Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Na Ne Ho Hia Wo Sen Obiara Wɔ W’asetena Mu?

Hena Na Ne Ho Hia Wo Sen Obiara Wɔ W’asetena Mu?

Hena Na Ne Ho Hia Wo Sen Obiara Wɔ W’asetena Mu?

“Wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—DW. 83:18.

1, 2. Dɛn nti na Yehowa din a yebehu no ara nnɔɔso na ama wɔagye yɛn nkwa?

EBIA bere a edi kan a wuhuu Yehowa din yɛ bere a wɔde saa din no kyerɛɛ wo wɔ Dwom 83:18 no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ wo nwonwa sɛ wokenkan saa asɛm no. Ɛhɔ ka sɛ: “Na nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Akyinnye biara nni ho sɛ efi saa bere no, wode saa kyerɛwsɛm no aboa afoforo ma wɔabehu yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔne dɔ no.—Rom. 10:12, 13.

2 Ɛwom sɛ ɛho hia sɛ nnipa hu Yehowa din de, nanso ne din kɛkɛ a wobehu no ara nnɔɔso. Hyɛ sɛnea odwontofo no si nokwasɛm foforo a ɛho hia a ɛbɛma wɔagye yɛn nkwa no so dua no nsow. Ɔkae sɛ: “Wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Nokwarem no, Yehowa ne Obi a ne ho hia sen obiara wɔ amansan yi nyinaa mu. Esiane sɛ ɔno ne Onii a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ n’abɔde nyinaa brɛ wɔn ho ase koraa hyɛ n’ase. (Adi. 4:11) Enti, ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Hena na ne ho hia me sen obiara wɔ m’asetena mu?’ Ɛho hia sɛ yesusuw mmuae a yɛde bɛma wɔ saa asɛmmisa yi ho no ho yiye!

Asɛm a Ɛsɔree wɔ Eden Turom

3, 4. Ɛyɛɛ dɛn na Satan tumi daadaa Hawa, na dɛn na efii mu bae?

3 Nsɛm a esisii wɔ Eden turom tete no ma yetumi hu sɛnea saa asɛmmisa yi yɛ aniberesɛm no pefee. Ɔbɔfo a ɔtew atua a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no daadaa ɔbea a odi kan a wɔfrɛ no Hawa no wɔ turom hɔ sɛ ɔbɛma wayɛ ade a n’ankasa ani gye ho sen sɛ obedi ahyɛde a Yehowa de mae sɛ ɛnsɛ sɛ wodi dua pɔtee bi aba no so. (Gen. 2:17; 2 Kor. 11:3) Ɔbea no maa saa nnaadaasɛm yi nyaa no, na ɔnam saa a ɔyɛe no so kyerɛe sɛ ommmu Yehowa tumidi. Hawa ammu Yehowa sɛ ɔno ne Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu. Na ɛyɛɛ dɛn na Satan tumi daadaa Hawa?

4 Satan faa anifere kwan so na ɔne Hawa kasae. (Monkenkan Genesis 3:1-5.) Nea edi kan, Satan ammɔ Yehowa din ankasa, na mmom ɔfrɛɛ no “Onyankopɔn” kɛkɛ. Nanso, nea ɔkyerɛw Genesis nhoma no de, ɔbɔɔ Yehowa din ankasa wɔ Genesis ti 3 nkyekyɛm a edi kan no. Nea ɛto so abien, sɛ́ anka Satan bɛka Onyankopɔn “ahyɛde” ho asɛm no, nea Onyankopɔn “kae” mmom ho asɛm na obisae kɛkɛ. (Gen. 2:16) Ebetumi aba sɛ Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa anifere kwan yi so ama saa ahyɛde no ayɛ te sɛ nea ɛho nhia ahe biara. Nea ɛto so abiɛsa, ɛwom sɛ na Satan ne Hawa nkutoo na ɛrekasa de, nanso Satan de edin nsiananmu, ‘mo,’ na edii dwuma. Ebetumi aba sɛ ɔnam saa a ɔyɛe so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hawa ate nka sɛ ne ho hia na ama wahoman, na wanya adwene sɛ ɔno ɔbea no na ɔkasa ma ɔno ne ne kunu. Dɛn na efii eyi mu bae? Ɛda adi sɛ Hawa nam ka a ɔka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Yetumi di turo yi mu nnua so aba” no so yɛɛ ahantan sii gyinae sɛ ɔbɛkasa ama wɔn baanu nyinaa.

