Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘O Onyankopɔn Nyansa A Emu Dɔ!’

‘O Onyankopɔn Nyansa A Emu Dɔ!’

‘O Onyankopɔn Nyansa A Emu Dɔ!’

“O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!”—ROM. 11:33.

1. Hokwan a ɛsen biara bɛn na Kristofo a wɔabɔ asu wɔ?

HOKWAN a ɛsen biara bɛn na woanya pɛn? Ebia nea ebedi kan aba w’adwene mu yɛ dwumadi bi a woanya anaa anuonyam bi a wɔahyɛ wo. Nanso, Kristofo a wɔabɔ asu de, hokwan a ɛsen biara a yɛwɔ ne sɛ wɔama yɛne nokware Nyankopɔn koro pɛ Yehowa no anya abusuabɔ. Eyi ama ‘wahu’ yɛn.—1 Kor. 8:3; Gal. 4:9.

2. Dɛn nti na Yehowa a yebehu no na ɔno nso ahu yɛn no yɛ hokwan kɛse saa?

2 Dɛn nti na Yehowa a yebehu no na ɔno nso ahu yɛn no yɛ hokwan kɛse saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno ne Obi a ɔsen obiara wɔ amansan yi nyinaa mu, na ɔno ara nso ne Onii a ɔbɔ nnipa a ɔdɔ wɔn no ho ban. Onyankopɔn honhom kaa odiyifo Nahum ma ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa ye, na ɔyɛ abannennen wɔ ahohia bere mu. Na onim wɔn a woguan toa no.” (Nah. 1:7; Dw. 1:6) Nokwasɛm ne sɛ, daa nkwa a yɛhwɛ kwan sɛ yebenya no gyina nokware Nyankopɔn no ne ne Ba Yesu Kristo a yebehu wɔn no so.—Yoh. 17:3.

3. Dɛn na Onyankopɔn a yebehu no no kyerɛ?

3 Onyankopɔn a yebehu no no kyerɛ pii sen ne din ankasa kɛkɛ a yebehu. Ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn sɛ yɛn Adamfo, na yehu nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Saa nneɛma no a yebehu no nso ho hia paa na ama yɛada no adi sɛ yenim no yiye. (1 Yoh. 2:4) Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yehu Yehowa yiye paa a, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yehu. Ɛnyɛ nea wayɛ nkutoo na ɛsɛ sɛ yehu, na mmom ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan a ɔfaa so yɛe ne nea enti a ɔyɛe nso. Dodow a yɛte Yehowa atirimpɔw a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye ase no, dodow no ara na ɛma yɛn ho dwiriw yɛn wɔ sɛnea ‘Onyankopɔn nyansa mu dɔ’ ho.—Rom. 11:33.

Onyankopɔn a Ɔwɔ Atirimpɔw

4, 5. (a) Sɛ wɔde asɛmfua “atirimpɔw” di dwuma wɔ Bible mu a, ɛfa dɛn ho? (b) Fa mfatoho bi kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi afa akwan ahorow so adu atirimpɔw bi ho mu.

4 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw, na Bible ka sɛ ɔwɔ “daa atirimpɔw.” (Efe. 3:10, 11) Saa asɛm yi kyerɛ dɛn ankasa? Sɛ wɔde asɛmfua “atirimpɔw” di dwuma wɔ Bible mu a, ɛfa botae pɔtee bi a wobetumi afa akwan ahorow so adu ho ho.

5 Mfatoho bi ni: Ebia obi pɛ sɛ otu kwan kɔ beae pɔtee bi. Enti, ne botae ne sɛ obedu baabi a ɔrekɔ no. Ebia ɔwɔ mfiri ahorow a obetumi de atu kwan no ne akwan a obetumi afa so akɔ nso. Ebia bere a ɔnam n’akwantu no mu wɔ ɔkwan a wapaw sɛ ɔbɛfa so no so no, wim tebea betumi asakra mpofirim, kar betumi akyere so wɔ ɔkwan no so, na obetumi akɔto sɛ wɔasiw akwan no bi ma enti ɛbɛhwehwɛ sɛ ɔfa ɔkwan foforo so. Nanso, ɛmfa ho nsakrae biara a ɛho hia sɛ ɔyɛ no, sɛ okodu beae a ɔrekɔ no a, na wadu ne botae no ho.

6. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ otumi sakra ɔkwan a ɔfa so ma n’atirimpɔw bam no mu?

