Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Biara Ano

Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Biara Ano

Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Biara Ano

“Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”—FILIP. 4:13.

1. Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo hyia sɔhwɛ pii?

YEHOWA nkurɔfo hyia sɔhwɛ ahorow pii. Sɔhwɛ no bi wɔ hɔ a efi yɛn ankasa sintɔ, anaa wiase a yɛte mu no. Ebi nso wɔ hɔ a efi ɔtan a ɛda wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom no no ntam no. (Gen. 3:15) Efi nnipa mfiase pɛɛ na Onyankopɔn aboa n’asomfo anokwafo ma wɔagyina ɔsom ho ɔtaa, atipɛnfo nhyɛso bɔne, ne amanehunu ahorow nyinaa bi ano. Onyankopɔn honhom kronkron betumi ama yɛn nso yɛanya tumi de agyina sɔhwɛ biara ano.

Wɔboa Yɛn ma Yegyina Ɔsom Ho Ɔtaa Ano

2. Dɛn nti na wɔtaa nkurɔfo wɔ wɔn som ho, na akwan bɛn na ebetumi afa so aba?

2 Ɔsom ho ɔtaa yɛ hyɛ a wɔhyɛ da teetee nkurɔfo anaa wopirapira wɔn esiane wɔn gyidi nti. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wobetu gyidi a ɛte saa no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a ɛte saa no mu rentrɛw, anaasɛ wɔbɛma wɔn a wɔwɔ gyidi a ɛte saa no agyae mu. Ɔtaa betumi aba wɔ akwan ahorow so, ebi wɔ hɔ a ɛba tẽẽ, ebi nso wɔ hɔ a, ɛnam anifere kwan so. Bible de sɛnea Satan tow hyɛ yɛn so no toto sɛnea gyataforo ne ɔprammiri tow hyɛ nkurɔfo so no ho.—Monkenkan Dwom 91:13.

3. Dɛn na yɛde hu ɔtaa a ɛte sɛ gyata de ne nea ɛte sɛ ɔprammiri de?

3 Mpɛn pii na Satan afa basabasayɛ, afiasenna, anaa yɛn adwuma no a ɔma wɔbara so atow ahyɛ yɛn so tẽẽ te sɛ gyata a ɔyɛ keka. (Dw. 94:20) Akwan a ɛte saa a Satan fa so no ho nsɛm pii wɔ Yearbook a ɛka Yehowa Adansefo adwuma a wɔyɛ wɔ nnɛ mmere yi mu ho asɛm no mu. Nnipa a wɔyɛ basabasa a ɛtɔ mmere bi a asɔfo anaa wɔn a amanyɔsɛm adi wɔn ti di wɔn anim no ayɛ Onyankopɔn nkurɔfo ayayade wɔ mmeae pii. Nhyɛso a ɛte sɛ nea gyata tow hyɛ obi so no ama anuanom kakraa bi agyae Yehowa som. Ɔbonsam tetɛw tow hyɛ nkurɔfo so te sɛ ɔprammiri sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn adwene na wadaadaa wɔn ma wɔayɛ nea ɔpɛ. Saa kwan a Satan fa so tow hyɛ yɛn so no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ mmerɛw anaasɛ ɛbɛsɛe yɛne Yehowa ntam. Nanso, Onyankopɔn honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔtaa a ɛte saa nyinaa ano.

4, 5. Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so asiesie yɛn ho ama ɔtaa, na dɛn ntia? Ma ɛho nhwɛso.

4 Ɛnyɛ ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so asiesie yɛn ho ama ɔtaa ne sɛ yɛde yɛn adwene bebu ɔtaa a yebetumi ahyia daakye. Nokwasɛm ne sɛ yennim ɔtaa a yebetumi ahyia daakye, enti mfaso biara nni so sɛ yebedwinnwen nneɛma a ebia ɛrensi da ho de ahaw yɛn ho. Nanso, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ. Wɔn a wɔatumi agyina ɔtaa ano no mu dodow no ara wɔ hɔ a, nea ama wɔatumi ayɛ saa ne sɛ wodwinnwen nnipa a wokuraa wɔn mudi mu a wɔn ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ne Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso ho. Eyi aboa wɔn ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no mu ayɛ den. Na saa ɔdɔ no na ɛboaa wɔn ma wogyinaa sɔhwɛ biara a wohyiae ano.

