Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa So Koraa A Ɛma Yenya Akomatɔyam

Sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa So Koraa A Ɛma Yenya Akomatɔyam

Sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa So Koraa A Ɛma Yenya Akomatɔyam

“Mefrɛ Yehowa a, obetie me.”—DW. 4:3.

1, 2. (a) Tebea a ɛyɛ hu bɛn na Dawid hyiae? (b) Nnwom bɛn na yɛrebesusuw ho?

NÁ ƆHENE Dawid adi Israel so mfe kakra, nanso saa bere yi na ɔrehyia tebea bi a ɛyɛ hu. Ná ne ba Absalom a wabɔ pɔw bɔne no asi ne ho hene, na na ama Dawid aguan afi Yerusalem. Ná ne fotufo a ɔwɔ ne mu ahotoso nso ayi no ama, na afei bere a na aka anokwafo kakraa bi a wɔda so ka ne ho no, ɔde nusu nantew foroo Ngo Bepɔw no a na ɔnhyɛ mpaboa. Bio nso, Simei a ofi Ɔhene Saul abusua mu no paa Dawid abo, ɔtow mfutuma guu no so, na ɔdomee no.—2 Sam. 15:30, 31; 16:5-14.

2 So na saa amanehunu yi de Dawid bɛkɔ Asaman awerɛhow mu ne animguase mu? Dabi, efisɛ ɔde ne ho too Yehowa so. Eyi da adi wɔ Dwom a ɛto so 3 a Dawid hyehyɛe bere a na ɔreguan no mu. Ɔno ara nso na ɔkyerɛw Dwom a ɛto so 4 no. Saa nnwom abien yi nyinaa ma yenya ahotoso sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ, na ɔma ho mmuae nso. (Dw. 3:4; 4:3) Saa nnwom yi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa gyina n’asomfo anokwafo akyi awia ne anadwo, ɔboa wɔn, na ɔma wonya asomdwoe ne akomatɔyam. (Dw. 3:5; 4:8) Enti, momma yensusuw nnwom yi ho na yɛnhwɛ sɛnea ɛma yenya akomatɔyam, na ɛma yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so.

Bere a ‘Nnipa Pii Sɔre Tia Yɛn’

3. Sɛnea Dwom 3:1, 2 da no adi no, tebea bɛn na Dawid kɔɔ mu?

3 Obi kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Israel mmarima koma akodi Absalom akyi.” (2 Sam. 15:13) Bere a na Dawid ntumi nhu nea ɛyɛe a Absalom tumi nyaa nnipa pii ma wokodii n’akyi no, obisae sɛ: “O Yehowa, dɛn nti na m’atamfo adɔɔso saa? Dɛn nti na nnipa pii sɔre tia me? Nnipa pii ka wɔ me kra ho sɛ: ‘Onyankopɔn rennye no nkwa.’” (Dw. 3:1, 2) Israelfo pii nyaa adwene sɛ na Yehowa rennye Dawid mfi amanehunu a na Absalom ne ne nkurɔfo de aba no so no mu.

4, 5. (a) Ahotoso bɛn na na Dawid wɔ? (b) Asɛm a ɛne “Nea ɔma me ti so” no kyerɛ dɛn?

4 Nanso, Dawid nyaa akomatɔyam efisɛ ɔde ne ho too Onyankopɔn so koraa. Ɔtoo dwom sɛ: “Nanso wo Yehowa, wone me kyɛm, wone m’anuonyam ne Nea ɔma me ti so.” (Dw. 3:3) Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ ne ho ban te sɛ nea ɔkyɛm bɔ ɔsraani ho ban no ara pɛ. Nokwarem no, na ɔhene a ne mfe akɔ anim no reguan a aniwu nti na wakata ne ti so na wasi ne ti ase. Nanso na Ɔsorosoroni no bɛsesa tebea a na Dawid akɔ mu no ma wabɛyɛ obi a ɔwɔ anuonyam. Ná Yehowa bɛma wateɛ ne mu na wama ne ti so bio. Dawid frɛɛ Onyankopɔn, na na ɔwɔ ahotoso sɛ obetie no. So woda ahotoso a ɛte saa adi wɔ Yehowa mu?

