Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Mmusua—‘Monwɛn’

Kristofo Mmusua—‘Monwɛn’

Kristofo Mmusua—‘Monwɛn’

“Momma yɛnwɛn na yɛn ani nna hɔ.”—1 TES. 5:6.

1, 2. Sɛ abusua bi betumi akɔ so awɛn wɔ honhom fam a, dɛn na ɛhwehwɛ sɛ emufo yɛ?

BERE a ɔsomafo Paulo reka “Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no” ho asɛm no, ɔkyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Anuanom, munni sum mu, monte sɛ akorɔmfo na saa da no abɛto mo mpofirim, efisɛ mo nyinaa yɛ hann mma ne adekyee mma. Yɛnyɛ adesae anaa esum dea.” Paulo de kaa ho sɛ: “Ne saa nti, mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn na yɛn ani nna hɔ.”—Yoel 2:31; 1 Tes. 5:4-6.

2 Afotu a Paulo de kɔmaa Tesalonikafo no yɛ nea ɛfata paa ma Kristofo a wɔte “awiei bere” yi mu no. (Dan. 12:4) Bere a Satan wiase bɔne yi rebɛn awiei no, Satan asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara ama nokware asomfo pii agyae Onyankopɔn som. Enti, nyansa wom sɛ yetie afotu a Paulo de mae sɛ yɛnkɔ so nwɛn wɔ honhom fam no. Sɛ abusua bi a emufo yɛ Kristofo betumi akɔ so awɛn a, ɛho hia sɛ abusua no muni biara di asɛyɛde a Yehowa de ama no a wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no ho dwuma. Ɛnde, dɛn na okununom, ɔyerenom, ne mmofra yɛ de boa wɔn mmusua ma ‘wɔwɛn’?

Okununom—Munsuasua “Oguanhwɛfo Pa No”

3. Sɛnea 1 Timoteo 5:8 kyerɛ no, dɛn na asɛyɛde a ɔbarima wɔ sɛ abusua ti no hwehwɛ sɛ ɔyɛ?

3 Bible ka sɛ: “Ɔbea . . . ti ne ɔbarima.” (1 Kor. 11:3) Dɛn na asɛyɛde a ɔbarima wɔ sɛ abusua ti no hwehwɛ sɛ ɔyɛ? Bere a Kyerɛwnsɛm no rekyerɛ asɛyɛde biako a abusua ti wɔ no, ɛkae sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.” (1 Tim. 5:8) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔbarima de nea n’abusua hia wɔ honam fam ma wɔn. Nanso, sɛ obetumi aboa n’abusua ma wɔawɛn wɔ honhom fam a, ɛnyɛ akɔnhama kɛkɛ na ɛsɛ sɛ ɔbɔ abusua no. Ɛho hia sɛ ɔkyekye ne fie, na ɔboa n’abusua mufo nyinaa ma wɔhyɛ abusuabɔ a wɔne Onyankopɔn wɔ no mu den. (Mmeb. 24:3, 4) Ɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

4. Dɛn na ebetumi aboa ɔbarima ma watumi aboa ne fiefo ma wɔne Yehowa ntam ayɛ papa?

4 Esiane sɛ “okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti” nti, ɛsɛ sɛ ɔbarima a waware hwehwɛ sɛnea Yesu di ne tiyɛ ho dwuma wɔ asafo no so no mu, na osuasua no. (Efe. 5:23) Susuw sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ abusuabɔ a ɔne n’akyidifo wɔ no mu ho hwɛ. (Monkenkan Yohane 10:14, 15.) Dɛn na ebetumi aboa ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔboa ne fiefo ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa no? Ɛne sɛ: Obesua nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe sɛ “oguanhwɛfo pa no,” na ‘wadi n’anammɔn akyi pɛɛ.’—1 Pet. 2:21.