5 Susuw anuanom mmea baanu a wɔwɔ Malawi asɛm no ho hwɛ. Esiane sɛ na basabasayɛfo bi pɛ sɛ anuanom mmea yi tɔ amanyɔkuw bi nkrataa nti, wɔhwee wɔn, wɔbɔɔ wɔn adagyaw, na wohunahunaa wɔn sɛ wɔbɛto wɔn mmonnaa. Basabasayɛfo no dii atoro kyerɛɛ wɔn sɛ Betel abusua no mufo mpo atɔ amanyɔkuw nkrataa no bi. Dɛn na anuanom mmea no kae? Wɔkae sɛ, “Yehowa Nyankopɔn nkutoo na yɛsom no. Enti sɛ anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea no atɔ nkrataa no bi a, yɛn de ɛmfa yɛn ho. Sɛ mukum yɛn mpo a, yɛrentɔ!” Bere a anuanom mmea no de akokoduru kaa saa no, wogyaa wɔn.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛ n’asomfo den ma wogyina ɔtaa ano?

6 Ɔsomafo Paulo kae sɛ na Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no agye nokware no wɔ “ahohia pii mu,” nanso wɔyɛɛ saa wɔ “honhom kronkron anigye” mu. (1 Tes. 1:6) Nokwarem no, Kristofo pii a wɔtenaa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔahyia ɔtaa na wɔatumi agyina ano no ka sɛ bere a sɔhwɛ a wohyiae no mu yɛɛ den paa no, wonyaa asomdwoe, na asomdwoe yɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba no fã. (Gal. 5:22) Saa asomdwoe no nso bɔɔ wɔn koma ne wɔn adwene nsusuwii ho ban. Nokwarem no, Yehowa de ne tumi a ɔde yɛ ade no hyɛ n’asomfo den ma wogyina sɔhwɛ ano, na ɛma wɔyɛ wɔn ade nyansam bere a wɔahyia amanehunu no. *

7 Akokoduru a Onyankopɔn nkurɔfo de akura wɔn mudi mu wɔ ɔtaa a emu yɛn den mpo mu no ama nkurɔfo a wohu no ho adwiriw wɔn. Ɛte sɛ nea wɔmaa Adansefo no akokoduru a ɛboro nnipa de so, na wɔdaa akokoduru a ɛte saa adi ampa. Ɔsomafo Petro ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a, ɛyɛ anigye ma mo, efisɛ anuonyam honhom, Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.” (1 Pet. 4:14) Ɔtaa a wɔde ba yɛn so esiane adetrenee a yɛyɛ nti no da no adi sɛ Onyankopɔn ani sɔ nea yɛreyɛ no. (Mat. 5:10-12; Yoh. 15:20) Hwɛ sɛnea nim a yenim sɛ Yehowa hyira yɛn wɔ eyi ho no ma yɛn ani gye!

Wɔboa Yɛn ma Yegyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

8. (a) Dɛn na ɛboaa Yosua ne Kaleb ma wogyinaa atipɛnfo nhyɛso ano? (b) Dɛn na yebetumi asua afi nea Yosua ne Kaleb yɛe no mu?

8 Ɔsɔretia foforo a ɛnam anifere kwan so ba paa a ɛsɛ sɛ Kristofo gyina ano ne atipɛnfo nhyɛso bɔne. Nanso, esiane sɛ Yehowa honhom wɔ tumi sen wiase honhom no koraa nti, yebetumi agyina fɛwdi ne atosɛm a nkurɔfo ka fa yɛn ho, anaa mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ yɛn ma yɛayɛ nea wɔpɛ no ano. Sɛ nhwɛso no, dɛn na ɛboaa Yosua ne Kaleb a amma wɔne akwansrafo du a wɔaka a wɔsomaa wɔn ma wɔkɔhwɛɛ Kanaan asase no anyɛ adwene? Honhom kronkron kanyan wɔn ma wonyaa “honhom” anaa adwene foforo.—Monkenkan Numeri 13:30; 14:6-10, 24.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ soronko wɔ nnipa dodow no ho?

9 Saa ara nso na honhom kronkron maa Yesu asomafo no tumi ma wotiee Onyankopɔn mmom sen sɛ wobetie wɔn a na nnipa pii bu wɔn sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ nokware som mu no. (Aso. 4:21, 31; 5:29, 32) Nnipa dodow no ara ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea obiara reyɛ no bi sɛnea ɛbɛyɛ a akasakasa anaa ntawntawdi biara remma wɔne afoforo ntam. Nanso nokware Kristofo de, mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wonim sɛ ɛteɛ. Ɛno mpo no, esiane sɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade no hyɛ wɔn den nti, wonsuro sɛ wɔbɛyɛ soronko. (2 Tim. 1:7) Susuw tebea bi a ɛnsɛ sɛ yɛma atipɛnfo nhyɛso nya yɛn wɔ ho no ho hwɛ.