6 Sɛnea ebetumi aba sɛ ɔkwantufo bɛsesa ɔkwan a ɔnam so no, saa ara na Yehowa nso ayɛ nsakrae akɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne daa atirimpɔw abam. Esiane sɛ osusuw sɛnea n’abɔde a wonim nyansa tumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade ho nti, ofi ne pɛ mu sakra ɔkwan a ɔfa so du n’atirimpɔw ho mu. Sɛ nhwɛso no, momma yensusuw sɛnea Yehowa dii n’atirimpɔw a ɛfa Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho dwuma no ho. Mfiase no, Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so.” (Gen. 1:28) So atua a wɔtewee wɔ Eden turo no mu no siw saa atirimpɔw no a na ɛbɛbam no kwan? Dabida! Yehowa faa “ɔkwan” foforo so dii n’atirimpɔw ho dwuma de yɛɛ tebea foforo a ɛbae no ho biribi ntɛm ara. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ‘aseni’ bi bɛba na wabesiesie ɔhaw a na atuatewfo no de aba no.—Gen. 3:15; Heb. 2:14-17; 1 Yoh. 3:8.

7. Dɛn na yesua fi sɛnea Yehowa kaa n’ankasa ho asɛm wɔ Exodus 3:14 no mu?

7 Sɛnea sɛ Yehowa redi n’atirimpɔw ho dwuma na tebea foforo bi bɛbom a, otumi fa ɔkwan foforo so di ho dwuma no ne asɛm bi a ɔka faa n’ankasa ho no hyia. Bere a Mose kaa nea na ebetumi ayɛ akwanside kyerɛɛ Yehowa wɔ adwuma bi a na ɔde ahyɛ ne nsa mu no, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ: “‘Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.’ Na ɔde kaa ho sɛ: ‘Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, “Mɛyɛ na asoma me mo nkyɛn.”’” (Ex. 3:14) Nokwarem no, Yehowa tumi yɛ ne ho nea ɔpɛ biara de ma n’atirimpɔw bam koraa! Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi ho mfatoho fɛfɛɛfɛ wɔ Romafo nhoma no ti 11. Ɔkaa sɛnkyerɛnne kwan so ngodua bi ho asɛm wɔ hɔ. Sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yebenya daa nkwa wɔ asase so no, sɛ yɛhwehwɛ saa mfatoho yi mu a, ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nyansa a emu dɔ no ayɛ kɛse.

Yehowa Atirimpɔw a Ɛfa Aseni a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm no Ho

8, 9. (a) Nokwasɛm anan bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛate ngodua ho mfatoho no ase? (b) Asɛmmisa bɛn ho mmuae na ɛma yehu sɛnea Yehowa tumi yɛ nsakrae ma n’atirimpɔw bam?

8 Sɛ yebetumi ate ngodua ho mfatoho no ase a, ɛho hia sɛ yehu Yehowa atirimpɔw a ɛfa aseni a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no ho nokwasɛm anan bi. Nea edi kan, Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ n’aseni anaa n’asefo so na “asase so aman nyinaa nam benya nhyira.” (Gen. 22:17, 18) Nea ɛto so abien, wɔhyɛɛ Israel man a wɔyɛ Abraham asefo no bɔ sɛ wɔn mu na wobenya “asɔfo ahemman.” (Ex. 19:5, 6) Nea ɛto so abiɛsa, bere a honam fam Israelfo dodow no ara annye Mesia no antom no, Yehowa faa kwan foforo so nyaa “asɔfo ahemman” no. (Mat. 21:43; Rom. 9:27-29) Nea ɛto so anan, ɛwom sɛ Yesu na ɔyɛ Abraham aseni no mu otitiriw de, nanso wɔde hokwan ama afoforo sɛ wɔmmɛyɛ saa aseni no fã.—Gal. 3:16, 29.

9 Sɛ yegyina nokwasɛm anan yi so susuw asɛm yi ho a, yehu wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ nnipa 144,000 na wɔne Yesu bedi ade sɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. (Adi. 14:1-4) Wɔka saa nkurɔfo yi ho asɛm nso sɛ wɔyɛ “Israel mma.” (Adi. 7:4-8) Nanso, so 144,000 no nyinaa yɛ honam fam Israelfo anaa Yudafo? Saa asɛmmisa yi ho mmuae ma yehu sɛnea Yehowa tumi yɛ nsakrae ma n’atirimpɔw bam. Afei, momma yɛnhwɛ sɛnea krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Romafo no boa yɛn ma yehu mmuae no.

