Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mfaso Wɔ So!

Mfaso Wɔ So!

Mfaso Wɔ So!

ABUSUA SOM ne Bible adesua ho hia na ama wɔatete mmofra wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Nanso, sɛ woyɛ ɔwofo a, wunim sɛ ɛnkyɛ koraa na anigye a mmofra wɔ wɔ biribi a wɔreyɛ ho asa. Wobɛyɛ dɛn ama wɔatumi akɔ so de wɔn adwene asi biribi so? Susuw nea awofo binom ayɛ ho hwɛ.

George a ɔwɔ California, U.S.A., ka sɛ, “Bere a na yɛn mma susua no, me ne me yere bɔɔ mmɔden maa Bible adesua a na yɛn abusua no yɛ yɛɛ anigye. Ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛrekenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no a, na yɛn nyinaa siesie yɛn ho te sɛ nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, na na yɛyɛ nea yɛrekenkan no ho ɔyɛkyerɛ. Yɛyɛɛ nneɛma bi mpo a yɛde yɛ drama, ebi ne nkrante, ahempoma, nkɛntɛn, ne nea ɛkeka ho. Yedii Bible mu agoru bi a wɔfrɛ no ‘meyɛ hena,’ na yɛhyehyɛɛ Bible mu nsɛm bi de dii agoru a na nsɛmmisa a ɛwom no bi yɛ den na ebi nso nyɛ den. Afei yɛyɛɛ nneɛma bi te sɛ Noa adaka no, na yɛyɛɛ nsensanee hyehyɛɛ mmere a Bible mu nsɛm bi sisii wɔ so nso. Ɛtɔ mmere bi a, na yɛyɛ nnipa bi a Bible ka wɔn ho asɛm anaa nsɛm bi a esisii a Bible ka ho asɛm ho mfonini. Mprempren, yɛreyɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn akode a ɛho asɛm wɔ Efesofo 6:11-17 no ho mfonini, na yɛn mu biara bɛkyerɛ nea akode no mu bi gyina hɔ ma. Saa akwan a yɛfa so sua ade no aboa ma yɛn abusua adesua ayɛ anigye.”

Maame bi a ɔwɔ Michigan, U.S.A., a ne din de Debi no kae sɛ: “Ná ɛyɛ den ma me ne me kunu sɛ yɛbɛma yɛn babea a na wadi bɛyɛ mfe abiɛsa no ani agye ade a na yɛrekyerɛ no no ho. Enti da bi a na merekenkan Isak ne Rebeka ho asɛm afi Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no mu den no, mefaa abaduaba abien de biako yɛɛ Isak, ɛnna mede biako nso yɛɛ Rebeka ma ɛyɛe te sɛ nea abaduaba abien no na ɛrebɔ nkɔmmɔ no. Afei yɛn babea no tiee asɛm biara a mekae! Asram a edi hɔ no, mede abaduaba abien no gyinaa hɔ maa Bible mu nnipa ahorow pii. Sɛ yɛkenkan asɛm bi wie a, na yɛn babea no kyin yɛn fie hɔ hwehwɛ abaduaba anaa nneɛma foforo a yebetumi de ayɛ asɛm a yɛakenkan no ho drama. Ná ɛte sɛ agoru bi a wɔde biribi sie ma obi hwehwɛ! Ná yɛde adaka a yɛde mpaboa gu mu a ahama kɔkɔɔ sɛn ho gyina hɔ ma Rahab fie a na tam kɔkɔɔ sɛn ho no. Ná yɛde abaduaba a ɛyɛ ɔwɔ a ne tenten yɛ anammɔn anum [mita 1.5] bobare prae dua ho de gyina hɔ ma ɔwɔ a wɔde kɔbere yɛe a ɛho asɛm wɔ Numeri 21:4-9 no. Yɛde nneɛma a na yɛde yɛ drama no guu bag kɛse bi mu. Yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ na yɛn babea no taa tena yɛn asa so hwehwɛ nneɛma a egu ne ‘bag a Bible mu nsɛm’ ho nneɛma a yɛde yɛ drama no gu mu no mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ ɔno ankasa yɛɛ nsɛm a na yɛkenkan no ho drama!”

Mmofra ntetee nna fam. Ɛho hia sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔn ani gye Yehowa som ho. Ɛsɛ sɛ wɔfa akwan horow so yɛ saa da biara da. Nanso, abusua som ne Bible adesua a yɛyɛ no dapɛn biara no yɛ ade a ɛho hia a ɛboa awofo ma wɔma wɔn mma ani gye Yehowa som ho. Akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ so!