10. Adwinnwen bɛn na ebetumi abɛtɔ Kristofo binom so?

10 Mmabun binom wɔ hɔ a, sɛ wohu sɛ wɔn adamfo bi ayɛ biribi a Kyerɛwnsɛm no kasa tia a, ebetumi agyaw wɔn adwinnwen. Ebia wɔbɛte nka sɛ sɛ wɔka kyerɛ asafo mu mpanyimfo sɛ wɔmmoa wɔn adamfo no a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔayi no ama; enti ɛwom sɛ wonim sɛ sɛ wɔkata so a, ɛremmoa wɔne wɔn adamfo no nyinaa de, nanso wɔyɛ saa. Nea wayɛ bɔne no betumi ahyɛ ne nnamfo mpo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka ne bɔne no ho asɛm kyerɛ obiara. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ mmabun nkutoo na wɔwɔ saa ɔhaw yi. Ebetumi ayɛ den ama mpanyimfo binom nso sɛ wɔbɛkɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn akɔka bɔne a wɔn adamfo anaa wɔn busuani bi ayɛ akyerɛ wɔn. Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ wɔ asɛm a ɛte saa ho?

11, 12. Sɛ asafo no muni bi ka kyerɛ wo sɛ nka bɔne a wayɛ ho asɛm nkyerɛ obiara a, dɛn na ɛfata paa sɛ woyɛ, na dɛn ntia?

11 Susuw tebea yi ho hwɛ. Fa no sɛ onua aberante bi a wɔfrɛ no Alex ate sɛ n’adamfo Steve a ɔwɔ asafo no mu taa hwɛ aguamansɛm ho mfonini. Alex ka kyerɛɛ Steve sɛ nea ɔreyɛ no haw no paa. Nanso, Steve bɔɔ n’asɛm no gui. Bere a Alex ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔka nea wayɛ no ho asɛm nkyerɛ mpanyimfo no, Steve kae sɛ sɛ Alex yɛ n’adamfo paa a, ɛnde ɔrenyi no mma. So ɛsɛ sɛ Alex suro sɛ ɔne n’adamfo no ntam bɛsɛe? Alex betumi anya adwene sɛ sɛ mpanyimfo no bisa Steve na ɔka sɛ ɔnyɛɛ biribiara a, ɔrenhu nea mpanyimfo no begye no adi. Nanso, sɛ Alex yɛ komm na wanka ho hwee a, Steve rennyae nea ɔreyɛ no. Nokwarem no, ebetumi ama Steve ne Yehowa ntam asɛe. Ɛnsɛ sɛ Alex ma ne werɛ fi sɛ “onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to Yehowa so no, obenya ahobammɔ.” (Mmeb. 29:25) Dɛn bio na Alex betumi ayɛ? Obetumi afi ɔdɔ mu asan akɔ Steve nkyɛn na ɔne no akosusuw mfomso a ɔredi no ho pefee. Ebegye akokoduru na ama watumi ayɛ saa. Nanso, ebetumi aba sɛ saa bere yi de, Steve bɛma kwan ma ɔne no aka ne haw no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ Alex san hyɛ Steve nkuran sɛ ɔnkɔka nkyerɛ mpanyimfo no, na ɔka ka ho sɛ ɔrema no bere bi ma ɔde ayɛ saa, na sɛ ebedu hɔ na ɔnkae a, ɔno Alex bɛka akyerɛ mpanyimfo no.—Lev. 5:1.

