Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Osetie Ye Sen Afɔre”

“Osetie Ye Sen Afɔre”

“Osetie Ye Sen Afɔre”

SAUL na na ɔyɛ tete Israel hene a odi kan. Ɛwom sɛ nokware Nyankopɔn no na ɔpaw Saul de, nanso akyiri yi ɔbɛyɛɛ asoɔden.

Mfomso ahorow bɛn na Saul dii? So na anka obetumi akwati saa mfomso no? Sɛ yesusuw n’asɛm no ho a, mfaso bɛn na yebetumi anya afi so?

Yehowa Daa Ne Hene a Wapaw No no Adi

Ansa na Saul rebɛyɛ ɔhene no, na odiyifo Samuel na na ɔyɛ Onyankopɔn nanmusifo wɔ Israel. Afei na Samuel abɔ akwakoraa, na ne mma nso anni nokware. Saa bere no ara mu nso, na ɔman no atamfo atu wɔn ani asi wɔn so. Bere a Israel mpanyimfo no ka kyerɛɛ Samuel sɛ onsi wɔn so hene a obetumi abu wɔn atɛn na wadi wɔn anim akɔ ɔko no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ ɔnsra Saul sɛ wɔn kannifo, na Yehowa kae sɛ: “Ɔno na obegye me man afi Filistifo nsam.”—1 Sam. 8:4-7, 20; 9:16.

Ná Saul yɛ “aberante a ne ho yɛ fɛ.” Na n’ahoɔfɛ akyi no, na ɔwɔ su pa ahorow nso. Ná ɔbrɛ ne ho ase nso. Sɛ nhwɛso no, Saul bisaa Samuel sɛ: “Me de, meyɛ Benyaminni; ɛnyɛ Israel mmusuakuw mu ketewa no mu na mifi? Na Benyamin abusuakuw mu mmusua nyinaa no, ɛnyɛ m’abusua ne ketewa koraa? Enti adɛn na woka saa asɛm yi kyerɛ me?” Ɛwom mpo sɛ na Saul papa Kis yɛ “ɔdefo” de, nanso na Saul nyɛ ahomaso, na saa ara nso na wamfa n’abusua anhoahoa ne ho.—1 Sam. 9:1, 2, 21.

Susuw nea Saul yɛe bere a Samuel kaa Israel hene a na Yehowa apaw no ho asɛm kyerɛɛ ɔmanfo no nso ho hwɛ. Samuel dii kan sraa Saul wɔ kokoam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara, efisɛ nokware Nyankopɔn di w’akyi.” Ɛno akyi no, odiyifo no maa ɔmanfo no hyiae sɛ ɔde nea Yehowa apaw no no rebɛkyerɛ wɔn. Nanso bere a wɔbɔɔ Saul din no, wɔanhu no. Ná Saul a ɔfɛre ade no akohintaw. Enti Yehowa kyerɛɛ baabi a na wakɔhyɛ, na wosii Saul hene.—1 Sam. 10:7, 20-24.

Wɔ Akono

Ankyɛ koraa na Saul ma wohui sɛ obiara a na onni ne mu ahotoso sɛ ɔfata sɛ odi hene no adi mfomso. Bere a Amonfo tuu wɔn ani sii Israelfo kurow bi so no, “Onyankopɔn honhom sii [Saul] so.” Saul de ne tumi frɛfrɛɛ ɔman no mu akofo, na ɔboaboaa wɔn ano dii wɔn anim ma wokodii nkonim. Nanso, Saul de saa nkonimdi yi maa Onyankopɔn, na ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ, Yehowa agye nkwa wɔ Israel.”—1 Sam. 11:1-13.

Ná Saul wɔ su pa ahorow, na onyaa Onyankopɔn nhyira nso. Ɔsan nso maa nkurɔfo no huu Yehowa tumi. Nanso, sɛ na ɛbɛkɔ so asi Israelfo ne wɔn hene no yiye a, na ebegyina ade biako a ɛho hia paa so. Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Sɛ musuro Yehowa na mosom no na mutie ne nne, na moantew Yehowa ahyɛde so atua a, Yehowa, mo Nyankopɔn bɛka mo ne ɔhene a obedi mo so no nyinaa ho.” Sɛ na Israelfo no di Onyankopɔn nokware a, ahotoso bɛn na na wobetumi anya? Samuel kae sɛ: “Yehowa din kɛse no nti, ɔrennyaw ne man, efisɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.”—1 Sam. 12:14, 22.

Ná osetie yɛ ade titiriw a ɛbɛma wɔanya Onyankopɔn anim dom, na saa ara na ɛte nnɛ. Sɛ Yehowa asomfo di n’ahyɛde so a, ohyira wɔn. Na sɛ wɔyɛ Yehowa so asoɔden nso ɛ?

“Woadi Nkwaseasɛm”

Ade foforo a Saul de yɛɛ Filistifo no ma wɔsɔre tiaa Israelfo no denneennen. Asraafo a wɔn dodow “te sɛ mpoano anhwea” kɔɔ Saul so. “Israel mmarima hui sɛ wɔn ho akyere wɔn paa efisɛ ɔman no ho hiahiaa wɔn. Ɛnna ɔman no guan kohintaw abodan ne amoa ne abotan ne ntokuru ne nsubura mu.” (1 Sam. 13:5, 6) Dɛn na na Saul bɛyɛ?

Ná Samuel aka akyerɛ Saul sɛ onhyia no wɔ Gilgal, ná ɛhɔ na odiyifo no bɛbɔ afɔre. Saul twɛnee, nanso Samuel amma ntɛm, na na Saul asraafo no reguan. Enti Saul ankasa bɔɔ afɔre no. Bere a ɔbɔɔ afɔre no wiei ara pɛ na Samuel bae. Bere a Samuel tee nea Saul ayɛ no, ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm. Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm a ɔhyɛɛ wo no so; sɛ wudii so a, anka Yehowa bɛma w’ahenni atim Israel so afebɔɔ. Nanso seesei de, w’ahenni renkyɛ. Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ne koma da no so, na Yehowa de no besi ne man so panyin, efisɛ woanyɛ nea Yehowa hyɛɛ wo no.”—1 Sam. 10:8; 13:8, 13, 14.

Esiane sɛ na Saul nni gyidi nti, ɔyɛɛ ahantan buu Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ ɔntwɛn mma Samuel mmra mmɛbɔ afɔre no so. Hwɛ sɛnea ade a Saul yɛe no yɛ soronko koraa wɔ nea Gideon a bere bi na ɔyɛ Israel asraafo so sahene no yɛe no ho! Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ ɔntew n’asraafo no dodow so mfi 32,000 nkodu 300, na Gideon yɛɛ saa. Dɛn nti na ɔyɛ saa? Efisɛ na ɔwɔ Yehowa mu gyidi. Enti Onyankopɔn boaa no ma odii asraafo 135,000 a na wɔatow ahyɛ wɔn so no so nkonim. (Atem. 7:1-7, 17-22; 8:10) Anka Yehowa bɛboa Saul nso saa ara. Nanso esiane sɛ Saul yɛɛ asoɔden nti, Filistifo no dii Israel so nkonim sesaw wɔn nneɛma nyinaa.—1 Sam. 13:17, 18.

Sɛ yehyia nsɛnnennen a, ɔkwan bɛn so na yesisi ho gyinae? Ebetumi ayɛ wɔn a wonni gyidi no sɛ sɛ wobu wɔn ani gu Onyankopɔn nnyinasosɛm so a, ɛbɛboa wɔn. Bere a na Samuel nni hɔ no, ebia Saul adwene yɛɛ no sɛ nyansa wɔ nea ɔyɛe no mu. Nanso, wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no fam de, ade a ɛyɛ papa paa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa asɛm no ho besi ho gyinae.

Yehowa Poo Saul

Bere a Saul ne Amalekfo kɔkoe no, ɔsan dii mfomso kɛse bi. Ná Onyankopɔn abu Amalekfo no fɔ, efisɛ bere a Israelfo no fi Egypt rekɔ wɔn asase so no, Amalekfo kɔtow hyɛɛ wɔn so bere a na wɔnyɛɛ wɔn bɔne biara. (Ex. 17:8; Deut. 25:17, 18) Bio nso, Amalekfo no san kɔkaa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn no atamfo ho ma wɔne wɔn koe wɔ Atemmufo no bere so. (Atem. 3:12, 13; 6:1-3, 33) Enti Yehowa yɛe sɛ ɔbɛtwe Amalekfo no aso, na ɔhyɛɛ Saul sɛ ɔnkɔsɛe wɔn.—1 Sam. 15:1-3.

Sɛ́ anka Saul betie ahyɛde a Yehowa de maa no sɛ ɔntɔre Amalekfo a wɔyɛ atirimɔdenfo no ase na ɔnsɛe wɔn agyapade nyinaa no, ɔkyeree wɔn hene no, na ɔfaa wɔn mmoa mu nea eye mmom. Bere a Samuel bisaa Saul nea wayɛ ho asɛm no, dɛn na ɔkae? Saul bɔɔ mmɔden sɛ ɔde asodi no bɛto afoforo so, enti ɔkae sɛ: “Ɔman no huu nguan ne anantwi no mu nea eye no mmɔbɔ sɛ wɔde bɛbɔ afɔre ama Yehowa.” Sɛ́ na ɛyɛ nokware sɛ Saul de mmoa no bɛbɔ afɔre anaasɛ ɔremfa mmɔ no, asɛm no ara ne sɛ, ɔyɛɛ asoɔden. Afei de na Saul nyɛ ‘ketewa wɔ n’ani so’ bio. Enti, Onyankopɔn diyifo no kae sɛ Saul ayɛ Onyankopɔn so asoɔden. Afei Samuel kae sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyew afɔre ne ayɛyɛde sen osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa anaa? Hwɛ! Osetie ye sen afɔre . . . Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”—1 Sam. 15:15, 17, 22, 23.

Bere a Yehowa yii ne honhom kronkron ne ne nhyira fii Saul so no, “honhom bɔne” bi baa Israel hene a odi kan yi so. Saul ani beree Dawid a na Yehowa de ahenni no bɛma no akyiri yi no, na onyaa ne ho adwemmɔne. Saul bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obekum Dawid. Bible ka sɛ bere a Saul “hui sɛ Yehowa di Dawid akyi” no, “Dawid bɛyɛɛ Saul tamfo daa.” Saul bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ Dawid akyere no, na ɔhyɛe mpo ma wokunkum asɔfo 85 ne afoforo. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa poo Saul!—1 Sam. 16:14; 18:11, 25, 28, 29; 19:10, 11; 20:32, 33; 22:16-19.

Bere a Filistifo no san tow hyɛɛ Israelfo so no, Saul kodii ahonhonsɛm de hwehwɛɛ mmoa, nanso ansi no yiye. Ade kyee no, wopiraa no kɛse wɔ ɔko mu, na okum ne ho. (1 Sam. 28:4-8; 31:3, 4) Kyerɛwnsɛm no ka Israel hene a odi kan a ɔyɛɛ asoɔden no ho asɛm sɛ: “Saul wui ne mmarato mu efisɛ wannye Yehowa anni, na wanni Yehowa asɛm so; ɔkɔɔ abisa nso wɔ ɔdebisafo hɔ. Wanhwehwɛ Yehowa akyi kwan.”—1 Be. 10:13, 14.

Nhwɛso bɔne a Saul yɛe no ma yehu pefee sɛ osetie a yɛbɛyɛ ama Yehowa ye sen afɔre biara a yɛbɛbɔ ama no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.” (1 Yoh. 5:3) Mommma yemmmu yɛn ani ngu saa nokwasɛm titiriw yi so da sɛ: Osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn nkutoo na ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ n’adamfo daa.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Mfiase no, na Saul yɛ ɔkannifo a ɔbrɛ ne ho ase

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn nti na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ “osetie ye sen afɔre”?