5 Dawid nam asɛm a ɔkae sɛ “Nea ɔma me ti so” no so kyerɛe sɛ Yehowa na ɔhwɛ no kwan sɛ ɔbɛboa no. Today’s English Version no kenkan sɛ: “Nanso wo, O AWURADE, wo na wobɔ me ho ban bere nyinaa fi asiane ho; woma midi nkonim na woma mesan nya akokoduru.” Nhoma bi ka asɛm “Nea ɔma me ti so” no ho asɛm sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ma . . . obi ‘ti’ so a, Ɔma onya anidaso ne ahotoso kɛse.” Esiane sɛ wɔmaa Dawid guan fii Israel ahengua no so nti, ntease wom sɛ n’abam bui. Nanso, na ‘ne ti so a wɔbɛma’ no bɛma wasan anya akokoduru ne akomatɔyam na ɔde ne ho ato Onyankopɔn so koraa.

‘Yehowa Begye So!’

6. Dɛn nti na Dawid kae sɛ wobefi Yehowa bepɔw kronkron so na abua ne mpaebɔ?

6 Esiane sɛ na Dawid de ne ho to Yehowa so, na onim sɛ obua mpaebɔ nti, ɔtoaa so kae sɛ: “Mɛma me nne so afrɛ Yehowa, na obegye me so afi ne bepɔw kronkron so.” (Dw. 3:4) Ná ɔmanfo no adi Dawid ahyɛde so de apam adaka a na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn mu no kɔ Bepɔw Sion so. (Monkenkan 2 Samuel 15:23-25.) Enti, ɛfata sɛ Dawid kae sɛ Yehowa befi ne bepɔw kronkron so abua ne mpaebɔ.

7. Dɛn nti na na Dawid nsuro?

7 Esiane sɛ na Dawid wɔ ahotoso sɛ sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpae a obetie nti, na onsuro. Mmom no, ɔtoo dwom sɛ: “Me de, mɛda me kɛtɛ so, na mada; menyan efisɛ Yehowa gyina m’akyi.” (Dw. 3:5) Anadwo mpo a na ɛda adi paa sɛ Dawid atamfo betumi atow ahyɛ no so mpofirim no, wansuro sɛ ɔbɛda. Ná ɔwɔ awerɛhyem sɛ obenyan, efisɛ na nsɛmnsɛm a wahyia wɔ mmere bi a atwam no ama wanya ahotoso koraa sɛ Onyankopɔn begyina n’akyi ɔkwan biara so. Sɛ yɛnantew “Yehowa akwan” so na yɛamfi so da a, yɛn nso yebetumi anya ahotoso a ɛte saa ara.—Monkenkan 2 Samuel 22:21, 22.

8. Ɔkwan bɛn so na Dwom 27:1-4 ma yehu sɛ Dawid de ne ho too Onyankopɔn so?

8 Akomatɔyam a Dawid nyae, ne ne ho a ɔde too Onyankopɔn so koraa no da adi wɔ nnwom foforo a efi honhom mu a ɔhyehyɛe mu sɛ: “Yehowa ne me hann ne me nkwagye. Hena na mesuro no? Yehowa ne me nkwa abannennen. Hena na me ho bɛpopo n’anim? . . . Sɛ dɔm bɔ me so nsra a, me koma rentu. . . . Ade biako na mesrɛ Yehowa—ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ Yehowa papayɛ, na mede anisɔ ahwɛ n’asɔrefie.” (Dw. 27:1-4) Sɛ saa na wote nka na sɛ wo nsɛm tebea ma wo kwan a, wo ne wo mfɛfo a wɔyɛ Yehowa asomfo behyiam daa.—Heb. 10:23-25.

9, 10. Ɛmfa ho asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 3:6, 7 nyinaa akyi no, dɛn nti na wobɛka sɛ na ɔnyɛ obi a ɔde bɔne tua bɔne so ka?

9 Ɛwom sɛ Absalom yii Dawid mae na nnipa foforo pii nso anni no nokware de, nanso ɔtoo dwom sɛ: “Merensuro nnipa mpempem a wɔatwa me ho ahyia. O Yehowa, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me ɛ! Bubu m’atamfo nyinaa abogye. Dwiriw abɔnefo sẽ.”Dw. 3:6, 7.

