Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wowɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudi Ahurusi

Wowɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudi Ahurusi

Wowɔ Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wudi Ahurusi

EFI nkwaboaa ketewaa paa so kosi nsoromma akuw akɛse so no, wɔahyehyɛ nneɛma a wɔabɔ nyinaa ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ Ɔbɔadeɛ no “nyɛ sakasaka Nyankopɔn.” (1 Kor. 14:33) Sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ ne nkurɔfo ma wɔsom no no nso yɛ nwonwa. Susuw nea Yehowa ayɛ ho hwɛ. Wahyehyɛ ahyehyɛde biako wɔ amansan yi mu a abɔde ɔpepehaha pii a wonim nyansa—nnipa ne abɔfo—wom a wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade, na wɔde biakoyɛ resom Yehowa nokware mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa!

Wɔ tete Israel no, ná Yerusalem a ɛhɔ na Yehowa asɔrefie no si a na ne hene a wasra no no te no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so. Israelni bi a na ɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon kaa sɛnea na ɔte nka wɔ kurow kronkron yi ho sɛ: “Sɛ mankae wo a, sɛ mamma Yerusalem anhia me ansen nea ɛma midi ahurusi biara a, ma me tɛkrɛma mfam me dodom.”—Dw. 137:6.

So saa na wote nka wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no ho nnɛ? So ɛma w’ani gye paa sen biribi foforo biara? So wo mma nim Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho abakɔsɛm ne ɔkwan a ɛfa so yɛ adwuma? So wo mma nim sɛ wɔka Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔyɛ anuanom no ho? (1 Pet. 2:17) Dɛn nti na womfa nyansahyɛ a edidi so yi nni dwuma wɔ Abusua Som a moyɛ no anwummere no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a anisɔ a w’abusua wɔ ma Yehowa ahyehyɛde no bɛyɛ kɛse?

Ka “Tete Mmere no” Ho Asɛm

Afe biara, na Israelfo mmusua hyiam di Twam afahyɛ no. Bere a wɔde afahyɛ no sii hɔ no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Sɛ akyiri yi wo ba bisa wo sɛ, ‘Eyi kyerɛ dɛn?’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Yehowa de nsa a ɛyɛ den na eyii yɛn fii Egypt nkoafie.’” (Ex. 13:14) Ná ɛsɛ sɛ ɔkwan a Yehowa faa so ne Israelfo no dii no yɛ biribi a wɔbɛkae no bere nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ Israelfo pii a na wɔyɛ agyanom dii Mose ahyɛde yi so. Awo ntoatoaso pii akyi no, Israelni bi bɔɔ mpae sɛ: “O Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn, nnwuma a woyɛe wɔn bere so, tete mmere no mu no.”—Dw. 44:1.

Nsɛm bi a esisii wɔ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu bɛboro mfe 100 a atwam ni no betumi ayɛ te sɛ “tete mmere” wɔ aberante anaa ababaa a ɔwɔ hɔ ɛnnɛ nso ani so. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo ba ate saa nsɛm yi ase yiye? Nea awofo binom yɛ ne sɛ, wɔde Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no, Yearbook, asetena mu nsɛm a ɛba yɛn nsɛmma nhoma mu, ne amanneɛbɔ foforo a ɛfa Yehowa som ho, a yɛn DVD foforo a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho ka ho no kyerɛkyerɛ wɔn mma. Video ahorow a ɛka ɔtaa a kan Soviet Union ne Nasi Germany de baa yɛn nuanom so no ma mmusua hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so wɔ sɔhwɛ mu. Munsusuw nneɛma a ɛte saa ho wɔ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere no mu. Sɛ moyɛ saa na sɛ ɛba sɛ mo mma hyia wɔn mũdi mu a wobekura ho sɔhwɛ a, ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den.

