Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Mose bo fuw Aaron mmabarima Eleasar ne Itamar bere a wɔn nuabarimanom Nadab ne Abihu wui akyi no, na ɛyɛɛ dɛn na Mose bo dwoe?—Lev. 10:16-20.

Bere a wɔde asɔfodwuma no sii hɔ sɛ wɔnyɛ ntamadan no mu adwuma akyi bere tiaa bi no, Yehowa kum Aaron mmabarima Nadab ne Abihu efisɛ na wɔde ogya a Yehowa mmaa ho kwan akɔbɔ afɔre wɔ N’anim. (Lev. 10:1, 2) Mose hyɛɛ Aaron mma a na wɔaka no sɛ ɛnsɛ sɛ wosu wɔn nuanom a wɔawuwu no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Mose bo fuw Eleasar ne Itamar efisɛ wɔanwe ɔpapo a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no nam no bi. (Lev. 9:3) Dɛn nti na Mose bo fuw saa?

Ná wɔaka wɔ mmara a Yehowa de maa Mose no mu sɛ ɛsɛ sɛ ɔsɔfo a ɔbɔ bɔne ho afɔre no we nam no bi wɔ ahyiae ntamadan no adiwo. Ná wobu nam no a ɔsɔfo no bɛwe bi no sɛ ɔde repata ama wɔn a wɔbɛbɔɔ afɔre no bɔne. Nanso, sɛ na wɔde aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no mogya no bi kɔ Kronkronbea a ɛyɛ ɔdan a edi kan wɔ asɔrefie hɔ no mu a, na ɛnsɛ sɛ obiara we aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no nam no bi. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wɔhyew no.—Lev. 6:24-26, 30.

Ɛbɛyɛ sɛ saa da no a awerɛhosɛm no sii no, Mose hui sɛ na ɛho hia sɛ ɔhwɛ sɛ wɔadi Yehowa ahyɛde nyinaa so anaa. Enti bere a ohui sɛ wɔahyew ɔpapo a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no, ɔde abufuw bisaa Eleasar ne Itamar nea enti a wɔanwe nam no bi sɛnea na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no, efisɛ na wɔmfaa aboa no mogya nkɔɔ Yehowa anim wɔ Kronkronbea hɔ.—Lev. 10:17, 18.

Aaron maa Mose asɛmmisa no ho mmuae efisɛ ɛda adi sɛ ɔpenee we a asɔfo a na wɔaka no anwe nam no so. Esiane sɛ na wɔakunkum Aaron mmabarima baanu nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Aaron sɛ na asɔfo a na wɔaka no mu biara ntumi mfa ahonim pa nwe aboa a wɔde no bɔɔ bɔne ho afɔre no nam no bi saa da no. Ɛwom sɛ Eleasar ne Itamar anyɛ bɔne a Nadab ne Abihu yɛe no bi de, nanso ebia Aaron tee nka sɛ sɛ wɔwe nam no bi a, ɛrensɔ Yehowa ani.—Lev. 10:19.

Ne titiriw no, ɛbɛyɛ sɛ Aaron adwene yɛɛ no sɛ ɛda a edi kan a na n’abusua no reyɛ wɔn asɔfodwuma no, na anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ nneɛma nketenkete mpo mu. Nanso, na Nadab ne Abihu agu Yehowa din ho fĩ, na na Onyankopɔn bo afuw wɔn denneennen. Enti ebia Aaron adwene yɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfo abusua a emufo no bi yɛɛ bɔne a ɛte saa no we aboa a wɔde bɔɔ afɔre kronkron no nam no bi.

Ɛbɛyɛ sɛ Mose gyee mmuae a ne nua no de maa no no toom, efisɛ wɔde asɛm no ba awiei sɛ: “Bere a Mose tee eyi no, ne bo tɔɔ ne yam.” (Lev. 10:20) Ɛda adi sɛ mmuae a Aaron mae no maa Yehowa nso bo tɔɔ ne yam.