Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ne Abasamtu Ano

Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ne Abasamtu Ano

Wɔama Yɛn Tumi A Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ne Abasamtu Ano

“Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi.”—ASO. 1:8.

1, 2. Mmoa bɛn na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma n’asuafo, na dɛn nti na wobehia mmoa a ɛte saa?

NÁ Yesu nim sɛ n’asuafo no ankasa nni ahoɔden a wɔde bɛyɛ nea na wahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa. Sɛ yesusuw sɛnea na wɔn asɛnka adwuma no kɛse te, wɔn atamfo ahoɔden, ne nnipa mmerɛwyɛ ho a, ɛda adi pefee sɛ na wohia tumi a ɛboro nnipa de so. Enti, aka kakraa bi ma Yesu akɔ soro no, ɔhyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ: “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.”—Aso. 1:8.

2 Saa bɔhyɛ no fii ase baa mu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, bere a honhom kronkron maa Yesu Kristo akyidifo no nyaa tumi ma wɔde kaa asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa no. Obiara antumi ansiw wɔn kwan. (Aso. 4:20) Ná Yesu akyidifo anokwafo a yɛn nso yɛka ho no behia ahoɔden a ɛte saa a Onyankopɔn de ma no denneennen ‘nna nyinaa de akosi wiase nhyehyɛe no awiei.’—Mat. 28:20.

3. (a) Kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ honhom kronkron ne tumi mu no mu. (b) Dɛn na tumi a Yehowa de ma yɛn no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ?

3 Yesu hyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ ‘sɛ honhom kronkron no ba wɔn so a wobenya tumi.’ Ɛsono nea asɛmfua “tumi” kyerɛ, ɛnna ɛsono nea asɛmfua “honhom” nso kyerɛ. Onyankopɔn honhom anaa ne tumi a ɔde yɛ ade no yɛ ahoɔden a ɔde kanyan nneɛma anaa nnipa ma wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso, yebetumi akyerɛ tumi ase sɛ “nea ɛma obi tumi yɛ biribi.” Ebetumi ayɛ ahoɔden a ɛwɔ obi anaa biribi mu a ɛnyɛ adwuma biara kosi sɛ ɛho behia sɛ wɔde yɛ biribi. Enti, wobetumi de honhom kronkron atoto anyinam ahoɔden a wɔde kanyan batere a n’ahoɔden akɔ fam ma etumi san yɛ adwuma bio ho, nanso tumi de, ɛte sɛ ahoɔden a ɛwɔ batere no mu dedaw no. Tumi a Yehowa nam ne honhom kronkron so de ma n’asomfo no ma yɛn mu biara tumi di yɛn ho so a yɛahyira sɛ Kristofo no so, na sɛ ɛho behia a, yɛde ko tia nneɛma bɔne a wɔde hyɛ yɛn so no.—Monkenkan Mika 3:8; Kolosefo 1:29.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na dɛn ntia?

4 Ɔkwan bɛn so na tumi a honhom kronkron ma yenya no da adi? Nneɛma bɛn na honhom kronkron betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ? Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn nokwarem no, Satan ne ne nneɛma nhyehyɛe no, ne yɛn ankasa honam a ɛyɛ mmerɛw no ma yehyia akwanside pii. Ɛho hia sɛ yedi akwanside a ɛtete saa no so na ama yɛakɔ so asom sɛ Kristofo, yɛakɔ asɛnka daa, na yɛne Yehowa akɔ so anya abusuabɔ pa. Momma yensusuw sɛnea honhom kronkron boa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ, ɔbrɛ, ne abasamtu ano no ho.

Wɔama Yɛn Tumi a Yɛde Gyina Sɔhwɛ Ano

5. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi ahyɛ yɛn den?

