Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔhwɛfo a Ɔbɔ Mmɔden na Ɔyɛ Adamfo Pa”

“Ɔhwɛfo a Ɔbɔ Mmɔden na Ɔyɛ Adamfo Pa”

“Ɔhwɛfo a Ɔbɔ Mmɔden na Ɔyɛ Adamfo Pa”

JOHN (JACK) BARR a ɔsomee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no wiee ne som adwuma wɔ asase so December 4, 2010, Memeneda anɔpa. Odii mfe 97. Ná wɔaka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔhwɛfo a ɔbɔ mmɔden na ɔyɛ adamfo pa.”

Wɔwoo Onua Jack Barr wɔ Aberdeen, Scotland, na na ɔno na ɔyɛ ne nuanom baasa no mu akumaa. Ná n’awofo baanu nyinaa yɛ wɔn a wɔasra wɔn. Ná Onua Barr taa de anigye ka sɛnea na n’abusua mu nsɛm te wɔ ne mmofraase ho asɛm; na n’ani sɔɔ nhwɛso pa a ne papa ne ne maame a ɔdɔ wɔn no yɛ maa no no.

Bere a aberantewa Jack duu ne mpanyin afe so no, na ɛyɛ den ma no paa sɛ ɔne nnipa a onnim wɔn bɛkasa. Nanso, ɔyeree ne ho dii saa ɔhaw no so, na Kwasida awia bi wɔ afe 1927 mu bere a na wadi mfe 14 no, ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔne no bɛkɔ akɔyɛ afie afie asɛnka adwuma. Saa na ofii ɔsom adwuma no ase. Na efi saa da no, Onua Barr de nsi kaa asɛmpa no kosii sɛ owui.

Akwanhyia bi a ɛyɛ hu a esii a anka ɛreyɛ ama aberantewa Jack maame ahwere ne nkwa maa Jack susuw nea enti a yɛte ase no ho anibere so, na ohyiraa ne ho so maa Yehowa wɔ afe 1929 mu, na ɔbɔɔ asu bere a edi kan a onyaa hokwan no wɔ afe 1934 mu. Afei wɔ afe 1939 mu no, ɔbɛyɛɛ Betel abusua a ɛwɔ London, England no muni. Saa na ofii bere nyinaa som adwuma a ɔde mfe 71 biako yɛe no ase.

Wɔ October 29, 1960 no, bere a Onua Barr waree Mildred Willett a na ɔde nsi asom mfe pii sɛ ɔkwampaefo ne ɔsɛmpatrɛwfo no, ɔkaa aware no ho asɛm sɛ ɛyɛ “abusuabɔ a ɛsom bo.” Ná wonim Onua ne Onuawa Barr sɛ awarefo a wɔdɔ wɔn ho paa na wɔyɛ nhwɛso pa, na wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara kosii sɛ Mildred wiee ne som adwuma wɔ asase so wɔ October 2004 mu. Onua ne Onuawa Barr bɔɔ mu kenkan Bible no fã bi da biara da wɔ wɔn aware mu.

Wɔn a wonim Jack Barr no bɛkae no sɛ na ɔyɛ ɔbarima a ɔma afotu pa—na ɛyɛ nea ɛfata bere nyinaa, ɛda ayamye adi bere nyinaa, na na egyina Kyerɛwnsɛm so bere nyinaa. Ná ɔyɛ obi a ɔyɛ adwumaden, ɔwɔ tema, ɔyɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ, na na ɔyɛ adamfo nokwafo nso. Mmuae a na ɔma, kasa ahorow a na ɔma, ne ne mpaebɔ daa no adi sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ paa, na na ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den.

Ɛwom sɛ yɛn ani begyina Onua Barr a yɛdɔ no no de, nanso ɛyɛ yɛn anigye sɛ ne nsa aka akyɛde a ɛne nkwa a owu nnim—hokwan a ɔhwɛɛ kwan a na ɔtaa ka ho asɛm no. Ɛno ara ne ade a na ɔhwɛ kwan wɔ n’asetena nyinaa mu.—1 Kor. 15:53, 54. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ John E. Barr asetena mu nsɛm ho asɛm a, hwɛ July 1, 1987, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 26 kosi 31.