Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wukyi Mmarato?

So Wukyi Mmarato?

So Wukyi Mmarato?

“[Yesu kyii] mmarato.”—HEB. 1:9.

1. Ɔdɔ ho ade bɛn na Yesu kyerɛkyerɛe?

BERE a Yesu Kristo resi sɛnea ɔdɔ ho hia so dua no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:34, 35) Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ womfi wɔn komam nnodɔ wɔn ho. Ná saa ɔdɔ no na nkurɔfo de behu sɛ wɔyɛ n’akyidifo. Yesu san tuu wɔn fo sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.”—Mat. 5:44.

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Kristo akyi no kyi?

2 Ɔdɔ ho ade a Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo akyi no, ɔsan kyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wokyi nso. Wɔkaa Yesu ho asɛm sɛ: “Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato [abɔnefosɛm].” (Heb. 1:9; Dw. 45:7) Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ trenee nko na ɛsɛ sɛ yɛdɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ yekyi bɔne anaa mmarato nso. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔsomafo Yohane kaa no pefee sɛ: “Obiara a ɔte bɔne mu no te mmarato mu nso, enti bɔne yɛ mmarato.”—1 Yoh. 3:4.

3. Mmarato a yebekyi ho nsɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Enti, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So mikyi mmarato?’ Momma yɛnhwehwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yekyi bɔne wɔ nneɛma anan a edidi so yi mu: (1) sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ asanom bebrebe ho, (2) sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ahonhonsɛm ho, (3) sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔbrasɛe ho, ne (4) sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ wɔn a wɔn ani gye mmarato ho.

Mma Nsa Mfa Wo Nyɛ Akoa

4. Dɛn nti na Yesu tumi de ahotoso kasae bere a na ɔrebɔ kɔkɔ wɔ asanom ntraso ho no?

4 Ɛtɔ mmere bi a na Yesu nom nsa, na obuu nsa sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Dw. 104:14, 15) Nanso, Yesu amfa saa akyɛde yi anni dwuma ɔkwammɔne so annom nsa antra so. (Mmeb. 23:29-33) Enti, Yesu tumi de ahotoso kasae bere a na ɔretu fo wɔ asanom ntraso ho no. (Monkenkan Luka 21:34.) Sɛ obi nom nsa tra so a, ebetumi ama wayɛ bɔne afoforo a emu yɛ duru. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommmow nsa, efisɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam, na mmom monkɔ so mma honhom nhyɛ mo mã.” (Efe. 5:18) Paulo tuu mmea mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu nso fo sɛ wɔmmma “nsã mmfa wɔn nnyɛ nkoa.”—Tito 2:3.

5. Nsɛm bɛn na wɔn a wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛnom nsa no betumi abisa wɔn ho?

5 Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛnom nsa a, ɛsɛ sɛ wubisa wo ho nso sɛ: ‘So mewɔ adwene a na Yesu wɔ wɔ asanom ntraso ho no bi? Sɛ ɛho behia sɛ mitu afoforo fo wɔ wɔn asanom ho a, so metumi de ahotoso akasa? So menom nsa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma me werɛ afi me haw anaa m’adwinnwen? Nsa dodow ahe na menom dapɛn biara? Sɛ obi ka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ mereyɛ anom nsa dodo a, dɛn na meyɛ wɔ ho? So meka nsɛm bi de yi me ho ano anaa me bo fuw mpo?’ Sɛ yɛma nsa de yɛn yɛ nkoa a, ɛremma yentumi nsusuw nneɛma ho yiye, na ɛremma yensisi gyinae a nyansa wom nso. Wɔn a wodi Kristo akyi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora adwempa a wɔwɔ so.—Mmeb. 3:21, 22.

Twe Wo Ho Fi Ahonhonsɛm Ho

6, 7. (a) Yesu ne Satan ne adaemone no dii no dɛn? (b) Dɛn nti na ahonhonsɛmdi atrɛw saa nnɛ?

6 Bere a na Yesu wɔ asase so no, osiw Satan ne adaemone no kwan denneennen. Bere a Satan de sɔhwɛ baa Yesu so tee sɛ ɔde bɛma wagyae ne mudi mu no, Yesu gyinaa pintinn. (Luka 4:1-13) Yesu tumi huu nneɛma a na ebetumi afa anifere kwan so asɛe ne nsusuwii ne ne nneyɛe nso, na ɔbɔ gui. (Mat. 16:21-23) Yesu boaa nnipa a wɔfata a na adaemone reteetee wɔn yayaayaw no ma wonyaa ahotɔ.—Mar. 5:2, 8, 12-15; 9:20, 25-27.

7 Bere a wosii Yesu Hene wɔ afe 1914 mu akyi no, oyii Satan ne adaemone no nkɛntɛnso bɔne fii soro de tew hɔ. Ɛno nti, ɛnnɛ Satan awe ahinam so sen bere biara sɛ ‘ɔbɛdaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adi. 12:9, 10) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ nnipa pii ani regye ahonhonsɛm ho na ɛretrɛw saa. Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban?

8. Nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ wɔ nneɛma a yɛde gye yɛn ani no ho?

8 Bible bɔ yɛn kɔkɔ pefee wɔ asiane a ɛwɔ ahonhonsɛmdi mu ho. (Monkenkan Deuteronomium 18:10-12.) Ɛnnɛ, Satan ne adaemone no nam sini, nhoma, ne kɔmputa so agodie a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran so resɛe nkurɔfo adwene. Enti, sɛ yɛrepaw biribi de agye yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mede sini, TV so dwumadi, kɔmputa so agodie, nhoma, anaa asereseresɛm a ahonhonsɛmdi wom agyigye m’ani wɔ asram a atwam no mu? So mihu hia a ehia sɛ metwe me ho fi ahonhonsɛm ho no, anaa mibu m’ani gu asiane a ɛwom no so? So masusuw sɛnea ebia Yehowa te nka mpo wɔ nneɛma a mede gye m’ani no ho? Sɛ mama kwan ma nneɛma a Satan de sɛe nkurɔfo adwene yi bi aba m’asetena mu a, so ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa ne ne nnyinasosɛm a ɛteɛ no bɛka me ma matwe me ho afi ho ntɛm ara?’—Aso. 19:19, 20.

Tie Yesu Kɔkɔbɔ a Ɛfa Ɔbrasɛe Ho No

9. Dɛn na ebetumi ama obi ani agye mmarato ho?

9 Yesu hyɛɛ Yehowa gyinapɛn a ɛfa nna mu ɔbrasɛe ho no mu den. Yesu kae sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’? Enti wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:4-6) Ná Yesu nim sɛ nea yɛde yɛn aniwa hwɛ betumi asɛe yɛn koma. Enti, ɔkae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Motee sɛ wɔkae sɛ, ‘Nsɛe aware.’ Nanso mise mo sɛ obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mat. 5:27, 28) Sɛ obi bu n’ani gu kɔkɔbɔ a Yesu de mae no so a, na ɔrema n’ani agye mmarato ho ankasa.

10. Ma osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ obi betumi agyae aguamansɛm ho mfonini a ɔhwɛ.

10 Satan de aguamansɛm ho mfonini a wɔhwɛ yɛ adwuma ma nkurɔfo ani gye nna mu ɔbrasɛe ho. Aguamansɛm ho mfonini ahyɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi mu ma. Ɛyɛ den ma wɔn a wɔhwɛ aguamansɛm ho mfonini no sɛ wobeyi ɔbrasɛe ho mfonini a wɔhwɛ no afi wɔn adwenem. Aguamansɛm ho mfonini a wɔhwɛ betumi aka wɔn hɔ mpo. Susuw nea ɛtoo Kristoni bi ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Ná miwia me ho hwɛ aguamansɛm ho mfonini. Nna ho nsɛm gyee m’adwene araa ma na mete nka sɛ ayi m’adwene afi asafo no so kɔ wiase foforo bi mu koraa. Ná minim sɛ nea mereyɛ no nye, nanso na m’adwene yɛ me sɛ Onyankopɔn ani da so ara sɔ ɔsom a mede ma no no.” Dɛn na ɛmaa saa onua yi sesaa n’adwene? Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma me paa sɛ mɛka me haw no ho asɛm de, nanso misii gyinae sɛ mɛka akyerɛ mpanyimfo no.” Akyiri yi, onua yi tumi gyaee saa abofonode a na ɔhwɛ no. Ɔkae sɛ: “Bere a miyii saa bɔne a na mede agu m’ahonim ho fĩ no fii m’akwan mu no, awiei koraa no, metee nka sɛ manya ahonim pa ankasa.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wokyi mmarato no sua sɛ wobekyi aguamansɛm ho mfonini a wɔbɛhwɛ.

11, 12. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yekyi mmarato wɔ nnwom a yɛpaw ho?

11 Nnwom ne nnwom mu nsɛm betumi akanyan yɛn nkate paa ma enti ebetumi aka yɛn koma nso. Nnwom yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na wɔde adi dwuma wɔ nokware som mu fi teteete. (Ex. 15:20, 21; Efe. 5:19) Satan wiase bɔne no hyɛ nnwom a ɛma nkurɔfo ani gye ɔbrasɛe ho no ho nkuran. (1 Yoh. 5:19) Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ nnwom a wutie no regu wo ho fĩ anaa engu wo ho fĩ?

12 Wubetumi adi kan abisa wo ho sɛ: ‘So nnwom a mitie ma nkurɔfo ani gye awudi, awaresɛe, aguamammɔ, ne abususɛm ho? Sɛ mekenkan nnwom no bi mu nsɛm kyerɛ obi a, so onipa no benya adwene sɛ mikyi mmarato, anaasɛ nnwom no mu nsɛm bɛkyerɛ sɛ me koma asɛe?’ Yɛrentumi mfa yɛn ano nka sɛ yekyi mmarato na bere koro no ara yentie nnwom a ɛma nkurɔfo ani gye mmarato ho. Yesu kae sɛ: “Nea efi anom ba no fi koma no mu, na saa nneɛma no na egu onipa ho fĩ. Sɛ nhwɛso no, koma no mu na nsusuwii bɔne, awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.”—Mat. 15:18, 19; fa toto Yakobo 3:10, 11 ho.

Bu Wɔn a Wɔn Ani Gye Mmarato Ho Sɛnea Yesu Buu Wɔn No

13. Yesu buu wɔn a wɔsen wɔn kɔn wɔ bɔneyɛ mu no dɛn?

13 Yesu kae sɛ, ɔbɛfrɛɛ abɔnefo anaa mmaratofo kɔɔ adwensakra mu. (Luka 5:30-32) Nanso, obuu wɔn a na wɔasen wɔn kɔn wɔ bɔneyɛ mu no dɛn? Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ denneennen sɛ yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ nnipa a wɔte saa no ho. (Mat. 23:15, 23-26) Ɔsan kaa no pefee sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu. Ɛda no [bere a Onyankopɔn bebu atɛn no], nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, Awurade, yɛanhyɛ nkɔm wo din mu, na yɛantu adaemone wo din mu, na yɛanyɛ ahoɔdenne bebree wo din mu anaa?’” Nanso, ɔbɛpo wɔn a wɔyɛ mmaratode a wɔnsakra wɔn adwene no, na waka akyerɛ wɔn sɛ: “Mumfi me so nkɔ.” (Mat. 7:21-23) Dɛn nti na obebu wɔn atɛn saa? Nea enti a ɔbɛyɛ saa ne sɛ, nnipa a wɔte saa no sɛe Onyankopɔn din na wɔnam mmaratode a wɔyɛ so pira afoforo.

14. Dɛn nti na woyi wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no fi asafo no mu?

14 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ wonyi wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no mfi asafo no mu. (Monkenkan 1 Korintofo 5:9-13.) Anyɛ yiye koraa no, nneɛma abiɛsa bi nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa: (1) sɛnea ɛbɛyɛ a ahohorabɔ mma Yehowa din so, (2) sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no ho rengu fĩ, ne (3) sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa nea wayɛ bɔne no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wanu ne ho.

15. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

15 So wubu nnipa a wɔasen wɔn kɔn wɔ mmarato ho no sɛnea Yesu buu wɔn no? Ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: ‘So me ne obi a wɔatu no anaa watwe ne ho afi Kristofo asafo no ho bɛbɔ fekuw daa? Na sɛ nea wɔatu no no yɛ obusuani a ɔbɛn me paa a me ne no nte ofie biako mu nso ɛ?’ Tebea a ɛte saa betumi asɔ ɔdɔ a yɛwɔ ma trenee ne nokware a yedi ma Onyankopɔn no ahwɛ paa. *

16, 17. Asɛnnennen bɛn na ɛtoo ɛna bi a ɔyɛ Kristoni, na dɛn na ɛboaa no ma ogyee nhyehyɛe a wɔde tu wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no toom?

16 Susuw onuawa bi a ɔwɔ ɔbabarima a wanyin a na ɔdɔ Yehowa no asɛm ho hwɛ. Akyiri yi, ne ba no yɛɛ mmaratode a wannu ne ho. Enti, wotuu no fii asafo no mu. Ná yɛn nuabea no dɔ Yehowa, na na ɔdɔ ne babarima no nso, enti ɛyɛɛ den maa no paa sɛ obetie ahyɛde a Kyerɛwnsɛm no de ama sɛ ɛnsɛ sɛ ɔne no bɔ no.

17 Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ tu onuawa yi fo a, afotu bɛn na anka wode bɛma no? Asafo mu panyin bi boaa no ma ohui sɛ Yehowa nim ɛyaw a ɔrefa mu no. Ɔpanyin no ka kyerɛɛ onuawa no sɛ, onsusuw ɛyaw a ɛbɛyɛ sɛ Yehowa dii bere a n’abɔfo no bi tew atua no ho nhwɛ. Ɔpanyin no ne no susuw ho sɛ, ɛwom sɛ Yehowa nim sɛnea tebea a ɛte saa betumi ama obi adi yaw de, nanso ɔhwehwɛ sɛ wotu wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no. Onuawa no tiee ɔpanyin no afotu no aso pa mu, na ɔde nokwaredi gyee nhyehyɛe a wɔde tu wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no toom. * Nokwaredi a ɛte saa ma Yehowa koma tɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

18, 19. (a) Sɛ yɛne obi a ɔkɔ so yɛ mmaratode twa fekubɔ mu a, ɛkyerɛ sɛ yekyi dɛn? (b) Sɛ yedi Onyankopɔn nokware na yegye ne nhyehyɛe tom a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

18 Sɛ wotu wo busuani bi a, kae sɛ Yehowa nim wo haw no. Sɛ wo ne obi a wɔatu no anaa watwe ne ho afi asafo no ho twa fekubɔ mu a, na woreda no adi sɛ wukyi suban ne nneyɛe a ɛma wotuu no no. Sɛ woyɛ saa a, na woreda no adi nso sɛ wodɔ nea wayɛ bɔne no, na woreyɛ nea ɛbɛboa no paa. Sɛ wudi nokware ma Yehowa a, ebetumi ayɛ mmerɛw kɛse ama nea wɔatu no no sɛ obenu ne ho na wasan aba Yehowa nkyɛn.

19 Ɔbea bi a wotuu no na akyiri yi wɔsan gyee no no kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ esiane sɛ Yehowa dɔ ne nkurɔfo nti, ɔhwɛ ma n’ahyehyɛde no ho tew. Ade a wɔn a wonni asafo no mu bebu no sɛ ɛyɛ atirimɔdensɛm no yɛ ade a ɛho hia na ɛkyerɛ ɔdɔ ankasa.” So wugye di sɛ sɛ asafo no mufo a ɔbea no abusuafo ka ho ne ɔbea yi kɔɔ so bɔe bere a wotuu no no a, anka ɛbɛboa no ma waka saa asɛm yi? Sɛ yegye akwankyerɛ a Kyerɛwnsɛm no de ma sɛ wontu wɔn a wɔyɛ bɔne a wonnu wɔn ho no tom a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ trenee na yegye tom sɛ Yehowa na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ yɛn bra.

“Munkyi Bɔne”

20, 21. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua sɛ yebekyi mmarato?

20 Ɔsomafo Petro bɔ kɔkɔ sɛ, “Mo ani nna hɔ, monwɛn.” Dɛn ntia? Efisɛ “mo tamfo Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” (1 Pet. 5:8) So saa obi no bɛyɛ wo anaa? Sɛ́ ɛbɛyɛ wo anaa ɛrenyɛ wo no gyina sɛnea wusua sɛ wubekyi mmarato no so kɛse.

21 Sɛ́ wubekyi mmarato no nna fam. Wɔwoo yɛn bɔne mu, na yɛte wiase a ɛma yedi ɔhonam akɔnnɔ akyi mu. (1 Yoh. 2:15-17) Nanso, sɛ yesuasua Yesu Kristo na yenya ɔdɔ kɛse ma Yehowa Nyankopɔn a, yebetumi akyi mmarato. Momma yensi yɛn bo sɛ ‘yebekyi bɔne,’ a yɛwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa ‘rewɛn n’anokwafo; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam.’—Dw. 97:10.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Sɛ wopɛ saa asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ January 1, 1982, Ɔwɛn-Aban, kratafa 3-7; Borɔfo de no yɛ September 15, 1981, kratafa 26-31.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ su a yɛwɔ wɔ asanom ho no mu?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afi ahonhonsɛmdi ho?

• Dɛn nti na asiane wɔ aguamansɛm ho mfonini a obi bɛhwɛ mu?

• Sɛ wotu obi a yɛdɔ no a, dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yekyi mmarato?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛnom nsa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Hwɛ yiye wɔ anigyede a Satan de yɛ adwuma ho

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ obi hwɛ aguamansɛm ho mfonini a, na ɔrema n’ani agye dɛn ho?