Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Ankasa?

So W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Ankasa?

So W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Ankasa?

LORRAINE ka sɛ: “Bere a mifii ase kenkan Bible daa no, na m’ani nnye akenkan no ho, na ɛte sɛ nea mereyɛ adwumaden bi. Ná ɛyɛ den sɛ mɛte ase, enti na m’adwene taa kyinkyin.”

Afoforo nso ka sɛ bere a wofii ase kenkan Bible no, na wɔn ani nnye ho saa ara. Nanso, womiaa wɔn ani kenkanee efisɛ na wonim sɛ eye paa sɛ wɔbɛkenkan Kyerɛw Kronkron no. Marc ka sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛma kwan ma nneɛma atwitware bere a wode kenkan Bible na wode sua ade no mu. Mebɔɔ ho mpae mpɛn pii, na mebɔɔ me ho mmɔden paa nso ansa na Bible a mɛkenkan no daa no rebɛyɛ ade a meyɛ no daa wɔ m’asetena mu.”

Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woanya anisɔ kɛse ama Onyankopɔn Asɛm Bible no? Wobɛyɛ dɛn atumi ama w’ani agye Bible akenkan ho? Susuw nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ho.

Botae ne Akwan

Sɛ worebɛkenkan Bible a bɔ mpae, na fa w’adwene si ade a worebɛkenkan no so. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wunnya n’Asɛm a wubesua no ho anigye. Srɛ no ma ommue w’adwene ne wo koma mu mma wunhu ne nyansa yiye. (Dw. 119:34) Sɛ woamfa saa kwan yi so a, ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛfa Bible akenkan sɛ biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ ara kɛkɛ, na ebia w’ani rennye ho sɛ wobɛkɔ so asua. Lynn ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mekenkan ade ntɛmntɛm dodo, enti mintumi nhyɛ nsɛm foforo bi a ɛho hia nsow koraa. Mpɛn pii no, mente nsɛntitiriw a ɛwɔ ade a merekenkan no mu ase yiye. Nanso, mebɔ mpae hwehwɛ ahosodi, na eyi boa me ma m’adwene nkyinkyin.”

Kyerɛ nea wusua no ho anisɔ. Kae sɛ Bible mu nokware no a wobɛkenkan ate ase na wode ayɛ adwuma no na ɛbɛma woanya nkwa. Enti bɔ mmɔden paa sɛ wobɛhwehwɛ nsɛm bi a mfaso wɔ so, na wode ayɛ adwuma. Chris ka sɛ: “Mehwehwɛ nsɛm a ɛbɛboa me ma mahu suban ne adwene a ɛmfata a m’ankasa mewɔ. Ɛyɛ me anigye sɛ minya nsɛm a ɛwɔ Bible ne yɛn nhoma ahorow pii mu a ɛboa m’ankasa, ɛmfa ho sɛ minhyiaa wɔn a wɔkyerɛwee no da no.”

Fa botae ahorow a wubetumi adu ho sisi w’ani so. Bɔ mmɔden sɛ wubesua biribi foforo afa nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Sɛ wohwɛ Insight on the Scriptures anaa Watch Tower Publications Index no mu a, wubetumi anya wɔn mu pii ho nsɛm a ɛyɛ anigye. Sɛ wuhu sɛ mmarima ne mmea a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no yɛ nnipa ankasa a wɔwɔ nipasu ne nkate a, nea wusua fa wɔn ho no bɛboa wo pii.

Hwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so asusuw Kyerɛwnsɛm no ho. (Aso. 17:2, 3) Ɛno ne adwene a Sophia de sua ade. Ɔka sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mesua akwan foforo a mɛfa so ne afoforo asusuw nsɛm ho wɔ asɛnka mu ne mmere foforo mu, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akyerɛkyerɛ Bible mu nokware no mu yiye. Ɔwɛn-Aban no yɛ adwinnade a ɛfata paa a metumi de ayɛ eyi.”—2 Tim. 2:15.