5. Dɛn na Oguanhwɛfo Pa no nim fa asafo no ho?

5 Abusuabɔ a ɛwɔ oguanhwɛfo ne ne nguan ntam no gyina nimdeɛ ne ahotoso so. Oguanhwɛfo no nim ne nguan ho nsɛm nyinaa, na nguan no nso nim oguanhwɛfo no, na wɔwɔ ne mu ahotoso. Wonim ne nne, na wotie no. Yesu kae sɛ: “Minim me nguan, na me nguan nso nim me.” Yesu nim asafo no yiye. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ ‘nim’ no kyerɛ “nim a wonim obi yiye paa.” Nokwarem no, Oguanhwɛfo Pa no nim ne nguan yiye. Onim wɔn mu biara ahiade, wɔn mmerɛwyɛ, ne nea wotumi yɛ. Yɛn Nhwɛsofo no nim biribiara a ɛfa ne nguan no ho. Nguan no nso nim oguanhwɛfo no paa, na wɔwɔ ahotoso sɛ odi wɔn anim yiye.

6. Dɛn na okununom betumi ayɛ de asuasua Oguanhwɛfo Pa no?

6 Sɛ okunu bi betumi asuasua sɛnea Kristo di ne tiyɛ ho dwuma a, ɛsɛ sɛ osua sɛ obebu ne ho sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo, na wabu wɔn a wɔhyɛ n’ase no sɛ nguan. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ obehu n’abusua no yiye. So okunu betumi ahu n’abusua yiye ankasa? Yiw, sɛ ɔne abusua no mufo nyinaa di nkitaho, tie nea ɛhaw wɔn, na odi abusua no anim wɔ nneɛma a wɔyɛ mu, na ɔde ahwɛyiye sisi gyinae a ɛfa nneɛma te sɛ abusua som, asafo nhyiam a wɔbɛkɔ, asɛnka, ahomegye, ne anigyede ho a, obetumi ahu wɔn yiye. Sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔbarima warefo sua Onyankopɔn Asɛm no na onya mu nimdeɛ na ohu n’abusua mufo nso yiye a, ɛda adi paa sɛ n’abusua mufo benya ahotoso wɔ sɛnea odi ne tiyɛ ho dwuma no mu, na ɔno nso benya akomatɔyam bere a ohu sɛ wɔn nyinaa ayɛ biako wɔ nokware som mu no.

7, 8. Dɛn na okunu betumi ayɛ de asuasua Oguanhwɛfo Pa no wɔ ɔdɔ a ɔbɛda no adi akyerɛ wɔn a wɔhyɛ n’ase no ho?

7 Oguanhwɛfo pa dɔ ne nguan nso. Sɛ yɛkenkan Nsɛmpa a ɛfa Yesu asetena ne ne som adwuma no ho a, ɛma yɛn ani sɔ ɔdɔ a Yesu daa no adi kyerɛɛ n’asuafo no. ‘Ɔde ne kra’ mpo ‘too hɔ maa nguan no.’ Ɛsɛ sɛ okununom suasua Yesu na wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no. Okunu a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom no nni ne yere so atirimɔden so, mmom no, ɔkɔ so dɔ no “sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no.” (Efe. 5:25) Ɛsɛ sɛ ɔne ne yere kasa ayamye so na osusuw nsɛm a ɔka kyerɛ no no ho yiye, efisɛ ɔyere no fata nidi.—1 Pet. 3:7.

8 Sɛ abusua ti retete mmofra a, ɛsɛ sɛ ɔde ne nan si fam de Onyankopɔn nnyinasosɛm yɛ adwuma. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔda ɔdɔ adi kyerɛ ne mma no. Sɛ ɛho behia sɛ ɔteɛ wɔn so a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa wɔ ɔdɔ mu. Mmofra bi wɔ hɔ a ebetumi agye bere tenten ansa na wɔate nea wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ ase asen mmofra foforo. Ɛsɛ sɛ agya no nya mmofra a wɔte saa no ho abotare kɛse. Sɛ mmarima di Yesu nhwɛso akyi bere nyinaa a, ɛma wɔn fie yɛ baabi a ahobammɔ ne ahotɔ wɔ. Wɔn mmusua nya honhom fam ahobammɔ a odwontofo no too ho dwom yi bi.—Monkenkan Dwom 23:1-6.

9. Asɛyɛde bɛn na Kristofo a wɔyɛ okununom wɔ a ɛte sɛ nea na tete agya Noa wɔ no, na dɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔadi ho dwuma?

9 Tete agya Noa tenaa wiase a na ɛwɔ ne bere so no awiei mu. Nanso, Yehowa ‘koraa ɔne nnipa baason so bere a ɔde nsuyiri bɛsɛee amumɔyɛfo wiase no.’ (2 Pet. 2:5) Ná Noa wɔ asɛyɛde sɛ ɔboa n’abusua ma wonya nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Mmusua ti a wɔyɛ Kristofo nso wɔ asɛyɛde a ɛte saa ara wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Mat. 24:37) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ wosua nhwɛso a “oguanhwɛfo pa no” yɛe no ho ade, na wɔbɔ mmɔden suasua no!

Ɔyerenom—‘Munsi Mo Fie’

10. Brɛ a ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu no kyerɛ dɛn ma ɔbea no?

10 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade.” (Efe. 5:22) Saa asɛm yi nkyerɛ koraa sɛ ɔyerenom ba fam. Ansa na wɔrebɔ ɔbea a odi kan a ɔne Hawa no, nokware Nyankopɔn no kae sɛ: “Enye sɛ onipa no nko bɛtena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.” (Gen. 2:18) Asɛyɛde a ɔyere wɔ sɛ “ɔboafo” ne “ɔhokafo,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔboa ne kunu ma odi asɛyɛde a ɔwɔ wɔ n’abusua mu ho dwuma no yɛ nea nidi wom ankasa.

11. Ɔkwan bɛn na ɔyere pa fa so “si ne fie”?

11 Ɔyere pa yɛ adwuma de boa ne fiefo. (Monkenkan Mmebusɛm 14:1.) Ɔbea nyansafo wɔ obu kɛse ma tiyɛ nhyehyɛe no, nanso ɔbea kwasea de, ommu saa tiyɛ nhyehyɛe no. Sɛ́ anka ɔbea nyansafo bɛyɛ asoɔden na wayɛ nea ɔpɛ te sɛ nea wiase no mu nnipa yɛ no, ɔbrɛ ne ho ase hyɛ ne kunu ase mmom. (Efe. 2:2) Ɛnhaw ɔyere a ɔyɛ kwasea sɛ ɔbɛka ne kunu ho asɛmmɔne, nanso ɔyere nyansafo de ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma obu a ne mma ne afoforo wɔ ma ne kunu no ayɛ kɛse. Ɔyere nyansafo hwɛ yiye sɛ ɔrenteetee ne kunu, anaa ɔne no nyiyi nsɛm ano mmfa nkyerɛ sɛ ommu ne tiyɛ. Afei nso, ɔnsɛe sika. Ɛda adi sɛ ɔbea a ɔyɛ kwasea sɛe nneɛma a n’abusua abrɛ anya no kwa. Ɔyere a ɔyɛ ɔboafo nte saa. Ɔne ne kunu yɛ biako wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde sika di dwuma ho. Ɔyɛ n’ade nyansam, na ɔnsɛe sika. Ɔnhyɛ ne kunu sɛ ɔnyɛ adwuma mmoro bere a ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma so.

12. Dɛn na ɔyere betumi ayɛ de aboa n’abusua ma ‘wɔawɛn’?

12 Ɔyere pa boa ne kunu ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade de boa ma abusua no ‘wɛn.’ (Mmeb. 1:8) Ɔboa paa ma Abusua Som nhyehyɛe no kɔ so. Bio nso, sɛ ne kunu de afotu ma wɔn mma no anaa ɔteɛ wɔn so a, ɔboa no. Hwɛ sɛnea ɔkwan a ɔyere pa fa so yɛ n’ade yɛ soronko koraa wɔ ɔyere a ɔmmoa ne kunu ma enti ne mma hu amane honam fam ne honhom fam no ho!

13. Dɛn nti na ɛho hia sɛ ɔyere boa ne kunu wɔ nnwuma pii a ɔyɛ de boa asafo no ne ahyehyɛde no mu?

13 Sɛ ɔyere a ɔyɛ ɔboafo hu sɛ ne kunu reyɛ nnwuma pii de aboa Kristofo asafo no a, ɔte nka dɛn? Ɛma n’ani gye! Sɛ́ ne kunu yɛ asafo mu somfo, ɔpanyin, anaa ebia ɔyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw anaa Ɔmantam Adansi Boayikuw muni no, ɔma n’ani gye hokwan a ne kunu wɔ ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛhwehwɛ sɛ ɔyere no de nneɛma bi bɔ afɔre na ama ɔde nsɛm a ɔka ne ne nneyɛe aboa ne kunu yiye. Nanso, onim sɛ nnwuma pii a ne kunu yɛ ma asafo no ne ahyehyɛde no boa abusua no mufo nyinaa ma wɔkɔ so wɛn wɔ honhom fam.

14. (a) Dɛn na ebetumi ayɛ den ama ɔyere a ɔyɛ ɔboafo, na dɛn na obetumi ayɛ de adi so? (b) Dɛn na ɔyere yɛ de boa ma abusua mũ no nyinaa ani gye?

14 Sɛ okunu sisi gyinae a ne yere ne n’adwene nhyia wɔ ho a, ebetumi ayɛ den ama ɔyere no sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ ɔboafo pa ama ne kunu. Ɛno mpo no, ɔyere no da “honhom a ɛyɛ komm na edwo” adi, na ɔboa ne kunu ma gyinae a wasi no yɛ adwuma. (1 Pet. 3:4) Ɔyere pa bɔ mmɔden sɛ obesuasua mmea a wosuro Onyankopɔn a wɔtenaa ase wɔ tete mmere mu a wɔyɛɛ nhwɛso pa te sɛ Sara, Rut, Abigail, ne Yesu maame Maria ho ade. (1 Pet. 3:5, 6) Ɔsan nso suasua mmea mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔbɔ “ɔbra kronkron” no. (Tito 2:3, 4) Sɛ ɔyere pa da ɔdɔ ne nidi adi kyerɛ ne kunu a, ɔboa paa ma wɔn aware no sɔ, na ɛma abusua mũ no nyinaa ani gye. Ne fie yɛ baabi a ahotɔ ne ahobammɔ wɔ. Ɔbarima a ɔne Yehowa ntam yɛ papa no bu ne yere sɛ ɔsom bo ankasa!—Mmeb. 18:22.

Mmofra—‘Momfa Mo Ani Nsi Nneɛma a Wonhu So’

15. Dɛn na mmofra betumi ayɛ de aboa wɔn awofo na ama wɔn abusua ‘awɛn’?

15 Dɛn na mo a moyɛ mmofra no betumi ayɛ de aboa mo awofo na ama mo abusua ‘awɛn’ wɔ honhom fam? Munsusuw nkonimbo a Yehowa de asi mo anim no ho. Ebia mo awofo de sɛnea Paradise bɛyɛ ho mfonini kyerɛɛ mo fi mo mmofraase pɛɛ. Na bere a morenyin no, ɛda adi sɛ wɔde Bible ne Kristofo nhoma ahorow boaa mo ma moyɛɛ sɛnea daa nkwa bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu ho mfonini wɔ mo adwenem. Sɛ mode mo adwene si Yehowa som so na mobɔ mo bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma moatumi ayɛ saa so a, ɛbɛboa mo ma ‘moawɛn.’

16, 17. Dɛn na mmofra betumi ayɛ de atu nkwa ho mmirika no awie?

16 Muntie ɔsomafo Paul asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 9:24 no. (Monkenkan.) Muntu nkwa ho mmirika no a mo botae nyinaa ne sɛ mubedi nkonim. Mommɔ mo bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma moanya nkonimbo a ɛne daa nkwa no so. Nnipa pii adi ahonyade akyi ma atwetwe wɔn adwene afi wɔn ani a wɔbɛkɔ so de asi nkonimbo no so no so. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ wɔyɛɛ saa! Sɛ yedi ahonyade akyi a, ɛremma yennya anigye ankasa. Nneɛma a sika tumi tɔ ntena hɔ daa. Nanso wo de, fa w’ani si “nneɛma a wonhu no” so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ saa? Efisɛ “nneɛma a wonhu no tena hɔ daa.”—2 Kor. 4:18.

