɛ no no so anigye so, na ɛno akyi mfe pii no, ɔsomee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo ne ɔhwɛfo a ɔyɛ sigyani.—Filip. 2:20-22.

8. Dɛn na ɛmaa Yohane a na wɔfrɛ no Marko no tumi yɛɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu, na nhyira bɛn na onyae wɔ ho?

8 Yohane a wɔfrɛ no Marko no nso de mfe a ɔde dii sigya no dii dwuma yiye wɔ ne babunbere mu. Ná ɔne ne maame Maria ne ne busuani Barnaba ka asafo a na ɛwɔ Yerusalem no mufo a wodi kan no ho. Ebia na Marko abusua no di yiye nso wɔ asetena mu, efisɛ na wɔwɔ wɔn ankasa fie wɔ kurow no mu, na na wɔwɔ abaawa nso. (Aso. 12:12, 13) Nanso ɛmfa ho sɛ na wodi yiye no, bere mpo a na Marko yɛ aberante no, na ɔnhwehwɛ asetena a ɛyɛ ahogono anaasɛ na ɔnyɛ ahopɛ; saa ara nso na wanhwehwɛ sɛ ɔbɛtena faako akyekye n’abusua na wɔadwudwo wɔn ho. Ɛda adi sɛ abusuabɔ a ɔne asomafo no nyae wɔ ne mmofraase no na ɛmaa n’ani begyee asɛmpatrɛw adwuma no ho. Enti, ɔde anigye kɔkaa Paulo ne Barnaba ho wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu, na ɔyɛɛ wɔn somfo. (Aso. 13:5) Akyiri yi, ɔne Barnaba tuu kwan, na ɔsan nso ne Petro kɔsomee wɔ Babilon. (Aso. 15:39; 1 Pet. 5:13) Mfe dodow a Marko de dii sigya de, yennim. Nanso, onyaa din pa sɛ obi a na ɔpɛ sɛ ɔsom afoforo na ɔyɛ pii wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu.

9, 10. Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ a Kristofo mmabun a wɔyɛ asigyafo betumi de atrɛw wɔn som adwuma mu? Ma ɛho nhwɛso.

9 Mmabun pii a wɔwɔ asafo no mu nnɛ nso fi wɔn pɛ mu de mfe a wɔde di sigya no yɛ pii wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu. Sɛnea Marko ne Timoteo yɛe no, wɔn nso hu sɛ sigyadi ma ‘wotumi som Awurade daa a biribiara nnye wɔn adwene.’ (1 Kor. 7:35) Mfaso wɔ eyi so paa. Asigyafo wɔ hokwan pii—wobetumi ayɛ akwampae adwuma, akɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii, asua ɔman foforo so kasa, aboa ma wɔasisi Ahenni Asa anaa baa dwumadibea adan, akɔ Asomfo Ntetee Sukuu, anaa wɔakɔsom wɔ Betel. Sɛ woda so ara yɛ ɔbabun na wonwaree a, so wode hokwan ahorow a wowɔ no redi dwuma yiye?

10 Onua bi a wɔfrɛ no Mark fii akwampae adwuma ase bere a na ɔreyɛ adi mfe 20, ɔkɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu, na wanya ɔsom hokwan pii wɔ wiase nyinaa. Sɛ ɔhwɛ mfe 25 a ɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no a, ɔka sɛ: “Mabɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ asafo no muni biara nkuran, me ne wɔn kɔ asɛnka, mesrasra wɔn, meto nsa frɛ wɔn ba me fie ne wɔn bom didi, na me ne wɔn hyiam gye yɛn ani mpo de hyɛ wɔn den. Eyinom nyinaa ama manya anigye kɛse.” Sɛnea Mark asɛm no ma yehu no, sɛ yɛma afoforo ade a, ɛnna ɛma yenya anigye a ɛsen biara, na sɛ yɛde yɛn bere nyinaa som Onyankopɔn a, ɛma yenya hokwan pii yɛ ade ma afoforo. (Aso. 20:35) Ɛmfa ho nneɛma a mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ ani gye ho anaa nnwuma ho nimdeɛ ne asetena mu osuahu a wɔwɔ no, wobetumi ayɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.—1 Kor. 15:58.

11. Sɛ obi ampere ne ho anware a, mfaso a onya no bi ne dɛn?

11 Ɛwom sɛ mmabun dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛware wɔ bere bi akyi de, nanso ɛyɛ papa sɛ wɔrempere wɔn ho nware. Paulo hyɛɛ mmabun nkuran sɛ, anyɛ yiye koraa no, wɔntwɛn nkosi bere a ‘wɔnyɛ mmofra bio,’ bere a nna ho akɔnnɔ a ano yɛ den bɛbrɛ ase no. (1 Kor. 7:36) Egye bere na ama woahu sɛnea w’ankasa wote, na woanya asetena mu osuahu a wode bɛpaw aware mu ɔhokafo a ɔfata. Aware ntam a obi bɛka no yɛ aniberesɛm, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ odi so ne nkwa nna nyinaa.—Ɔsɛnk. 5:2-5.

