Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Mmusua—“Munsiesie Mo Ho”

Kristofo Mmusua—“Munsiesie Mo Ho”

Kristofo Mmusua—“Munsiesie Mo Ho”

“Munsiesie mo ho, efisɛ dɔn a munsusuw saa mu na onipa Ba no reba.”—LUKA 12:40.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu a ɛka sɛ ‘yensiesie’ yɛn ho no?

“SƐ ONIPA Ba no ba n’anuonyam mu,” na ɔpaapae ‘nnipa mu mmiako mmiako’ a, dɛn na ɛbɛto wo ne w’abusua? (Mat. 25:31, 32) Esiane sɛ eyi bɛba wɔ dɔn a yensusuw mu nti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yetie afotu a Yesu de ma sɛ ‘yensiesie yɛn ho’ no!—Luka 12:40.

2 Adesua a edi eyi anim no kaa sɛnea ɛsɛ sɛ abusua no muni biara fa asɛyɛde a ɔwɔ no aniberesɛm na aboa ma abusua mũ no nyinaa akɔ so awɛn wɔ honhom fam ho asɛm. Momma yensusuw nneɛma foforo a yebetumi ayɛ de aboa ma abusua no ani agye wɔ Yehowa som mu ho.

Momma Mo Aniwa ‘Nhwɛ Tee’

3, 4. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua hwɛ yiye wɔ ho? (b) Yɛn aniwa a yɛbɛma ‘ahwɛ tee’ no kyerɛ dɛn?

3 Nea ɛbɛyɛ na mmusua asiesie wɔn ho ama ba a Kristo reba no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamma biribiara antwetwe wɔn amfi nneɛma a ɛfa nokware som ho no ho. Ɛho hia sɛ wɔhwɛ wɔn ho yiye wɔ nneɛma a ebetumi atwetwe wɔn no ho. Esiane sɛ ahonyade akyidi asum mmusua pii afiri nti, susuw nea Yesu ka faa yɛn “aniwa” a yɛbɛkɔ so ama ‘ahwɛ tee’ no ho. (Monkenkan Mateo 6:22, 23.) Sɛnea kanea betumi ama ɔkwan a yɛnam so so ayɛ hann na ama yɛanantew a yɛrenhwe ase no, saa ara na nea yɛde yɛn ‘koma ani’ hwɛ no betumi ama yɛanya nimdeɛ na aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn bra a yɛrenhintiw.—Efe. 1:18.

4 Sɛ yɛn aniwa ankasa betumi ahu ade yiye a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwuma yiye na yetumi de si dekode a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ no so. Saa ara na yɛn koma aniwa nso te. Sɛ yɛn aniwa hwɛ tee a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde yɛn adwene si botae biako pɛ so. Sɛ́ anka yɛbɛma ahonyade a yebenya ho ahia yɛn kɛse wɔ yɛn asetena mu, na yɛama nneɛma a yɛn abusua hia wɔ honam fam a yebenya ama wɔn nkutoo agye yɛn adwene no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si nneɛma a ɛfa Yehowa som ho so mmom. (Mat. 6:33) Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ani asɔ honam fam nneɛma a yɛwɔ, na yɛama Onyankopɔn som ho ahia yɛn asen biribi foforo biara wɔ yɛn asetena mu.—Heb. 13:5.