5. (a) Dɛn na Satan tumi nyaa Hawa ma ɔde n’ani sii so? (b) Dɛn na Hawa nam aduaba a na wɔabara a odii no so kyerɛe?

5 Satan kyinkyim nokwasɛm no nso. Ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn ne Adam ne Hawa anni no yiye sɛ ɔhyɛɛ wɔn sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wodi turo no mu dua biara so aba’ no. Afei, Satan tumi maa Hawa de n’adwene sii n’ankasa ho so ne sɛnea obetumi anya asetena pa asen nea na ɔwom no so, na ama wabɛyɛ “sɛ Onyankopɔn.” Awiei koraa no, otumi nyaa no ma ɔde n’ani sii dua no ne n’aba no so mmom sen sɛ ɔde n’ani besi abusuabɔ a na ɔne Onii a wama no biribiara wɔ no so. (Monkenkan Genesis 3:6.) Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa nam aduaba no a odii so kyerɛe sɛ na Yehowa nyɛ Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu.

Asɛm a Ɛsɔree wɔ Hiob Bere So

6. Ɔkwan bɛn so na Satan kasa tiaa Hiob mũdi mu a na okura no, na hokwan bɛn na wɔmaa Hiob nyae?

6 Mfehaha pii akyi no, ɔbarima nokwafo Hiob nyaa hokwan a na ɔde bɛkyerɛ Onii a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu. Bere a Yehowa ne Satan kaa Hiob mũdi mu kura ho asɛm no, Satan kae sɛ: “Wugye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa?” (Monkenkan Hiob 1:7-10.) Satan anka sɛ Hiob nyɛ obi a otie Onyankopɔn asɛm. Mmom no, adwene a na ɔde yɛ osetie no na ɔkasa tiae. Ɔde anitew bɔɔ Hiob sobo sɛ ɛnyɛ dɔ a ɔdɔ Yehowa nti na ɔresom no, na mmom nneɛma a onya fi ne hɔ ntia. Hiob nkutoo na na obetumi akyerɛ sɛ saa sobo no yɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware, na wɔmaa onyaa hokwan a ɔde bɛkyerɛ saa.

7, 8. Sɔhwɛ bɛn na na ɛsɛ sɛ Hiob gyina ano, na dɛn na ɔnam nokware a odii de gyinaa ano no so daa no adi?

7 Yehowa maa Satan kwan ma ɔde amanehunu baa Hiob so ntoatoaso. (Hiob 1:12-19) Dɛn na Hiob yɛe wɔ amanehunu a ɛbaa no so no ho? Bible ma yehu sɛ, ‘wanyɛ bɔne, na wanka asɛmmɔne biara antia Onyankopɔn.’ (Hiob 1:22) Nanso, ne nyinaa akyi no, Satan anka n’ano antom. Ɔsan kae sɛ: “Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.” * (Hiob 2:4) Satan kyerɛe sɛ sɛ Hiob ankasa hu amane a, ɔbɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa ne Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu.

8 Yare bɔne bi sɛee Hiob nipadua, na afei ne yere ka kyerɛɛ no sɛ ɔnnome Onyankopɔn na onwu. Akyiri yi, gyamserefo baasa bi ka too Hiob so sɛ bɔne a wayɛ nti na ɔrehu amane. (Hiob 2:11-13; 8:2-6; 22:2, 3) Nanso, amanehunu yi nyinaa akyi no, Hiob annyae ne mũdi mu da. (Monkenkan Hiob 2:9, 10.) Ɔnam nokware a odii de gyinaa amanehunu no ano so kyerɛe sɛ na Yehowa ne Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu. Nea Hiob yɛe no nso da no adi sɛ onipa a ɔnyɛ pɛ betumi ayɛ nea n’ahoɔden betumi biara de akyerɛ sɛ nsɛm a Ɔbonsam akeka no nyɛ nokware.—Fa toto Mmebusɛm 27:11 ho.

Yesu Maa Mmuae a Ɛyɛ Pɛ

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ade a na Yesu ani betumi agye ho sɔɔ no hwɛe? (b) Dɛn na Yesu yɛe wɔ sɔhwɛ no ho?