“Asɔfo Ahemman”

10. Ɛbɔ bɛn na wɔhyɛɛ Israel man no nkutoo?

10 Sɛnea yɛadi kan aka no, na Israel man no nkutoo na na wɔahyɛ wɔn bɔ sɛ wobenya “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron” no afi wɔn mu. (Monkenkan Romafo 9:4, 5.) Nanso, sɛ na Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ba a, na dɛn na ebesi? So na wobenya honhom fam Israelfo 144,000 no nyinaa afi honam fam Israel man no mu ma wɔabɛyɛ Abraham aseni no fã a ɛto so abien?

11, 12. (a) Bere bɛn na wofii ase paw wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ ɔsoro Ahenni no mufo no, na Yudafo dodow no ara a na wɔwɔ hɔ saa bere no yɛɛ wɔn ade dɛn? (b) Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so maa wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ Abraham aseni no ‘dodow bɔɔ ano’?

11 Monkenkan Romafo 11:7-10. Sɛ́ ɔman no, Yudafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no poo Yesu. Enti wogyee hokwan a na wɔwɔ sɛ wobenya Abraham aseni no afi wɔn nkutoo mu no fii wɔn nsam. Nanso, efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu a wofii ase paw wɔn a na wɔbɛyɛ “asɔfo ahemman” wɔ soro no, na Yudafo binom a wɔwɔ koma pa wɔ hɔ a wogyee ɔfrɛ no so. Esiane sɛ na wɔn dodow yɛ mpem kakraa bi nti, sɛ wode wɔn toto Yuda man mũ no nyinaa ho a, na wɔte sɛ “nkaefo” kakraa bi pɛ.—Rom. 11:5.

12 Nanso, na ɔkwan bɛn na Yehowa bɛfa so ama wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ Abraham aseni no ‘dodow abɔ ano’? (Rom. 11:12, 25) Hyɛ mmuae a ɔsomafo Paulo de mae yi nsow: “Ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm dii nkogu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi [honam fam] Israel mu nyinaa na wɔyɛ ‘Israelfo’ ankasa. Saa ara nso na ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti wɔn nyinaa yɛ mma [Abraham aseni no fã] . . . Kyerɛ sɛ, ɔhonam mma no nyɛ Onyankopɔn mma ankasa, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo.” (Rom. 9:6-8) Enti na ɛnyɛ Abraham asefo nkutoo ankasa na wohia na ama Yehowa atirimpɔw a ɛfa aseni no ho no abam.

Sɛnkyerɛnne Kwan So Ngodua No

13. Dɛn na egyina hɔ ma (a) ngodua no, (b) ne ntini, (d) ne dutan, ne (e) ne nnubaa no?

13 Ɔsomafo Paulo toaa so de wɔn a wɔbɛba abɛyɛ Abraham aseni no fã no totoo sɛnkyerɛnne kwan so ngodua nnubaa ho. * (Rom. 11:21) Saa ngodua a woduae yi gyina hɔ ma Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa apam a ɔne Abraham yɛe no mmamu ho. Dua no ntini yɛ kronkron, na egyina hɔ ma Yehowa a ɔno na ɔma honhom fam Israel nkwa no. (Yes. 10:20; Rom. 11:16) Dutan no gyina hɔ ma Yesu a ɔyɛ Abraham aseni no fã titiriw no. Nnubaa no nyinaa a ɛka abom no gyina hɔ ma wɔn a wɔka Abraham aseni no fã a ɛto so abien ho no a wɔn ‘dodow abɔ ano’ no.

14, 15. Henanom na ‘wobubuu wɔn fii’ ngodua a woduae no so, na henanom na wɔtɛw wɔn wɔ mu?

14 Wɔ ngodua ho mfatoho no mu no, wɔde honam fam Yudafo a wɔpoo Yesu no totoo ngodua nnubaa a ‘wobubu fii so’ no ho. (Rom. 11:17) Eyi nti, wɔhweree hokwan a na wobenya abɛyɛ Abraham aseni no fã no. Nanso, henanom na na wɔde wɔn bɛhyɛ wɔn ananmu? Honam fam Yudafo a na wɔde hoahoa wɔn ho sɛ wɔyɛ Abraham asefo no de, na wɔn ani rennye mmuae a wobenya no ho koraa. Nanso, na Yohane Osuboni no adi kan abɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ Yehowa pɛ a, obetumi ama Abraham anya mma afi abo mu.—Luka 3:8.

15 Ɛnde, dɛn na Yehowa yɛe de maa n’atirimpɔw baa mu? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔde wuram ngodua nnubaa bɛtɛw ngodua a woduae no mu de hyɛɛ nea wɔabubu afi so no ananmu. (Monkenkan Romafo 11:17, 18.) Enti, wɔde Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ amanaman mufo te sɛ wɔn a na wɔwɔ Roma asafo no mu binom bae bɛtɛw wɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so ngodua yi mu. Wɔnam saa kwan yi so bɛyɛɛ Abraham aseni no fã. Mfiase no, na wɔte sɛ wuram ngodua nnubaa a na wonni hokwan sɛ wɔbɛyɛ apam titiriw yi fã. Nanso, Yehowa ma wonyaa hokwan bɛyɛɛ honhom fam Yudafo.—Rom. 2:28, 29.

16. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ honhom fam man foforo a wɔhyehyɛe no mu?

16 Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu wɔ saa kwan yi so sɛ: “Enti mo [honhom fam Israelfo, a Amanaman mufo Kristofo ka ho] mmom na [Yesu Kristo som bo] ma mo, efisɛ moyɛ gyidifo; na wɔn a wonnye nni no de, ‘ɔbo koro no ara a adansifo no poe no abɛyɛ tweatibo,’ ne ‘hintibo ne watiriw bo.’ . . . Nanso mo de, moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’ Mo na kan no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Onyankopɔn man; mo na bere bi na wonhu mo mmɔbɔ, nanso seesei wɔahu mo mmɔbɔ.”—1 Pet. 2:7-10.

17. Ɔkwan bɛn so na nea Yehowa yɛe no yɛ biribi a “ɛne ne su nhyia,” anaa ɛne adebɔ nhyia?

17 Yehowa yɛɛ biribi a nnipa pii renhwɛ kwan koraa. Paulo kaa nea ɔyɛe no ho asɛm sɛ “ɛne ne su nhyia,” anaa ɛne adebɔ nhyia. (Rom. 11:24) Ɔkwan bɛn so na na ɛte saa? Ná ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ biribi a ɛntaa nsi, na ɛnyɛ ne kwan so mpo sɛ wɔbɛtɛw wuram ngodua wɔ ngodua a wɔadua mu; nanso, saa na akuafo binom yɛe wɔ afeha a edi kan no mu. * Yehowa nso yɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa saa. Wɔ Yudafo ani so no, na Amanaman mufo rentumi nsow aba a ɛfata. Nanso, Yehowa maa nnipa a wɔte saa yi bɛyɛɛ “ɔman” a wɔsow Ahenni aba no fã. (Mat. 21:43) Hokwan buei ma wɔde wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wontwaa twetia no bɛtɛw saa sɛnkyerɛnne kwan so ngodua yi mu fi bere a wɔde honhom kronkron sraa Kornelio a ɔyɛ Amanaman muni a ontwaa twetia a odii kan sakra bɛyɛɛ Yudani wɔ afe 36 Y.B. mu no.—Aso. 10:44-48. *

18. Hokwan bɛn na honam fam Yudafo nyae wɔ afe 36 Y.B. mu akyi?

18 So eyi kyerɛ sɛ wɔ afe 36 Y.B. mu akyi no, na honam fam Yudafo no nni hokwan bio sɛ wɔbɛba abɛyɛ Abraham aseni no fã? Dabi. Paulo kae sɛ: “Wɔn [honam fam Yudafo] nso, sɛ wɔankɔ so antena ase sɛ nnipa a wonni gyidi a, wɔde wɔn bɛtɛw mu; efisɛ Onyankopɔn betumi asan de wɔn abɛtɛw mu bio. Efisɛ sɛ wotwaa wo fii wuram ngodua ho de wo bɛtɛw turo mu ngodua a ɛne ne su nhyia mu a, mpɛn ahe ara na wɔremfa eyinom a wokura ne su no bi mmɛtɛw wɔn ankasa ngodua no mu!” *Rom. 11:23, 24.

“Israel Nyinaa Benya Nkwa”

19, 20. Sɛnea wɔayɛ sɛnkyerɛnne kwan so ngodua no ho mfatoho no, dɛn na Yehowa ma ɛbam?

