Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Fa Yehowa Din Yɛ Wo Guankɔbea’

‘Fa Yehowa Din Yɛ Wo Guankɔbea’

‘Fa Yehowa Din Yɛ Wo Guankɔbea’

“Mɛma ahobrɛasefo ne wɔn a wodwo aka . . . , na wɔde Yehowa din bɛyɛ wɔn guankɔbea.”—SEF. 3:12.

1, 2. Sɛnkyerɛnne kwan so ahum bɛn na ɛrebɛbɔ adesamma nnansa yi ara?

SO ƐHO abehia pɛn sɛ wopɛ guankɔbea wɔ apata bi ase bere a osuframa rebɔ anaa amparuwbo retɔ? Ebia apata betumi abɔ wo ho ban afi osuframa a ɛrebɔ anaa amparuwbo a ɛretɔ ho, nanso sɛ ahum kɛse bi anaa mframa gyampanturudu retu a, ebia apata rentumi mmɔ wo ho ban ahe biara.

2 Ahum soronko bi rebobɔ ba, na saa ahum no betumi atɔre adesamma ase. Ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so ‘ahum da.’ Saa “Yehowa da kɛse” no bɛka nnipa nyinaa. Nanso, yebetumi anya guankɔbea. (Monkenkan Sefania 1:14-18.) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya guankɔbea a ɛte saa wɔ “Yehowa abufuw da no” a ebefi ase nnansa yi ara no mu?

Ahum Nna wɔ Mmere a na Wɔrekyerɛw Bible no Mu

3. “Aprannaa dennen” bɛn na ɛbaa Israel mmusuakuw du ahemman no so?

3 Ɔsɛe a ɛbɛba atoro som a ɛwɔ asase so nyinaa so no na ebefi Yehowa da no ase. Yebetumi ahu ɔkwan a yɛbɛfa so anya guankɔbea wɔ nsɛm a ɛtoo Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no mu. Yesaia a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no de Yehowa atemmu a ɛbaa Israel mmusuakuw du ahemman a na awae no so no totoo “aprannaa dennen” a nkurɔfo ntumi nsiw no kwan ho. (Monkenkan Yesaia 28:1, 2.) Saa nkɔmhyɛ no baa mu wɔ afe 740 A.Y.B. mu, bere a Asiriafo kɔtow hyɛɛ saa mmusuakuw du ahemman a na Efraim na ɛyɛ abusuakuw titiriw wɔ wɔn mu no so no.

4. Ɔkwan bɛn so na “Yehowa da kɛse” bi baa Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. mu?

4 Atemmu a ɛbaa Israel a anni nokware so akyi no, “Yehowa da kɛse” bi baa Yerusalem ne Yuda ahemman no so wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Nea enti a ɛbaa saa ne sɛ, na Yudafo no nso awae. Babilonfo a na Nebukadnesar di wɔn so hene saa bere no yɛe sɛ wɔbɛko afa Yuda ne n’ahenkurow Yerusalem. Ná Yudafo no akɔhwehwɛ mmoa afi “atoro guankɔbea no” hɔ, kyerɛ sɛ, na wɔne Egypt akɔyɛ amammui apam. Nanso, Babilonfo no praa saa “guankɔbea” no kɔe te sɛ nea amparuwbo a ɛsɛe ade yɛ no.—Yes. 28:14, 17.

5. Sɛ wɔresɛe atoro som nyinaa a, sɛ́ kuw no, ebesi Onyankopɔn nkurɔfo dɛn?

5 Ná Yehowa da kɛse a ɛbaa Yerusalem so no yɛ atemmu a ɛbɛba Kristoman a awae no so wɔ yɛn bere yi so no ho sɛnkyerɛnne. Afei nso, wɔbɛsɛe “Babilon Kɛse” a egyina hɔ ma wiase atoro som ahemman no fã a aka no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe Satan wiase bɔne no afã a aka no koraa. Nanso, wobegye Onyankopɔn nkurɔfo sɛ kuw, efisɛ wɔde Yehowa reyɛ wɔn guankɔbea.—Adi. 7:14; 18:2, 8; 19:19-21.

