Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So W’ani Sɔ Nhyira a Wunya no Ankasa?

So W’ani Sɔ Nhyira a Wunya no Ankasa?

So W’ani Sɔ Nhyira a Wunya no Ankasa?

BERE a wogyee Israelfo no fii Egypt nkoasom mu anwonwakwan so no, mfiase no, wɔn ani gyei sɛ wɔanya ahofadi a wɔde bɛsom Yehowa. (Ex. 14:29–15:1, 20, 21) Nanso, ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔn adwene sesae. Wofii ase nwiinwii wɔ tebea a na wɔakɔ mu no ho. Dɛn ntia? Efisɛ wɔmaa wɔn werɛ fii nea na Yehowa ayɛ ama wɔn no, na wɔde wɔn adwene sii sɛnea na asetena yɛ den wɔ sare no so no so. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Dɛn nti na mode yɛn afi Egypt aba sare yi so sɛ yemmewuwu? Hwɛ, aduan ne nsu biara nni ha, na aduan hunu [mana] yi afono yɛn kra.”—Num. 21:5.

Mfehaha pii akyi no, tete Israel hene Dawid too dwom sɛ: “Me de, w’adɔe so na mede me ho ato; ma me koma ani nnye wo nkwagye mu. Mɛto dwom ama Yehowa efisɛ ɔne me adi no yiye.” (Dw. 13:5, 6) Dawid werɛ amfi adɔe a Yehowa yɛɛ no no. Mmom no, na ogye bere dwinnwen ho daa. (Dw. 103:2) Yehowa ne yɛn nso adi no yiye, na nyansa wom sɛ yɛremmu nea wayɛ ama yɛn no adewa. Afei, ma yensusuw Onyankopɔn nhyira a yenya no nnɛ no bi ho nhwɛ.

‘Yehowa ne Yɛn Di Atirimsɛm’

Odwontofo no too dwom sɛ: “Wɔn a wosuro Yehowa na ɔne wɔn di atirimsɛm.” (Dw. 25:14) Hwɛ hokwan ara a nnipa a yɛnyɛ pɛ anya sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den! Nanso, sɛ ɛkɔba sɛ yɛma asetenam nsɛm gye yɛn adwene na yennya bere pii mmɔ mpae nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, susuw sɛnea ɛbɛka abusuabɔ pa a yɛne Yehowa wɔ no ho hwɛ. Yehowa a ɔyɛ yɛn Adamfo no hwɛ kwan sɛ yebenya ne mu ahotoso na yɛaka yɛn koma mu asɛm akyerɛ no wɔ mpaebɔ mu, na yɛaka nea ɛhaw yɛn, nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ, ne yɛn dadwen ho asɛm akyerɛ no. (Mmeb. 3:5, 6; Filip. 4:6, 7) So ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛbɛma yɛn mpaebɔ atu mpɔn ho?

Bere a Ɔdansefo aberante bi a wɔfrɛ no Paul resusuw ne mpaebɔ ho no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma etu mpɔn. * Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ sɛ merebɔ Yehowa mpae a, asɛnkoro no ara na na meka no mpɛn pii.” Bere a Paul yɛɛ mpaebɔ ho nhwehwɛmu wɔ Watch Tower Publications Index mu no, ohui sɛ mpaebɔ bɛyɛ 180 na ɛwɔ Bible mu. Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no kaa wɔn komam nsɛm wɔ saa mpaebɔ yi mu. Paul kae sɛ: “Bere a midwinnwen Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛte saa ho no, misuae sɛ mɛma me mpaebɔ afa nneɛma pɔtee bi ho. Eyi aboa me ma meka me komam asɛm kyerɛ Yehowa. Seesei, ɛyɛ me anigye sɛ mabɛn no wɔ mpaebɔ mu.”

‘Aduan wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’

Kyerɛwnsɛm no mu nokware pii a yɛahu no nso yɛ nhyira foforo a Yehowa ama yɛanya. Bere a yɛredi honhom fam nnuan pii a ahoɔden wom no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘yedi ahurusi, koma pa nti.’ (Yes. 65:13, 14) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma nneɛma a ɛmfata ansɛe nokware no ho anigye a yɛwɔ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ yetie awaefo nnaadaasɛm a, ebetumi asɛe yɛn adwene, na ɛremma yenhu sɛnea honhom fam “aduan” a Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma yɛn wɔ “bere a ɛsɛ mu” no som bo fa.—Mat. 24:45-47.

Awaefo adwene maa André a na wasom Yehowa mfe pii no fom kwan ma odii yaw kɛse. Onyaa adwene sɛ sɛ ɔde n’ani fa beae a awaefo de wɔn nsɛm gu wɔ Intanɛt so no mu kɛkɛ a, ɛrentumi nyɛ no hwee. Ɔkae sɛ: “Mfiase no, m’ani gyee nsɛm a awaefo kyerɛ sɛ ɛyɛ nokware no ho. Dodow a mehwehwɛɛ wɔn nsɛm no mu no, dodow no ara na mihui sɛ mfomso biara nni ho sɛ mifii Yehowa ahyehyɛde no mu. Nanso akyiri yi, bere a meyɛɛ nsɛm a awaefo ka tia Yehowa Adansefo no ho nhwehwɛmu no, mibehuu sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo no yɛ nnaadaafo fa. Nsɛm a na ‘wɔka tia yɛn denneennen’ no nyɛ nokware ankasa. Enti, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan akenkan yɛn nhoma ahorow no bio na makɔ asafo nhyiam. Ankyɛ koraa na mihui sɛ na mahwere ade kɛse.” Anigyesɛm ne sɛ, André san baa asafo no mu.