9 Wɔ Yesu asubɔ akyi bere tiaa bi no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yesu ma wayɛ ade a n’ankasa ani gye ho sen sɛ ɔbɛma Yehowa ayɛ Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu. Ɔbonsam de nneɛma abiɛsa sɔɔ Yesu hwɛe. Nea edi kan, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyina ɔkɔm a na ɛde Yesu so asɔ no ahwɛ, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma abo nnan paanoo. (Mat. 4:2, 3) Ná Yesu dii mmuada nnafua 40 nkyɛe koraa ma enti na ɔkɔm de no paa. Enti Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne tumi nyɛ anwonwade wɔ ɔkwammɔne so mfa nkum ne kɔm. Dɛn na Yesu yɛe? Yesu anyɛ n’ade te sɛ Hawa, mmom no, ɔde n’adwene sii Yehowa Asɛm no so, na ɔbɔɔ asɛm a Ɔbonsam ka kyerɛɛ no no gui ntɛm ara.—Monkenkan Mateo 4:4.

10. Dɛn nti na Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ onnyaa ne ho mfi asɔredan no atifi nkɔhwe fam?

10 Satan bɔɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛma Yesu ayɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ odwen ne nkutoo ho. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ onnyaa ne ho mfi asɔredan no atifi nkɔhwe fam. (Mat. 4:5, 6) Dɛn na na Satan rehwehwɛ? Satan kyerɛe sɛ sɛ Yesu hwe fam na wampira a, na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn ba” ampa. Ɛda adi sɛ na Ɔbonsam pɛ sɛ Yesu ma edin a obegye ho hia no kɛse paa kosi sɛ ɔde bɛhoahoa ne ho mpo. Ná Satan nim sɛ ebia obi begye atom sɛ ɔbɛyɛ biribi a ebetumi adi no awu esiane ahantan ne pɛ a ɔmpɛ sɛ n’ani bewu wɔ afoforo anim nti. Satan faa kyerɛwsɛm bi kyinkyim no de kaa asɛm, nanso Yesu kyerɛe sɛ na ɔte Yehowa Asɛm no ase yiye. (Monkenkan Mateo 4:7.) Yesu nam nea Satan kae sɛ ɔnyɛ a wanyɛ yi so kyerɛe sɛ na Yehowa ne Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu.

11. Dɛn nti na Yesu poo wiase ahenni nyinaa a Ɔbonsam de kyerɛɛ no no?

11 Wɔ sɔhwɛ a Satan de baa Yesu so mu nea etwa to a na emu yɛ den paa mu no, Satan de wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ no. (Mat. 4:8, 9) Yesu poe ntɛm ara. Ohui sɛ sɛ ogye a, na ɛte sɛ nea ɔrepo Yehowa tumidi ara pɛ—hokwan ankasa a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔyɛ Ɔsorosoroni no. (Monkenkan Mateo 4:10.) Wɔ sɔhwɛ no mu biara mu no, Yesu de kyerɛw nsɛm a Yehowa din ankasa wom na ɛmaa Satan mmuae.

12. Aka kakra ma Yesu afi asase so no, gyinae a emu yɛ duru bɛn na na ɛsɛ sɛ osi, na dɛn na yesua fi nea ɔyɛe wɔ saa gyinaesi no ho mu?

12 Aka kakra ma Yesu afi asase so no, na ɛsɛ sɛ osi gyinae bi a emu yɛ duru. Ná wada no adi wɔ ne som adwuma no nyinaa mu sɛ ɔpɛ paa sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre. (Mat. 20:17-19, 28; Luka 12:50; Yoh. 16:28) Nanso, Yesu hui nso sɛ wɔbɛka atosɛm agu no so na wɔagyina Yudafo mmara so abu no fɔ, na wɔakum no sɛ mmusubɔfo. Ná ɔkwan yi a wɔbɛfa so akum no no haw no paa. Enti, ɔbɔɔ mpae sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ.” Nanso, ɔtoaa so sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na mmom sɛnea wopɛ.” (Mat. 26:39) Nokwasɛm ni, nokware a Yesu di kosii owu mu no ma yehu Onii a na ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu no pefee!

Sɛnea Yɛn Nso Yebebua Asɛm No

13. Ɛde besi ha no, dɛn na yɛasua afi nhwɛso a Hawa, Hiob, ne Yesu Kristo yɛe no mu?

13 Ɛde besi ha no, dɛn na yɛasua? Wɔ Hawa fam no, yɛasua sɛ wɔn a wodi nneɛma a wɔn ani gye ho akyi anaa wɔyɛ ahomaso no da no adi sɛ ɛnyɛ Yehowa ne Obi a ne ho hia wɔn sen obiara wɔ wɔn asetena mu. Nanso, Hiob mũdi mu a okurae no ma yehu sɛ, nnipa a wɔnyɛ pɛ mpo betumi agyina amanehunu ano akosi ase de akyerɛ sɛ wɔde Yehowa di kan wɔ wɔn asetena mu, sɛ wɔnte nea enti a wɔrehyia saa amanehunu no ase mpo a, wɔkɔ so gyina ano. (Yak. 5:11) Nea etwa to no, nhwɛso a Yesu yɛe no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu aniwu so, na ɛnsɛ sɛ yɛma edin a yɛn ankasa begye ho hia yɛn dodoodo. (Heb. 12:2) Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi de nea yɛasua yi ayɛ adwuma?

14, 15. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ sɔhwɛ ho no yɛ soronko wɔ nea Hawa yɛe no ho, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yesu? (Ka mfonini a ɛwɔ kratafa 18 no ho asɛm.)

14 Ɛnsɛ sɛ woma sɔhwɛ ma wo werɛ fi Yehowa da. Hawa de n’adwene sii ade a na esi n’anim pɛɛ a na wɔde resɔ no ahwɛ no so. Ohui sɛ dua no aba “ye sɛ wodi . . . na wohwɛ a, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ.” (Gen. 3:6) Hwɛ sɛnea ɔkwan a Hawa faa so yɛɛ n’ade no yɛ soronko koraa wɔ nea Yesu yɛe wɔ sɔhwɛ abiɛsa a wɔde baa no so no ho! Yesu amma sɔhwɛ no mu biara amma ne werɛ amfi nea na ebefi nea ɔbɛyɛ wɔ ho mu aba no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn Asɛm no so, na ɔde Yehowa din dii dwuma nso.

15 Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛbɛma yɛayɛ nneɛma a Yehowa ani nnye ho a, dɛn na yɛde yɛn adwene si so? Dodow a yɛde yɛn adwene si sɔhwɛ no so no, dodow no ara na akɔnnɔ bɔne a yɛanya no mu bɛyɛ den paa. (Yak. 1:14, 15) Ɛho hia sɛ yetu saa akɔnnɔ no ase ntɛm, na sɛ ɛte sɛ nea saa a yɛbɛyɛ no yɛ den paa mpo te sɛ nea yɛretwa yɛn nipadua akwaa bi akyene a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Mat. 5:29, 30) Sɛnea Yesu yɛe no, ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si nea ebefi biribi a yɛbɛyɛ mu aba no so—sɛnea ade a yɛbɛyɛ no bɛka abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛkae nea Yehowa Asɛm Bible no ka. Sɛ yɛyɛ saa nkutoo a, ɛnna yebetumi akyerɛ sɛ Yehowa ne Obi a ne ho hia yɛn sen obiara wɔ yɛn asetena mu.

16-18. (a) Dɛn na ebetumi ama yɛn abam abu? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina tebea ahorow a ɛhaw adwene ano?

16 Ɛnsɛ sɛ woma amanehunu a ɛto wo ma wo bo fuw Yehowa da. (Mmeb. 19:3) Bere a yɛrebɛn wiase bɔne yi awiei paa no, Yehowa nkurɔfo dodow no ara na wɔrehyia amanehunu na atoyerɛnkyɛm reto wɔn. Yɛnnhwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ yɛn ho ban anwonwakwan so saa bere yi. Ɛwom saa de, nanso sɛ yɛn adɔfo wu anaa yɛn ankasa hyia nsɛnnennen bi a, yɛn abam betumi abu te sɛ Hiob.

17 Hiob ante nea enti a Yehowa maa nneɛma bi sisii no ase, na yɛn nso ɛtɔ mmere bi a ebia yɛrente nea enti a nneɛma bɔne sisi no ase. Ebia yɛate anuanom anokwafo a asasewosow akunkum wɔn te sɛ nea ɛtoo wɔn a wɔwɔ Haiti no, anaa wɔn a atoyerɛnkyɛm foforo bi ato wɔn ho asɛm. Anaasɛ ebia yenim obi a okura ne mũdi mu a wɔayɛ no basabasa anaa wawu wɔ akwanhyia bi a ɛyɛ hu mu. Anaasɛ yɛn ankasa mpo betumi akɔ tebea bi a ɛhaw adwene mu anaa yebetumi anya adwene sɛ wɔne yɛn anni no yiye. Ebia ahoyeraw bɛma yɛaka sɛ: ‘Yehowa, adɛn, adɛn nti na me na asɛm yi ato me? Bɔne bɛn na mayɛ?’ (Hab. 1:2, 3) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina wɔ mmere a ɛte saa mu?