5 Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” (Mat. 6:13) Yehowa rennyaw n’asomfo anokwafo a wɔde saa adesrɛ yi to n’anim no da. Bere foforo nso, Yesu kae sɛ “Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” (Luka 11:13) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔde honhom kronkron bɛma yɛn ma yɛde ayɛ adetrenee! Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ Yehowa remma kwan mma wɔnsɔ yɛn nhwɛ. (1 Kor. 10:13) Nanso sɛ yehyia sɔhwɛ a, saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae denneennen.—Mat. 26:42.

6. Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, dɛn na Yesu gyinaa so maa no mmuae?

6 Yesu de Bible mu nsɛm na ebuaa Ɔbonsam bere a ɔde sɔhwɛ ahorow baa no so no. Ná Yesu nim Onyankopɔn Asɛm no yiye bere a obuae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ . . . Wɔakyerɛw nso sɛ . . . Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no’” no. Yehowa ho dɔ a na Yesu wɔ ne n’ani a na egye n’Asɛm ho na ɛma ɔpoo nneɛma a Ɔsɔhwɛfo no de sɔɔ no hwɛe no. (Mat. 4:1-10) Bere a Yesu ko tiaa sɔhwɛ mpɛn pii no, Satan gyaw no hɔ kɔe.

7. Ɔkwan bɛn so na Bible boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ano?

7 Esiane sɛ Yesu de ne ho too Kyerɛwnsɛm no so de gyinaa sɔhwɛ ahorow a Ɔbonsam de baa no so no ano nti, hwɛ sɛnea ɛho hia kɛse sɛ yɛn nso yɛyɛ saa! Nokwarem no, sɛ yebetumi ako atia Ɔbonsam ne ne nkurɔfo a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu Onyankopɔn gyinapɛn na yɛde yɛ adwuma kosi ase. Bere a nnipa pii suaa Kyerɛwnsɛm no behuu Onyankopɔn nyansa ne ne trenee no, akanyan wɔn ma wɔde Bible gyinapɛn rebɔ wɔn bra. Nokwarem no, “Onyankopɔn asɛm” wɔ tumi a etumi hu “komam adwene ne nsusuwii.” (Heb. 4:12) Dodow a obi kenkan Kyerɛwnsɛm no na odwinnwen ho no, dodow no ara na otumi nya ‘nhumu wɔ Yehowa nokware ho.’ (Dan. 9:13) Ne saa nti, ɛyɛ papa sɛ yedwinnwen kyerɛw nsɛm a ɛfa yɛn mmerɛwyɛ pɔtee ho no ho.

8. Nneɛma bɛn na sɛ yɛyɛ a, ebetumi ama yɛanya honhom kronkron?

8 Kyerɛwnsɛm no a na Yesu nim akyi no, otumi gyinaa sɔhwɛ ano nso efisɛ na “honhom kronkron ahyɛ no mã.” (Luka 4:1) Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ahoɔden a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ yɛde nsiesiei a Yehowa ayɛ a ɛma ne honhom hyɛ yɛn mã no di dwuma kosi ase na ama yɛabɛn Yehowa. (Yak. 4:7, 8) Saa nsiesiei no bi ne Bible a yebesua, mpae a yɛbɛbɔ, ne fekubɔ a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo benya. Nnipa pii nso ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛkɔ so de wɔn ho ahyɛ Kristofo nnwuma nyinaa mu, na ɛboa wɔn ma wɔkɔ so de wɔn adwene si honhom fam nneɛma a ɛhyɛ den so.

9, 10. (a) Dɛn na ɛtaa sɔ nkurɔfo hwɛ wɔ baabi a wote no? (b) Sɛ wote nka sɛ woabrɛ mpo a, ɔkwan bɛn so na nsɛm ho a wubedwinnwen ne mpae a wobɛbɔ betumi ahyɛ wo den ma woako atia sɔhwɛ?