12 Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wudi tebea bi a ɛte saa ho dwuma a, ebia mfiase no w’adamfo no ani rennye mmoa a wopɛ sɛ wode ma no no ho. Nanso, bere rekɔ so no, ebia ɔbɛba abehu sɛ wopɛ no yiye ntia. Sɛ nea wayɛ bɔne no gye mmoa no tom a, ɛnde ebia ne werɛ remfi akokoduru ne nokwaredi a wode yɛɛ saa no da. Nanso sɛ ne bo fuw wo a, so wubebu no sɛ ɔyɛ adamfo a wopɛ sɛ wo ne no bɔ ankasa? Ade a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa ne sɛ, yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa a ɔyɛ yɛn Adamfo kɛse a ɔsen biara no ani. Sɛ yɛde no di kan a, afoforo a wɔdɔ no no behu sɛ yɛyɛ anokwafo, na wɔbɛba abɛyɛ yɛn nnamfo paa. Ɛnsɛ sɛ yɛma Ɔbonsam kwan wɔ Kristofo asafo no mu da. Sɛ yɛma no kwan a, yɛbɛhow Yehowa honhom kronkron werɛ ankasa. Nanso, sɛ yɛyere yɛn ho kɔ so ma Kristofo asafo no ho tew a, na yɛrema honhom kronkron akyerɛ yɛn kwan.—Efe. 4:27, 30.

Wɔama Yɛn Tumi a Yɛde Gyina Amanehunu Nyinaa Bi Ano

13. Amanehunu bɛn na Yehowa nkurɔfo rehyia, na dɛn nti na nneɛma a ɛte saa abu so saa?

13 Amanehunu gu ahorow, ebi ne sikasɛm mu ahokyere, obi adwuma a efi ne nsa, atoyerɛnkyɛm, yɛn dɔfo bi wu, yare, ne nea ɛkeka ho. Esiane sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu nti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn nyinaa behyia sɔhwɛ bi wɔ yɛn asetenam daakye. (2 Tim. 3:1) Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛte saa a, ɛho nhia sɛ yɛbɔ hu. Honhom kronkron betumi ama yɛanya tumi de agyina amanehunu biara ano.

14. Dɛn na ɛmaa Hiob nyaa tumi de gyinaa amanehunu a ohyiae no ano?

14 Hiob hyiaa amanehunu pii. Ɔhweree n’asetena mu nneɛma, ne mma, ne ne nnamfo, ɔyaree, na Yehowa mu ahotoso a ne yere wɔ sae. (Hiob 1:13-19; 2:7-9) Nanso, Hiob nyaa awerɛkyekye ankasa fii Elihu hɔ. Asɛm a Elihu kae ne asɛntitiriw a ɛwɔ nea Yehowa ka kyerɛɛ Hiob mu nyinaa ne sɛ: “Gyina hɔ komm, na dwinnwen Onyankopɔn anwonwadwuma ho.” (Hiob 37:14) Dɛn na ɛboaa Hiob ma ogyinaa sɔhwɛ a ɛtoo no no ano? Na dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ a ɛto yɛn ano? Nea ebetumi aboa yɛn ne sɛ, yɛbɛkaakae nnwuma a Yehowa de ne honhom kronkron ne ne tumi ayɛ na yɛadwinnwen ho. (Hiob 38:1-41; 42:1, 2) Ebia yɛkae mmere bi a yɛn ankasa hui wɔ yɛn asetenam sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho. Na ɔda so ara dwen yɛn ho.

15. Dɛn na ɛhyɛɛ ɔsomafo Paulo den ma otumi gyinaa sɔhwɛ a ɛtoo no no ano?

15 Esiane ɔsomafo Paulo gyidi nti, ohyiaa amanehunu pii a ɛde ne nkwa too asiane mu. (2 Kor. 11:23-28) Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa pintinn na wanteetee wɔ saa sɔhwɛ a emu yɛ den a ɛtoo no no mu? Ɔbɔɔ mpae, na ɔde ne ho too Yehowa so. Bere a Paulo hyiaa sɔhwɛ a ɛda adi sɛ ɛno mu na wokum no sɛ mogya dansefo no, ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade begyinaa me nkyɛn hyɛɛ me den sɛnea wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka no pɛpɛɛpɛ, na ama amanaman nyinaa ate; na wogyee me fii gyata anom.” (2 Tim. 4:17) Esiane nea na Paulo afa mu nti, otumi maa ne mfɛfo gyidifo awerɛhyem sɛ ɛho nhia sɛ ‘wodwinnwen biribiara haw wɔn ho.’—Monkenkan Filipifo 4:6, 7, 13.

16, 17. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa ma ne nkurɔfo nya tumi de gyina amanehunu ano nnɛ.

