Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Manya Nneɛma Pa Pii

Manya Nneɛma Pa Pii

Manya Nneɛma Pa Pii

Sɛnea Arthur Bonno ka kyerɛe

NÁ ƐYƐ afe 1951. Ná me ne me yere Edith wɔ ɔmantam nhyiam bi ase, ɛnna yɛtee sɛ wɔrema nkaebɔ sɛ wɔbɛyɛ nhyiam bi ama wɔn a wɔn ani gye asɛmpatrɛw adwuma ho.

Mekae sɛ, “Ma yenkotie bi!”

Edith kae sɛ, “Art, yɛrentumi nyɛ asɛmpatrɛwfo!”

Art kae sɛ, “Edie, wo de ma yenkotie bi kɛkɛ.”

Bere a yewiee saa nhyiam no, wɔmaa yɛn Gilead Sukuu akwammisa nkrataa.

Mehyɛɛ Edie nkuran sɛ, “Ma yɛnhyehyɛ.”

Edie kae sɛ, “Art, na yɛn mmusua nso ɛ?”

Bere a yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam no akyi bɛyɛ afe ne fã no, yɛkɔɔ Gilead Sukuu, na wɔma yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Ecuador a ɛwɔ Amerika Anafo fam no.

Ebia wohyɛɛ no nsow wɔ nkɔmmɔ a me ne me yere bɔe no mu sɛ na meyɛ obi a meyɛ nhyɛ, na nea mebɔ me tirim sɛ mɛyɛ biara no, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ. Nanso, Edith de, na odwo, na na ɔbrɛ ne ho ase. Bere a na Edith renyin wɔ kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Elizabeth a ɛwɔ Pennsylvania, U.S.A. mu no, wantu kwan ankɔ akyiri da, na saa ara nso na wanhyia obi a ofi ɔman foforo so da. Ná ɛyɛ den ma no sɛ obegyaw n’abusua hɔ. Nanso, ofi ne koma nyinaa mu gye toom sɛ ɔbɛkɔ amannɔne akɔyɛ adwuma no. Yeduu Ecuador wɔ afe 1954 mu, na yɛakɔ so ayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ ɔman yi mu abesi nnɛ. Yɛanya nneɛma pa pii wɔ mfe a yɛadi wɔ ha no mu. So wopɛ sɛ meka bi kyerɛ wo?

Anigye a Yɛn Werɛ Remfi Da

Wɔma yedii kan kɔyɛɛ adwuma wɔ ɔman no ahenkurow a ɛde Quito no mu. Ahenkurow no gu Andes Mmepɔw a ne tenten bɛyɛ anammɔn 9,000 (mita 2,850) no so. Bere a yefi Guayaquil kurow a ɛda mpoano rekɔ hɔ no, yɛde keteke ne lɔre twaa kwan nnanu ansa na yɛredu hɔ. Nanso, seesei wimhyɛn de simma 30 na etwa saa kwan no! Yɛde mfe anan yɛɛ adwuma wɔ Quito a yɛn werɛ remfi da. Afei, wɔ afe 1958 mu no, yenyaa adepa foforo bi: Wɔma yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma.

Saa bere no, na amansin abien pɛ na ɛwɔ ɔman mũ no nyinaa mu. Enti, asafo ahorow a na yɛsrasra wɔn akyi no, na yɛde adapɛn pii ka asɛm no wɔ Indiafo nkurow a na Adansefo biara nnim no mu wɔ afe no mu. Mpɛn pii no, na adan nketewa a mfɛnsere nni ho a mpa nkutoo si mu na yɛda mu wɔ hɔ. Ná yɛde krasin sutof, kyɛnsee, prɛte, hweaseammɔ a wɔhoro nneɛma wom, nnaso, ntontonnan, ntade, atesɛm nkrataa dedaw, ne nneɛma foforo gu adaka bi mu tu kwan no. Ná yɛde atesɛm nkrataa no tuatua ɔdan no ho ntokuru sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma ayɛ den ama akisi sɛ wɔbɛba ɔdan no mu.