10 Ná Dawid nyɛ obi a ɔde bɔne tua bɔne so ka. Sɛ na ‘wobebubu’ n’atamfo “abogye” a, na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbɛyɛ saa. Ná Ɔhene Dawid ankasa akyerɛw Mose Mmara no bi afa, na na onim wɔ Mmara no mu sɛ Yehowa aka sɛ: “Aweredi wɔ me, na me na metua ka.” (Deut. 17:14, 15, 18; 32:35) Ɛyɛ Onyankopɔn ankasa nso na na ‘obedwiriw abɔnefo sẽ.’ Nea abɔnefo sẽ a na wobedwiriw no kyerɛ ne sɛ na wɔbɛma wɔn ahoɔden asa a wontumi nyɛ bɔne biara. Yehowa nim wɔn a wɔyɛ abɔnefo, efisɛ “ɔhwɛ komam.” (1 Sam. 16:7) Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ Onyankopɔn ama yɛanya gyidi ne ahoɔden a yɛde begyina pintinn ako atia Satan, ɔbɔnefo kɛse a wɔde no bɛto amoa donkudonku mu nnansa yi ara te sɛ gyata a onni sẽ a ɔrebobom a nea ɛda hɔ ma no ara ne ɔsɛe no!—1 Pet. 5:8, 9; Adi. 20:1, 2, 7-10.

“Nkwagye Yɛ Yehowa Dea”

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn mfɛfo gyidifo?

11 Dawid hui sɛ Yehowa nkutoo na obetumi ama wanya nkwagye a na ohia denneennen no. Nanso, odwontofo no ansusuw ɔno nkutoo ho. So na osusuw Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ n’anim dom nyinaa nso ho? Ɛfata sɛ Dawid de nsɛm a edi so yi wiee ne nnwom a Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔhyehyɛe yi sɛ: “Nkwagye yɛ Yehowa dea. Wo nhyira wɔ wo man so.” (Dw. 3:8) Ɛwom sɛ na Dawid haw sõ de, nanso na odwen Yehowa nkurɔfo nyinaa ho, na na ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn behyira wɔn. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yedwen yɛn mfɛfo gyidifo ho? Momma yɛnkae wɔn wɔ yɛn mpaebɔ mu, na yɛnsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya akokoduru ne ahotoso de aka asɛmpa no.—Efe. 6:17-20.

12, 13. Dɛn na ɛtoo Absalom, na Dawid yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

12 Absalom wuu animguase wu, na ɛno yɛ kɔkɔbɔ ma wɔn a wɔbɛteetee afoforo nyinaa, ne titiriw, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn te sɛ Dawid no. (Monkenkan Mmebusɛm 3:31-35.) Ɔko bi kɔɔ so maa Absalom asraafo dii nkogu. Ná Absalom te afurumpɔnkɔ so, na ne ti nhwi kuhaa no kɔkyekyeree dua kɛse bi nkorabata a ɛwɔ fam mu. Ná ɔsɛn hɔ a onwui a na wayɛ mmerɛw kosii sɛ Yoab de mpɛmɛ abiɛsa wɔɔ ne komam kum no.—2 Sam. 18:6-17.

13 Bere a Dawid tee asɛm a ato ne ba no, so n’ani gyei anaa? Dabi. Mmom no, ɔde ahoyeraw dii akɔneaba sui, na otwaa adwo sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi, me ba Absalom! Anka me mmom minwu, anka minsi w’ananmu, Absalom, me ba yi, me ba yi!” (2 Sam. 18:24-33) Ɛyɛ asɛm a Yoab kae na ɛmaa Dawid ani baa ne ho so, anyɛ saa a anka awerɛhow bekum no. Hwɛ sɛnea tumidi a na Absalom repɛ denneennen nti ɔko tiaa n’ankasa n’agya a na Yehowa asra no no ma ɛde mmusu baa no so ma owuu owu yaayaw!—2 Sam. 19:1-8; Mmeb. 12:21; 24:21, 22.

Dawid San De Ne Ho Too Onyankopɔn So

14. Dɛn na yebetumi aka afa sɛnea wɔhyehyɛɛ Dwom a ɛto so 4 no ho?

14 Dwom a ɛto so 4 no te sɛ Dwom a ɛto so 3 no, na ɛyɛ mpae a Dawid fi komam bɔe a ɛma yehu sɛ na ɔde ne ho to Yehowa so koraa. (Dw. 3:4; 4:3) Ebetumi aba sɛ ɛyɛ bere a Absalom antumi antu Dawid amfi ade so no akyi na ɔhyehyɛɛ saa dwom yi de daa akomatɔyam a na wanya adi na ɔde daa Onyankopɔn ase. Anaasɛ ebia ɔhyehyɛ maa Lewifo nnwontofo no. Emu biara mu no, sɛ yedwinnwen dwom no ho a, ebetumi ahyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu den.