Sigyadi wɔ Mpanyinbere Mu

12. (a) Ɔkwan bɛn so na okunafo Hana gyinaa ne tebea a ɛsesae no ano? (b) Hokwan bɛn na onyae?

12 Ɛda adi sɛ bere a Hana a wɔaka ne ho asɛm wɔ Luka Asɛmpa no mu no kunu wui mpofirim wɔ wɔn aware akyi mfe ason pɛ no, ne werɛ howee yiye. Yennim sɛ wɔwoo mma anaasɛ ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan aware bio. Nanso, Bible ka sɛ bere a Hana dii mfe 84 no, na ɔda so ara yɛ okunafo. Yebetumi agyina nea Bible ka no so aka sɛ Hana de ne tebea a ɛsesae no bɛn Yehowa kɛse. Ná “ɔmpa asɔrefie hɔ da, ɔde mmuadadi ne nkotɔsrɛ som awia ne anadwo.” (Luka 2:36, 37) Enti, Onyankopɔn som ne ade a na ɛho hia no sen biara wɔ n’asetena mu. Ná egye animia ne mmɔdenbɔ ankasa, nanso wohyiraa no pii. Onyaa hokwan huu abofra Yesu, na odii ogye a na Mesia a na ɔreba no de bɛba no ho adanse kyerɛɛ afoforo.—Luka 2:38.

13. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Dorka bɔ ne ho mmɔden wɔ asafo no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wohyiraa Dorka wɔ papayɛ ne ayamye a ɔdaa no adi no ho?

13 Ɔbea bi a ne din de Dorka anaa Tabita tenaa Yopa a ɛyɛ tete kurow bi a na po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ a ɛda Yerusalem atifi fam atɔe mu. Esiane sɛ Bible anka ne kunu ho asɛm nti, ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na ɔnwaree. “Ná nnwuma pa ne adɔe ayɛ [Dorka] ma.” Ɛda adi sɛ ɔpam ntade pii maa akunafo a na ahia wɔn ne afoforo, na eyi ma wɔdɔɔ no kɛse. Enti, bere a Dorka yaree mpofirim na owui no, asafo mũ no nyinaa soma ma wɔkɔsrɛɛ Petro sɛ ommenyan wɔn nuabea a wɔdɔ no no. Bere a wonyan Dorka na ɛho asɛm trɛw wɔ Yopa no, nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo. (Aso. 9:36-42) Ɛbɛyɛ sɛ Dorka ankasa nam ayamye soronko a ɔdaa no adi no so boaa wɔn mũ binom.

14. Dɛn na ɛka Kristofo a wɔyɛ asigyafo ma wɔbɛn Yehowa kɛse?

14 Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ asafo no mu a wɔyɛ asigyafo wɔ wɔn mpanyinbere mu te sɛ Hana ne Dorka. Ebia na wɔn mu binom annya ɔhokafo a ɔfata anware no. Afoforo nso agyae aware anaasɛ wɔayɛ akunafo. Esiane sɛ Kristofo a wɔyɛ asigyafo nni aware mu ɔhokafo a wɔbɛka wɔn asɛm akyerɛ wɔn nti, wɔtaa de wɔn ho to Yehowa so kɛse. (Mmeb. 16:3) Onuawa bi a wɔfrɛ no Silvia a ɔyɛ osigyani a wasom wɔ Betel bɛboro mfe 38 no bu sigyadi sɛ nhyira. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a m’abam bu sɛ me nko ara na mehyɛ afoforo nkuran, na mibisa me ho sɛ, ‘Me nso, hena na ɔbɛhyɛ me nkuran?’” Nanso ɔde ka ho sɛ: “Ahotoso a mewɔ sɛ Yehowa nim nea mihia sen m’ankasa no boa me ma mebɛn no kɛse. Na minya nkuranhyɛ bere nyinaa, na ɛtɔ bere bi a, minya nkuranhyɛ fi baabi a menhwɛ kwan koraa.” Bere biara a yɛbɛbɛn Yehowa kɛse no, ɔne yɛn di no brɛbrɛ, na ɔkyekye yɛn werɛ bere nyinaa.

15. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔnwaree betumi atrɛw wɔn dɔ mu?

15 Sigyadi ma obi nya hokwan soronko de ‘trɛw’ ne dɔ mu. (Monkenkan 2 Korintofo 6:11-13.) Onuawa sigyani bi a ne din de Jolene a ɔde mfe 34 ayɛ bere nyinaa som adwuma no ka sɛ: “Mabɔ mmɔden paa sɛ me ne nnipa nyinaa, a wɔn a wɔnyɛ m’atipɛnfo ka ho, benya nnamfofa a emu yɛ den. Sigyadi ma wunya hokwan paa yɛ ade ma Yehowa, w’abusua, wo nuanom mmarima ne mmea, ne w’afipamfo. Dodow a me mfe rekɔ anim no, dodow no ara na minya anigye kɛse wɔ me sigyadi mu.” Wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, awofo a wonni ahokafo, mmabun, ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu ani sɔ ayamye a asigyafo da no adi kyerɛ wɔn no paa. Nokwarem no, bere biara a yɛda ɔdɔ adi kyerɛ afoforo no, yɛn ankasa yenya anigye kɛse. So wo nso wubetumi ‘atrɛw’ wo dɔ mu ama afoforo?