Twa Bible mu nsɛm ho mfonini wɔ w’adwenem. Hebrifo 4:12 ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa.” Sɛ worekenkan Kyerɛwnsɛm no a, twa nneɛma a na nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no rehu no ho mfonini wɔ w’adwenem, na ama Onyankopɔn asɛm a woresua no aboa wo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nsɛm a na wɔte no, na te nka te sɛ nea na wɔte no. Fa wɔn tebea no toto tebea pɔtẽẽ bi a ɛrekɔ so wɔ w’asetena mu no ho. Sua biribi fi sɛnea wodii nneɛma ho dwuma no mu. Eyi bɛma woate nneɛma ase yiye, na Bible mu nsɛm aka wo tirim.

Gye bere fa susuw kyerɛw nsɛm a ɛyɛ den sɛ wobɛte ase ne ɛho nkyerɛkyerɛmu ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte ase yiye. Bere biara a wubesua ade no, gye bere pii fa yɛ saa. Wubetumi ahu nsɛmmisa bi a w’ani betumi agye ho a ɛhwehwɛ sɛ woyɛ ho nhwehwɛmu kɔ akyiri. Yɛ nsɛmfua a wunhyiae da ho nhwehwɛmu, susuw asehɔ nsɛm ho, na hwɛ kyerɛw nsɛm foforo a wɔatwe adwene asi so wɔ Bible mu no. Dodow a wote nea wokenkan no ase na wode yɛ adwuma no, dodow no ara na w’ani begye ho sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm no. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi aka asɛm a odwontofo no kae no bi sɛ: “Mafa wo [Yehowa] nkaesɛm sɛ m’agyapade daa daa, efisɛ ɛno ne me komam ahurusidi.”—Dw. 119:111.

Ɛnsɛ sɛ wokenkan ade ahopere so. Fa bere a ɛfata yɛ wo kokoam adesua. Hwɛ sɛ wubenya bere a wode yɛ kokoam adesua ne nea wode besua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no. Raquel ka sɛ: “Mpɛn pii no, ɛyɛ a meyɛ basaa ma mintumi mfa m’adwene nsi ade a meresua no so. Enti mahu sɛ sɛ mansua nneɛma pii a, ɛboa me. Sɛ misua ade saa a, ɛma nneɛma a misua no boa me paa.” Chris ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ mede ahopere sua ade a, m’ahonim haw me efisɛ nea misua no kakraa bi pɛ na ɛka me tirim. Mpɛn pii no, ade a meresua no nka me koma.” Enti, sɛ woresua ade a, tɔ wo bo ase.

Ma wo kɔn nnɔ Onyankopɔn asɛm kɛse. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Te sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn foforo no, munnya akɔnnɔ mma asɛm no mu nufusu a wɔmfraa mu no, na monam so anyin akɔ nkwagye mu.” (1 Pet. 2:2) Ɛho nhia sɛ nkokoaa bɔ wɔn ho mmɔden ansa na wɔn kɔn adɔ nufusu. Wɔwoo wɔn no ara na wɔn kɔn dɔ nufusu. Nanso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ yɛn de yennya akɔnnɔ mma Onyankopɔn asɛm no. Sɛ wokenkan Bible no kratafa biako pɛ da biara a, ɛrenkyɛ na woanya saa akɔnnɔ no. Ɛrenkyɛ na w’ani abegye ade a ebia mfiase no na ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ no ho.

Dwinnwen Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho. Sɛ wudwinnwen ade a wokenkan ho a, wunya mfaso pii nso. Ɛma wode nea woakenkan no toto nhwehwɛmu a woayɛ wɔ Onyankopɔn asɛm mu dedaw no ho. Ɛrenkyɛ na woanya nyansa a ɛte sɛ nhene pa a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm mu no, ɛyɛ agyapade a ɛsom bo.—Dw. 19:14; Mmeb. 3:3.