18 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene sɛ sɛ nsɛm a ɛte saa to yɛn a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani nsɔ yɛn. Yesu sii saa asɛm yi so dua bere a na ɔreka asiane abien bi a esii wɔ ne bere so ho asɛm no. (Monkenkan Luka 13:1-5.) ‘Asiane a ɛto yɛn bere a yɛnhwɛ kwan’ no na ɛde amanehunu pii no ba. (Ɔsɛnk. 9:11) Nanso, ɛmfa ho nea ɛde amanehunu a yehyia no ba biara no, sɛ yɛde yɛn adwene si “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no so a, yebetumi agyina ano.—2 Kor. 1:3-6.

19, 20. Dɛn na ɛboaa Yesu ma otumi gyinaa aniwu ano, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa ara?

19 Ɛnsɛ sɛ woma ahantan anaa aniwu yɛ ade titiriw a wode w’adwene si so da. Ahobrɛase a na Yesu wɔ boaa no ma otumi ‘gyaa biribiara mu faa akoa tebea’ too ne ho so. (Filip. 2:5-8) Esiane sɛ ɔde ne ho too Yehowa so nti, otumi gyinaa aniwu pii a wɔhyɛɛ no no ano. (1 Pet. 2:23, 24) Yesu nam saa a ɔyɛe so de Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ dii kan, na eyi ma wɔpagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn. (Filip. 2:9) Yesu kamfo kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ wɔn bra sɛnea ɔbɔɔ ne bra no ara pɛ.—Mat. 23:11, 12; Luka 9:26.

20 Ɛtɔ mmere bi a, yɛn gyidi ho sɔhwɛ a yehyia no bi betumi ahyɛ yɛn aniwu. Nanso, ɛsɛ sɛ yenya ahotoso te sɛ ɔsomafo Paulo a ɔkae sɛ: “Eyi nso nti na merehu amane yi, nanso ɛnyɛ me aniwu. Efisɛ minim onii a magye no adi no, na mewɔ ahotoso sɛ obetumi akora nea magyaw ahyɛ ne nsa no so akosi sɛ da no bɛba.”—2 Tim. 1:12.

21. Ɛmfa ho sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no yɛ pɛsɛmenkominya no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

21 Wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Bible mu sɛ nkurɔfo bɛyɛ “ahopɛ” wɔ yɛn bere yi so. (2 Tim. 3:2) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia no yɛ nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho a wɔmfa nea Yehowa pɛ nni kan wɔ wɔn asetena mu. Mommma yɛnnyɛ pɛsɛmenkominya saa da! Mmom no, sɛ́ ebia yɛrehyia sɔhwɛ, amanehunu bi ato yɛn, anaa wɔyɛ nneɛma bi de hyɛ yɛn aniwu no, momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ ɔbɛda no adi sɛ Yehowa ne Obi a ne ho hia no sen obiara wɔ n’asetena mu ampa!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Bible ho abenfo bi susuw sɛ asɛm a ɛne “were si were ananmu” no betumi akyerɛ sɛ bere tenten a na Hiob betumi akora n’ankasa were anaa ne nkwa so no, na ɔbɛma kwan ma ne mma ne ne mmoa were asɛe anaa wɔawuwu. Afoforo nso kyerɛ sɛ saa asɛm no si so dua sɛ obi bɛma kwan ma ne were fã bi asɛe de apere ne nkwa. Sɛ nhwɛso no, ebia obi de ne nsa begye twɛre a obi de rebɛbɔ ne tirim, na ama wahwere ne were fã bi de abɔ ne were a aka ho ban. Ɛmfa ho nea na kasakoa no kyerɛ biara no, ɛda adi sɛ ɛkyerɛ sɛ na Hiob ani begye ho sɛ ɔde biribiara a ɔwɔ bɛbɔ afɔre bere tenten a na obetumi atena nkwa mu no.

Dɛn na Yebetumi Asua Afi . . .

• ɔkwan a Satan faa so daadaa Hawa no mu?

• nea Hiob yɛe wɔ amane a ohui no mu?

• ade titiriw a Yesu de n’adwene sii so no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Hawa amfa n’adwene ansi abusuabɔ a na ɔne Yehowa wɔ no so

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yesu bɔɔ sɔhwɛ a Satan de baa no so no gui, na ɔde n’adwene sii Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ so

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Wɔredi adanse wɔ ntamadan mu wɔ Haiti asasewosow no akyi

Sɛ yɛrehyia amanehunu a, yebetumi de yɛn adwene asi “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no so