Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn ne “nnepa” a wɔreboa ano afi aman nyinaa mu no? (Hag. 2:7)

Eyinom yɛ nnipa a ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin no, wofi ɔdɔ mu som Yehowa. (Mmeb. 27:11) Wɔyɛ “nnepa” a ɛde anuonyam brɛ no, na n’ani sɔ ahofama ne nsi a wɔde som no no.—4/1, kratafa 11.

• Dɛn na ɛmaa Daniel bɛyɛɛ “ɔbarima a” Yehowa ‘pɛ n’asɛm paa’? (Dan. 10:11, 19)

Ná Daniel de nsi sua Kyerɛwnsɛm no. (Dan. 9:2) Ná mpaebɔ yɛ ade titiriw wɔ asetena mu. (Dan. 2:17, 18) Nà Yehowa din a ɔbɛhyɛ no anuonyam no ho hia no kɛse. (Dan. 2:20, 28; 9:19.)—4/1, kratafa 12-13.

• So nokware Kristofo de Onyankopɔn din di dwuma sɛ sɛbɛ?

Nnipa binom bu biribi a ɛbɔ wɔn ho ban anwonwakwan so sɛ ɛyɛ sɛbɛ, nanso Onyankopɔn nkurɔfo de, wommu ne din saa. Wonya Yehowa mu gyidi na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde, na wɔnam saa a wɔyɛ so de Onyankopɔn din yɛ wɔn guankɔbea. (Sef. 3:12, 13)—1/15, kratafa 5-6.

• Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔasisi abrabɔ ho gyinae pa?

Ɛho hia sɛ awofo ma wɔn mma hu wɔn gyinapɛn pefee. Ɛsɛ sɛ wɔma wohu ɔbea ne ɔbarima nna ho nokwasɛm nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn nso ma wosusuw nea ebetumi afi Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn a wobebu so aba mu ho.—4/1, kratafa 19-20.

• Dɛn nti na Yehowa poo Ɔhene Saul?

Ná ɛsɛ sɛ Saul twɛn ma Onyankopɔn diyifo bɛbɔ afɔre, nanso ɔhene no yɛɛ asoɔden, na ɔno ankasa bɔɔ afɔre no. Akyiri yi, wantie ahyɛde a ɛne sɛ ɔntɔre nkurɔfo a na wɔyɛ wɔn atamfo ase no.—2/15, kratafa 22-23.

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yekyi mmarato?

Yɛremma nsa mfa yɛn nyɛ nkoa, yɛbɛtwe yɛn ho afi ahonhonsɛm ho, na yɛatie Yesu kɔkɔbɔ a ɛfa ɔbrasɛe ho no. Sɛ nhwɛso no, yɛrenhwɛ aguamansɛm ho mfonini, na yɛbɛkwati ɛho adwinnwen a nea yɛbɛhwɛ no betumi ama yɛanya nso. (Mat. 5:27, 28) Yɛne wɔn a wɔatu wɔn nso remmɔ.—2/15, kratafa 29-32.

• Bible nnyinasosɛm a ɛboa yɛn ma yehu Yehowa apɛde wɔ kyakyatow ho no bi ne dɛn? (Efe. 5:17)

Wɔ Onyankopɔn ani so no, akraye a obi begye adi no te sɛ abosonsom. (Yes. 65:11) Yehowa bɔ n’asomfo kɔkɔ wɔ anibere ho. (Ex. 20:17; Rom. 7:7) Onyankopɔn asomfo nya sika fi adwuma a ɛho tew a wɔyɛ mu. (Efe. 4:28; 2 Tes. 3:10, 12)—4/1, kratafa 22-23.

• Ɔkwan bɛn so na na Yeremia te sɛ dua a “wɔadua wɔ nsu ho, a ne ntini tenetene.” (Yer. 17:7, 8)

Yeremia annyae abasow da; na saa ara nso na wamma fɛwdifo ammu n’abam. Mmom no, ɔbataa Onii a ɔma ‘nsu’ a ɛma nkwa no ho, na otiee asɛm biara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no.—3/15, kratafa 14.

• Dɛn na yebetumi asua afa Yehowa ho afi asɛm a Hiob kae a ɛwɔ Hiob 14:13-15 no mu?

Yehowa ne wɔn a wɔde wɔn ho ma no ma ɔnwene wɔn ma wɔyɛ sɛ nnipa a ɔpɛ wɔn asɛm no wɔ abusuabɔ soronko. (Yes. 64:8)—4/1, kratafa 31.

• Ɔkwan bɛn so na odiyifo Samuel ‘maa adetrenee kɔɔ so’? (Heb. 11:32, 33)

Samuel boa maa Israelfo no yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. Ɔkɔɔ so tuu mpɔn efisɛ ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee Yehowa, na huammɔdi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so de nokwaredi yɛɛ n’adwuma.—4/1, kratafa 27.