Nanso, sɛ woreka abakɔsɛm akyerɛ mmofra na woyɛ no sɛnea worema ɔkasa a, ebetumi ama wɔn ani ahaw ntɛm. Enti ma wo mma nkasa bi. Sɛ nhwɛso no, wubetumi ama wo ba apaw ɔman bi a n’ani gye ho, na wayɛ abakɔsɛm a ɛfa Yehowa som ho wɔ saa ɔman no mu ho nhwehwɛmu, na waka nea ohui no bi ho asɛm akyerɛ abusua no. Ebetumi aba sɛ mowɔ Kristofo a wɔde nokwaredi asom bere tenten wɔ mo asafo mu a wubetumi afrɛ wɔn ma wɔabɛka w’abusua ho anwummere bi ma moayɛ abusua som. Ebia wo ba betumi abisabisa wɔn nsɛm, na wɔaka wɔn suahu akyerɛ mo. Anaasɛ wubetumi ama wo ba ayɛ nneɛma titiriw a wɔayɛ wɔ Yehowa som mu, te sɛ baa dwumadibea bi a wɔasi, amanaman ntam nhyiam bi, anaasɛ gramafon a wɔde yɛ afie afie asɛnka adwuma ho mfonini.

Sua Sɛnea “Emu Biara Yɛ N’adwuma”

Ɔsomafo Paulo de Kristofo asafo no totoo “nipadua no nyinaa, a akeka atoatoam a akwaa no biara ma enyin na ɛyɛ den wɔ ɔdɔ mu bere a ne fã biara yɛ n’adwuma” no ho. (Efe. 4:16, New International Version) Sɛ yesua sɛnea nipadua no yɛ adwuma ho ade a, ɛma anisɔ ne obu a yɛwɔ ma yɛn Bɔfo no yɛ kɛse. Saa ara na sɛ yesua sɛnea asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no yɛ adwuma no ho ade a, ɛma “Onyankopɔn nyansa a egu ahorow pii no” yɛ yɛn nwonwa.—Efe. 3:10.

Yehowa kyerɛ ɔkwan a n’ahyehyɛde, a ne fã a ɛwɔ soro no ka ho no fa so yɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, ɔka kyerɛ yɛn sɛ odii kan de adiyisɛm bi maa Yesu Kristo, na ɔno nso ‘somaa ne bɔfo ma ɔnam nsɛnkyerɛnne so de maa n’akoa Yohane a odii adanse no.’ (Adi. 1:1, 2) Sɛ Onyankopɔn ma yehu sɛnea n’ahyehyɛde no fã a aniwa nhu no yɛ adwuma a, so n’ani rennye ho sɛ ɔbɛma yɛate sɛnea n’ahyehyɛde no “fã biara yɛ n’adwuma” wɔ asase so no ase?

Sɛ nhwɛso no, sɛ aka kakra ma ɔmansin sohwɛfo abɛsra mo asafo no a, dɛn nti na wo ne w’abusua nsusuw ahwɛfo akwantufo asɛyɛde ne nhyira a wonya wɔ adwuma yi mu ho? Dɛn na wɔyɛ de boa yɛn mu biara? Nsɛmmisa foforo a mubetumi asusuw ho no bi ni: Dɛn nti na ɛho hia sɛ yebu asɛnka ho akontaa? Ɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahyehyɛde no nya sika de yɛ adwuma? Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ Sodikuw no, na ɔkwan bɛn so na wɔde honhom fam aduan ma?

Sɛ yehu sɛnea wɔahyehyɛ Yehowa nkurɔfo a, anyɛ yiye koraa no, ɛboa yɛn wɔ akwan abiɛsa so: Ɛma anisɔ a yɛwɔ ma wɔn a wɔyɛ adwumaden ma yɛn no yɛ kɛse. (1 Tes. 5:12, 13) Ɛkanyan yɛn ma yedi akwankyerɛ a wɔn a wodi Yehowa ahyehyɛde no anim de ma yɛn no so. (Aso. 16:4, 5) Nea etwa to no, sɛ yehu gyinae a wɔn a wodi anim no gyina Kyerɛwnsɛm no so sisi ne nhyehyɛe a wɔyɛ no a, ɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ wɔn mu no mu yɛ den.—Heb. 13:7.

“Monhwɛ N’abantenten”

“Muntwa Sion ho nhyia; mommɔ ho aporɔw. Monkan n’abantenten. Momfa mo ani nsi ne pempe so, monhwɛ n’abantenten, na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.” (Dw. 48:12, 13) Saa bere no, odwontofo no ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnhwɛ Yerusalem yiye. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea na Israelfo mmusua a na wotu kwan kɔ kurow kronkron no mu kodi afe afe afahyɛ a na wohu asɔrefie fɛfɛ no kaakae nea wohu ma wɔn ani gye no? Ɛbɛyɛ sɛ nea wohui no kaa wɔn ma ‘wɔka kyerɛɛ nkyirimma.’

Susuw Saba hemmaa no a bere a odii kan tee Solomon ahenni nwonwaso ne ne nyansa kɛse ho asɛm no wannye anni no ho hwɛ. Dɛn na ɛma ogye dii sɛ nsɛm a na wate no yɛ nokware? Ɔkae sɛ, “Mannye wɔn nsɛm no anni kosii sɛ m’ankasa mede m’aniwa behui.” (2 Be. 9:6) Nokwarem no, nea yɛn ‘ankasa’ de yɛn ‘aniwa’ hu betumi aka yɛn kɛse.

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔde wɔn ‘ankasa aniwa’ ahu Yehowa ahyehyɛde no ho nneɛma a ɛyɛ nwonwa? Sɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea wɔ baabi a wote a, mommɔ mmɔden nkɔhwɛ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔtetee Mandy ne Bethany wɔ baabi a efi Betel a ɛwɔ wɔn man mu rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 900 (kilomita 1,500). Nanso, na wɔn awofo taa yɛ nhyehyɛe ma wɔkɔhwɛ hɔ, titiriw bere a na wɔn mmabea no renyinyin no. Wɔka sɛ, “Ansa na yɛrekɔhwɛ Betel no, na yesusuw sɛ mmara kyekyere wɔn a wɔwɔ hɔ no dodo, na wɔn a wɔn ani afi nkutoo na wɔwɔ hɔ. Nanso, yehyiaa mmabun a na wɔde anigye reyɛ adwumaden ama Yehowa wɔ hɔ! Yehui sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ kɛse sen beae ketewa a na yɛte no, na bere biara a na yɛkɔhwɛ Betel no, na ɛma yɛbɛn Yehowa kɛse, na na ɛma yɛyere yɛn ho som no yiye.” Onyankopɔn ahyehyɛde no a Mandy ne Bethany huu no yiye no kanyan wɔn ma wofii ase yɛ akwampae adwuma, na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔsom wɔ Betel bere tiaa bi mpo.

Ade foforo wɔ hɔ a yebetumi de ‘ahu’ Yehowa ahyehyɛde no, ɛyɛ biribi a na tete Israelfo no nni bi. Nnansa yi, Onyankopɔn nkurɔfo anya video ne DVD ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no afã ahorow mu. Ebi ne: Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News, Our Whole Association of Brothers, To the Ends of the Earth, ne United by Divine Teaching. Sɛ wo ne w’abusua hu adwumaden a Betelfo, atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo, asɛmpatrɛwfo, ne anuanom a wɔyɛ ɔmantam nhyiam ho nhyehyɛe reyɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ, wubenya anisɔ kɛse ama anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa.

Onyankopɔn nkurɔfo asafo biara boa asɛmpa no a yɛka ne Kristofo a wɔwɔ saa asafo no mu no paa. Ne nyinaa mu no, wo ne w’abusua nnye bere mfa nkae “mo nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa” no. Eyi bɛboa wo ne wo mma ma moakɔ so ‘de gyidi agyina hɔ pintinn,’ efisɛ mowɔ nea enti a ɛsɛ sɛ mudi ahurusi.—1 Pet. 5:9.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Onyankopɔn Ahyehyɛde Ade a Ɛfata sɛ Yesua Ho Ade

Wɔayɛ nsiesiei pii ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn nyinaa mma yensua Yehowa ahyehyɛde no ho abakɔsɛm ne ɔkwan a ɛfa so yɛ adwuma no ho ade pii. Nsɛmmisa a edidi so yi betumi aboa wo ma woafi ase asua ho ade:

Ɛyɛɛ dɛn na ahwɛfo akwantufo adwuma a wɔyɛ no nnɛ no fii ase?November 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 10-15.

Wɔ Teokrase Nhyiam a wɔyɛe wɔ afe 1941 mu no, ade titiriw bɛn na ɛkɔɔ so “Mmofra Da” no?July 15, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 8.

Ɔkwan bɛn so na Sodikuw no sisi gyinae?“Bearing Thorough Witness” About God’s Kingdom, kratafa 108-114.