5. Dɛn na onuawa bi a onnya nnii mfe 20 yɛe de kyerɛe sɛ ɔde ‘n’ani’ asi ɔsom a ɔde bɛma Onyankopɔn so?

5 Sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔn aniwa hwɛ tee a, hwɛ adepa ara a ebetumi afi mu aba! Susuw onuawa bi a onnii mfe 20 a ɔwɔ Ethiopia asɛm no ho hwɛ. Ná ɔbɔ mmɔden paa wɔ ne sukuu adesua mu araa ma bere a owiee sukuu no, onyaa hokwan a na ɛbɛma wɔahwɛ no kwa ma watoa ne sukuu so akɔ akyiri. Nanso, esiane sɛ na ɔde n’ani asi Yehowa a ɔbɛsom no so nti, wannye hokwan no antom. Nanso, ankyɛ na onyaa adwuma bi a na wobetua no ka euro 3,000 ɔsram biara—ɛyɛ sika a ɛboro akatua a adwumayɛfo gye wɔ ɔman no mu so koraa. Nanso, na onuawa kumaa no de ‘n’ani’ asi akwampae adwuma so. Ɔne n’awofo ankosusuw ho koraa na osii gyinae sɛ ɔrenyɛ saa adwuma no. Bere a onuawa no awofo tee nea wayɛ no, wɔtee nka dɛn? Wɔne wɔn ba no nyinaa ani gyei, na wɔka kyerɛɛ wɔn ba no sɛ wahyɛ wɔn anuonyam!

6, 7. Asiane bɛn na ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani da hɔ’ wɔ ho?

6 Adwene a ɛwɔ asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Mateo 6:22, 23 mu no yɛ kɔkɔbɔ a ɛfa anibere ho. Yesu amfa asɛmfua bi a ɛne asɛmfua “tee” bɔ abira anni dwuma, na mmom ɔde asɛmfua “bɔne” na edii dwuma. ‘Aniwa a edi bɔne akyi’ no yɛ anibere, a nea ɛkyerɛ ne sɛ obi ani bere ade anaa ɔyɛ adifudepɛ. (Mat. 6:23) Yehowa te nka dɛn wɔ anibere anaa adifudepɛ ho? Bible ka sɛ: “Aguamammɔ ne afideyɛ biara anaa adifudepɛ [anaa anibere] de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu.”—Efe. 5:3.

7 Ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebehu sɛ afoforo ani bere ade, nanso ɛyɛ den paa sɛ yɛn ankasa yebehu sɛ yɛwɔ saa su no. Enti nyansa wom sɛ yetie Yesu kɔkɔbɔ yi sɛ: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.” (Luka 12:15) Saa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmusua susuw ɛbere ne sika a wɔsɛe wɔ anigyede, ahomegye, ne nea wɔde hwehwɛ ahonyade no ho yiye.

8. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtɔ biribi a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘ama yɛn ani ada hɔ’?

8 Ansa na wobɛtɔ biribi no, ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ wususuw ho ara ne sɛ wowɔ sika a wode bɛtɔ anaa wunni ho sika. Ɛsɛ sɛ wususuw nsɛm te sɛ nea edidi so yi ho: ‘So menya bere de ade a mepɛ sɛ metɔ no adi dwuma bere nyinaa na mahwɛ so yiye? Ebegye bere tenten ahe na mede asua sɛnea mede bɛyɛ adwuma yiye?’ Mo a moyɛ mmofra, munnni nneɛma a wɔbɔ ho dawuru nyinaa akyi, na amma moantotɔ ntade a ne bo yɛ den anaa nneɛma foforo a monhyɛ da nhia. Monhyɛ mo ho so. Afei nso, susuw ho hwɛ sɛ ebia ade a wopɛ sɛ wotɔ no bɛboa w’abusua ma moasiesie mo ho ama ba a onipa Ba no reba no anaa. Nya Yehowa bɔhyɛ a edi so yi mu gyidi. Ɔka sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”—Heb. 13:5.

Mommɔ Mmɔden Nnu Yehowa Som Mu Botae Ho

9. Sɛ abusua bi bɔ mmɔden du botae a wɔde asisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu ho a, dɛn na ebetumi ama wɔahu?

9 Ade foforo a abusua mufo betumi ayɛ de ahyɛ wɔn gyidi den na aboa wɔn ma wɔanya anigye wɔ Yehowa som mu ne sɛ abusua no mufo nyinaa de botae besisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu na wɔabɔ mmɔden adu ho. Sɛ mmusua yɛ saa a, ebetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛnea wɔrenya nkɔso wɔ wɔn botae a ɛne sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani no mu, na ebetumi nso ama wɔahu nneɛma a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wɔn asetena mu.—Monkenkan Filipifo 1:10.