17 “Nneɛma a wonhu no” bi ne nhyira a Ahenni no de bɛba. Mommɔ mo bra wɔ ɔkwan a ebetumi ama mo nsa aka nhyira no so. Sɛ mosom Yehowa wɔ mo asetena mu a, ɛbɛma moanya anigye ankasa. Nokware Nyankopɔn no a mobɛsom no no ma munya hokwan du botae a mode bere tiaa bi bedu ho ne nea mode bere tenten bedu ho no ho. * Sɛ mode botae a mubetumi adu ho sisi mo ani so wɔ Yehowa som mu a, ebetumi aboa mo ma moakɔ so asom Onyankopɔn a ɛwɔ mo adwene mu sɛ mubenya nkonimbo a ɛne daa nkwa no.—1 Yoh. 2:17.

18, 19. Ɛbɛyɛ dɛn na abofra bi atumi ahu sɛ ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ?

18 Mmofra, ade a edi kan a ɛde mo besi nkwa kwan no so ne sɛ mo ne Yehowa benya abusuabɔ. So moayɛ saa? Bisa wo ho sɛ: ‘Me ne Yehowa ntam yɛ papa, anaa meyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho esiane sɛ m’awofo yɛ bi nti? So minya su a ɛma Onyankopɔn ani gye me ho? So mebɔ mmɔden sɛ mɛkɔ so ayɛ nneɛma a ɛfa nokware som ho daa te sɛ mpae a mebɔ, ade a misua, asafo nhyiam a mekɔ, ne asɛnka a mekɔ? So meyɛ nneɛma a ɛbɛma me ne Onyankopɔn anya abusuabɔ de bɛn no?’—Yak. 4:8.

19 Susuw nhwɛso a Mose yɛe no ho hwɛ. Ɛmfa ho sɛ wɔde ɔman foforo so amammerɛ tetee Mose no, ɔpawee sɛ ɔbɛma wɔahu no sɛ ɔyɛ Yehowa somfo sen sɛ wobehu no sɛ ɔyɛ Farao babea ba. (Monkenkan Hebrifo 11:24-27.) Mmofra a moyɛ Kristofo, ehia sɛ mo nso musi mo bo sɛ mobɛsom Yehowa nokware mu. Sɛ moyɛ saa a, mubenya anigye ankasa—asetena a ɛyɛ papa sen biara nnɛ—na moanya anidaso sɛ ‘mubeso nkwa ankasa no mu denneennen.’—1 Tim. 6:19.

20. Hena na onya nkonimbo wɔ nkwa ho mmirika a yɛretu no mu?

20 Tete no, na onipa biako pɛ na odi nkonim wɔ mmirikatufo akansi mu. Nanso ɛnyɛ saa na nkwa ho mmirika a yɛretu no te. Onyankopɔn pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:3, 4) Nnipa pii atu mmirika no awie ansa na morehyɛ ase, na nnipa pii ka mo ho a mo ne wɔn retu mmirika no. (Heb. 12:1, 2) Wɔn a wobetumi atu mmirika no awie no nyinaa benya nkonimbo no bi. Enti, munsi mo bo sɛ mubetu awie!

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 “Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no” bɛba ɔkwan biara so. (Mal. 4:5) Ɛnsɛ sɛ Kristofo mmusua ma ɛda no bɛto wɔn mpofirim. Ɛho hia sɛ abusua no mufo nyinaa di wɔn asɛyɛde a Kyerɛwnsɛm no aka ho asɛm no ho dwuma. Dɛn bio na wubetumi ayɛ na ama woakɔ so awɛn wɔ honhom fam na woahyɛ abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no mu den? Adesua a edi hɔ no bɛka nneɛma abiɛsa a ɛbɛboa abusua mũ no nyinaa ma wɔn ani agye wɔ Yehowa som mu ho asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 15, 2010, kratafa 12-16; July 15, 2004, kratafa 21-23.

Dɛn na Wusuae?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo mmusua ‘wɛn’?

• Okunu bɛyɛ dɛn atumi asuasua Oguanhwɛfo Pa no?

• Dɛn na ɔyere pa betumi ayɛ de aboa ne kunu?

• Dɛn na mmofra betumi ayɛ de aboa wɔn mmusua ma wɔawɛn wɔ honhom fam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɔyere a ɔyɛ ɔboafo som bo ma ɔbarima a ɔne Yehowa ntam yɛ papa