19 Nokwarem no, Yehowa atirimpɔw a ɛfa “Onyankopɔn Israel” ho no reba mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. (Gal. 6:16) Sɛnea Paulo kae no, “Israel nyinaa benya nkwa.” (Rom. 11:26) Wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, “Israel nyinaa,” kyerɛ sɛ, honhom fam Israelfo a wɔn dodow abɔ ano no bɛsom sɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. Biribiara ntumi nsiw Yehowa atirimpɔw a ɛbɛba mu no kwan da!

20 Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, Abraham aseni a ɔne Yesu Kristo ne 144,000 no de nhyira bɛbrɛ “amanaman mufo.” (Rom. 11:12; Gen. 22:18) Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa benya saa nhyehyɛe yi so mfaso wɔ saa kwan yi so. Nokwarem no, sɛ yesusuw sɛnea Yehowa ama ne daa atirimpɔw no abam no ho a, ‘Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ a emu dɔ’ no ma yɛn ho dwiriw yɛn paa.—Rom. 11:33.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Ɛda adi sɛ ngodua no nyɛ honam fam Israel ho mfonini. Ɛwom sɛ honam fam Israel mu na woyii ahemfo ne asɔfo fii de, nanso ɔman no ammɛyɛ asɔfo ahemman. Ná Mose Mmara no mma ahemfo a wɔwɔ Israel no kwan mma wɔnyɛ asɔfo. Enti na ngodua no ntumi nnyina hɔ mma Israel man no. Ná Paulo rekyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa “asɔfo ahemman” ho no bɛbam wɔ honhom fam Israel so no mu. Eyi yɛ ntease foforo a yɛanya wɔ nea ɛbae wɔ August 15, 1983, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 14-19 no ho.

^ nky. 17 Eyi sii wɔ bere a wɔde saa hokwan yi maa wɔn a na wɔyɛ honam fam Yudafo no wɔ mfe abiɛsa ne fã a wɔde hokwan no maa wɔn sɛ wɔmmɛyɛ honhom fam man foforo no fã no akyi. Wɔkae sɛ saa asɛm no besi wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa mfepɛn 70 ho no mu.—Dan. 9:27.

^ nky. 18 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “turo” a ɛwɔ Romafo 11:24 no fi asɛmfua a ɛkyerɛ “papa, ɛkyɛn so” anaa “nea edi biribi ho dwuma yiye” mu. Nea wɔtaa de ka ho asɛm titiriw ne nneɛma a edi atirimpɔw nti a wɔyɛe ho dwuma.

So Wokae?

• Dɛn na yesua fa Yehowa ho wɔ ɔkwan a ɔfa so ma n’atirimpɔw bam no ho?

• Wɔ Romafo ti 11 mu no, dɛn na egyina hɔ ma . . .

ngodua no?

ne ntini?

ne dutan?

ne nnubaa?

• Dɛn nti na wuram ngodua a wɔde tɛw ngodua a wɔadua mu no ne ‘ne ne su nhyia,’ anaa ɛne adebɔ nhyia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]

 Wuram Ngodua Nnubaa a Wɔtɛw—Dɛn Ntia?

▪ Ná Lucius Junius Moderatus Columella yɛ Roma sraani ne okuafo a ɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Nhoma 12 a ɔkyerɛwee a ɛfa akuraase asetena ne kuayɛ ho no na nkurɔfo de nim no paa.

Ɔfaa tete bɛ yi kaa asɛm wɔ ne nhoma a ɛto so anum no mu sɛ: “Nea ɔfɛntɛm ngodua turo mu no pɛ sɛ ɛsow ma no; na nea ɔde ɔyɛ-asase-yiye gugu ase no hwehwɛ sɛ ɛsow aba; na nea otwitwa ho no ma ɛsow dɔsɔɔ.”

Bere a ɔkaa nnua a n’ahaban ayɛ frɔmfrɔm nanso ɛnsow aba ho asɛm wiei no, ɔde nyansahyɛ a edi so yi mae sɛ: “Ɛyɛ papa sɛ wode adwinnade bi betu mu tokuru na woatwa wuram ngodua dubaa abɛhyɛ tokuru a woatu wɔ dua no ho no mu, na woma ɛkyere mu; sɛ woyɛ saa a, ebegye ntini na asow pii.”

[Mfonini wɔ kratafa 23]

So wote sɛnkyerɛnne kwan so ngodua ho mfatoho no ase?