Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wɔde Honhom Kronkron Bɔɔ Ade!

Sɛnea Wɔde Honhom Kronkron Bɔɔ Ade!

Sɛnea Wɔde Honhom Kronkron Bɔɔ Ade!

“Yehowa anom asɛm so na ɔyɛɛ ɔsoro, na n’anom honhom so na ɔyɛɛ emu asafo nyinaa.”—DW. 33:6.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa renya nneɛma a ɛwɔ soro ne asase so ho nimdeɛ pii? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae?

WƆ AFE 1905 mu no, na nyansahufo bi a wɔfrɛ no Albert Einstein a wagye din ne nyansahufo afoforo pii gye di sɛ nsorommakuw biako pɛ a wɔfrɛ no Milky Way no na ɛwɔ amansan yi mu. Hwɛ sɛnea wobuu yɛn amansan yi ade ketewa koraa! Seesei wɔkyerɛ sɛ nsoromma akuw bɛboro ɔpepepem 100 na ɛwɔ soro, na ebi wɔ hɔ a nsoromma ɔpepepem pii na ɛwom. Ɛnnɛ, wɔde mfiri a wɔde hwɛ nneɛma a ɛwɔ akyirikyiri paa asisi asase so anaasɛ wɔde asensɛn ewim a ɛretwa asase ho hyia, na ɛno ama wɔrehu nsoromma akuw pii ka ho.

2 Sɛnea na nyansahufo nni nneɛma a ɛwɔ ɔsoro ho nimdeɛ pii wɔ afe 1905 mu no, saa ara nso na na wonni nneɛma a ɛwɔ asase so ho nimdeɛ pii. Nokwasɛm ne sɛ, ná nnipa a wɔte ase wɔ mfe ɔha a atwam ni no nim nneɛma pii sen wɔn nananom a wɔtenaa ase tete no. Nanso, ɛnnɛ, nnipa ahu sɛnea asase yɛ fɛ fa, na wɔanya sɛnea ɛso nneɛma a nkwa wom dɔɔso ne sɛnea asase boa ma nneɛma a nkwa wom tumi tena so no ho nimdeɛ pii sen saa bere no. Akyinnye biara nni ho sɛ, yebenya nneɛma a ɛwɔ soro ne asase so ho nimdeɛ pii wɔ mmere a ɛreba no mu. Nanso, ɛfata paa sɛ yebisa sɛ, Ɛyɛɛ dɛn koraa na eyinom nyinaa bae? Sɛ ɛnyɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no aka ho asɛm wɔ Kyerɛw Kronkron no mu a, anka yɛrentumi nnya saa asɛmmisa no ho mmuae.

Adebɔ Yɛ Nwonwa

3, 4. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn faa so bɔɔ amansan yi, na ɔkwan bɛn so na ne nnwuma hyɛ no anuonyam?

3 Wɔakyerɛ nea ɛyɛe a amansan yi bae wɔ asɛm a edi kan wɔ Bible mu no mu sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Gen. 1:1) Bere a Yehowa rebɛbɔ ade no, na biribiara nni hɔ a ɔde bɛyɛ adwuma, na ɔde ne honhom kronkron a ɛne ne tumi a ano yɛ den sen biara no bɔɔ ɔsoro, asase, ne biribiara a ɛwɔ amansan yi mu. Onipa a odi adwinni de ne nsa ne nnwinnade na ɛyɛ nneɛma, nanso Onyankopɔn de, ɔsoma ne honhom kronkron ma ɛyɛ ne nnwuma akɛse.

4 Kyerɛwnsɛm no ka honhom kronkron ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ Onyankopɔn “nsateaa.” (Luka 11:20; Mat. 12:28) Yehowa “nsa ano adwuma” a ɛno ne nneɛma a ɔnam ne honhom kronkron so abɔ no hyɛ no anuonyam kɛse. Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ; na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma.” (Dw. 19:1) Nokwarem no, abɔde a aniwa hu di adanse sɛ Onyankopɔn honhom kronkron yɛ tumi a ano yɛ den sen biara. (Rom. 1:20) Ɔkwan bɛn so na edi saa adanse no?

