Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yesu Kristo somaa asomafo 12 no sɛ wɔnkɔka asɛm no, so ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa mpoma na wɔnhyɛ mpaboa?

Ebinom ka sɛ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nsɛmpa abiɛsa no mu a ɛka soma a Yesu somaa asomafo no ho asɛm no nhyia. Nanso, sɛ yɛde saa nsɛm yi toto ho a, yebetumi ate ase yiye. Nea edi kan no, fa nea Marko kyerɛwee no toto Luka de no ho hwɛ. Marko kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “[Yesu hyɛɛ] wɔn sɛ wɔmmfa hwee nntu kwan no gye poma nkutoo, wɔmmfa paanoo, wɔmmfa akwantu bɔtɔ, wɔmmfa kɔbere sika nnhyɛ wɔn abɔso mu, na mmom wɔnhyɛ mpaboa, nanso wɔmmfa ntade abien.” (Mar. 6:7-9) Luka nso kyerɛwee sɛ: “Mommfa hwee nntu kwan no, mommfa poma anaa aduan bɔtɔ, paanoo anaa dwetɛ sika; mommfa fam ntade abien nso.” (Luka 9:1-3) Yehu sɛ ɛte sɛ nea wɔn nsɛm no nhyia. Marko kyerɛe sɛ, wɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ wɔmfa poma na wɔnhyɛ mpaboa, nanso Luka kyerɛwtohɔ no ka sɛ na ɛnsɛ sɛ wɔfa biribiara, na na ɛnsɛ sɛ wɔfa poma mpo. Marko bɔɔ mpaboa din, nanso Luka de, wammɔ mpaboa din.

Sɛ yɛbɛte nea na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ saa bere no ase a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ asɛm bi a ɛda adi wɔ Nsɛmpa abiɛsa no nyinaa mu nsow. Wɔka kyerɛɛ asomafo no wɔ kyerɛwtohɔ a yɛafa mu asɛm aka ne nea ɛwɔ Mateo 10:5-10 no mu sɛ mma wɔnnhyɛ anaa wɔmmfa “ntade abien.” Ɛda adi sɛ na asomafo no mu biara hyɛ atade biako. Enti na ɛnsɛ sɛ wɔfa foforo ka nea wɔhyɛ no ho. Saa ara nso na na wɔhyɛ mpaboa dedaw. Marko sii hia a ɛho hia sɛ ‘wɔhyɛ mpaboa,’ a na ɛyɛ mpaboa a na wɔhyɛ dedaw no so dua. Na mpoma no nso ɛ? The Jewish Encyclopedia ka sɛ: “Ɛte sɛ nea na tete Hebrifo no taa kura poma nso.” (Gen. 32:10) Marko kae sɛ na ɛnsɛ sɛ asomafo no de ‘hwee tu kwan no’ gye poma a na wokura bere a Yesu de saa ahyɛde no mae no. Enti, na Nsɛmpa no akyerɛwfo no resi akwankyerɛ a Yesu de mae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa biribi foforo biara ka nea wɔwɔ ho de tu kwan no so dua.

Mateo a ɔtee ahyɛde a Yesu de mae saa da no a ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no nso sii saa asɛm yi so dua kɛse. Yesu kae sɛ: “Mommpɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nnhyɛ mo abɔso mu, na mommfa akwantu bɔtɔ nntu kwan no, anaa ntade abien, anaa mpaboa anaa poma; odwumayɛni aduan fata no.” (Mat. 10:9, 10) Mpaboa a na asomafo no hyɛ ne mpoma a na wokurakura no nso ɛ? Yesu anka ankyerɛ wɔn sɛ wɔntow nea na wɔwɔ dedaw no ngu, na mmom na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ mma wɔmmpɛ saa nneɛma no. Dɛn nti na ɔde ahyɛde a ɛte saa maa wɔn? Efisɛ “odwumayɛni aduan fata no.” Ná ɛno ne asɛntitiriw a ɛwɔ ahyɛde a Yesu de mae no mu, na na ɛne afotu a ɔde mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ ɛnsɛ sɛ wodwinnwen nea wobedi, nea wɔbɛnom, anaa nea wɔbɛhyɛ ho no hyia.—Mat. 6:25-32.