16 Onuawa kwampaefo bi a wɔfrɛ no Roxana yɛ obi a wahu sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo. Bere a ɔsrɛɛ n’adwumawura sɛ ɔmma no nna bi ma ɔmfa nkɔ ɔmantam nhyiam bi no, adwumawura no de abufuw ka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔkɔ a, obeyi no adi. Nanso Roxana kɔe a na ɔrebɔ mpae denneennen sɛ n’adwuma no remfi ne nsa. Ɛno akyi no, ne bo tɔɔ ne yam. Sɛnea adwumawura no kae no, bere a wowiee nhyiam no a Roxana kɔɔ adwuma Dwoda no, n’adwumawura no yii no adi. Ɛhaw Roxana. Ɛmfa ho sɛ na akatua a ogye sua no, na ohia saa adwuma no na ɔde ahwɛ n’abusua. Ɔsan bɔɔ mpae bio, na odwinnwen ho sɛ Onyankopɔn ama ne nsa aka nea ohia wɔ honhom fam wɔ nhyiam no ase, enti akyinnye biara nni ho sɛ obetumi ama ne nsa aka nea ohia wɔ honam fam nso. Bere a Roxana rekɔ fie no, ohui sɛ wɔakyerɛw asi baabi sɛ “Yɛpɛ Adwumayɛfo” a wonim sɛnea wɔde mfiri a wɔde pam ade yɛ adwuma, na ɔkɔpɛɛ adwuma wɔ hɔ. Adwumawura no hui sɛ Roxana nnim sɛnea wɔde afiri no yɛ adwuma, nanso ɔfaa no wɔ adwuma no mu, na akatua a ɔde maa no no bɛyɛ nea na anka ogye no mmɔho abien. Roxana tee nka sɛ wanya ne mpaebɔ ho mmuae. Nanso, nhyira kɛse koraa a onyae ne sɛ otumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ ne mfɛfo adwumayɛfo binom. Wɔn mu baanum, a adwumawura no ka ho, gyee nokware no, na wɔbɔɔ asu.

17 Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ sɛnea yennya yɛn mpaebɔ ho mmuae, sɛ yenya mpo a, ɛnyɛ amonom hɔ ara anaa sɛnea yɛhwɛ kwan. Sɛ ɛba saa a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ biribi pa bi ntia. Yehowa nim nea enti a ɔyɛɛ saa, nanso yɛn de ebia daakye na yɛbɛte ase yiye. Ade biako a yebetumi anya mu awerɛhyem ne sɛ, Onyankopɔn nnyaw n’anokwafo.—Heb. 6:10.

Wɔboa Yɛn ma Yegyina Sɔhwɛ Ahorow Ano

18, 19. (a) Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebehyia sɔhwɛ ahorow? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi agyina sɔhwɛ ano?

18 Sɛ Yehowa nkurɔfo hyia sɔhwɛ, abasamtu, ɔtaa, ne atipɛnfo nhyɛso a, ɛnyɛ wɔn nwonwa. Wiase no tan yɛn. (Yoh. 15:17-19) Nanso, honhom kronkron betumi ama yɛagyina nsɛnnennen biara a ebia yebehyia wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn mu no ano. Yehowa remma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi. (1 Kor. 10:13) Ɔrennyaw yɛn, na ɔrempa yɛn nso da. (Heb. 13:5) Sɛ yetie n’Asɛm a efi ne honhom mu no a, ɛbɔ yɛn ho ban, na ɛhyɛ yɛn den nso. Bio nso, Onyankopɔn honhom betumi akanyan yɛn mfɛfo gyidifo ma wɔaboa yɛn bere a yehia mmoa paa no.

19 Momma yɛn nyinaa nkɔ so mfa mpaebɔ ne Kyerɛwnsɛm no a yebesua so nhwehwɛ honhom kronkron. Momma yɛnkɔ so ‘nyɛ den wɔ tumi a yebenya biara mu sɛnea Onyankopɔn anuonyam tumi te no, na ama yɛanya boasetɔ akosi ase na yɛde anigye anya abodwokyɛre.’—Kol. 1:11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ eyi ho nhwɛso a, hwɛ May 1, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 16; ne April 8, 1993 Nyan!, kratafa 21 ne 22.

Wubebua Dɛn?

• Wobɛyɛ dɛn atumi asiesie wo ho de agyina ɔtaa ano?

• Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ nka bɔne a wayɛ nkyerɛ obiara a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

• Sɛ wuhyia amanehunu biara a, ahotoso bɛn na wubetumi anya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Dɛn na yebetumi asua afi Yosua ne Kaleb hɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa w’adamfo bi a wayɛ bɔne?