Ɛwom sɛ na adan no mu ye sum na na emu ayɛ fĩ de, nanso na yɛtena mpa so bɔ nkɔmmɔ anadwo di aduan kakra a yɛde yɛn krasin sutof no anoa, na ɛno ma yenyaa anigye bi a yɛn werɛ remfi da. Esiane sɛ na mepere me ho wɔ nneɛma ho na ɛno taa ma mekasa ansa na madwen ho nti, ɛtɔ mmere bi a na me yere de saa bere no boa me ma mihu ɔkwan pa a metumi afa so ne anuanom a yɛkɔsra wɔn no akasa wɔ anifere kwan so. Mitiee no, na anuanom nyaa nkuranhyɛ pii fii me nsrahwɛ no mu. Afei nso, sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ na meka onua bi ho asɛm a ɛmfata a, na ɔnnka bi. Enti, misuae sɛ menya me nuanom ho adwempa. Nanso, na nea yɛbɔ ho nkɔmmɔ titiriw anadwo no fa nsɛm bi a yɛakenkan wɔ Ɔwɛn-Aban mu ne osuahu a yenyae wɔ asɛnka mu saa da no ho. Hwɛ sɛnea saa nsɛm no maa yɛn ani gyei!

Ɔkwan a Yɛfaa so Huu Carlos

Bere a yeduu Jipijapa kurow a ɛwɔ Ecuador atɔe fam no, wɔde onigyefo bi a wɔfrɛ no Carlos Mejía din maa yɛn. Ne din nkutoo na wɔde maa yɛn, na wɔamfa baabi a ɔte anka ho. Bere a na yɛrepue afi ɔdan a na yɛahane mu saa anɔpa no, na yennim baabi a yɛde yɛn ani rekyerɛ akɔhwehwɛ no, enti yefii ase nantew ara kɛkɛ. Esiane sɛ na osu atɔ denneennen anadwo no ansa na ade rekye nti, na akwan no a ɛyɛ mfutukwan no so ayɛ atɛkyɛ ma enti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantɔ amoa pii a atɛkyɛ wom no mu. Ná midi me yere anim, na prɛko pɛ na metee sɛ ɔreteɛm wɔ m’akyi sɛ, “Art!” Minkotwa m’ani a, Edie na ogyina atɛkyɛ a ani tumm mu ma akɔka ne kotodwe yi. Ná asɛm no yɛ serew araa ma sɛ ɛnyɛ sɛ na n’ani atetɛw nusu a, anka meserewee.

Mitumi twee no fii atɛkyɛ no mu, nanso ne mpaboa kaa mu. Ná abeawa ne abarimaa bi gyina hɔ rehwɛ yɛn, enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ muyi mpaboa no fi atɛkyɛ no mu a, mɛma mo sika.” M’ano ansi koraa na woyii mpaboa no, nanso na Edie hia baabi a ɔbɛhohoro ne ho. Ná mmofra no maame rehwɛ nea ɛrekɔ so no, enti ɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmra ne fie. Ɔboaa me yere ma ɔhohoroo ne nan ho, na mmofra no nso hohoroo mpaboa a na ɛho ayɛ fĩ no ho. Anigyesɛm bi sii ansa na yɛrefi ofie hɔ. Mibisaa ɔbea no sɛ onim baabi a yebetumi ahu owura bi a wɔfrɛ no Carlos Mejía anaa. Asɛm no yɛɛ no nwonwa, na ɔkae sɛ, “Ɔyɛ me kunu.” Bere bi akyi no, yɛne wɔn fii ase suaa Bible, na awiei koraa no, abusua no mufo nyinaa bɔɔ asu. Mfe bi akyi no, Carlos ne ne yere, ne wɔn mma baanu bɛyɛɛ akwampaefo atitiriw.

Akwantu Mu Nsɛnnennen—Ahɔhoyɛ a Ɛmaa Yɛn Ani Gyei

Yehyiaa nsɛnnennen wɔ ɔmansin adwuma a na ɛma yetutu akwan no mu. Ná yɛde bɔs, keteke, lɔre, ahyɛmma, ne wimhyɛn nketewa na etu kwan. Bere bi, yɛne John McLenachan a na ɔyɛ ɔmantam sohwɛfo ne ne yere Dorothy kɔkaa asɛm no wɔ nkuraa a woyi mpataa wɔ ase a ɛbɛn Colombia hye so no mu. Yɛde hyɛmma na etuu kwan no. Ná aboodede a wɔn akɛse bɛyɛ sɛ hyɛmma no nenam yɛn ho pɛɛ! Sɛnea na aboodede no akɛse te no maa onipa a na ɔreka hyɛmma no a onim ka paa no mpo ho dwiriw no, ma enti ɔyɛɛ ntɛm dan hyɛmma no ani kyerɛɛ mpoano.

Nanso, nsɛnnennen a yehyiae wɔ ɔmansin adwuma no mu no so baa mfaso kɛse paa. Yehyiaa anuanom a wɔn yam ye na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Mpɛn pii no, na mmusua a yɛtena wɔn fie no hyɛ yɛn sɛ yennidi mprɛnsa da koro, bere a na wɔn de wodidi pɛnkoro pɛ. Saa ara nso na na wɔma yɛda mpa biako pɛ a ɛwɔ ofie hɔ no so, na wɔn mmom ada fam. Ná me yere taa ka sɛ, “Saa anuanom mmarima ne mmea a me koma da wɔn so yi boaa me ma mihui sɛ nneɛma kakraa bi na yehia wɔ asetena mu.”

“Yɛmpɛ sɛ Yɛtwentwɛn Yɛn Nan Ase”

Wɔ afe 1960 mu no, yenyaa adepa foforo—wɔfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ adwuma wɔ Guayaquil baa dwumadibea. Meyɛɛ adwuma wɔ ɔfese, ɛnna Edith nso ne asafo bi a ɛbɛn baa dwumadibea hɔ yɛɛ asɛnka adwuma no. Mansusuw da sɛ metumi ayɛ adwuma wɔ ɔfese, na metee nka sɛ minni adwuma no ho nimdeɛ. Nanso, sɛnea Hebrifo 13:21 kyerɛ no, Onyankopɔn de “adepa” besiesie yɛn ‘ma yɛayɛ n’apɛde.’ Mfe abien akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memfa asram du nkosua ade wɔ Gilead, na na wɔbɛyɛ sukuu no wɔ Betel a ɛwɔ Brooklyn, New York. Saa bere no, na wɔma yegyaw yɛn yerenom wɔ akyi ma wɔyɛ wɔn adwuma. Brooklyn kyerɛw me yere krataa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ onsusuw ho yiye nhwɛ sɛ sɛ ne kunu gyaw no hɔ asram du a, ɔbɛpene so anaa.

Edith kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Ɛwom sɛ eyi yɛ ade a ɛbɛyɛ den paa ama me wɔ wiase yi mu de, nanso minim sɛ sɛ ɛba sɛ nsɛnnennen bi sɔre a, Yehowa bɛboa me ma magyina ano. . . . Yɛmpɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ ɔsom hokwan biara a wɔde bɛma yɛn ho, anaa hokwan biara a wɔde bɛtete yɛn ma yɛafata sɛ yedi asɛyɛde ahorow ho dwuma.” Bere a na mewɔ Brooklyn no, dapɛn biara na minya krataa fi me yere hɔ.

Mfɛfo Gyidifo a Yɛne Wɔn Somee

Wɔ afe 1966 mu no, esiane yare nti, me ne Edith san kɔɔ Quito, na yɛsan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma, na yɛne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ no yɛɛ adwuma. Hwɛ sɛnea saa anuanom no kuraa wɔn mũdi mu ma ɛyɛɛ fɛ!

Ná onuawa nokwafo bi wɔ okunu a ɔnyɛ gyidini a na ɔtaa hwe no. Da bi anɔpa nnɔnsia, obi frɛɛ yɛn ka kyerɛɛ yɛn sɛ onuawa no kunu asan ahwe no bio. Mebɔɔ hwii kɔɔ onuawa no fie. Bere a mihuu no no, me ho dwiriw me kɛse. Ná ɔda mpa mu a n’anim asoasoa na ne honam nyinaa abeabea. Ná ne kunu de prae dua aboro no araa ma emu abu abien. Akyiri yi, mekɔtoo ne kunu no wɔ fie saa da no, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ ohufo paa. Ɔpaa kyɛw pii.

Eduu afe 1970 mfe no mfiase no, na mate apɔw, na yɛsan fii ɔmansin adwuma no ase bio. Ná Ibarra kurow no ka yɛn mansin no ho. Bere a yɛkɔɔ saa kurow no mu wɔ afe 1950 mfe no awiei mu hɔ no, ná Adansefo baanu pɛ na wɔwɔ hɔ, na ɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi ne onua bi a ofi hɔnom. Enti na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebehyia afoforo pii a na wɔaba asafo no mu no.