“Anuanom Nyinaa”

Biakoyɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ yɛn mu sɛ anuanom no yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ. (Dw. 133:1) Ntease wom paa sɛ ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Monnɔ anuanom nyinaa.” (1 Pet. 2:17) Esiane sɛ yɛka yɛn nuanom Kristofo ho nti, yɛwɔ anuanom a wɔte sɛ yɛn agyanom, yɛn nanom, yɛn nuabarimanom, ne yɛn nuabeanom wɔ nokware no mu a wɔboa yɛn wɔ ɔdɔ mu.—Mar. 10:29, 30.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma pii betumi ama yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea ntam asɛe. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ den koraa sɛ obi sintɔ bɛhyɛ yɛn abufuw ma yɛakasa atia no. Sɛ ɛba saa a, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛkae sɛ Yehowa dɔ n’asomfo ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin? Bio nso, “sɛ yɛka sɛ: ‘Bɔne nni yɛn ho’ a, yɛredaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu.” (1 Yoh. 1:8) So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ‘kɔ so nya yɛn ho abotare na yɛde firifiri yɛn ho korakora’?—Kol. 3:13.

Biribi kaa ababaa bi a wɔfrɛ no Ann ani ansa na ɔrehu mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛne Kristofo bɛbɔ fekuw. Ɔyɛɛ n’ade te sɛ ɔba hohwini a wɔaka ne ho asɛm wɔ Yesu mfatoho no mu no. Ɔtwee ne ho fii Kristofo asafo no ho. Akyiri yi, n’ani baa ne ho so ma ɔsan baa nokware no mu. (Luka 15:11-24) Dɛn na Ann suaa fii asɛm a ɛtoo no yi mu? Ɔka sɛ: “Afei a masan aba Yehowa ahyehyɛde no mu yi, mihu sɛ me nuanom mmarima ne mmea nyinaa so wɔ mfaso ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin. Bere bi a atwam no, ɛnkyɛ koraa na merekasa tia wɔn. Nanso, seesei de, masi me bo sɛ meremfa biribiara nsesa nhyira a minya fi fekuw a me ne me mfɛfo gyidifo bɔ mu no. Biribiara nni wiase yi mu a mfaso wɔ so a enti ɛsɛ sɛ yegyaw yɛn honhom fam paradise no hɔ kodi akyi.”

Ma W’ani Nsɔ Nhyira a Wunya Bere Nyinaa

Anidaso a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no na ebeyi adesamma haw nyinaa afi hɔ no yɛ ademude a ɛso bi nni. Bere a edi kan a yenyaa saa anidaso no, anisɔ hyɛɛ yɛn koma ma! Yɛtee nka te sɛ oguadini a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu a “ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa” de kɔtɔɔ “ahene biako a ne bo yɛ den no” ara pɛ. (Mat. 13:45, 46) Yesu anka sɛ eduu bere bi no, oguadini no ani ansɔ ahene no bio. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛba da sɛ ebedu bere bi no, yɛn ani rensɔ anidaso a ɛyɛ anigye no bio.—1 Tes. 5:8; Heb. 6:19.

Fa Jean a ɔde bɛboro mfe 60 asom Yehowa no asɛm no sɛ nhwɛso. Ɔka sɛ: “Nea aboa me a ɛmmaa me werɛ mfii Onyankopɔn Ahenni no yɛ ɛho asɛm a meka kyerɛ nkurɔfo no. Sɛ mihu sɛnea wɔn ani gye bere a wɔate Ahenni no ho asɛm no ase a, ɛhyɛ me nkuran paa. Sɛ mihu nsakrae a Ahenni no ho nokware no ama Bible suani bi ayɛ wɔ n’asetena mu no a, adwene a minya ne sɛ, ‘Nokware a ɛyɛ anigye a ɛsɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ afoforo bɛn ara ni!’”

Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ honhom fam nhyira pii a yenya no. Ɛwom sɛ ebia sɔhwɛ ahorow te sɛ ɔsɔretia, yare, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, adwenemhaw, obi busuani a owu, ne sikasɛm mu ahokyere betumi ahaw yɛn de, nanso yenim sɛ ne nyinaa befi hɔ nnansa yi ara. Wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no, yebenya honam fam nhyira aka honhom fam de a yenya no seesei no ho. Wobeyi amanehunu biara a yɛrehyia seesei no afi hɔ wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu.—Adi. 21:4.

Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, momma yɛnkyerɛ honhom fam nhyira a yenya no ho anisɔ, na yɛnna anisɔ a odwontofo a ɔtoo dwom a edi so yi daa no adi no bi adi. Ɔtoo dwom sɛ: “Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn, O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene; wɔrentumi mfa obiara nto wo ho. Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a, ɛdɔɔso sen nea metumi akan.”—Dw. 40:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Wɔasesa edin ahorow no.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yenya honhom fam mmoa wɔ sɔhwɛ bere mu