Onyankopɔn Tumi Nni Ano

5. Kyerɛkyerɛ tumi a Yehowa honhom kronkron a ɔde bɔɔ ade no wɔ mu.

5 Yɛn amansan kɛse a ɛwɔ hɔ yi ma yehu sɛ Yehowa tumi ne n’ahoɔden nni ano. (Monkenkan Yesaia 40:26.) Wo de, susuw owia ho hwɛ. Owia yɛ nsoromma. Na efi asase so rekɔ baabi a owia wɔ no boro kilomita ɔpepem 150, na owia no ano hyew bɛyɛ digrii celsius ɔpepem 15. Ɛwom sɛ ɔhyew a efi owia mu ba no ano yɛ den paa de, nanso ɔkwan a ɛda ɛne asase ntam no fata paa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma abɔde a nkwa wom nyinaa atumi akɔ so atena ase. Ɛda adi sɛ, na egye tumi ne ahoɔden kɛse paa na wɔde abɔ owia ne nsoromma ɔpepepem pii a aka no. Ná Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa ma aboro so.

6, 7. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron adi dwuma wɔ ne kwan so pɛpɛɛpɛ? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ amansan no amma kwa?

6 Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron dii dwuma wɔ ne kwan so pɛpɛɛpɛ. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wowɔ adaka bi a bɔɔl pii a ne kɔla gu ahorow gu mu. Wowosow adaka no ma bɔɔl no di afra. Afei wuhwie ne nyinaa gu fam prɛko pɛ. So wobɛhwɛ kwan sɛ bɔɔl a ne kɔla yɛ biako nyinaa bɛkɔ faako—bruu no nyinaa bɛkɔ faako, nea ɛyɛ akokɔsrade no nso bɛkɔ faako, ne nea ɛkeka ho? Ɛrentumi mma saa da! Ade biara a wɔyɛ no biarabiara no renkɔ so pɛpɛɛpɛ da. Eyi yɛ nokwasɛm a obiara gye tom. *

7 Nanso, sɛ yɛma yɛn ti so gyen yɛn ani hwɛ soro a, dɛn na yehu? Yehu nsoromma akuw, nsoromma, ne okyinnsoromma pii a emu biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ. Eyi ntumi nyɛ biribi a ɛno ara bae kwa anaa wɔanyɛ ho nhyehyɛe anaa wɔyɛɛ no biarabiara. Enti, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, Tumi bɛn na mfiase no wɔde bɔɔ yɛn amansan yi a ama emu biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ no? Yɛn a yɛyɛ nnipa no ntumi mfa nyansahu ne mfiridwuma so nhu tumi ankasa a wɔde bɔɔ amansan yi. Nanso, Bible ma yehu sɛ wɔde Onyankopɔn honhom kronkron a ɛno ne tumi a ano yɛ den sen biara no na ɛbɔɔ amansan yi. Odwontofo no too dwom sɛ: “Yehowa anom asɛm so na ɔyɛɛ ɔsoro, na n’anom honhom so na ɔyɛɛ emu asafo nyinaa.” (Dw. 33:6) Na sɛ yɛhwɛ ewim anadwo a, saa “asafo” a ɛyɛ nsoromma no mu kakraa bi pɛ na yetumi hu!

Sɛnea Wɔde Honhom Kronkron Bɔɔ Asase

8. Yehowa nnwuma ho nimdeɛ ahe ankasa na yɛwɔ?

8 Sɛ yɛde abɔde ho nimdeɛ a yɛwɔ mprempren toto nea aka a ɛsɛ sɛ yesua ho a, abɔde ho nimdeɛ a yɛwɔ seesei no sua koraa. Sɛnea ɔbarima nokwafo Hiob kae no, nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn abɔde ho no yɛ kakraa bi pɛ. Hiob kae sɛ: “Hwɛ! Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi, na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!” (Hiob 26:14) Mfehaha pii akyi no, Ɔhene Solomon a osusuw Yehowa abɔde ho kɔɔ akyiri no kae sɛ: “[Onyankopɔn ayɛ] ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam, sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma renhu nneɛma a nokware Nyankopɔn ayɛ no mu fi mfiase kosi awiei.”—Ɔsɛnk. 3:11; 8:17.