15. Dɛn nti na yebetumi de ahotoso afa Yehowa Ba no so abɔ no mpae?

15 Dawid san daa no adi sɛ ɔde ne ho to Onyankopɔn so koraa, na ɔdaa no adi sɛ ogye di paa sɛ Onyankopɔn tie ne mpaebɔ. Ɔtoo dwom sɛ: “O me trenee Nyankopɔn, sɛ mefrɛ wo a, gye me so. Sɛ mekɔ ahohia mu a, ma mintumi ntwa me ho. Hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.” (Dw. 4:1) Sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ a, yɛn nso yebetumi anya ahotoso a ɛte saa ara. Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa a ɔne “trenee Nyankopɔn” no hyira ne nkurɔfo a wɔteɛ nti, yebetumi anya Yesu agyede afɔre no mu gyidi na yɛde ahotoso afa Yehowa Ba no so abɔ no mpae. (Yoh. 3:16, 36) Hwɛ sɛnea eyi ma yenya asomdwoe ankasa!

16. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Dawid abam bui?

16 Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi ahyia tebea bi a ebu abam a ɛsɛe yɛn asomdwoe. Ebetumi aba sɛ Dawid abam bui bere tiaa bi mu, efisɛ ɔtoo dwom sɛ: “Nnipa mma, mubebu m’anuonyam animtiaa akosi da bɛn? Mobɛdɔ adehunu akosi da bɛn? Mubedi atoro akyi akosi da bɛn?” (Dw. 4:2) Ɛda adi sɛ wamfa asɛm a ɛne “nnipa mma” no anka adesamma ho asɛm pa. Ná Dawid atamfo ‘dɔ adehunu.’ New International Version Bible no kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ: “Mubedi adehunu ne atoro anyame akyi akosi da bɛn?” Sɛ nea afoforo yɛ nti yɛn abam bu mpo a, momma yɛnkɔ so mfi yɛn koma mu mmɔ mpae, na yɛmfa yɛn ho nto nokware Nyankopɔn koro pɛ no so koraa.

17. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ yɛn ade ma ɛne asɛm a ɛwɔ Dwom 4:3 no ahyia mu.

17 Asɛm a edi hɔ yi ma yehu pefee sɛ Dawid de ne ho too Yehowa so. Ɔkae sɛ: “Munhu sɛ ɛyɛ dɛn ara a, Yehowa bɛma n’anokwafo ada nsow; mefrɛ Yehowa a, obetie me.” (Dw. 4:3) Ɛho hia sɛ yenya akokoduru na yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na ama yɛatumi akɔ so adi no nokware. Sɛ nhwɛso no, ɛho hia sɛ abusua bi a wɔyɛ Kristofo nya saa su ahorow yi bere a wɔatu wɔn busuani bi a wayɛ bɔne a wannu ne ho no. Onyankopɔn di wɔn a wodi no nokware na wɔnantew n’akwan so no ni. Saa ara na sɛ Yehowa nkurɔfo di nokware na wonya ne mu ahotoso koraa a, ɛma wonya anigye.—Dw. 84:11, 12.

18. Sɛnea Dwom 4:4 kyerɛ no, sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn anaasɛ ɔne yɛn anni no yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Na sɛ obi ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi ma ɛhyɛ yɛn abufuw nso ɛ? Sɛ yɛyɛ nea Dawid kae yi a, yɛn ani betumi akɔ so agye. Ɔkae sɛ: “Mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Momma mo nsɛm ntena mo koma mu mo mpa so, na monyɛ komm.” (Dw. 4:4) Sɛ obi aka asɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ yɛn anaasɛ ɔne yɛn anni no yiye a, mommma yɛnnyɛ no bi ntua ka mmfa nnyɛ bɔne. (Rom. 12:17-19) Yebetumi aka nea ɛwɔ yɛn komam ho asɛm wɔ mpaebɔ mu wɔ yɛn mpa so. Sɛ yɛbɔ asɛm no ho mpae a, ebetumi ama adwene a yɛanya wɔ asɛm no ho asesa, na yɛafi ɔdɔ mu de akyɛ no. (1 Pet. 4:8) Ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ asɛm yi ho ne ɔsomafo Paulo afotu a ɛda adi sɛ egyina Dwom 4:4 so no. Ɔkae sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.”—Efe. 4:26, 27.