9 Nneɛma a ɛtwetwe nnipa ma wɔyɛ bɔne bɛn na ɛsɛ sɛ woko tia? So woanya adwene pɛn sɛ fa wo ho hyehyɛ obi a ɔnyɛ wo kunu anaa wo yere? Sɛ wonwaree a, so woanya adwene pɛn sɛ pene so ne obi a ɔnyɛ gyidini ntaa mpue? Sɛ Kristofo rehwɛ television anaa wɔwɔ Intanɛt so a, biribi betumi atwe wɔn mpofirim sɛ wɔnhwɛ biribi a ɛho ntew. So ebi ato wo pɛn, na sɛ ebi ato wo pɛn a, dɛn na woyɛe? Nyansa wom sɛ wubedwinnwen sɛnea sɛ wudi mfomso biako a ebetumi ama woadi mfomso foforo, na afei ama woayɛ bɔne a emu yɛ duru no ho. (Yak. 1:14, 15) Wo de, susuw ɛyaw a adebɔne biako a wobɛyɛ bɛma Yehowa, asafo no, ne w’abusua adi no ho hwɛ. Nanso, sɛ wokɔ so de Onyankopɔn nnyinasosɛm bɔ wo bra a, ɛma wunya ahonim pa. (Monkenkan Dwom 119:37; Mmebusɛm 22:3.) Bere biara a wubehyia sɔhwɛ a ɛtete saa no, bɔ mmɔden bɔ mpae hwehwɛ ahoɔden a wode begyina ano.

10 Ade foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ sɔhwɛ a Ɔbonsam de ba ho. Satan kɔɔ Yesu nkyɛn bere a na wadi mmuada nnafua 40 wɔ sare no so no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Ɔbonsam nyaa adwene sɛ saa bere no yɛ “bere foforo” paa a ɔde bɛsɔ Yesu mũdi ahwɛ. (Luka 4:13) Satan hwehwɛ mmere foforo anaa mmere a eye paa de sɔ yɛn nso mũdi hwɛ. Enti, ɛho hia sɛ yɛkɔ so hyɛ abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no mu den. Bere a Satan hu sɛ nea ɔde n’ani asi no so no ayɛ mmerɛw paa no na ɔtaa sɔ no hwɛ. Enti bere biara a yɛte nka sɛ yɛabrɛ anaa yɛn abam abu no, saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa ahobammɔ ne ne honhom kronkron.—2 Kor. 12:8-10.

Wɔama Yɛn Tumi a Yɛde Gyina Ɔbrɛ ne Abasamtu Ano

11, 12. (a) Dɛn nti na nnipa pii abam abu nnɛ? (b) Dɛn na ebetumi ama yɛanya ahoɔden de agyina abasamtu ano?

11 Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ nti, yɛn abam tumi bu bere ne bere mu. Yɛn abam betumi abu paa nnɛ efisɛ yehyia nneɛma a ɛhaw adwene paa wɔ mmere a yɛte mu yi mu. Yɛrehyia mmere a emu yɛ den sen biara a ebia adesamma nhyiaa bi saa da. (2 Tim. 3:1-5) Bere a Harmagedon rebɛn no, sikasɛm mu ahokyere, adwenemhaw, ne nhyɛso afoforo mu reyɛ den. Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ɛrekɔ so yɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mmusua na wɔama wɔn nsa aka nneɛma a wohia. Wɔte nka sɛ wɔabrɛ, wɔn kɔn mu rebu, wɔagogow, na wɔakisa mpo. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, wobɛyɛ dɛn atumi agyina nhyɛso no ano?

12 Kae sɛ Yesu hyɛɛ n’asuafo bɔ sɛ ɔbɛma wɔn ɔboafo a ɛne Onyankopɔn honhom kronkron. (Monkenkan Yohane 14:16, 17.) Honhom kronkron ne tumi a ano yɛ den sen biara wɔ amansan yi mu. Yehowa nam so betumi ama yɛn ahoɔden a “ɛkyɛn” nea yehia “koraa” a yɛde begyina sɔhwɛ biara ano. (Efe. 3:20) Ɛmfa ho mpo sɛ “akwan nyinaa mu wɔaka yɛn ahyɛ” no, ɔsomafo Paulo kae sɛ sɛ yɛde yɛn ho to honhom kronkron so a, yenya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7, 8) Yehowa nhyɛ yɛn bɔ sɛ obeyi ɔhaw afi yɛn so, nanso ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ɔnam ne honhom so bɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano.—Filip. 4:13.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔama ababaa bi ahoɔden ma ɔde agyina tebea bi a emu yɛ den ano? (b) So wunim nnipa bi a wɔrehyia tebea a ɛtete saa?