9, 10. Tumi bɛn na Onyankopɔn de bɔɔ asase, na nneɛma a ɔyɛe wɔ adebɔ nna abiɛsa a edi kan no mu no bi ne dɛn?

9 Yehowa ama yɛahu nsɛm bi a ɛho hia a ɛfa ne nnwuma ho. Sɛ nhwɛso no, Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ mfe ɔpepepem pii a abɛsen kɔ no, na Onyankopɔn honhom redi akɔneaba wɔ asase so. (Monkenkan Genesis 1:2.) Saa bere no, na asase kesee ne hann nni hɔ, na ɛda adi sɛ na mframa a yɛhome nso nni asase so.

10 Bible san ma yehu nneɛma a Onyankopɔn yɛe wɔ adebɔ nna no mu. Ɛnyɛ nnɔnhwerew 24 na ɛwɔ saa nna no biara mu, mmom no, ɛyɛ bere tenten bi a wɔyɛɛ nneɛma pii wom. Wɔ adebɔ da a edi kan no, Yehowa maa hann fii ase baa asase so. Wowiee hann no ho adwuma bere a na sɛ obi gyina asase so a na obetumi ahu owia ne ɔsram no. (Gen. 1:3, 14) Wofii ase yɛɛ ewim wɔ adebɔ da a ɛto so abien no mu. (Gen. 1:6) Saa bere no, na nsu, hann, ne mframa wɔ asase so, nanso na asase kesee nnya nyii ne ho adi. Wɔ adebɔ da a ɛto so abiɛsa no mfiase no, Yehowa de ne honhom kronkron yɛɛ asase kesee, ɛbɛyɛ sɛ ɔde tumi a ɛwɔ asase no mu dii dwuma maa asase kesee no yii ne ho adi. (Gen. 1:9) Ná ɔbɛyɛ nneɛma foforo a ɛyɛ nwonwa wɔ ɛda a ɛto so abiɛsa no ne adebɔ nna a na aka no mu.

Sɛnea Wɔde Honhom Kronkron Bɔɔ Nneɛma a Nkwa Wom

11. Dɛn na abɔde a nkwa wom yɛbea, ne fɛ, ne sɛnea ɛyɛ nwonwa no ma yehu?

11 Onyankopɔn honhom yɛɛ nneɛma a nkwa wom a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ nso. Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so bɔɔ nnua ne mmoa a egu ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ adebɔ da a ɛto so abiɛsa kosi asia no mu. (Gen. 1:11, 20-25) Enti, abɔde a nkwa wom pii yɛbea, ne fɛ, ne sɛnea ɛyɛ nwonwa no ma yehu adwinne a ɛso bi nni.

12. (a) Dwuma bɛn na awosu di? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi sɛnea awosu kɔ so yɛ adwuma yiye no mu?

12 Susuw awosu a wɔfrɛ no DNA no ho hwɛ. Nneɛma a ɛma nnipa ne mmoa tumi wo wɔn sɛso na afifide nso nya ne sɛso bere nyinaa no mu biako ne awosu. Abɔde a nkwa wom a ɛwɔ asase so a ebi ne mmoawammoawa, sare, asono, abonsu, ne nnipa nyinaa nam awosu so na enya wɔn sɛso. Ɛwom sɛ asase so abɔde gu ahorow de, nanso awosu a ɛboa ma emu biara nya ne su ne ne yɛbea no de ɛnsesa koraa, na ɛno na ɛma yehu nsonsonoe a ɛwɔ abɔde mu fi tete de besi nnɛ. Enti sɛnea Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw te no, mmoawammoawa ne afifide nketenkete paa a ɛwɔ asase so no dan wɔn ho wɔn ho, na ɛkɔ so yɛ adwuma ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. (Dw. 139:16) Saa nhyehyɛe a ɛma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ no nso yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn “nsateaa,” anaa honhom kronkron na ɛbɔɔ ade.

Abɔde a Ɔsom Bo Sen Biara wɔ Asase So

13. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn faa so bɔɔ onipa?

