Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Fa Nhoma Mmobɔwee no, Titiriw Aboa Nhoma De no Bra’

‘Fa Nhoma Mmobɔwee no, Titiriw Aboa Nhoma De no Bra’

‘Fa Nhoma Mmobɔwee no, Titiriw Aboa Nhoma De no Bra’

ƆSOMAFO Paulo kaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛɛ ne yɔnko Timoteo a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ ɔmfa nhoma bi mmrɛ no. Nhoma mmobɔwee ne aboa nhoma bɛn na na Paulo reka ho asɛm? Dɛn na ɛma ɔkaa saa asɛm yi? Na dɛn na yebetumi asua afi ade a ɔsrɛe yi mu?

Eduu afeha a edi kan Y.B. mu mfinimfini mu a Paulo kyerɛw saa asɛm no, na wɔakyekyɛ nhoma 39 a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ma ayɛ nhoma 22 anaa 24, na ɛbɛyɛ sɛ na emu dodow no ara nni nhoma mmobɔwee biako so. Ɔbenfo Alan Millard kae sɛ ɛwom sɛ na saa nhoma mmobɔwee yi bo yɛ den de, nanso na “wɔn a biribi wɔ wɔn nsam . . . tumi tɔ bi.” Anyɛ yiye koraa no, na ebinom wɔ emu biako. Sɛ nhwɛso no, na Etiopiani piani no wɔ nhoma mmobɔwee wɔ ne teaseɛnam mu, na na “ɔrekenkan odiyifo Yesaia nhoma no.” Ná ɔyɛ “otumfoɔ a ɔhwɛ Etiopiafo hemmaa Kandake sika nyinaa so.” Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ ɔdefo ma enti na obetumi anya Kyerɛwnsɛm no afã bi.—Aso. 8:27, 28.

Paulo kyerɛwee wɔ krataa a ɔde kɔsrɛɛ ade wɔ Timoteo hɔ no mu sɛ: “Sɛ woreba a, fa m’atade a mede ko awɔw a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me, ɛne nhoma mmobɔwee no, titiriw aboa nhoma de no.” (2 Tim. 4:13) Eyi ma yehu sɛ na Paulo wɔ nhoma pii. Sɛ Paulo amma Onyankopɔn Asɛm no ho anhia no paa a, nhoma bɛn bio na anka ɛho behia no? Bible ho ɔbenfo A. T. Robertson kaa asɛm a ɛne “aboa nhoma” a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm yi mu ho asɛm sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ saa nhoma yi yɛ Apam Dedaw no mu nhoma no bi, na na aboa nhoma de no bo yɛ den sen mmɛw krataa de no.” “Wɔkyerɛkyerɛɛ” Paulo “wɔ Gamaliel” a na nnipa nyinaa bu no no a na ɔkyerɛkyerɛ Mose Mmara no ‘nan ase’ fi ne mmofraase. Enti, ntease wom sɛ na Paulo ankasa benya Onyankopɔn Asɛm no a ɛwɔ nhoma mmobɔwee so no bi.—Aso. 5:34; 22:3.

Sɛnea Kristofo De Nhoma Mmobɔwee Dii Dwuma

Nanso, wɔn a wodi yiye na na wɔwɔ Kyerɛw Kronkron a ɛwɔ nhoma mmobɔwee so no bi. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na Kristofo dodow no ara tee Onyankopɔn Asɛm no mu nsɛm saa bere no? Yebetumi anya mmuae no afi Paulo krataa a odii kan kyerɛw kɔmaa Timoteo no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba.” (1 Tim. 4:13) Ná baguam akenkan ka nhyiam a na Kristofo asafo ahorow no yɛ ho, ná ɛyɛ biribi a na Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ fi Mose bere so tɔnn.—Aso. 13:15; 15:21; 2 Kor. 3:15.

Esiane sɛ na Timoteo yɛ asafo mu panyin nti, na ɛsɛ sɛ ɔma ‘n’ani kũ’ ade a ɔkenkan no den ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a na wonni Kyerɛwnsɛm no bi no betumi anya so mfaso. Ɛda adi sɛ sɛ na wɔrekenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ baguam a, na wɔn nyinaa tie no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm biako mpo rentwam a wɔnte, na ɛbɛyɛ sɛ na awofo ne wɔn mma susuw nea na wɔkenkan wɔ nhyiam ahorow ase no ho wɔ fie.