Bere a edi kan a yɛkɔɔ asafo nhyiam wɔ hɔ no, Onua Rodrigo Vaca gyinaa asɛnka agua so hwɛɛ dwumadi bi a na obisa nsɛm ma atiefo ma ho mmuae so. Bere biara a na obebisa asɛm bi no, na atiefo no mma wɔn nsa so, na mmom na wɔka sɛ “Yo, yo!” (“Me, me!”) Me ne Edith de ahodwiriw hwɛɛ yɛn ho anim. Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Dɛn na ɛrekɔ so wɔ ha yi?’ Akyiri yi, yehui sɛ sɛɛ na Onua Vaca ani afura, nanso onim asafo no mufo nne, enti sɛ wɔkasa a, otumi hu nea ɔrekasa no. Ɔyɛ oguanhwɛfo a onim ne nguan yiye! Eyi ma yɛkaee asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Yohane 10:3, 4, 14 a ɛfa Oguanhwɛfo Pa a onim ne nguan yiye na nguan no nso nim no yiye no ho no. Ɛnnɛ, asafo a emufo ka Spania kasa asia, biako a emufo ka Quechua kasa, ne asafo biako a emufo ka mum kasa na ɛwɔ Ibarra. Onua Vaca da so de nokwaredi resom sɛ ɔpanyin ne ɔkwampaefo titiriw. *

Yɛn Ani Sɔ Papa a Yehowa Ayɛ Yɛn No

Wɔ afe 1974 mu no, Yehowa san yɛɛ yɛn papa bere a wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛsan kɔɔ Betel na wɔsan ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ ɔfese, na akyiri yi, wɔpaw me ma mekɔkaa Baa Boayikuw no ho no. Mfiase no, Edith yɛɛ adwuma wɔ gyaade, na akyiri yi, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ ɔfese, na ɛhɔ na wayɛ adwuma de abesi nnɛ sɛ obi a ɔkyekyɛ nkrataa.

Yɛanya hokwan agye asɛmpatrɛwfo a wɔakɔ Gilead pii a wɔde ahokokwaw ne nsi aboa asafo ahorow a wɔwom wɔ mfe pii a abɛsen kɔ no mu. Anuanom mmarima ne mmea mpempem pii a wofi aman bɛboro 30 so a wɔabɛsom wɔ ɔman yi mu no nso ahyɛ yɛn nkuran. Hwɛ sɛnea ahofama a wɔwɔ no aka yɛn koma fa! Ebinom tontɔn wɔn afie ne wɔn nnwuma na ama wɔatumi aba ha abɛsom wɔ mmeae a wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii no. Wɔtɔɔ kar a wɔde bɛka asɛm no wɔ nkuraase, wɔhyehyɛɛ asafo foforo pii, na wɔboa ma wosisii Ahenni Asa nso. Anuanom mmea a wɔyɛ asigyafo pii afi amannɔne aba ha abɛyɛ akwampae adwuma, na hwɛ sɛnea wɔyɛ adwumayɛfo a wɔyɛ nsi na wɔn ho akokwaw!

Nokwarem no, manya nneɛma pa pii wɔ mfe a mede asom Onyankopɔn no mu. Nea edi kan koraa ne abusuabɔ a me ne Yehowa anya. Bio nso, meda Yehowa ase sɛ ɔmaa me “ɔboafo.” (Gen. 2:18) Sɛ mekaakae bɛboro mfe 69 a yɛde atena sɛ okunu ne ɔyere no a, ɛma misusuw Mmebusɛm 18:22 a ɛka sɛ: “Woanya ɔyere pa anaa? Ɛnde woanya adepa” no ho. Edith a me ne no atena no ama m’ani agye. Waboa me wɔ akwan pii so. Ɔdaa ne ho adi nso sɛ ɔyɛ ɔbabea a ɔdɔ ne maame. Efi bere a yɛkɔɔ Ecuador no, dapɛn biara na me yere kyerɛw ne maame kosii sɛ owui wɔ afe 1990 mu a na wadi mfe 97 no.

Seesei madi mfe 90, na Edith nso adi mfe 89. Yɛn ani agye paa sɛ yɛanya hokwan aboa nnipa bɛyɛ 70 ma wɔabehu Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn ani agye sɛ yɛhyehyɛɛ Gilead Sukuu akwammisa nkrataa no kɔe mfe 60 a atwam ni no. Saa gyinae a yesii no ma yenyaa nneɛma pa pii wɔ asetena mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 29 Onua Vaca asetena mu nsɛm baa September 8, 1985, Awake! mu.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne mfɛfo asɛmpatrɛwfo a na wɔwɔ yɛn Gilead adesuakuw no mu wɔ New York Yankee Stadium, 1958

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yɛkɔsraa abusua bi a wɔyɛ Adansefo wɔ ɔmansin adwuma no mu, 1959

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Yɛwɔ Ecuador baa dwumadibea, 2002