10, 11. Yehowa som mu botae bɛn na morebɔ mmɔden adu ho sɛ abusua, na botae bɛn na mopɛ sɛ mode si mo ani so daakye?

10 Sɛ mode botae nketenkete a ɛfata a abusua no muni biara betumi adu ho sisi mo ani so mpo a, mubetumi anya so mfaso kɛse. Wo de, fa botae a ɛne sɛ mubesusuw daa asɛm no ho da biara da no sɛ nhwɛso. Mmuae a abusua no mufo ma betumi aboa abusua ti no ma wahu sɛnea wɔne Yehowa ntam te. Sɛ mode yɛ mo botae sɛ mobɛkenkan Bible daa sɛ abusua a, ɛma mmofra no nya hokwan a ɛkyɛn so de sua akenkan yiye, na ɛma wɔte Bible mu nsɛm ase yiye nso. (Dw. 1:1, 2) So ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma yɛn mpaebɔ atu mpɔn? Honhom aba no afã ahorow a yɛbɛsow no kɛse no nso betumi ayɛ botae a eye paa a yebetumi abɔ mmɔden adu ho. (Gal. 5:22, 23) Na wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn wɔ asɛnka mu a yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ada tema adi akyerɛ wɔn no nso ɛ? Sɛ mobɔ mmɔden yɛ saa sɛ abusua a, ebetumi aboa mmofra no ma wɔasua sɛ wobenya ayamhyehye, na ɛda adi paa sɛ wɔn ani bɛba abegye ho sɛ wɔbɛyɛ daa akwampaefo anaa asɛmpatrɛwfo.

11 Dɛn nti na wunsusuw botae ahorow bi a wo ne w’abusua betumi abɔ mmɔden adu ho ho? So w’abusua betumi de ayɛ wɔn botae sɛ wɔde bere pii bɛyɛ asɛnka adwuma no? Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi adanse wɔ telefon so, mmɔnten so, anaa baabi a nnwuma wɔ a, so worebɔ mmɔden sɛ wubedi so? Na baabi a wohia Ahenni no ho adawurubɔfo pii a wobɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ hɔ nso ɛ? So abusua no muni bi betumi asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wofi aman foforo so?

12. Dɛn na mmusua ti betumi ayɛ de aboa wɔn mmusua ma wɔanya nkɔso wɔ Yehowa som mu?

12 Sɛ woyɛ abusua ti a, hwehwɛ nneɛma a w’abusua betumi ayɛ na ama moanya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Afei, momfa botae pɔtee a ebetumi ama moanya saa nkɔso no nsisi mo ani so. Ɛsɛ sɛ botae a mode sisi mo ani so sɛ abusua no yɛ nea ɛfata a mo nsɛm tebea ne mo ahoɔden betumi ama moadu ho. (Mmeb. 13:12) Nokwarem no, egye bere na ama moatumi adu botae a ɛfata a mode asi mo ani so no ho. Enti, montɔ bere mfi ɛbere a mode hwɛ television mu na momfa nyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho. (Efe. 5:15, 16) Bɔ mmɔden du botae a wode sisi w’abusua ani so no ho. (Gal. 6:9) Abusua a emufo de botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu no nkɔso ‘bɛda adi nnipa nyinaa anim.’—1 Tim. 4:15.

Monkɔ So Nyɛ Abusua Som a Yɛyɛ no Anwummere No

13. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no dapɛn biara no mu, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

13 Ade a ebetumi aboa mmusua paa ma ‘wɔasiesie wɔn ho’ ama ba a onipa Ba no reba no ne nsakrae titiriw a wɔyɛe wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no dapɛn biara mu a efii ase January 1, 2009 no. Enhia sɛ yehyiam da foforo yɛ nea na wɔfrɛ no Asafo Nhoma Adesua no bio. Seesei, wɔde saa nhyiam no aka Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no ho. Wɔyɛɛ saa nsakrae yi sɛnea ɛbɛyɛ a Kristofo mmusua benya hokwan ahyɛ abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ mu den denam anwummere pɔtee bi a wobeyi asi hɔ dapɛn biara de ayɛ abusua som no so. Efi bere a wɔyɛɛ saa nsakrae no, bere kakra atwam, enti yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So mede bere a yɛanya no reyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no anaa m’ankasa mede saa bere no sua ade? So matumi adu botae nti a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi ho?’