Honhom Fam ne Honam Fam Guankɔbea

6. Dɛn na Yehowa nkurɔfo betumi ayɛ na ama wɔanya guankɔbea?

6 Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo betumi ayɛ na ama wɔanya guankɔbea ɛnnɛ mpo wɔ awiei bere yi mu? Sɛ yɛde mpaebɔ ‘dwen Onyankopɔn din ho’ na yɛde nnamyɛ som no a, yenya honhom fam guankɔbea. (Monkenkan Malaki 3:16-18.) Nanso ɛho hia sɛ yɛyɛ pii sen Onyankopɔn din ho a yebedwen kɛkɛ. Bible ka sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” (Rom. 10:13) Abusuabɔ bi wɔ Yehowa din a yɛbɛbɔ afrɛ no ne nkwa a sɛ yɛbɔ din no a ɔde bɛma yɛn no mu. Nnipa komapafo pii tumi hu nsonsonoe a ɛda nokware Kristofo a wɔyɛ n’Adansefo a wɔde obu ‘dwen ne din ho,’ ne nnipa a wɔnsom no no ntam.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no nyaa nkwagye, na nsɛdi bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ?

7 Nanso, ɛnyɛ honhom fam guankɔbea a yebenya nkutoo na ɛbɛma yɛanya nkwa. Wɔahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɔ sɛ wɔbɛma wɔn honam fam guankɔbea nso. Yehu eyi ho biribi wɔ asɛm a esii wɔ afe 66 Y.B. mu, bere a Roma asraafo a na Cestius Gallus di wɔn anim no kɔtow hyɛɛ Yerusalem so no mu. Ná Yesu ahyɛ nkɔm sɛ “wobetwa” saa ahohiahia no nna “no so.” (Mat. 24:15, 16, 21, 22) Saa asɛm no baa mu bere a Roma asraafo no gyaw Yerusalem kurow no a na wɔatwa ho ahyia no hɔ kɔe prɛko pɛ no, na ɛma ‘wogyee’ “ɔhonam” bi a wɔne nokware Kristofo no “nkwa.” Wotumi guan fii kurow no mu ne mpɔtam hɔ. Wɔn mu binom twaa Yordan, na wonyaa guankɔbea wɔ mmepɔw a ɛwɔ asubɔnten no apuei fam no so.

8 Yetumi hu sɛ nsɛdi wɔ saa Kristofo no ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu. Tete no, Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no hwehwɛɛ guankɔbea, na saa ara na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso bɛyɛ. Nanso saa bere yi de, ɛnyɛ beae pɔtee bi ankasa na wobeguan akɔ, efisɛ nokware Kristofo wɔ wiase baabiara. Ne nyinaa mu no, sɛ “wɔn a wɔapaw wɔn no” ne wɔn ahokafo anokwafo no de Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɛte sɛ bepɔw no yɛ wɔn guankɔbea a, wobenya wɔn ti adidi mu bere a wɔresɛe Kristoman a awae no.

9. Henanom na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo werɛ afi Yehowa din? Ma ɛho nhwɛso.

9 Nanso Kristoman de, ɔsɛe a ɛbɛba no so no fata, efisɛ n’akannifo no nkyerɛkyerɛ wɔn asɔremma no Onyankopɔn ho nokwasɛm, na wɔmfa Onyankopɔn din nso nni dwuma. Wɔ Yesu awo akyi mfe bi no, na nnipa dodow no ara nim Onyankopɔn din no wɔ Europa. Ná saa din no a wɔde Hebri nkyerɛwde anan akyerɛw a wɔfrɛ no Tetragrammaton a wɔtaa kyerɛw no YHWH no wɔ sika so, adan ho, nhoma ne Bible pii mu, ne Katolekfo ne Protestantfo asɔredan ahorow mu. Nanso nnansa yi, nea wɔyɛ ne sɛ, woyi Onyankopɔn din no fi Bible nkyerɛase ahorow mu ne mmeae foforo a wɔde di dwuma no. Eyi ho nhwɛso biako ne Krataa a Wɔde Kɔmaa Asɔfo Mpanyin Nhyiam a ɛfa ‘Onyankopɔn Din Ho’ a kuw bi a ɛwɔ Katolek Asɔre no mu a wɔfrɛ no Borɔfo mu sɛ Congregation for Divine Worship and the Discipline of the Sacraments no kyerɛw no June 29, 2008 no. Roma Katolek Asɔre no kae wɔ krataa no mu sɛ, wɔmfa asɛmfua “Awurade” nsi Tetragrammaton no a wɔakyerɛ ase wɔ akwan horow so no ananmu. Vatican no de akwankyerɛ mae sɛ sɛ Katolekfo reyɛ asɔre a, ɛnsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din no di dwuma wɔ nnwonto ne mpaebɔ mu, na ɛnsɛ sɛ wɔbɔ din no nso. Ɔsom afoforo a ɛwɔ Kristoman mu ne nea enni mu akannifo nso mma wɔn asɔremma ɔpepem pii nhu onii kõ a ɔne nokware Nyankopɔn no ankasa.

