Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛbɛkɔ So Adi Nokware wɔ Wiase a Nokwaredi Nnim Mu

Sɛnea Yɛbɛkɔ So Adi Nokware wɔ Wiase a Nokwaredi Nnim Mu

Sɛnea Yɛbɛkɔ So Adi Nokware wɔ Wiase a Nokwaredi Nnim Mu

SƐNEA mframa a yɛhome wɔ baabiara no, saa ara na nnipa nni nokware wɔ baabiara. Nkurɔfo di atoro, wosisi afoforo, wowia ade, wontua wɔn ho aka, na wɔde sɛnea wobu afoforo fa so wɔ aguadi mu no hoahoa wɔn ho. Esiane sɛ yɛte wiase a ɛte saa mu nti, yɛtaa hyia tebea ahorow a ɛsɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yebedi nokware no hwɛ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ako atia tebea ahorow a ɛremma yenni nokware? Ma yensusuw nneɛma atitiriw abiɛsa a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa no ho. Ɛno ne Yehowa ho suro, ahonim pa, ne nea yɛwɔ a yɛbɛma yɛn ani asɔ.

Yehowa Ho Suro Pa

Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Yehowa ne yɛn Temmufo, Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfo, Yehowa ne yɛn Hene.” (Yes. 33:22) Sɛ yegye Yehowa tumidi tom a, ɛma yenya ne ho suro pa, na ɛno ne ade a ɛboa yɛn ma yɛkɔ so di nokware. Mmebusɛm 16:6 ka sɛ: “Yehowa suro na ɛma onipa dan fi bɔne ho.” Osuro a ɛte saa no nyɛ osuro a yɛwɔ ma Onyankopɔn sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔtɔ were, mmom no, ɛyɛ osuro pa a yɛwɔ sɛ yɛrenyɛ ade a yɛn soro Agya a odwen yɛn ho yiye no ani nnye ho.—1 Pet. 3:12.

Asɛm bi a esii ankasa ma yehu sɛ adepa fi osuro pa a ɛte saa mu ba. Ricardo ne ne yere Fernanda koyii sika a ne dodow yɛ (U.S.) dɔla ahanson fii sikakorabea. * Fernanda de sika no nyinaa hyɛɛ ne bag mu a wankan. Bere a wotuatuaa wɔn ho aka bi wiei na woduu fie no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohui sɛ na sika a aka wɔ Fernanda bag mu no dodow reyɛ ayɛ sɛ sika a wokoyii no ara. Wɔkae sɛ, “Ɛbɛyɛ sɛ nea otua sika wɔ sikakorabea hɔ no tua boroo nea yɛkyerɛwee no so.” Mfiase no, esiane sɛ na wɔwɔ aka pii a ɛsɛ sɛ wotuatua nti, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa sika no. Ricardo ka sɛ: “Yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnsan mfa sika no nkɔ. Ɔpɛ a na yɛwɔ sɛ yebedi asɛm a waka wɔ Mmebusɛm 27:11 so de ayɛ ade a ɛsɔ n’ani no ma yesii gyinae sɛ yɛbɛsan de sika no akɔ.”

Ahonim a Yɛde Bible Atete No

Sɛ yesua Bible na yɛbɔ mmɔden de nea yesua no yɛ adwuma a, yebetumi atete yɛn ahonim. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnyɛ nimdeɛ nko na ‘Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ nkwa, na tumi wɔ mu’ no bɛma yɛanya, na mmom ɛbɛka yɛn koma nso. Eyi bɛka yɛn ma ‘yɛde nokwaredi abɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.’—Heb. 4:12; 13:18.

Susuw João asɛm no ho hwɛ. Ɔbɛdee ka kɛse bɛyɛ (U.S.) dɔla mpem anum. Afei, oguan kɔɔ kurow foforo so a wantua ɛka no. Mfe awotwe akyi no, João huu nokware no, na n’ahonim a ɔde Bible atete no no kaa no ma okohuu adwumakuw a ɔde wɔn ka no sɛ obetua saa ka no! Esiane sɛ na ɛsɛ sɛ João de akatua kakra a ogye no hwɛ ne yere ne ne mma baanan nti, adwumakuw no penee so sɛ obetumi atua ɛka no nkakrankakra ɔsram biara.

Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mfaso kɛse wɔ onyamesom pa ne nea obi wɔ a ɔma n’ani sɔ so. . . . Sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.” (1 Tim. 6:6-8) Sɛ yetie saa afotu a nyansa wom yi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛremfa yɛn ho nhyɛ adwuma bi a ɛremma yenni nokware mu anaa adwuma bi a wɔkyerɛ sɛ ɛbɛma yɛanya sika bum bere tiaa bi mu mu. (Mmeb. 28:20) Sɛ yetie Paulo afotu no a, ɛbɛboa yɛn nso ma yɛde Onyankopɔn Ahenni adi kan wɔ yɛn asetena mu, a yɛwɔ ahotoso sɛ yɛn nsa bɛka nneɛma a yehia wɔ yɛn asetena mu.—Mat. 6:25-34.

Nanso, esiane “ahonyade nnaadaa” nti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛrentumi nyɛ adifudepɛ ne anibere da. (Mat. 13:22) Kae nea ɛtoo Akan no. Bere a Israelfo no twaa Yordan Asubɔnten anwonwakwan so no, na Akan ka wɔn ho. Eyi nyinaa akyi no, adifudepɛ ma owiaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, ne atade bi a ne bo yɛ den fii asade a wonya fii Yeriko kurow mu no mu. Ɛno ma ɔhweree ne nkwa. (Yos. 7:1, 20-26) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mfehaha pii akyi no, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho”!—Luka 12:15.

Di Nokware wɔ Adwuma Mu

Afei, ma yensusuw tebea ahorow bi a ebetumi asɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware wɔ biribiara mu ahwɛ no ho. ‘Ade a yɛrenwia’ ka nokware a yedi wɔ yɛn adwuma mu no ho—sɛ adwumayɛfo dodow no ara wia ade mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bi. (Tito 2:9, 10) Sɛ na Jurandir a ɔyɛ aban adwuma no tu kwan kɔyɛ adwuma na ɔrebu ɛka a ɔbɔe ho akontaa a, na ɔmfa sika no bi nka ɛka a na ɔbɔ no ho. Nanso, na ne mfɛfo adwumayɛfo no de sika no bi ka ɛka a na wɔbɔ no ho. Nea enti a na wotumi yɛ saa ne sɛ na wɔn adwuma mu panyin no na ɔhyɛ wɔn nkuran. Nokwarem no, saa ɔpanyin koro no ara kaa Jurandir anim wɔ nokware a na odi no ho, na wamma wantutu akwan ankɔyɛ adwuma bio. Nanso, bere bi akyi no, wɔhwehwɛɛ adwuma no sikasɛm mu, na wɔkamfoo Jurandir wɔ ne nokwaredi ho. Wɔsan nso bɔɔ n’aba so.

André yɛ obi a ɔtɔn ade, na n’adwumawura ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ sika a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛtɔ ade wɔ hɔ no tua no ho abien mma wɔn. Yɛn nua no bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma no akokoduru ma ɔmfa Bible nnyinasosɛm nyɛ adwuma. (Dw. 145:18-20) Ɔsan nso bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɔrentumi nyɛ nea n’adwumawura no aka mu akyerɛ no—nanso ankosi hwee. Enti, André sii gyinae sɛ obegyae adwuma a na wotua no ka pii no. Nanso, bɛyɛ afe akyi no, n’adwumawura dedaw no frɛɛ no sɛ ɔnsan mmɛyɛ adwuma no, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔremma ɔmmɔ sika a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛtɔ ade no tua no ho bio. Wɔbɔɔ André aba so ma ɔbɛyɛɛ panyin wɔ adwuma no mu.

Tuatua Wo Ho Aka

Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka biara.” (Rom. 13:8) Ebia yɛbɛbɔ mmɔden apɛ biribi ayi yɛn ho ano wɔ ɛka a yɛde a ɛsɛ sɛ yetua ho, na yɛanya adwene sɛ nea yɛde no ka no wɔ sika pii, enti onhia sika no. Nanso, Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔdebɔneyɛfo fɛm, na ontua.”—Dw. 37:21.

Nanso, sɛ biribi a ‘yɛnhwɛ kwan’ si na yɛantumi antua ɛka a yɛde a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Ɔsɛnk. 9:11) Francisco bɔɔ bosea a na ne dodow bɛyɛ (U.S.) dɔla mpem ason fii Alfredo hɔ sɛ ɔde rekotua ɔdan a watɔ ho ka. Nanso, esiane ɔhaw bi a ɛbaa adwuma a na Francisco yɛ mu nti, wantumi antua ɛka no wɔ ɛda a ɔhyɛe no. Odii kan kɔɔ Alfredo nkyɛn ne no kosusuw asɛm no ho, na Alfredo penee so sɛ ontua no nkakrankakra.

Nyɛ Nyaatwom

Kae nhwɛso bɔne a awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Anania ne Safira a na wɔwɔ Kristofo asafo no mu wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no. Bere a wɔkɔtɔn wɔn asase bi no, wɔde sika a wonyae no fã bi pɛ na ɛkɔmaa asomafo no, na wɔkae sɛ sika a wonyae nyinaa na wɔde abrɛ wɔn no. Ná wɔpɛ sɛ wɔma afoforo hu sɛ wɔn yam ye paa. Nanso, Onyankopɔn honhom kronkron kaa ɔsomafo Petro ma ɔdaa wɔn nnaadaa no adi, na Yehowa bɔɔ wɔn kum wɔn.—Aso. 5:1-11.

Ná Bible akyerɛwfo no nte sɛ Anania ne Safira, wɔn de, wɔkaa nokware turodoo. Mose fi nokwaredi mu kaa ne bo a efuwii a wɔamma wankɔ Bɔhyɛ Asase no so ho asɛm. (Num. 20:7-13) Saa ara na Yona ankata mmerɛwyɛ a ɔdaa no adi ansa na ɔrekɔka asɛm no akyerɛ Niniwefo no ne nea ɔdaa no adi bere a ɔkɔka kyerɛɛ wɔn no akyi no so. Mmom no, ɔkyerɛw too hɔ.—Yona 1:1-3; 4:1-3.

Nokwarem no, ehia sɛ wunya akokoduru na ama woatumi aka nokware, sɛ nea ebefi nokware a wobɛka mu aba no nye mpo a, ɛsɛ sɛ woka, sɛnea asɛm bi a ɛtoo Nathalia a wadi mfe 14 wɔ sukuu mu ma yehu no. Ɔhwɛɛ sɔhwɛ bi a na wakyerɛw mu, na ohui sɛ ne kyerɛkyerɛfo atwa no mmuae biako bi a na watĩ ankasa. Ɛwom sɛ na Nathalia nim sɛ ɛbɛma nea watwa no so atew de, nanso wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka akyerɛ ne kyerɛkyerɛfo no. Nathalia kae sɛ: “M’awofo akyerɛkyerɛ me bere nyinaa sɛ menyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, enti ɛsɛ sɛ meka nokware. Sɛ manka ankyerɛ me kyerɛkyerɛfo no a, anka m’ahonim bɛhaw me.” Ɔkyerɛkyerɛfo no ani sɔɔ nokware a Nathalia dii no.

Nokwaredi Yɛ Su a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam

Ababaa bi a wadi mfe 17 a wɔfrɛ no Giselle faa bag bi a na nkrataa ne sika a ne dodow yɛ (U.S.) dɔla 35 wom wɔ fam. Ɔde maa sukuu no mpanyimfo sɛ wɔnhwehwɛ ne wura mfa mma no. Ɔsram biako akyi no, sukuu sohwɛfo no abadiakyiri kenkan krataa bi kyerɛɛ adesuafo no nyinaa de kamfoo Giselle wɔ ne nokwaredi ho, na ɔkamfoo n’abusua wɔ ntetee pa a wɔde ama no ne Onyankopɔn ho suro a wɔaboa no ma wanya no ho. Giselle “nnwuma pa” hyɛɛ Yehowa anuonyam.—Mat. 5:14-16.

Egye mmɔdenbɔ na ama yɛadi nokware bere a yɛte nnipa a wɔyɛ ‘ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, na wonni nokware’ mu no. (2 Tim. 3:2) Nanso, Yehowa ho suro pa, yɛn ahonim a yɛde Bible atete no, ne nea yɛwɔ a yɛbɛma yɛn ani asɔ boa yɛn ma yɛkɔ so di nokware wɔ wiase a nokwaredi nnim yi mu. Ɛsan nso ma yɛne Yehowa a ‘ɔteɛ na ɔdɔ adetrenee’ no fa adamfo a emu yɛ den paa.—Dw. 11:7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa ho suro pa boa yɛn ma yetumi di nokware

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Nokware a yedi hyɛ Yehowa anuonyam