13 Bere a mfe ɔpepepem pii twaam, na Onyankopɔn bɔɔ nneɛma a nkwa wom ne nea nkwa nnim pii wiei no, na asase nyɛ biribi a ‘ɛwɔ hɔ kwa a hwee nni so’ bio. Nanso, na Yehowa mfaa ne honhom mmɔɔ ade nwiei. Ná ɔrebɛbɔ n’abɔde a ɔsom bo sen biara wɔ asase so. Ɛrekɔ adebɔ da a ɛto so asia no awiei no, Onyankopɔn bɔɔ onipa. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so bɔɔ onipa? Ɔde ne honhom kronkron ne asase mu nneɛma na ɛbɔɔ no.—Gen. 2:7.

14. Ɔkwan titiriw bɛn so na nnipa yɛ soronko wɔ mmoa ho?

14 Genesis 1:27 ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” Onyankopɔn suban so a wɔbɔɔ yɛn no kyerɛ sɛ Yehowa bɔɔ yɛn ma yetumi da ɔdɔ adi, yetumi fi yɛn pɛ mu yɛ ade, na yetumi ne yɛn Bɔfo no nya abusuabɔ mpo. Enti, yɛn amemene yɛ soronko koraa wɔ mmoa de ho. Yehowa hyɛɛ da yɛɛ nnipa amemene wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛatumi de anigye akɔ so asua ɔno ne ne nnwuma ho ade daa.

15. Hokwan bɛn na wɔde maa Adam ne Hawa?

15 Bere a wɔbɔɔ nnipa no, Onyankopɔn de asase ne ɛso nneɛma a ɛyɛ fɛ no nyinaa maa Adam ne ne yere Hawa sɛ wonsua ho ade na wɔn ani nnye. (Gen. 1:28) Yehowa maa wɔn nnuan pii, na ɔyɛɛ paradise ma wɔtenaa mu. Ná wɔwɔ hokwan a wɔde bɛtena ase daa na wɔawo mma ɔpepepem pii a wɔyɛ pɛ a wɔdɔ wɔn. Nanso, amma saa.

Dwuma a Honhom Kronkron Di a Yebegye Atom

16. Ɛmfa ho sɛ nnipa a wodi kan no tew atua no, anidaso bɛn na yɛwɔ?

16 Sɛ́ anka Adam ne Hawa de anisɔ bɛyɛ osetie ama wɔn Bɔfo no, pɛsɛmenkominya ma wɔtew atua. Ɛno nti, nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa fi wɔn mu, na wɔahu amane. Nanso, Bible kyerɛ ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ayi ɔhaw a bɔne a yɛn awofo a wodi kan no yɛe de aba no afi hɔ. Kyerɛwnsɛm no ma yehu nso sɛ Yehowa bɛma n’atirimpɔw a na ɔwɔ mfiase no abam. Asase bɛdan paradise ama nnipa a wɔwɔ anigye ne apɔwmuden atena so daa. (Gen. 3:15) Yehia Onyankopɔn honhom kronkron mmoa na ama yɛakɔ so anya saa anidaso a ɛhyɛ nkuran yi mu gyidi.

17. Nsusuwii bɛn na ɛnsɛ sɛ yegye tom?

17 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ honhom kronkron. (Luka 11:13) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ ahotoso a yɛwɔ sɛ abɔde yɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma no mu den. Ɛnnɛ, nnipa pii regye wɔn a wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛ adannandi a enni nnyinaso biara no nsɛm a wɔka no di. Ɛnsɛ sɛ yɛma nsusuwii a ɛnteɛ a wɔretrɛw mu no hyɛ yɛn so anaa ɛma yɛn adwene tu fra. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa siesie wɔn ho sɛ wɔbɛko atia nsusuwii a ɛnteɛ yi ne atipɛnfo nhyɛso a ɛka ho no.—Monkenkan Kolosefo 2:8.

18. Sɛ yɛresusuw nea ɛyɛe a amansan yi ne nnipa bae ho a, dɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ bi a onim nyansa na ɔbɔe?