Ɛwom sɛ ebia mfiase no ɛbɛyɛ yɛn sɛ Nsɛmpa no nhyia de, nanso na ne nyinaa reka asɛnkoro no ara. Ná ɛsɛ sɛ asomafo no de nneɛma a wɔwɔ no ara tu kwan no a wɔmmfa biribi foforo biara nka ho na antwetwe wɔn adwene. Dɛn ntia? Efisɛ na Yehowa bɛhwɛ wɔn.

Henanom ne “mmabaa bebree kwa” a Solomon kaa wɔn ho asɛm no?—Ɔsɛnk. 2:8.

Yɛrentumi nkyerɛ ankasa, nanso ebetumi aba sɛ na wɔyɛ mmea anuonyamfo a wɔbaa Solomon ahemfie hɔ.

Solomon kaa nneɛma pii a na wayɛ a na adan akɛse a wasisi ka ho no ho asɛm wɔ Ɔsɛnkafo ti 2. Ɔde kaa ho sɛ: “Bio nso meboaboaa dwetɛ ne sika ne afei ahene ne ahemman ademude ano. Minyaa mmarima ne mmea nnwontofo ne nea ɛma nnipa mma ani gye, mmabaa bebree kwa.”—Ɔsɛnk. 2:8.

Nnipa a wɔkasa fa nsɛm ho mu pii adwene yɛ wɔn sɛ “mmabaa” a na Solomon reka wɔn ho asɛm no yɛ mmea ananafo a ɔwaree wɔn, ne ayefam a onyae wɔ ne nkwakoraabere mu, mmea a wɔma ɔde ne ho kɔhyɛɛ atoro som mu no. (1 Ahe. 11:1-4) Nanso, saa nkyerɛkyerɛmu no ntɔ asom. Bere a Solomon kyerɛw saa asɛm no, na onim mmea a ɔfrɛɛ wɔn “mmabaa bebree kwa” no dedaw. Saa bere no, na ɔda so ara wɔ Yehowa anim dom, efisɛ na Onyankopɔn de ne honhom aka no ma ɔrekyerɛw Bible mu nhoma ahorow. Ɛrentumi mma da sɛ ɛyɛ bere a ɔbɔɔ akwakoraa a na waware ananafo mmea ɔhaha pii a na ɔwɔ ayefam, na ɔde ne ho hyɛɛ atoro som mu no na ɔkaa saa asɛm no.

Solomon kae wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu sɛ na ‘wahwehwɛ sɛ obenya nsɛm a ɛyɛ dɛ na wakyerɛw nsɛmpa a ɛyɛ nokware.’ (Ɔsɛnk. 12:10) Ɛda adi sɛ na onim nsɛmfua a egyina hɔ ma “ɔyere,” “ɔhemmaa,” ne “ɔyefam,” efisɛ ɔde saa nsɛmfua no dii dwuma wɔ ne nhoma ahorow a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no mu. (Mmeb. 5:18; 12:4; 18:22; Ɔsɛnk. 9:9; Nmd. 6:8, 9) Nanso, wamfa saa nsɛmfua a na onim no anni dwuma wɔ Ɔsɛnkafo 2:8.

Wɔde Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “mmabaa bebree kwa” no adi dwuma pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu. Nhomanimfo ka sɛ wonnim nea saa asɛm no kyerɛ ankasa. Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no mu pii fa asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 2:8 no sɛ ɛkyerɛ mmea a wɔdɔɔso. Asɛm a wɔkyerɛɛ ase “mmabaa bebree kwa” no kura saa adwene no.

Ná Solomon agye din araa ma ɔhemmaa bi a ofi Saba ahemman a na wodi yiye mu no tee ne ho asɛm, na ɔbɛsraa no, na ɔhemmaa no ho dwiriw no. (1 Ahe. 10:1, 2) Ɛno yɛ ade biako a ɛma yehu nea “mmabaa bebree kwa” a Solomon kaa ho asɛm no betumi akyerɛ. Ebia na ɔreka mmea anuonyamfo a wɔbaa n’ahemfie hɔ wɔ mfe pii a na ɔda so wɔ Onyankopɔn anim dom no ho asɛm.