13 Susuw onuawa bi a wɔfrɛ no Stephanie a ɔyɛ daa kwampaefo a wadi mfe 19 no asɛm ho hwɛ. Bere a odii mfe 12 no, yare a ɛma obi nipadua fã dwudwo yɛɛ no, na wɔyɛɛ ne nipadua mu nhwehwɛmu hui sɛ biribi ahon wɔ ne tirim. Efi saa bere no, wɔayɛ no oprɛhyen mprenu, wɔde hann a ano yɛ den a wɔde kunkum yare mmoawa asa no yare, na yare a ɛma obi nipadua fã dwudwo no aka no mprenu bio, na ama ne nsa ne ne nan benkum ntumi nkeka ne ho yiye, na n’ani so nso ayɛ no wusiwusi. Stephanie de n’ahoɔden a ɔwɔ no yɛ nneɛma a osusuw sɛ ɛho hia paa te sɛ Kristofo nhyiam ne asɛnka a ɔbɛkɔ. Ne nyinaa mu no, ɔte nka sɛ Yehowa hyɛ no den ma otumi gyina ne tebea no ano wɔ akwan pii so. Sɛ n’abam bu a, ne mfɛfo Kristofo suahu ahorow a ɛwɔ Bible ho nhoma ahorow mu hyɛ no den. Anuanom mmarima ne mmea kyerɛw no nkrataa de hyɛ no nkuran anaasɛ wɔka nsɛm a ɛhyɛ den kyerɛ no ansa na wɔafi asafo nhyiam ase ne bere a wɔapɔn no. Anigyefo nso akɔ Stephanie fie ma ɔne wɔn asua Bible no de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no. Eyi nyinaa ma Stephanie te nka sɛ ɛfata sɛ ɔda Yehowa ase kɛse. Kyerɛwsɛm a n’ani gye ho paa ne Dwom 41:3, na ogye di sɛ aba mu wɔ no so.

14. Sɛ yɛn abam bu a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

14 Sɛ yɛbrɛ anaasɛ nneɛma hyɛ yɛn so a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so agyina ɔhaw ano ne sɛ yɛbɛtew nneɛma a ɛfa Yehowa som ho a yɛyɛ no so. Ɛno ne ade a enye koraa sɛ yɛbɛyɛ. Dɛn ntia? Efisɛ nneɛma a yɛyɛ te sɛ Bible a yɛn ankasa yesua ne nea yɛne yɛn abusua sua, asɛnka a yɛkɔ, ne asafo nhyiam a yɛkɔ ma yenya honhom kronkron, na ɛno ma yenya ahoɔden foforo. Kristofo nnwuma ma yɛn ho dwo yɛn bere nyinaa. (Monkenkan Mateo 11:28, 29.) Hwɛ mpɛn dodow a anuanom mmarima ne mmea bɛba asafo nhyiam no na wɔabotow, nanso ebedu bere a wɔrekɔ fie no, na ɛte sɛ nea wɔama wɔasan anya ahoɔden foforo!

15. (a) So Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma asetena ayɛ mmerɛw ama Kristoni? Fa Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn, na asɛmmisa bɛn na ɛno de ba?

15 Nanso, eyi nkyerɛ sɛ adesoa a ɛbata Kristo suani a obi bɛyɛ ho no mu nyɛ duru. Egye mmɔdenbɔ na ama obi ayɛ nokware Krisotoni. (Mat. 16:24-26; Luka 13:24) Nanso, Yehowa betumi afa honhom kronkron so ama nea wabrɛ anya ahoɔden. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no benya ahoɔden foforo. Wɔde ntaban betu te sɛ akɔre. Wobetu mmirika nso wɔremmotow, wɔbɛnantew nso wɔremmrɛ.” (Yes. 40:29-31) Sɛ ɛte saa a, ɛyɛ papa sɛ yebisa sɛ, Dɛn paa na ɛma yenya adwene sɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho na ɛma yɛbrɛ?

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de ayi nneɛma a ebetumi ama yɛabrɛ anaa ama yɛn abam abu no afi yɛn asetena mu?

16 Yehowa Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmpɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filip. 1:10) Bere a ɔsomafo Paulo de Kristoni asetena retoto mmirika a wotu twa kwantenten ho no, honhom kaa no ma ɔkae sɛ: “Momma yenyi adesoa biara . . . ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.” (Heb. 12:1) Nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma ne nnesoa a ɛho nhia a ɛbɛma yɛabrɛ ho. Ebetumi aba nso sɛ yɛn mu binom asoa nneɛma pii agu wɔn ho so dodo. Enti sɛ wotaa te nka sɛ woabrɛ na nneɛma hyɛ wo so, na sɛ wosan susuw ahoɔden a wode yɛ wo honam fam adwuma, mpɛn dodow a wode tutu akwan kogye w’ani, ne ahoɔden a wode hyɛ agodie ne anigyede foforo mu ho a, ebetumi aboa wo. Ɛsɛ sɛ ntease ne ahobrɛase ma yehu nea yebetumi ayɛ, na yɛtew nneɛma a ɛho nhia a yɛyɛ no so.

17. Dɛn nti na ebinom aba mu betumi abu, nanso awerɛhyem bɛn na Yehowa de ama yɛn wɔ eyi ho?

17 Ebia yɛn mu binom nso abam abu esiane sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei mmaa ntɛm sɛnea yɛhwɛ kwan no nti. (Mmeb. 13:12) Nanso, obiara a ɔte nka saa betumi anya nkuranhyɛ afi asɛm a ɛwɔ Habakuk 2:3 no mu sɛ: “Adehu no retwɛn ne bere, na ɛhome hahyeehahyee repɛ ntɛm aba awiei, na ɛrenni atoro. Sɛ ɛkyɛ mpo a, twɛn no ara, na ɔkwan biara so ɛbɛba. Ɛrenka akyi.” Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei wɔ bere a wahyɛ mu pɛpɛɛpɛ!

18. (a) Bɔhyɛ ahorow bɛn na ɛma wunya ahoɔden? (b) Ɔkwan bɛn so na adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn?

18 Nokwarem no, Yehowa asomfo anokwafo nyinaa hwɛ bere a wobeyi ɔbrɛ ne abasamtu afi hɔ, bere a wɔn a wɔte ase nyinaa benya “mmeranteberem ahoɔden” no kwan denneennen. (Hiob 33:25) Ɛnnɛ mpo, sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho a ɛhyɛ yɛn den a, wobetumi afa dwuma a honhom kronkron di so ama yɛn mu nnipa no ayɛ den. (2 Kor. 4:16; Efe. 3:16) Ɛnsɛ sɛ ɔbrɛ nti woma nhyira a wubenya daa no bɔ wo. Sɔhwɛ biara—sɛ́ ebia ɛyɛ nneɛma a ɛtwetwe yɛn, ɔbrɛ, anaa abasamtu no—betwam, sɛ ɛnyɛ seesei ara mpo a, ebetwam wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Yebesusuw sɛnea honhom kronkron ma Kristofo nya tumi de gyina ɔtaa, atipɛnfo nhyɛso, ne amanehunu afoforo ano ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Bible akenkan hyɛ yɛn den?

• Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ne nsɛm ho a yedwinnwen hyɛ yɛn den?

• Wobɛyɛ dɛn atumi ayi nneɛma a ebetumi abu w’abam afi w’asetena mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kristofo nhyiam betumi ahyɛ yɛn den