18 Sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ adanse a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ nneɛma no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ, gyidi a yɛwɔ wɔ Bible ne Onyankopɔn ankasa mu no mu bɛyɛ den. Sɛ nnipa pii susuw nea ɛyɛe a amansan yi ne nnipa bae no ho a, wɔmpɛ sɛ wogye tom sɛ nea wɔnam nyansahu so ahu akyi no, tumi foforo bi wɔ hɔ a ɛmaa amansan yi bae. Nanso, sɛ yɛde adwene a ɛte saa susuw nneɛma ho a, na ɛkyerɛ sɛ yɛansusuw adanse a ɛwɔ hɔ no nyinaa ho yiye. Bio nso, sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrebu yɛn ani agu abɔde a “enni ano” a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ a atirimpɔw bi nti na wɔbɔe no so. (Hiob 9:10; Dw. 104:25) Yɛn a yɛyɛ Kristofo no nim sɛ tumi a wɔde bɔɔ ade no ne honhom kronkron a Yehowa de dii dwuma yiye no.

Honhom Kronkron ma Yenya Onyankopɔn mu Gyidi

19. Dɛn na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ne honhom reyɛ adwuma?

19 Ɛho nhia sɛ yebehu adebɔ ho biribiara ansa na yɛanya Onyankopɔn mu gyidi na yɛadɔ no, na yɛanya obu a emu dɔ ama no. Sɛnea sɛ yehu obi ho nsɛm kɛkɛ a ɛno mma ɔnyɛ yɛn adamfo no, saa ara na ɛnyɛ Yehowa ho nsɛm kɛkɛ a yebehu no na ɛbɛma yɛanya ne mu gyidi. Sɛnea sɛ nnamfo hu wɔn ho yiye a, wɔn adamfofa no mu yɛ den no, saa ara na sɛ yesua Onyankopɔn ho ade pii a, ɛma ne mu gyidi a yɛwɔ no yɛ kɛse. Nokwarem no, sɛ Onyankopɔn bua yɛn mpaebɔ, na yehu sɛnea sɛ yɛde ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a ɛboa yɛn no a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ hɔ ankasa. Sɛ yenya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rekyerɛ yɛn kwan, ɔrebɔ yɛn ho ban, ɔrehyira mmɔden a yɛbɔ de som no no so, na ɔde nneɛma a yehia rema yɛn a, ɛma yɛbɛn no kɛse paa. Eyinom nyinaa yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ne honhom kronkron reyɛ adwuma.

20. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ amansan yi ne nnipa? (b) Sɛ yɛma Onyankopɔn honhom kronkron kɔ so kyerɛ yɛn kwan a, dɛn na yebenya?

20 Ade a Yehowa de ne tumi ayɛ a ɛda nsow ne Bible, efisɛ “nea efi Onyankopɔn hɔ” na wɔn a wɔkyerɛw Bible no “kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.” (2 Pet. 1:21) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua Kyerɛwnsɛm no a, ebetumi ama gyidi a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no mu ayɛ den. (Adi. 4:11) Yehowa su a ɛyɛ fɛ a ɛne ne dɔ no na ɛma ɔbɔɔ ade. (1 Yoh. 4:8) Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmoa afoforo mma wonsua yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn na ɔyɛ yɛn Adamfo no ho ade. Sɛ yɛn ankasa ma Onyankopɔn honhom kɔ so kyerɛ yɛn kwan a, yebenya hokwan asua ne ho ade daa. (Gal. 5:16, 25) Momma yɛn mu biara nkɔ so nsua Yehowa ne ne nnwuma akɛse no ho ade, na yɛnna ɔdɔ a enni ano a ɔdaa no adi bere a ɔde ne honhom kronkron bɔɔ ɔsoro, asase, ne nnipa no bi adi wɔ yɛn asetena mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Hwɛ Is There a Creator Who Cares About You? nhoma no kratafa 24 ne 25.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi ma yehu fa sɛnea Onyankopɔn de honhom kronkron di dwuma ho?

• Hokwan bɛn na Onyankopɔn suban so a wɔbɔɔ yɛn no ma yenya?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ adanse a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ nneɛma no mu?

• Nneɛma bɛn na ebetumi ama abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no mu ayɛ den?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn na nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu no ma yehu fa adebɔ ho?

[Asɛm Fibea]

Nsoromma: Anglo-Australian Observatory/David Malin Images

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɔkwan bɛn so na eyinom nyinaa wɔ awosu a wɔfrɛ no DNA no bi?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So woasiesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu?