Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wuhu Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Rekyerɛ Yɛn Kwan?

So Wuhu Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Rekyerɛ Yɛn Kwan?

So Wuhu Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Rekyerɛ Yɛn Kwan?

NÁ Israelfo ne Egyptfo no nyinaa nhuu biribi a ɛte saa da. Bere a Israelfo refi Egypt no, omununkum dum bi begyinaa wɔn nkyɛn, na ɛne wɔn nantewee bere nyinaa. Edu anadwo a na ɛdan ogya dum. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ nwonwa! Nanso, ɛhe na odum no fi bae? Dɛn nti na ɛbae? Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Israelfo buu “ogya ne omununkum dum no” a ɛbae bɛyɛ mfe 3,500 ni no mu?—Ex. 14:24.

Onyankopɔn Asɛm ma yehu baabi a odum no fi ne nea enti a ɛbae. Ɛka sɛ: “Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.” (Ex. 13:21, 22) Yehowa Nyankopɔn de ogya ne omununkum dum no kyerɛɛ ne nkurɔfo kwan de wɔn fii Egypt, na ɛkyerɛɛ wɔn kwan wɔ sare no so nso. Ná ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi akyi. Bere a Egypt asraafo a na wɔretaa Onyankopɔn nkurɔfo so no yɛe sɛ wɔretow ahyɛ wɔn so no, odum no besii wɔne Israelfo no ntam, na ɛbɔɔ Israelfo no ho ban. (Ex. 14:19, 20) Ɛwom sɛ odum no amfa Israelfo no amfa ɔkwan ankasa a na ɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so tẽẽ no so de, nanso sɛ na Israelfo no di akyi nkutoo a, ɛnna wobedu hɔ.

Odum no a na ɛka Onyankopɔn nkurɔfo ho no maa wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa ka wɔn ho. Ná odum no gyina hɔ ma Yehowa, na ɛtɔ mmere bi a na Yehowa kasa wɔ mu. (Num. 14:14; Dw. 99:7) Bio nso, omununkum no maa ɔman no hui sɛ Mose na Yehowa apaw no sɛ onni ɔman no anim. (Ex. 33:9) Saa ara nso na bere a etwa to a wɔkaa omununkum no a eyii ne ho adi ho asɛm no, ɛma wohui sɛ Yosua na na Yehowa apaw no sɛ onsi Mose ananmu. (Deut. 31:14, 15) Nokwarem no, sɛ na Israelfo betumi akodu baabi a wɔrekɔ no a, na ɛsɛ sɛ wohu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn rekyerɛ wɔn kwan, na afei wodi akyi.

Wɔn Ani Fii Adanse no So

Bere a edi kan a Israelfo huu saa odum no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, saa anwonwade a Israelfo no hui bere nyinaa no anka wɔn koma kɛse amma wɔannya Yehowa mu ahotoso daa. Wɔsɔre tiaa Onyankopɔn akwankyerɛ mpɛn pii. Bere a Egypt asraafo taa wɔn so no, wɔanna no adi sɛ wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde begye wɔn. Mmom no, wɔbɔɔ Onyankopɔn somfo Mose sobo sɛ wadi wɔn anim rebekunkum wɔn. (Ex. 14:10-12) Bere a wɔde wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no akyi no, wonwiinwii tiaa Mose, Aaron, ne Yehowa esiane aduan ne nsu a na wosusuw sɛ ebi nni hɔ nti. (Ex. 15:22-24; 16:1-3; 17:1-3, 7) Adapɛn bi akyi no, wɔhyɛɛ Aaron ma ɔyɛɛ sika nantwi ba. Wo de, susuw ho hwɛ! Wɔ baabi a na Israelfo no abɔ nsra no fã bi no, wohuu ogya ne omununkum dum no—adanse a edi mũ a egyina hɔ ma Onii a na wadi wɔn anim afi Egypt no—na wofii ase som ohoni a nkwa nnim wɔ nkyɛn pɛɛ. Wɔkae sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn ni. Ɔno na odii mo anim fii Egypt asase so.” Hwɛ sɛnea ‘woyii no ahii kɛse’!—Ex. 32:4; Neh. 9:18.

