Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

“Onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.”—MMEB. 14:15.

1, 2. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw wɔ gyinae a yesisi nyinaa mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

ƐDA adi sɛ yɛyɛ saa ade no pii da biara da. Emu pii wɔ hɔ a, nea efi mu ba no nka yɛn asetena kɛse pii. Nanso, ebi wɔ hɔ a, nea efi mu ba no betumi aka yɛn asetena kɛse. Ɛyɛ dɛn ade? Ɛyɛ gyinae a yesisi. Gyinae a yesisi nyinaa mu no, sɛ́ ɛyɛ akɛse anaa nketewa no, nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw ne sɛ yɛbɛma ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—Monkenkan 1 Korintofo 10:31.

2 So ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wubesisi gyinae anaasɛ ɛyɛ den ma wo? Sɛ yebetumi abɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebehu papa ne bɔne mu nsonsonoe, na yegyina nea yɛn ankasa gye di so sisi gyinae, na ɛnyɛ nea obi gye di so. (Rom. 12:1, 2; Heb. 5:14) Nneɛma foforo nti a ɛho hia sɛ yesua sɛ yebesisi gyinae pa no bi ne dɛn? Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ yebesisi gyinae? Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ na ama gyinae a yesisi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam?

Dɛn Nti Koraa na Ɛsɛ sɛ Yesisi Gyinae?

3. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛka gyinae a yesisi?

3 Sɛ yɛyɛ nnipa a yentumi nsisi gyinae wɔ nsɛm a ɛfa Bible nnyinasosɛm ho ho a, yɛn mfɛfo sukuufo anaa adwumayɛfo betumi anya adwene sɛ yɛn gyidi nyɛ den papa, enti ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔbɛma yɛayɛ nea wɔpɛ. Ebia wobedi atoro, wobesisi afoforo, anaasɛ wɔbɛbɔ korɔn, na afei wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ nea wɔreyɛ no bi anaasɛ sɛ yɛrenyɛ nea wɔreyɛ no bi mpo a, yɛakata nea wɔreyɛ no so de ‘adi nnipa dodow akyi.’ (Ex. 23:2) Nanso, obi a onim sɛnea obesisi gyinae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no remma ehu anaa pɛ a ɔpɛ sɛ afoforo gye no tom mma ɔnyɛ biribi a ɛne n’ahonim a ɔde Bible atete no nhyia.—Rom. 13:5.

4. Dɛn nti na ebia afoforo ani begye ho sɛ wobesisi gyinae ama yɛn?

4 Ɛnyɛ nnipa a wɔn ani gye ho sɛ wobesisi gyinae ama yɛn no nyinaa na wɔpɛ sɛ wɔhaw yɛn. Yɛn nnamfo a wɔwɔ yɛn ho adwempa betumi aka sɛ yentie wɔn afotu. Sɛ ɛnyɛ yɛne yɛn abusuafo na ɛte mpo a, ɛda adi sɛ wɔbɛkɔ so adwen nea ɛbɛma asi yɛn yiye ho kɛse, na ebia wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛkɔ so de wɔn ano atoto gyinae a ɛho hia a yesisi mu. Sɛ nhwɛso no, ma yensusuw ayaresa ho nhwɛ. Bible kasa tia mogya a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so pefee. (Aso. 15:28, 29) Nanso, ayaresa ho nsɛm foforo wɔ hɔ a Bible nka ho asɛm pefee, na ɛhwehwɛ sɛ yɛn mu biara si n’ankasa gyinae wɔ ayaresa kõ a obegye atom ne nea ɔrennye ntom ho. * Ebia yɛn adɔfo bɛkyerɛ wɔn adwene wɔ nea wosusuw sɛ eye paa ho wɔ nsɛm a ɛte saa ho. Nanso, sɛ Kristoni biara a wahyira ne nkwa so abɔ asu resisi nneɛma a ɛte saa ho gyinae a, ɛsɛ sɛ ɔsoa “n’ankasa adesoa” wɔ nea ebefi mu aba biara ho. (Gal. 6:4, 5) Nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw ne sɛ yɛbɛkɔ so anya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim, na ɛnyɛ nnipa anim.—1 Tim. 1:5.

5. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛn gyidi ansɛe?

5 Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn ntanta a, ebetumi de yɛn ato asiane kɛse mu. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ onipa a n’adwene yɛ no ntanta ‘hinhim wɔ n’akwan nyinaa mu.’ (Yak. 1:8) Sɛ onipa bi adwene yɛ no ntanta a, nnipa nsusuwii a enni nnyinaso de no bekyinkyin te sɛ onipa a ɔte hyɛmma a enni akyerɛkyerɛkwan a ɛnam po a ahum retu wɔ so so mu. Hwɛ sɛnea ɛrenyɛ den sɛ onipa a ɔte saa bɛma ne gyidi asɛe na afei wabɔ afoforo sobo wɔ awerɛhosɛm a ato no no ho! (1 Tim. 1:19) Dɛn na yebetumi ayɛ na asɛm a ɛte saa anto yɛn? Ɛsɛ sɛ ‘yetintim wɔ gyidi no mu.’ (Monkenkan Kolosefo 2:6, 7.) Sɛ yebetumi atintim a, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebesisi gyinae a ɛne gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no a wɔde ne honhom kyerɛwee mu no hyia. (2 Tim. 3:14-17) Nanso, dɛn na ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yebesisi gyinae pa?

Nea Enti a Ebetumi Ayɛ Den sɛ Yebesisi Gyinae

6. Ɔkwan bɛn so na ehu betumi aka yɛn?

6 Ehu betumi akyekyere yɛn—suro a yesuro sɛ yebesi gyinae a ɛnteɛ, suro a yesuro sɛ biribi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ renyɛ yiye, anaa suro a yesuro sɛ afoforo bedi yɛn ho fɛw. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nneɛma a ɛte saa betumi ahaw yɛn. Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ osi gyinae a ɛnyɛ papa a ebetumi ama wahyia ɔhaw na ahyɛ no aniwu. Ɛno mpo no, Onyankopɔn ho dɔ ne n’Asɛm no ho anigye a yɛwɔ betumi aboa yɛn ma ehu a ɛka yɛn no so atew. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Onyankopɔn ho dɔ bɛkanyan yɛn bere nyinaa ma yɛahwɛ n’Asɛm no ne Bible ho nhoma mu ansa na yɛasisi gyinae a ɛho hia. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma yenni mfomso pii wɔ gyinae a yesisi mu. Dɛn ntia? Efisɛ Bible betumi ‘ama ogyimfo asua anitew, na aberante anya nimdeɛ na wafa adwene.’—Mmeb. 1:4.

7. Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso a Ɔhene Dawid yɛe no mu?

7 So bere nyinaa na gyinae a yesisi bɛyɛ papa? Dabi. Yɛn nyinaa di mfomso. (Rom. 3:23) Sɛ nhwɛso no, na Ɔhene Dawid yɛ ɔbarima a onim nyansa na odi nokware. Nanso, mmere bi wɔ hɔ a osisii gyinae a nyansa nnim ma ɔne afoforo huu amane. (2 Sam. 12:9-12) Ne nyinaa akyi no, Dawid amma mfomso a odii no amma wammɛyɛ obi a ontumi nsisi gyinae a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. (1 Ahe. 15:4, 5) Sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Dawid, na yɛkae sɛ Yehowa bebu n’ani agu mfomso a yedi so na ɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn a, yebetumi asisi gyinae ɛmfa ho sɛ yɛadi mfomso wɔ mmere bi a atwam no. Yehowa bɛkɔ so aboa wɔn a wɔdɔ no na wotie no no.—Dw. 51:1-4, 7-10.

8. Dɛn na yesua fi asɛm a ɔsomafo Paulo ka faa aware ho no mu?

8 Yebetumi ama suro a yesuro sɛ yebesisi gyinae no so atew. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yebehu sɛ ɛtɔ mmere bi a akwan pa pii wɔ hɔ a yebetumi afa so asisi gyinae. Ma yensusuw sɛnea Paulo kaa aware ho asɛm no ho nhwɛ. Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi dwen sɛ nea ɔreyɛ wɔ ne baabunyɛ ho mfata, na sɛ onii no nyɛ abofra bio a, ma ɔnyɛ nea ɔpɛ, sɛ saa na ɛsɛ sɛ ɛba a; ɔnyɛɛ bɔne. Ɔnware. Na sɛ obi asi gyinae ne koma mu, na hwee nhyɛ no so, na mmom ɔwɔ n’ankasa pɛ so tumi, na wasi gyinae yi wɔ n’ankasa koma mu sɛ ɔbɛtena ne baabunyɛ mu a, wayɛ no yiye.” (1 Kor. 7:36-38) Paulo kamfoo sigyadi sɛ ade a eye sen biara, nanso wanka sɛ ɛno nkutoo ne ade a ɛfata.