Sɛnea Wɔde Bere Di Dwuma Yiye

Egye mmɔdenbɔ na ama woakɔ so asua ade daa, nanso nhyira a ɛwɔ so nni ano. Ɛbɛma woate Kyerɛwnsɛm no ase yiye. (Heb. 5:12-14) Nhumu ne nyansa a wubenya afi Kyerɛwnsɛm no a efi Onyankopɔn honhom mu no ma wunya anigye ne asomdwoe. Nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no a efi honhom mu no yɛ “nkwa dua” ma wɔn a woso mu na wɔde yɛ adwuma no.—Mmeb. 3:13-18.

Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm no kɔ akyiri a, ebetumi ama woanya ntease koma. (Mmeb. 15:14) Ɛbɛboa wo ma wode afotu a ɛka koma a egyina Bible so ankasa ama afoforo. Sɛ wugyina nsɛm a wokenkan fi Kyerɛwnsɛm no mu ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no” nhoma mu so sisi gyinae a, wubehu sɛnea Yehowa Asɛm no a efi honhom mu no ma abotɔyam na ɛhyɛ den. (Mat. 24:45) Ɛbɛma woaka nsɛm a ɛhyɛ nkuran, nea ɛma anidaso, na woayɛ obi a Yehowa Asɛm no kyerɛ wo kwan wɔ biribiara a woyɛ mu. Bio nso, biribiara a ɛfa wo ne Onyankopɔn abusuabɔ ho bewie yiye.—Dw. 1:2, 3.

Onyankopɔn ho dɔ a ahyɛ wo koma ma no bɛka wo ma woaka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. Eyi nso betumi ama w’ani agye paa. Sophia rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkaakae kyerɛw nsɛm ahorow na ɔde ayɛ adwuma de ama afiewuranom ani agye asɛm no ho, na ama Kristofo adwuma a ɔyɛ no atu mpɔn na ayɛ anigye. Ɔka sɛ: “Sɛ wuhu sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ Bible mu nsɛm a woka kyerɛ wɔn no ho a, ɛma w’ani gye paa.”

Nanso, mfaso a ɛsen biara a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no a wobɛma w’ani agye ho no so ne abusuabɔ a emu yɛ den a wo ne Yehowa benya. Sɛ wusua Bible a, ɛma wutumi hu Yehowa gyinapɛn ahorow, ɛma wunya ne dɔ, n’ayamye, ne n’atɛntrenee ho anisɔ kɛse. Bibiri foforo biara nni hɔ a ɛho hia paa anaa mfaso wɔ so kɛse sen Bible a yebesua. Yere wo ho sua Onyankopɔn Asɛm no. Sɛ woyɛ saa a, na wode wo bere redi dwuma yiye ankasa.—Dw. 19:7-11.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

ONYANKOPƆN ASƐM A WOBƐKENKAN: BOTAE NE AKWAN

▪ Sɛ worebɛkenkan Bible a bɔ mpae, na fa w’adwene si ade a worebɛkenkan no so.

▪ Kyerɛ nea wusua no ho anisɔ.

▪ Fa botae ahorow a wubetumi adu ho sisi w’ani so.

▪ Hwehwɛ akwan foforo a wobɛfa so asusuw Kyerɛwnsɛm no ho.

▪ Twa Bible mu nsɛm ho mfonini wɔ w’adwenem.

▪ Gye bere fa susuw kyerɛw nsɛm a ɛyɛ den sɛ wobɛte ase ne ɛho nkyerɛkyerɛmu ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte ase yiye.

▪ Ɛnsɛ sɛ wokenkan ade ahopere so.

▪ Ma wo kɔn nnɔ Onyankopɔn asɛm kɛse.

▪ Dwinnwen Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ho.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Sɛ worekenkan Bible mu asɛm bi a, fa no sɛ wowɔ tebea a ɛte saa ara mu