Wɔbɔ Wɔn a Wɔtew Onyankopɔn Din Ho no Ho Ban

10. Ɔkwan bɛn so na wɔredi Onyankopɔn din ni ɛnnɛ?

10 Yehowa Adansefo nyɛ wɔn ade te sɛ ɔsom ahorow no koraa. Adansefo no de, wodi Onyankopɔn din no ni, na wɔhyɛ no anuonyam. Wɔtew edin no ho denam dwuma a wɔde di wɔ nidi mu no so. Yehowa ani gye wɔn a wɔde wɔn ho to no so no ho, na ɔyɛ nea ehia biara de hyira ne nkurɔfo na ɔbɔ wɔn ho ban. “Onim wɔn a woguan toa no” no.—Nah. 1:7; Aso. 15:14.

11, 12. Henanom na wɔmaa Yehowa din so wɔ tete Yuda, na henanom na wɔayɛ saa wɔ yɛn bere yi so?

11 Ɛwom sɛ na tete Yudafo no mu dodow no ara awae afi nokware som ho de, nanso wɔn mu binom wɔ hɔ a na wɔde ‘Yehowa din ayɛ wɔn guankɔbea.’ (Monkenkan Sefania 3:12, 13.) Nokwarem no, bere a Onyankopɔn maa Babilonfo dii Yudafo mmaratofo no so nkonim na wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu de twee wɔn aso no, wɔn mu binom te sɛ Yeremia, Baruk, ne Ebed-Melek nyaa wɔn ti didii mu. Ná wɔte ɔman a na awae mu. Bere a Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu no, wɔn mu binom kɔɔ so dii nokware. Wɔ afe 539 A.Y.B. mu no, Mediafo ne Persiafo a na Kores di wɔn anim no dii Babilon so nkonim. Ankyɛ koraa na Kores hyɛɛ mmara bi a ɛmaa Yudafo nkaefo bi san kɔɔ wɔn man mu.

12 Sefania hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa begye wɔn a na wobenya nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ mu kyɛfa no nkwa, na wadi wɔn ho ahurusi. (Monkenkan Sefania 3:14-17.) Eyi aba mu wɔ yɛn bere yi so nso. Bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ soro akyi no, Yehowa gyee wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo anokwafo no fii Babilon Kɛse no honhom fam nkoasom mu. Yehowa adi wɔn ho ahurusi de abesi nnɛ.

13. Ahofadi bɛn na nnipa a wofi aman nyinaa mu renya?

13 Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no nso afi Babilon Kɛse no mu, na wɔade wɔn ho afi atoro som nkyerɛkyerɛ ho. (Adi. 18:4) Enti, Sefania 2:3 renya mmamu kɛse wɔ yɛn bere yi so. Ɛhɔ ka sɛ: “Monhwehwɛ Yehowa, asase so ahobrɛasefo.” Ɛnnɛ, ahobrɛasefo a wofi aman nyinaa mu a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro anaa wɔbɛtena asase so no de Yehowa din reyɛ wɔn guankɔbea.