9. So ɛsɛ sɛ yɛma sɛnea afoforo bu gyinae a yesisi no ho hia yɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

9 So ɛsɛ sɛ yɛma sɛnea afoforo bu gyinae a yesisi no ho hia yɛn? Yebetumi ama ɛho ahia yɛn akodu baabi. Ma yɛnhyɛ asɛm a Paulo ka faa nnuan a ɛte sɛ nea wɔde abɔ afɔre ama abosom a yebedi no ho nsow. Ogye toom sɛ ebia na gyinae bi a obi asi nhyɛ da nyɛ bɔne de, nanso ebetumi ahaw obi a n’ahonim yɛ mmerɛw. Gyinae bɛn na Paulo sii? Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ aduan to me nua hintidua a, merenni nam bio da, na manto me nua hintidua.” (1 Kor. 8:4-13) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesusuw sɛnea gyinae a yesisi bɛka afoforo ahonim no ho. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw ne sɛnea gyinae a yebesi no bɛka yɛne Yehowa adamfofa. (Monkenkan Romafo 14:1-4.) Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam?

Nneɛma Asia a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛasisi Gyinae Pa

10, 11. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanyɛ ahantan wɔ abusua mu? (b) Sɛ asafo mu mpanyimfo resisi gyinae a ɛfa asafo no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem?

10 Nyɛ ahantan. Ansa na yebesi gyinae bi no, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So me na ɛsɛ sɛ misi saa gyinae yi?’ Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Ahantan aba anaa? Ɛnde animguase bedi akyi; na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—Mmeb. 11:2.

11 Ebia awofo bɛma wɔn mma asisi gyinae bi, nanso ɛnsɛ sɛ mmofra no fa no sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ saa. (Kol. 3:20) Ɔyerenom ne ɛnanom wɔ tumi bi wɔ abusua mu, nanso ɛyɛ papa sɛ wobegye wɔn kununom tiyɛ atom. (Mmeb. 1:8; 31:10-18; Efe. 5:23) Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom nso hu sɛ wɔn tumi wɔ baabi a ekodu, na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo ase. (1 Kor. 11:3) Asafo mu mpanyimfo sisi gyinae a ɛfa asafo no ho. Nanso wɔhwɛ sɛ ‘wɔrenyɛ ade ntra nea wɔakyerɛw’ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no so. (1 Kor. 4:6) Wɔsan nso di akwankyerɛ a akoa nokwafo no de ma wɔn no akyi pɛpɛɛpɛ. (Mat. 24:45-47) Sɛ yesisi gyinae bere a wɔama yɛn tumi sɛ yɛnyɛ saa nkutoo a, yebetumi akwati dadwen ne awerɛhow pii a yɛne afoforo bedi.

12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu? (b) Kyerɛkyerɛ ɔkwan a obi betumi afa so ayɛ nhwehwɛmu a ɛte saa no mu.

12 Yɛ nhwehwɛmu. Solomon kyerɛwee sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmeb. 21:5) Sɛ nhwɛso no, so woresusuw adwuma bi a wɔaka ho asɛm akyerɛ wo ho? Mpere wo ho nsi ho gyinae. Hwehwɛ ɛho nsɛm a ɛho hia nyinaa, hwehwɛ akwankyerɛ fi wɔn a wɔwɔ nneɛma a ɛte saa ho nimdeɛ hɔ, na hwehwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛfa asɛm no ho. (Mmeb. 20:18) Sɛ woreyɛ nhwehwɛmu no a, fa w’adwene si nneɛma abien so—mfaso a wubenya ne ɔhaw a wubetumi ahyia. Ansa na wubesi gyinae bi no, ‘sēsē hwɛ.’ (Luka 14:28) Nsusuw sɛnea gyinae a wubesi no betumi aka wo sikasɛm nkutoo ho, na mmom sɛnea ebetumi aka wo ne Yehowa abusuabɔ nso ho. Egye bere ne mmɔdenbɔ na yɛde ayɛ nhwehwɛmu. Nanso, sɛ woyɛ nhwehwɛmu a, ɛremma wompere wo ho nsisi gyinae a ebetumi akɔfa dadwen a ɛho nhia abɛto wo so.

13. (a) Awerɛhyem bɛn na asɛm a ɛwɔ Yakobo 1:5 no ma yenya? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa a, ebetumi aboa yɛn?

13 Bɔ mpae hwehwɛ nyansa. Sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn wɔ yɛn gyinaesi mu nkutoo a, ɛnna gyinae a yesisi no bɛhyɛ no anuonyam. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yak. 1:5) Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yebegye atom sɛ yehia Onyankopɔn nyansa na aboa yɛn ma yɛasisi gyinae. (Mmeb. 3:5, 6) Efisɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ntease nkutoo so a, ɛnyɛ den koraa sɛ ebetumi ama yɛafom kwan. Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa, na yɛhwehwɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu a, yɛma honhom kronkron boa yɛn ma yehu nea enti paa a yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi.—Heb. 4:12; monkenkan Yakobo 1:22-25.

14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ mmɔtohɔ?

14 Si gyinae no. Mpere wo ho nsi gyinae ansa na woayɛ nhwehwɛmu na woabɔ mpae ahwehwɛ nyansa. Obi a ɔyɛ onyansafo tɔ ne bo ase “hwɛ n’anammɔn yiye.” (Mmeb. 14:15) Nanso, nyɛ mmɔtohɔ. Obi a ɔyɛ mmɔtohɔ betumi de nsɛm bi a ɛntɔ asom ayiyi ne ho ano wɔ biribi a wanyɛ ho. (Mmeb. 22:13) Nanso, osi gyinae ara—sɛ yɛbɛka a, ɔma afoforo kyerɛ no nea ɔnyɛ.

15, 16. Egye dɛn na ama obi atumi ayɛ gyinae bi a wasi ho adwuma?

15 Yɛ gyinae a woasi no ho adwuma. Sɛ yɛanyere yɛn ho anyɛ gyinae a yesi no ho adwuma a, mfaso biara remma mmɔden a yɛbɔ de si gyinae pa no so. Solomon kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ.” (Ɔsɛnk. 9:10) Sɛ yebetumi ayɛ gyinae a yesisi ho adwuma a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebenya nneɛma a ehia a ɛbɛma yɛatumi ayɛ gyinae a yɛasi no ho adwuma. Sɛ nhwɛso no, asafo mu ɔdawurubɔfo bi betumi asi gyinae sɛ ɔbɛyɛ ɔkwampaefo. So obetumi ayɛ? Sɛ wamma honam fam adwuma ne anigyede pii antew n’ahoɔden so na annye bere a ɔde bɛyɛ ne som adwuma a, ɛda adi sɛ obetumi ayɛ.

16 Gyinae a eye paa a yesisi no na ɛtaa yɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ ho adwuma. Dɛn ntia? Efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) Ɛsɛ sɛ yɛne “wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom” no di asi. (Efe. 6:12) Ɔsomafo Paulo ne osuani Yuda nyinaa kyerɛe sɛ wɔn a wosi gyinae sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no wɔ ɔko bi a ɛsɛ sɛ wodi.—1 Tim. 6:12; Yuda 3.

17. Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ wɔ gyinae a yesisi ho?