Atua a Israelfo tewee no daa no adi sɛ na wommu Yehowa akwankyerɛ koraa. Asɛm no ne sɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔn ani nhu ade, na mmom na wommu ɔkwan a Yehowa fa so kyerɛ wɔn kwan no. Wohuu odum no, nanso wɔn werɛ fii sɛ egyina hɔ ma Yehowa akwankyerɛ. Ɛwom sɛ nea Israelfo yɛe no ‘maa Israel Kronkronni no dii wɔn ho yaw’ de, nanso Yehowa huu wɔn mmɔbɔ, na ɔkɔɔ so de odum no kyerɛɛ wɔn kwan kosii sɛ woduu Bɔhyɛ Asase no so.—Dw. 78:40-42, 52-54; Neh. 9:19.

Hu Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Rekyerɛ Yɛn Kwan Nnɛ

Saa ara na ɛnnɛ, Yehowa nnyaw ne nkurɔfo da a ɔremma wɔn akwankyerɛ. Sɛnea Yehowa anhwɛ kwan sɛ Israelfo no ankasa bɛkyerɛ wɔn ho kwan akɔ Bɔhyɛ Asase no so no, saa ara na ɛnnɛ nso wonnyaw yɛn sɛ yɛn ankasa nkyerɛ yɛn ho kwan nkɔ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu. Yesu Kristo na wɔapaw no sɛ asafo no Kannifo. (Mat. 23:10; Efe. 5:23) Yesu de tumi bi ama akoa nokwafo kuw bi a Kristofo anokwafo a wɔde honhom asra wɔn na wɔwom. Akoa kuw no nso paw ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu.—Mat. 24:45-47; Tito 1:5-9.

Dɛn na yebetumi de ahu akoa nokwafo anaa ofiehwɛfo kuw no? Hyɛ sɛnea Yesu ankasa kaa saa kuw no ho asɛm no nsow. Ɔkae sɛ: “Hena koraa ne ofiehwɛfo nokwafo no, ɔbadwemma a ne wura de no besi n’asomfo kuw so sɛ ɔmfa wɔn aduan mma wɔn wɔ bere a ɛsɛ mu? Anigye ne saa akoa no, sɛ ne wura bɛba abehu no sɛ ɔreyɛ saa!”—Luka 12:42, 43.

Enti, ofiehwɛfo kuw no yɛ “nokwafo,” na ɔrennyaw Yehowa, Yesu, Bible mu nokware no, anaa Onyankopɔn nkurɔfo akyidi da. Esiane sɛ ofiehwɛfo kuw no yɛ “ɔbadwemma” nti, osusuw nneɛma ho yiye bere a ɔrekyerɛ adwuma a ɛho hia paa a ɛne “ahenni ho asɛmpa” a yɛreka ne ‘aman nyinaa a yɛreyɛ wɔn asuafo’ no kwan no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Ofiehwɛfo kuw no yɛ osetie kyekyɛ honhom fam aduan a ahoɔden wom ma yɛn “wɔ bere a ɛsɛ mu.” Nea ɛma yehu sɛ Yehowa ani sɔ nea ofiehwɛfo no reyɛ ne sɛ wahyira ne nkurɔfo ma wɔredɔɔso, ɔkyerɛ wɔn kwan ma wosisi gyinae a ɛho hia, ɔma wɔte Bible mu nokware no ase yiye, ɔbɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn atamfo rentɔre wɔn ase, na ɔma wonya asomdwoe ne akomatɔyam.—Yes. 54:17; Filip. 4:7.

Di Onyankopɔn Akwankyerɛ So

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn akwankyerɛ? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.” (Heb. 13:17) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ eyi bere nyinaa. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woyɛ Israelni wɔ Mose bere so. Bere a woatwa kwan kakra no, odum no gyina faako. Ebegyina hɔ akosi da bɛn? Ebedi da koro? Nnawɔtwe? Anaa asram pii? Wubebisa wo ho sɛ, ‘So minyiyi me nneɛma nyinaa anaa?’ Ebia mfiase no, wubeyiyi nneɛma a ɛho hia wo paa no nkutoo. Nanso, nna kakraa bi akyi no, esiane sɛ woatu wo nneɛma no abrɛ nti, wufi ase yiyi ne nyinaa gu hɔ. Afei, aka kakraa bi ma woayiyi wo nneɛma no nyinaa awie no, wonkɔhwɛ a, odum no na ɛrema ne ho so yi ma enti na ɛsɛ sɛ wosan hyehyɛ wo nneɛma no nyinaa bio! Ɛno renyɛ mmerɛw koraa anaasɛ ɛbɛyɛ ateetee. Nanso, sɛ na omununkum no ma ne ho so “pɛ” a, na ɛsɛ sɛ Israelfo no ‘tu.’—Num. 9:17-22.

Ɛnde, sɛ Onyankopɔn ma yɛn akwankyerɛ a, dɛn na yɛyɛ wɔ ho? So yɛn nsa ka “pɛ” a, yɛbɔ mmɔden de yɛ adwuma? Anaasɛ yɛkɔ so yɛ yɛn ade sɛnea yɛyɛ no no ara? So yenim akwankyerɛ a wɔde ama yɛn nnansa yi ara te sɛ nea ɛfa ofie Bible adesua a yɛbɛyɛ, wɔn a wɔka aman foforo so kasa a yɛbɛka asɛm no akyerɛ wɔn, abusua som a yɛde yɛn ho behyem daa, Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no a yebetie wɔn, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ amantam nhyiam ase ho no? Sɛ yetie afotu a, ɛno nso kyerɛ sɛ yegye Onyankopɔn akwankyerɛ tom. Sɛ ɛho behia sɛ yesisi gyinae a ɛho hia paa a, yɛmmfa yɛn ho nnto yɛn ankasa nyansa so, na mmom yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa ne n’ahyehyɛde no hɔ. Sɛnea sɛ ahum retu a abofra hwehwɛ ahobammɔ fi n’awofo hɔ no, saa ara na sɛ wiase yi mu haw ba yɛn so te sɛ ahum a, yɛhwehwɛ ahobammɔ fi Yehowa ahyehyɛde no hɔ.

Nokwarem no, wɔn a wodi Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no anim no nyɛ pɛ, na saa ara na na Mose nso nyɛ pɛ. Ɛno mpo no, odum no kɔɔ so ara de adanse mae de kyerɛe sɛ Onyankopɔn na wapaw no, na Onyankopɔn gye no tom. Hyɛ no nsow nso sɛ, na ɛnyɛ Israelni biara ankasa na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔtoa wɔn akwantu no so. Mmom no, nkurɔfo no yɛɛ “nea Yehowa nam Mose so hyɛe nyinaa.” (Num. 9:23) Enti, ɛda adi paa sɛ, Mose a na Onyankopɔn fa no so de akwankyerɛ ma no na na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔtoa wɔn akwantu no so.

Ɛnnɛ, bere biara a ɛho hia sɛ yɛyɛ biribi no, Yehowa ofiehwɛfo kuw no ma yɛn akwankyerɛ pefee. Ɔkwan bɛn na ofiehwɛfo no fa so yɛ saa? Ɔnam Ɔwɛn-Aban ne Yɛn Ahenni Som mu nsɛm, nhoma a woyi no adi, ne ɔkasa ahorow a wɔma wɔ amansin ne amantam nhyiam ase so na ɛyɛ saa. Wɔsan nso fa ahwɛfo akwantufo, nkrataakyerɛw, anaa sukuu a wɔyɛ ma anuanom a wɔwɔ asɛyɛde ahorow wɔ asafo no mu so de akwankyerɛ ma asafo ahorow no.

So wuhu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn rekyerɛ yɛn kwan? Yehowa nam n’ahyehyɛde no so kyerɛ yɛn a yɛyɛ ne nkurɔfo no kwan bere a yɛnam “sare so” wɔ Satan wiase bɔne no nna a edi akyiri yi mu no. Ɛno nti, biakoyɛ ne ɔdɔ wɔ yɛn mu, na yɛwɔ ahobammɔ nso.

Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asase no so akyi no, Yosua kae sɛ: “Munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.” (Yos. 23:14) Saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bedu wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu ɔkwan biara so. Nanso, sɛ́ yɛn ankasa yɛbɛkɔ hɔ bi anaasɛ yɛrenkɔ hɔ bi no de, egyina sɛnea yɛbrɛ yɛn ho ase tie Onyankopɔn akwankyerɛ no so kɛse. Enti, momma yɛn nyinaa nkɔ so nhu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rekyerɛ yɛn kwan no!

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yehowa ahyehyɛde no rekyerɛ yɛn kwan nnɛ

Nhoma a woyi no adi

Teokrase ntetee

Asɛnka adwuma ho ntetee