14. (a) Ade titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no anaa yɛn ankasa sua ade? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yeyi anwummere bi si hɔ de sua ade?

14 Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no anaa yenya bere a yɛn ankasa de besua ade ne sɛ ɛbɛma yɛabɛn Onyankopɔn kɛse. (Yak. 4:8) Sɛ yegye bere de sua Bible daa na yenya Ɔbɔadeɛ no ho nimdeɛ pii a, ɛma abusuabɔ a yɛne no wɔ mu yɛ den. Dodow a yɛbɛn Yehowa no, dodow no ara na ɛbɛka yɛn kɛse sɛ ‘yɛmfa yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, yɛn adwene nyinaa, ne yɛn ahoɔden nyinaa’ nnɔ no. (Mar. 12:30) Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn ani gye ho paa sɛ yebetie Onyankopɔn na yɛasuasua no. (Efe. 5:1) Enti, Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no a yɛbɛkɔ so ayɛ no daa no yɛ ade a ɛho hia paa a ɛbɛboa yɛn abusua mufo nyinaa ma ‘yɛasiesie yɛn ho’ wɔ honhom fam bere a yɛrehwɛ “ahohiahia kɛse” a wɔahyɛ ho nkɔm no kwan no. (Mat. 24:21) Ɛho hia na ama wɔagye yɛn nkwa.

15. Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no betumi aka sɛnea abusua no mufo ne wɔn ho wɔn ho di no dɛn?

15 Abusua Som nhyehyɛe no wɔ botae foforo nso, ɛne sɛ ɛbɛboa abusua no mufo ma wɔabɛn wɔn ho wɔn ho. Sɛ abusua mufo bom susuw nneɛma a ɛfa Yehowa som ho dapɛn biara a, ɛboa paa ma wɔne wɔn ho wɔn ho di no yiye. Sɛ awarefo bom sua Bible, na wɔte sɛnea wɔn mu biara de anigye ka nea wasua no ho asɛm a, hwɛ sɛnea ɛma wɔbɛn wɔn ho paa! (Monkenkan Ɔsɛnkafo 4:12.) Ɛda adi sɛ awofo a wɔne wɔn mma bom som Yehowa no bɛba abɛyɛ biako wɔ ɔdɔ a ɛne “koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ” no mu.—Kol. 3:14.

16. Kyerɛ sɛnea anuanom mmea baasa bi renya anwummere a wɔayi asi hɔ de sua Bible no so mfaso.

16 Susuw sɛnea anuanom mmea baasa bi anya nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ yenyi anwummere bi nsi hɔ mfa nsua Bible no so mfaso no ho hwɛ. Ɛwom sɛ saa anuanom mmea a wɔn ani afi a wɔyɛ akunafo yi mmfi abusua biako mu de, nanso wɔte kurow biako mu, na wɔayɛ nnamfo pa mfe dodow bi ni. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wonya bere ne wɔn ho bɔ kɛse na bere koro no ara nso wɔpɛ sɛ wɔde bere a wɔde bɛbɔ no sua Onyankopɔn ho ade sen sɛ wɔde begye wɔn ani kɛkɛ nti, wosii gyinae sɛ wobeyi anwummere biako asi hɔ na wɔahyiam asua Bible no. Wɔde ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’ nhoma no na efii ase yɛ saa. Wɔn mu biako ka sɛ, “Yɛn ani gye ɛbere a yɛde sua ade yi ho araa ma yɛtaa sua ade boro dɔnhwerew biako. Yɛbɔ mmɔden yɛ tebea a yɛn nuanom kɔɔ mu wɔ afeha a edi kan no mu ho mfonini wɔ yɛn adwenem, na yesusuw nea sɛ yɛn nso yɛkɔ tebea a ɛte saa ara mu a, yɛbɛyɛ ho. Afei, yɛbɔ mmɔden de nea yɛasua no yɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Eyi ama yɛn ani agye Ahenni no ho asɛm a yɛreka ne asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no ho paa, na asow aba sen bere biara.” Saa nhyehyɛe yi ama abusuabɔ a anuanom mmea baasa a wɔyɛ nnamfo yi ne Yehowa wɔ mu ayɛ den, na asan nso ama wɔabɛn wɔn ho wɔn ho paa. Wɔka sɛ: “Yɛn ani sɔ saa nhyehyɛe yi paa.”