Yesaia Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu no ho a nnipa pii ate ho asɛm no tenten bɛyɛ anammɔn 24 (mita 7.3). Esiane sɛ na abaa hyɛ nhoma mmobɔwee no ti ne ti, na ɛtaa wɔ nnuraho a wɔde bɔ ho ban nti, na emu bɛyɛ duru. Enti, ɛbɛyɛ sɛ na Kristofo dodow no ara ntumi mfa pii nhyɛ wɔn ho nkɔ asɛnka. Sɛ na Paulo ankasa wɔ Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee so no bi a ɔde di dwuma mpo a, ɛda adi sɛ na ɔrentumi mfa nhoma mmobɔwee a ɔwɔ no nyinaa nhyɛ ne ho ntutu akwan. Ɛda adi sɛ ogyaw nhoma mmobɔwee no bi wɔ n’adamfo Karpo nkyɛn wɔ Troa.

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Nhwɛso a Paulo Yɛe no Mu?

Aka bere tiaa bi ma Paulo a na wɔde no ato afiase wɔ Roma ne mprenu so de n’adesrɛ ato Timoteo anim no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mako ɔko pa no, matu mmirika no awie . . . Efi saa bere yi rekɔ no, nea ɛda hɔ retwɛn me ne trenee ahemmotiri.” (2 Tim. 4:7, 8) Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw saa asɛm no bɛyɛ afe 65 Y.B. mu, bere a Nero de ɔtaa baa Kristofo so no. Saa bere no, na afiase a wɔde no ato no nyɛ ahodwo koraa. Nokwarem no, ohui sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no. (2 Tim. 1:16; 4:6) Ntease wom sɛ Paulo kaa ne komam asɛm sɛ wɔmfa ne nhoma mmobɔwee no mmrɛ no. Ɛwom sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ wako ɔko pa no awie de, nanso na n’ani gye ho sɛ obesua Onyankopɔn Asɛm no de akɔ so ahyɛ ne ho den.

Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo da so wɔ Efeso bere a ne nsa kaa Paulo adesrɛ no. (1 Tim. 1:3) Sɛ obi fi Efeso rekɔ Roma na ɔfa Troa a, obetwa bɛyɛ akwansin 1000 (kilomita 1,600). Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran wɔ saa krataa no ara mu sɛ: “Yɛ nea wubetumi nyinaa bra ansa na awɔw bere adu.” (2 Tim. 4:21) Bible nka sɛ ebia Timoteo nyaa po so hyɛn de koduu Roma bere a na Paulo rehwɛ kwan no.

Dɛn na yebetumi asua afi srɛ a Paulo srɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa “nhoma mmobɔwee no, titiriw aboa nhoma de no” mmrɛ no no mu? Ná n’ani gye ho paa sɛ ne nsa bɛka Onyankopɔn Asɛm no wɔ saa bere a na ne ho yeraw no paa wɔ n’asetena mu no. So wunhu sɛ eyi boaa no ma ɔne Onyankopɔn ntam yɛɛ papa bere nyinaa, na ɛma ɔyɛɛ nnam, na ɔhyɛɛ nnipa pii nso nkuran?

Ɛnnɛ, hwɛ sɛnea sɛ yɛn ankasa wɔ Bible mũ no nyinaa bi a, ɛyɛ nhyira! Yɛn mu bi mpo wɔ Bible no pii ne Bible nkyerɛase ahorow. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛte Kyerɛwnsɛm no ase akɔ akyiri te sɛ Paulo. Paulo krataa a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no ne nea etwa to wɔ nkrataa 14 a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no mu. Ɔkaa n’adesrɛ no ho asɛm wɔ ɛrekɔ nhoma no awiei. Nokwasɛm ne sɛ, srɛ a Paulo srɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmfa nhoma mmobɔwee no, titiriw aboa nhoma de no’ mmrɛ no no yɛ nneɛma a etwa to a na ɛda ne koma so a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no mu biako.

So wopɛ paa sɛ woko gyidi ko pa no wie sɛnea Paulo yɛe no? So wopɛ sɛ wokɔ so de nnamyɛ som Yehowa na wusiesie wo ho sɛ wode wo ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu kosi bere tenten biara a Awurade pɛ sɛ yɛyɛ adwuma no kodu? Ɛnde, dɛn nti na wonyɛ nea Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ no? “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so” denam Bible a seesei nnipa pii wɔ bi sen bere biara a wɔde di dwuma a ɛyɛ mmerɛw koraa sen nhoma mmobɔwee no a wobɛkɔ so de anigye asua no daa no so.—1 Tim. 4:16.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 18, 19]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Efeso

Troa

Roma