Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Kristo, Ɔkannifo a Ɔyɛ Pɛ no Akyi

Di Kristo, Ɔkannifo a Ɔyɛ Pɛ no Akyi

Di Kristo, Ɔkannifo a Ɔyɛ Pɛ no Akyi

NKURƆFO a wodi sodifo a wɔyɛ nnipa akyi no nsa taa si fam. Nanso, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Kristo ase sɛ wɔn kannifo no nya biribi a ɛyɛ soronko koraa. Yesu kae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mat. 11:28, 29) Sɛnea Yesu di yɛn anim sɛ yɛn kannifo no ma yɛn bo tɔ yɛn yam, na ɛma yɛn ani gye. Odwen nnipa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so paa no ho, na ɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛhyɛ ne kɔndua a ɛyɛ mmerɛw no ase. Nanso, Kristo akyi a yebedi sɛ yɛn kannifo no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Kristo . . . huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Pet. 2:21) Yesu anammɔn akyi a yebedi no ho hia dɛn? Fa no sɛ woka nnipakuw bi a ɛsɛ sɛ wɔfa baabi a wɔde atopae ahyehyɛ fam ho, na mo mu biako pɛ na onim baabi a mubetumi afa a morentiatia atopae no bi so, na ama moatumi akodu baabi a morekɔ no dwoodwoo. So anka worenni saa onipa no anammɔn akyi pɛɛ, na ebia woatiatia baabiara a obetia mpo? Saa ara na ahobammɔ a yebenya no daakye no gyina nhwɛso a Yesu yɛe a yebedi akyi pɛpɛɛpɛ no so. Saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yetie no na yedi n’asɛm so, na yetie wɔn a wɔyɛ n’ananmusifo no nso.

Tie na Di So

Aka kakra ma Yesu de ne Bepɔw so Asɛnka no aba awiei no, ɔkae sɛ: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, wɔde no bɛtoto ɔbadwemma bi a osii ne fie sii ɔbotan so ho. Na osu tɔe na eyirii, na mframa bɔe bɛbɔɔ fie no, nanso ammu, efisɛ na wato asi ɔbotan so.”—Mat. 7:24, 25.

Enti, Yesu frɛɛ onipa a otie n’asɛm na odi so no sɛ “ɔbadwemma.” So yefi yɛn komam yɛ osetie de kyerɛ sɛ yebu nhwɛso a Kristo yɛe no, na yɛn ani sɔ, anaasɛ Yesu ahyɛde a ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi so ne n’ahyɛde a sɛ yedi so a yɛn ho bɛtɔ yɛn nkutoo na yedi so? Yesu kae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ [Onyankopɔn ani] daa.” (Yoh. 8:29) Momma yɛmmɔ mmɔden nsuasua nea ɔyɛe no.

Wɔ afeha a edi kan no mu no, asomafo no yɛɛ nhwɛso pa brɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ Kristo ase sɛ wɔn kannifo. Bere bi, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa abedi w’akyi.” (Mar. 10:28) Nokwarem no, na Yesu akanni no som bo paa ma asomafo no ma enti wofii wɔn pɛ mu gyaw nneɛma foforo biara a na wɔreyɛ hɔ kodii n’akyi.—Mat. 4:18-22.

Tie Kristo Ananmusifo No

Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔkaa ɔkwan foforo a yebetumi afa so adi n’akyi sɛ yɛn kannifo no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Nea ogye obiara a mesoma no no gye me nso.” (Yoh. 13:20) Nokwarem no, Yesu frɛɛ n’ananmusifo a wɔasra wɔn no sɛ ne “nuanom.” (Mat. 25:40) Bere a wonyan Yesu ma ɔkɔɔ soro akyi no, wɔpaw ne “nuanom” no sɛ wonnyina n’ananmu, sɛ ‘wonsi Kristo ananmu’ sɛ ahemmɔfo, na wɔnto nsa mfrɛ afoforo ma wɔmpata wɔn mmra Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. (2 Kor. 5:18-20) Kristo “nuanom” no a yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama wɔn no ka Kristo a yebegye no atom sɛ yɛn kannifo no ho.

Ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛba wɔ ne bere mu wɔ yɛn Bible ho nhoma ahorow mu no yɛ adwuma no mu. Sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no na yɛkɔ asafo nhyiam ahorow a, wɔkaakae yɛn nsɛm a Kristo kae. (2 Pet. 3:1, 2) Sɛ yedi honhom fam aduan a wɔde ma yɛn yi daa a, yɛda no adi sɛ yefi yɛn komam kyerɛ ho anisɔ. Na sɛ wotĩ afotu bi mu kyerɛ yɛn bere ne bere mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho? Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm no tu Kristofo fo sɛ wɔnware “Awurade mu nkutoo.” (1 Kor. 7:39) Wɔasusuw saa asɛm yi ho bere ne bere mu wɔ Ɔwɛn-Aban mu bɛboro mfe ɔha ni. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔdɔ a Kristo nuanom no wɔ ma yɛn no ma wodwen abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ ho ma enti wɔkyerɛw saa afotu yi ne afotu foforo a efi Onyankopɔn hɔ ho nsɛm ma yɛn. Saa nkaesɛm yi a yebetie no yɛ ɔkwan biako a yɛfa so da no adi sɛ yɛredi yɛn Kannifo a ɔyɛ pɛ a ɔne Yesu Kristo no akyi.

Mmebusɛm 4:18 ka sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Nokwarem no, Yesu akanni no de nsakrae ba nkakrankakra. Ɔkwan foforo a yɛfa so tie Kristo nuanom ne sɛ yebenya nsakrae biara a wɔyɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu nokware no ho ntease a yɛwɔ mu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tintim no ho adwempa.—Mat. 24:45.

Sɛ yetie ahwɛfo a wɔapaw wɔn wɔ Kristofo asafo no mu a, yɛsan nso da no adi sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Kristo “nuanom” no ase. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so.” (Heb. 13:17) Sɛ nhwɛso no, ebia asafo mu panyin bi bɛhyɛ yɛn nkuran wɔ hia a ehia sɛ yɛyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no daa, anaa ebia ɔbɛma yɛn nyansahyɛ bi afa yɛn asɛnka adwuma no fã bi ho. Ebia ɔhwɛfo kwantufo bi de Kyerɛwnsɛm mu afotu bi a mfaso wɔ so bɛma yɛn wɔ biribi pɔtee a ɛfa Kristofo abrabɔ ho. Sɛ yefi yɛn pɛ mu de afotu a ɛte saa yɛ adwuma a, yɛda no adi sɛ yedi Yesu akyi sɛ yɛn Kannifo.

Ɛyɛ awerɛhow sɛ wiase no nni akannifo a wotumi yɛ wɔn adwuma yiye. Nanso, hwɛ abotɔyam a yenya sɛ yedi Kristo akyi sɛ yɛn kannifo a ɔwɔ ɔdɔ! Sɛnea ɛte biara no, momma yentie yɛn Kannifo no, na yentie wɔn a ɔde wɔn redi dwuma nnɛ no nso.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

So wugye Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ wo ne obi a ɔnyɛ gyidini twe kɔndua koro no tom?