Onyankopɔn Din Nyɛ Sɛbɛ

14, 15. (a) Dɛn na ebinom de adi dwuma sɛ sɛbɛ? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde di dwuma sɛ biribi a ebetumi abɔ yɛn ho ban anwonwakwan so?

14 Ná Israelfo binom bu asɔrefie no sɛ ɛyɛ sɛbɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn atamfo ho. (Yer. 7:1-4) Mfiase no, na Israelfo no bu apam adaka no sɛ ɛyɛ sɛbɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban wɔ ɔko mu. (1 Sam. 4:3, 10, 11) Constantine Ɔkɛseɛ no kyerɛw Hela nkyerɛwde khi ne rho a ɛyɛ abodin “Kristo” wɔ Hela kasa mu no nkyerɛwde abien a edi kan no guu n’asraafo akyɛm ho, a na ɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛbɔ n’asraafo no ho ban wɔ ɔko mu. Wɔkyerɛ nso sɛ Ɔhene Gustav Adolph II a ofi Sweden a ɔkoo Mfe Aduasa Ko no bi no hyɛɛ akotade a ɛho mfonini wɔ krataa 7 no. Hyɛ no nsow sɛ wɔakyerɛw edin Iehova no kɛse agu saa nkatakɔnmu no ho.

15 Onyankopɔn nkurɔfo binom a adaemone ahaw wɔn a wɔbɔɔ ne din ma epuee wɔn ano no anya guankɔbea wɔ Yehowa mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu biribi a wɔakyerɛw Onyankopɔn din agu ho sɛ ɛyɛ sɛbɛ anaa biribi a ebetumi abɔ yɛn ho ban anwonwakwan so wɔn yɛn asetena mu da biara te sɛ nea tumi bi a ɛbɔ nnipa ho ban wom. Ɛnyɛ nea Yehowa din a yɛde bɛyɛ yɛn guankɔbea kyerɛ ne no.

Sɛnea Yenya Guankɔbea Ɛnnɛ

16. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya honhom fam guankɔbea ɛnnɛ?

16 Ɛnnɛ, honhom fam guankɔbea a Onyankopɔn nkurɔfo nya no yɛ ɔkwan biako a ɔfa so bɔ wɔn ho ban sɛ kuw. (Dw. 91:1) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne asafo mu mpanyimfo bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneɛma a ɛkɔ so wɔ wiase no mu a ebetumi asɛe saa ahobammɔ no ho. (Mat. 24:45-47; Yes. 32:1, 2) Susuw mpɛn dodow a wɔabɔ yɛn kɔkɔ wɔ honam fam adedodowpɛ ho, na susuw sɛnea kɔkɔbɔ ahorow a ɛte saa no abɔ yɛn ho ban afi honhom fam asiane ho no ho hwɛ. Na sɛ yɛyɛ anibiannaso a ebetumi ama yɛayɛ mmerɛw wɔ Yehowa som mu nso ɛ? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nkwasea ahohwisɛm bɛsɛe wɔn. Nea otie me no de, ɔbɛtena hɔ komm na ne ho adwo no a onsuro mmusu.” (Mmeb. 1:32, 33) Sɛ yɛyere yɛn ho kɔ so bɔ ɔbra pa nso a, ɛboa yɛn ma yɛkɔ so nya honhom fam ahobammɔ.

17, 18. Dɛn na ɛreboa nnipa ɔpepem pii ma wɔde Yehowa din reyɛ wɔn guankɔbea ɛnnɛ?

17 Susuw sɛnea akoa kuw no hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa so no nso ho hwɛ. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Sefania kaa biribi a ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔde Onyankopɔn din ayɛ wɔn guankɔbea ho asɛm. Yɛkenkan sɛ: “Afei mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn, na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro asom no.”—Sef. 3:9.