Sigya a Obi Di Ne Nkwa Nna Nyinaa

16. (a) Dɛn nti na Yesu dii sigya ne nkwa nna nyinaa? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo de ne sigyadi dii dwuma yiye?

16 Yesu anware; ná ɛsɛ sɛ osiesie ne ho de yɛ ne som adwuma no. Otutuu akwan pii, na ɔyɛɛ ne som adwuma no fii anɔpatutuutu kosii ɔdasum, na awiei koraa no, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre. Sigyadi boaa no ma otumi yɛɛ ne som adwuma no. Ɔsomafo Paulo tutuu akwan akwansin mpempem pii, na ohyiaa amanehunu a emu yɛ den pii nso. (2 Kor. 11:23-27) Ebia na Paulo aware pɛn de, nanso bere a wɔyɛɛ no ɔsomafo no, ɔkɔɔ so dii sigya. (1 Kor. 7:7; 9:5) Yesu ne Paulo nyinaa hyɛɛ afoforo nkuran sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔsom adwuma no nti, wonsuasua wɔn nhwɛso no. Nanso, wɔn mu biara anhyɛ mmara sɛ, ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ware.—1 Tim. 4:1-3.

17. Ɔkwan bɛn so na ebinom asuasua Yesu ne Paulo nnɛ, na dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ wɔn a wɔbɔ afɔre a ɛte saa no?

17 Ɛnnɛ, saa ara na ebinom nso asi gyinae sɛ wɔbɛkɔ so adi sigya sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so ayɛ wɔn som adwuma no yiye. Harold a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no de bɛboro mfe 56 asom wɔ Betel. Ɔka sɛ: “Bere a mesomee wɔ Betel mfe du no, na mahu awarefo pii a wɔafi Betel esiane yare anaa wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwɛ wɔn nti. Saa bere no, na m’awofo baanu nyinaa awuwu. Ná m’ani gye Betel som adwuma no ho araa ma na mempɛ sɛ mɛware ma saa hokwan no afi me nsa.” Saa ara na mfe bi a atwam no, onuawa bi a ne din de Margaret a na ɔde mfe pii ayɛ akwampae adwuma no kae sɛ: “Manya hokwan pii a anka metumi aware de, nanso mamfa me ti annye da. Mmom no, mitumi de hokwan pii a sigyadi ma minyae no yeree me ho yɛɛ me som adwuma no, na eyi ama manya anigye kɛse.” Nokwarem no, Yehowa werɛ remfi obiara a ofi ayamye a ɛte saa mu de ne ho ma nokware som no da.—Monkenkan Yesaia 56:4, 5.

Fa Wo Tebea no Di Dwuma Yiye

18. Dɛn na afoforo betumi ayɛ de ahyɛ Kristofo a wɔyɛ asigyafo nkuran na wɔaboa wɔn?

18 Ɛfata sɛ yefi yɛn komam kamfo Kristofo a wɔnwaree nyinaa a wɔreyɛ nea wobetumi biara de asom Yehowa no, na yɛhyɛ wɔn nkuran. Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn na yɛn ani sɔ nea wɔreyɛ wɔ asafo no mu no. Sɛ yɛde wɔn yɛ yɛn “nuabarimanom ne nuabeanom ne maamenom ne mma” wɔ Onyankopɔn som mu a, wɔrente nka da sɛ wɔyɛ ankonam.—Monkenkan Marko 10:28-30.

19. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wode wo sigyadi adi dwuma yiye?

19 Sɛ́ ebia w’ankasa na woasi gyinae sɛ wubedi sigya, anaa tebea bi na ama aba saa no, ma saa Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow yi ne ɛnnɛ mmere mu de no mma wunnya awerɛhyem sɛ w’asetena betumi ayɛ nea mfaso wɔ so na woanya anigye. Akyɛde ahorow bi wɔ hɔ a yɛde anigye na ɛhwɛ kwan, na afoforo nso wɔ hɔ a, yɛnhwɛ kwan koraa. Akyɛde bi wɔ hɔ a, yenya ho anisɔ ntɛm ara, na afoforo nso wɔ hɔ a, akyiri yi na yenya ho anisɔ. Enti, ne nyinaa gyina su a yɛda no adi so kɛse. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wode wo sigyadi adi dwuma yiye? Bɛn Yehowa kɛse, yɛ pii wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu, na trɛw ɔdɔ a wowɔ ma afoforo no mu. Sɛ yebu sigyadi sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ na yɛde di dwuma yiye a, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so te sɛ aware.

So Wokae?

• Akwan bɛn so na sigyadi betumi ayɛ akyɛde?

• Ɔkwan bɛn so na sigyadi betumi ayɛ nhyira wɔ mmabunbere mu?

• Hokwan ahorow bɛn na Kristofo a wɔyɛ asigyafo wɔ a wɔde bɛbɛn Yehowa kɛse na wɔatrɛw wɔn dɔ mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wode hokwan ahorow a wowɔ no redi dwuma yiye wɔ Onyankopɔn som mu?