19. Ɔkwan bɛn so na Dwom 4:5 betumi aboa yɛn wɔ honhom fam afɔre a yɛbɔ no mu?

19 Bere a Dawid resi nea enti a ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so no so dua no, ɔtoo dwom sɛ: “Mommɔ trenee afɔre, na momfa mo ho nto Yehowa so.” (Dw. 4:5) Sɛ na Israelfo de adwempa bɔ afɔre nkutoo a, ɛnna na afɔre a wɔbɔ no bɛyɛ nea mfaso wɔ so. (Yes. 1:11-17) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya adwempa, na yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so koraa ansa na honhom fam afɔre a yɛbɔ no asɔ n’ani.—Monkenkan Mmebusɛm 3:5, 6; Hebrifo 13:15, 16.

20. ‘Yehowa anim hann’ no kyerɛ dɛn?

20 Dawid toaa so kae sɛ: “Nnipa pii reka sɛ: ‘Hena na ɔbɛma yɛahu papa?’ O Yehowa, ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so.” (Dw. 4:6) ‘Yehowa anim hann’ no kyerɛ Onyankopɔn anim dom. (Dw. 89:15) Enti bere a Dawid bɔɔ mpae sɛ: “Ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so” no, na nea ɔrekyerɛ ne sɛ ‘ma yennya w’anim dom.’ Esiane sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so nti, sɛ yɛde ahotoso yɛ n’apɛde a, yenya n’anim dom ne anigye kɛse.

21. Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no sɛnea yɛn ahoɔden nyinaa betumi ama yɛayɛ no nnɛ a, dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya?

21 Esiane sɛ na Dawid hwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛma wanya anigye a ɛsen nea wonya wɔ otwabere mu nti, ɔtoo dwom maa Yehowa sɛ: “Wobɛma me koma ani agye asen bere a wɔn nnɔbae ne wɔn nsã foforo abu so.” (Dw. 4:7) Sɛ yɛyɛ nea yɛn ahoɔden nyinaa betumi ama yɛayɛ wɔ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no mu a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya anigye kɛse. (Luka 10:2) Bere a wɔn a wɔasra wɔn, ‘ɔman a adɔ pii’ no di yɛn anim no, seesei yɛwɔ anigye bere a ‘otwa adwuma no mu adwumayɛfo’ no redɔɔso no. (Yes. 9:3) So worenya otwa adwuma a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa sɛnea ɛfata ankasa?

Kɔ So Fa Wo Ho To Onyankopɔn So Koraa

22. Sɛnea Dwom 4:8 kyerɛ no, bere a Israelfo no dii Onyankopɔn Mmara so no, dɛn na wonyae?

22 Dawid kaa asɛm a edi hɔ yi de wiee saa dwom yi sɛ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ me kɛtɛ so, na asomdwoe mu na mɛda, efisɛ wo Yehowa nkutoo na woma minya ahotɔ.” (Dw. 4:8) Bere a Israelfo dii Yehowa Mmara so no, wɔne no tenaa asomdwoe mu, na wonyaa akomatɔyam. Sɛ nhwɛso no, wɔ Solomon ahenni no mu no, “Yuda ne Israel tenaa hɔ dwoodwoo.” (1 Ahe. 4:25) Bere mpo a na amanaman a wɔatwa Israel ho ahyia no ne wɔn nka no, Israelfo a na wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so no nyaa asomdwoe. Yɛda wɔ asomdwoe mu, efisɛ Onyankopɔn ma yenya akomatɔyam te sɛ Dawid.

23. Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so koraa a, dɛn na yebenya?

23 Momma yɛnkɔ so mfa yɛn ho nhyɛ Yehowa som mu. Momma yɛn nso yɛmmɔ mpae wɔ gyidi mu na ama yɛanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” (Filip. 4:6, 7) Hwɛ anigye a ɛno ma yenya! Na sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛhwɛ daakye kwan a yɛrensuro.

Wubebua Dɛn?

• Ɔhaw ahorow bɛn na Absalom nti Dawid hyiae?

• Ɔkwan bɛn so na Dwom a ɛto so 3 no ma yenya akomatɔyam?

• Akwan bɛn so na Dwom a ɛto so 4 no hyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu den?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya yɛn ho a yɛde to Onyankopɔn so koraa no so mfaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Bere a Absalom nti Dawid guanee no, na Dawid wɔ Yehowa mu ahotoso

[Mfonini wɔ kratafa 32]

So wode wo ho to Yehowa so koraa?