18 Dɛn ne saa kasa kronn no? Kasa kronn no yɛ Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nokwasɛm a ɛwɔ n’Asɛm a efi ne honhom mu no mu. Sɛ woka Onyankopɔn Ahenni no ho nokwasɛm ne sɛnea ɛbɛtew Onyankopɔn din ho no ho asɛm kyerɛ afoforo, na sɛ wusi Onyankopɔn tumidi a wɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata no so dua, na wode anigye ka nhyira a enni awiei a nnipa anokwafo benya ho asɛm a, ɛnde na woreka saa kasa kronn no bi. Esiane sɛ nnipa pii reka saa sɛnkyerɛnne kwan so kasa no nti, ama nnipa pii ‘rebɔ Yehowa din,’ na ‘wɔde mmati koro resom no.’ Nokwarem no, seesei nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa de Yehowa reyɛ wɔn guankɔbea.—Dw. 1:1, 3.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na “atoro guankɔbea” bi a nkurɔfo de wɔn ho too so wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no dii wɔn huammɔ?

19 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu gyina ɔhaw a ɛte sɛ nea wontumi nni ho dwuma yiye a wohyia no ano. Esiane sɛ wɔn ho pere wɔn sɛ wobedi wɔn haw ahorow ho dwuma nti, wɔn mu pii de wɔn ani to nnipa a wɔtɔ sin so. Anaasɛ, wɔde wɔn ho to amammui ahyehyɛde ahorow so sɛnea na ɛtɔ mmere bi a na tete Israelfo no kɔhwehwɛ mmoa fi aman a atwa wɔn ho ahyia no hɔ na wɔne wɔn yɛ apam no. Nanso, wunim sɛ Israelfo no yɛɛ saa no, ammoa wɔn. Na saa ara nso na ɛnnɛ, amammui ahyehyɛde biara anaa Amanaman Nkabom ahyehyɛde no rentumi nni nnipa haw nyinaa ho dwuma mma wɔn. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi bu amammui ahyehyɛde ahorow ne apam ahorow a wɔne wɔn bɛyɛ no sɛ guankɔbea? Bible frɛ wɔn sɛ wɔyɛ “atoro guankɔbea.” Wubetumi abu wɔn saa ma afata, efisɛ wobedi obiara a ɔde ne ho to wɔn so no huammɔ koraa.—Monkenkan Yesaia 28:15, 17.

20 Ɛrenkyɛ, sɛnkyerɛnne kwan so amparuwbo a ɛbɛtɔ Yehowa da no bɛba asase so. Nnipa nhyehyɛe rentumi mmɔ obiara ho ban; saa ara nso na baabi a nnipa ayeyɛ sɛ wɔde bɛbɔ wɔn ho ban wɔ nuklea akodi mu anaa sika rentumi mmɔ wɔn ho ban. Yesaia 28:17 ka sɛ: “Amparuwbo bɛpra atoro guankɔbea no na nsu ayiri afa hintabea no.”

21. Sɛ yɛde afe 2011 afe asɛm no yɛ adwuma a, mfaso bɛn na yebenya?

21 Onyankopɔn nkurɔfo benya ahobammɔ wɔ wɔn Nyankopɔn Yehowa mu ɛnnɛ, ɛne bere a saa nsɛm no besisi daakye no. Sefania din a asekyerɛ ne “Yehowa De Asie” no twe adwene si baabi a saa hintabea yi fi ankasa so. Ɛfata sɛ afe 2011 afe asɛm no de afotu pa ma yɛn sɛ: ‘Fa Yehowa din yɛ wo guankɔbea.’ (Sef. 3:12) Ɛnnɛ mpo, yebetumi de Yehowa din ayɛ yɛn guankɔbea na yɛde yɛn ho ato no so koraa, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso. (Dw. 9:10) Momma Bible mu asɛm a ɛma awerɛhyem yi ntena yɛn adwene mu da biara da sɛ: “Abannennen ne Yehowa din. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.”—Mmeb. 18:10.

So Wokae?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yehowa din ayɛ yɛn guankɔbea?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to “atoro guankɔbea no” so?

• Guankɔbea bɛn na wɔama yɛn awerɛhyem sɛ yebenya daakye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Afe 2011 afe asɛm no ne: ‘Fa Yehowa din yɛ wo guankɔbea.’—Sefania 3:12.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]

Thüringer Landesmuseum Heidecksburg Rudolstadt, Waffensammlung “Schwarzburger Zeughaus”