17 San hwehwɛ gyinae a woasi no mu na sɛ ɛho hia a, woasakra mu. Ɛnyɛ gyinae a yesisi nyinaa na yetumi yɛ ho adwuma pɛpɛɛpɛ. Efisɛ “asiane” to yɛn nyinaa ‘bere a yɛnhwɛ kwan.’ (Ɔsɛnk. 9:11) Ɛno mpo no, Yehowa hwɛ kwan sɛ yebemia yɛn ani ayɛ gyinae bi a yɛasi ho adwuma ɛmfa ho sɛ yebetumi ahyia sɔhwɛ no. Sɛ obi si gyinae hyira ne ho so ma Yehowa anaa ɔka aware ntam a, ɔrentumi ntwe nsan. Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ gyinae a ɛte saa a yesisi no ho adwuma. (Monkenkan Dwom 15:1, 2, 4.) Nanso, gyinae a yesisi dodow no ara nyɛ nea ɛho hia pii. Obi a ɔyɛ onyansafo bɛsan ahwehwɛ gyinae a wasisi mu wɔ bere ne bere mu. Ɔremma ahantan ne asoɔden nsiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ gyinae bi a wasi mu, anaasɛ ɔbɛtwe asan mpo. (Mmeb. 16:18) Nea ɛsɛ sɛ ɔma ɛho hia no titiriw ne sɛ ɔbɛma n’asetena akɔ so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Kyerɛkyerɛ Afoforo Ma Wonsisi Gyinae a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

18. Awofo bɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔasisi gyinae pa?

18 Awofo betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma ma wɔasua sɛnea wobesisi gyinae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nhwɛso pa a wɔyɛ ma afoforo yɛ akwan a eye sen biara a wɔfa so kyerɛkyerɛ no mu biako. (Luka 6:40) Sɛ ɛfata a, awofo betumi aka akwan bi a wɔn ankasa faa so sii gyinae bi ho asɛm akyerɛ wɔn mma. Awofo betumi nso ama wɔn mma ankasa asisi gyinae bi, na afei sɛ adepa fi gyinae a wɔasi no mu ba a, wɔakamfo wɔn. Na sɛ abofra bi ansi gyinae pa nso ɛ? Ebia ade a edi kan a ɔwofo bɛyɛ ne sɛ ɔbɛbɔ abofra no ho ban afi ɔhaw a afi mu aba no ho, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ ɔwofo no yɛ saa a, ɛbɛboa abofra no. Sɛ nhwɛso no, ɔwofo no betumi ama abofra no kwan ma wagye tumi krataa a wɔde ka kar. Fa no sɛ abofra no bu karka ho mmara so ma wɔbɔ no ka. Ɔwofo no betumi atua ɛka no. Nanso, sɛ wɔma abofra no yɛ adwuma de tua ɛka no a, ɛda adi paa sɛ ɛbɛma abofra no ahu sɛ nea ɔyɛ ho asodi da n’ankasa so.—Rom. 13:4.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn Bible asuafo, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

19 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ afoforo. (Mat. 28:20) Ade a ɛho hia paa a yebetumi akyerɛ Bible asuafo no mu biako ne sɛnea wobesisi gyinae pa. Sɛ yebetumi aboa wɔn paa a, ɛnsɛ sɛ yɛka nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛ wɔn. Ɛyɛ papa paa sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn ma wɔasusuw Bible nnyinasosɛm ho, na ama wɔn ankasa atumi asisi gyinae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade ho. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ, “yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.” (Rom. 14:12) Enti, yɛn nyinaa wɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ saa asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ krataa a ɛne “Gyinae Bɛn na Ɛsɛ sɛ Misi wɔ Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Aduruyɛ mu Akwan a Wɔfa so de M’ankasa Mogya Di Dwuma Wom Ho?” a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som December 2006 mu, kratafa 3-6.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ɔkwan a yɛbɛfa so asisi gyinae?

• Ɔkwan bɛn so na ehu betumi aka yɛn, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so adi ehu no so?

• Nneɛma asia bɛn na yebetumi ayɛ na ama gyinae a yesisi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]

Nneɛma a Ɛbɛboa Wo Ma Woasisi Gyinae Pa

1 Nyɛ Ahantan

2 Yɛ Nhwehwɛmu

3 Bɔ Mpae Hwehwɛ Nyansa

4 Si Gyinae No

5 Yɛ Gyinae a Woasi no Ho Adwuma

6 San Hwehwɛ Mu na Sakra Mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Onipa a n’adwene yɛ no ntanta te sɛ onipa a ɔte hyɛmma a enni akyerɛkyerɛkwan a ɛnam po a ahum retu wɔ so so mu