17. Nneɛma bɛn na ɛma Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no kɔ so yiye?

17 Na wo nso ɛ? Mfaso bɛn na worenya fi anwummere a moayi asi hɔ a mode yɛ abusua som anaa w’ankasa wode sua ade no so? Sɛ wontaa nyɛ a, ɛremma wunnu botae nti a wɔyɛɛ nhyehyɛe no ho. Ɛsɛ sɛ abusua no muni biara yɛ krado sɛ obesua ade wɔ bere a mode ahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ moma nneɛma nketenkete twitware bere a mode yɛ adesua no mu saa anwummere no. Bio nso, ɛsɛ sɛ nea mubesua no yɛ nneɛma a w’abusua no betumi de abɔ wɔn bra. Dɛn na wubetumi ayɛ ma saa bere a mode sua ade yi ayɛ anigye? Fa akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a etu mpɔn so yɛ adesua no, na ma wɔnna obu adi, na ma adesua no nkɔ so asomdwoe mu nso.—Yak. 3:18. *

‘Monwɛn’ na “Munsiesie Mo Ho”

18, 19. Dɛn na nim a wo ne w’abusua nim sɛ onipa Ba no reba no kanyan mo ma moyɛ?

18 Wiase nsɛm tebea a ɛresɛe wɔ yɛn bere yi so no ma ɛda adi pefee sɛ efi afe 1914 reba no, Satan wiase bɔne no ahyɛn ne nna a edi akyiri mu. Harmagedon abɛn. Ɛrenkyɛ, onipa Ba no bɛba na ɔde Yehowa atemmu aba nnipa abɔnefo so. (Dw. 37:10; Mmeb. 2:21, 22) So ɛnsɛ sɛ asɛm yi a wɔama yɛahu no kanyan wo ne w’abusua ma moyɛ ho biribi?

19 So woretie kɔkɔbɔ a Yesu de ama sɛ ma w’aniwa ‘nhwɛ tee’ no? Bere a ebia wiase yi mu nnipa bedi ahonyade akyi, ahwehwɛ din, anaa wɔapere tumidi no, so w’abusua rebɔ mmɔden sɛ mubedu botae a mode asisi mo ani so wɔ Yehowa som mu no ho? So nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ yɛnyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no anaasɛ w’ankasa fa sua ade no rekɔ yiye ma wo? So woredu botae nti a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no ho? Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no, sɛ woyɛ okunu, ɔyere, anaa ɔba a, so woredi w’asɛyɛde a Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm no ho dwuma, na ama woaboa abusua mũ no nyinaa ma ‘moawɛn’? (1 Tes. 5:6) Sɛ woreyɛ saa a, ɛnde ‘wubesiesie wo ho’ ama ba a onipa Ba no reba no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Sɛ wopɛ nneɛma a mubetumi asua bere a moreyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no ne ɔkwan a wobɛfa so ama ayɛ anigye na abusua no mufo de abɔ wɔn bra a, hwɛ October 15, 2009, Ɔwɛn-Aban, kratafa 29-31.

Dɛn na Wusuae?

• Kyerɛkyerɛ sɛnea Kristofo mmusua betumi ‘asiesie wɔn ho’ mu denam . . .

wɔn aniwa a wɔbɛma ‘ahwɛ tee’ no so.

Yehowa som mu botae a wɔde besisi wɔn ani so na wɔabɔ mmɔden adu ho no so.

Abusua Som a wɔbɛkɔ so ayɛ no anwummere no so.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sɛ yɛn aniwa ‘hwɛ tee’ a, ɛremma wiase no ntwetwe yɛn