Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Mmabun Bɔ Asu?

So Ɛsɛ sɛ Mmabun Bɔ Asu?

So Ɛsɛ sɛ Mmabun Bɔ Asu?

AGYA bi a ɔyɛ Kristoni a ɔwɔ Philippines a wɔfrɛ no Carlos * ka sɛ: “M’ani agye paa sɛ seesei me babea no yɛ Yehowa somfo, na minim sɛ ɔno nso ani agye.” Agya bi a ɔwɔ Greece kyerɛwee sɛ: “Me ne me yere ani agye sɛ yɛn mma baasa no bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ wɔn mmabunbere mu. Wɔrenya nkɔso wɔ nokware no mu, na ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔresom Yehowa.”

Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo mma bɔ asu a, ɛfata sɛ wodi ahurusi, nanso ɛtɔ mmere bi a anigye no akyi no, ɛyɛ a na wɔn yam hyehye wɔn. Ɛna bi kae sɛ: “M’ani gyei yiye, na bere koro no ara nso, egyaw me adwinnwen paa.” Dɛn nti na ɛna no ani gyei yiye na bere koro no ara nso egyaw no adwinnwen paa? Ɔkae sɛ: “Mibehui sɛ afei de na me babarima no bebu nea ɔbɛyɛ biara ho akontaa akyerɛ Yehowa.”

Som a obi bɛsom Yehowa sɛ ne Dansefo a wabɔ asu no yɛ botae a ɛsɛ sɛ mmabun nyinaa de si wɔn ani so. Nanso, ebia awofo a wosuro Onyankopɔn bebisa sɛ, ‘Minim sɛ me ba anya nkɔso paa de, nanso so ɔwɔ akokoduru a ɛfata a ɔde begyina ɔbrasɛe ho nhyɛso ano na wakɔ so ama ne ho atew wɔ Yehowa ani so?’ Ebia afoforo nso bebisa wɔn ho sɛ, ‘Sɛ honam fam adedodowpɛ twetwe me ba a, so ɔbɛkɔ so de anigye ne nsi asom Onyankopɔn?’ Sɛ ɛte saa a, Bible mu akwankyerɛ bɛn na ebetumi aboa awofo ma wɔahu sɛ ebia wɔn mma aso sɛ wɔbɔ asu anaa?

Osuani a Obi Bɛyɛ Yɛ Ahwehwɛde a Ɛho Hia Paa

Sɛ́ anka Onyankopɔn Asɛm no bɛkyerɛ mfe pɔtẽẽ a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu no, nea ɛka ho asɛm mmom ne nkɔso a ɛsɛ sɛ obi nya wɔ Onyankopɔn som mu ansa na wabɔ asu. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu.” (Mat. 28:19) Enti, wɔn a wɔyɛ Kristo asuafo dedaw na wɔfata sɛ wɔbɔ wɔn asu.

Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ osuani? Insight on the Scriptures nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Saa asɛm yi fa nnipa a wogye Kristo nkyerɛkyerɛ tom na wɔsan di akyi pɛpɛɛpɛ no nyinaa ho titiriw.” So mmofra nkumaa nso betumi ayɛ Kristo asuafo ankasa? Onuawa bi a wasom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Latin Amerika bɛboro mfe 40 ni no kyerɛw n’ankasa ne ne nuabeanom baanu ho asɛm sɛ: “Ná yɛanyinyin adu baabi a na yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa na yɛtena Paradise. Yɛn ho so a yehyirae no hyɛɛ yɛn den ma yetumi gyinaa sɔhwɛ a mmabun taa hyia no ano. Yennuu yɛn ho sɛ yehyiraa yɛn nkwa so maa Onyankopɔn wɔ yɛn mmofraase.”

Woyɛ dɛn hu sɛ wo ba abɛyɛ Kristo suani? Bible ka sɛ: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.” (Mmeb. 20:11) Susuw nneyɛe bi a sɛ ɔbabun da no adi a ɛma yehu sɛ ɔrema ‘ne nkɔso ada adi’ sɛ osuani no ho hwɛ.—1 Tim. 4:15.

Nea Ɛkyerɛ sɛ Obi Yɛ Osuani

So wo ba tie w’asɛm? (Kol. 3:20) So ɔyɛ adwuma a wɔde ma no wɔ fie? Bible ka Yesu a na wadi mfe 12 no ho asɛm sɛ: “Ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ [n’awofo] ase.” (Luka 2:51) Nokwarem no, ɛnnɛ, abofra biara nni hɔ a obetumi adi n’awofo asɛm so pɛpɛɛpɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo ‘di Yesu anammɔn akyi pɛɛ.’ Enti, ɛsɛ sɛ mmabun a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu no yɛ wɔn a wotie wɔn awofo asɛm.—1 Pet. 2:21.

Susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho hwɛ: So wo ba yere ne ho yɛ asɛnka adwuma no de ‘kɔ so hwehwɛ Ahenni no kan’? (Mat. 6:33) So n’ani gye ho sɛ ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo anaasɛ gye sɛ woka brɛ ansa na wakɔka asɛm no akyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn afie mu? So onim asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu no? So n’ani gye ho sɛ ɔbɛsan akɔ wɔn a ɔne wɔn kasae wɔ asasesin no mu a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no nkyɛn? So ɔma ne sukuufo ne n’akyerɛkyerɛfo hu sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo?

So asafo nhyiam ahorow a ɔbɛkɔ ho hia no? (Dw. 122:1) So n’ani gye ho sɛ ɔbɛma mmuae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Bible Adesua ase? So ofi ne pɛ mu de ne ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu?—Heb. 10:24, 25.

So wo ba kwati fekubɔne wɔ sukuu mu ne baabi foforo biara sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so ama ne ho atew wɔ abrabɔ fam? (Mmeb. 13:20) Nnwom, sini, television so dwumadi, video so agodie, ne Intanɛt so dwumadi bɛn na n’ani gye ho? So ne nsɛm a ɔka ne ne nneyɛe da no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Bible mu gyinapɛn bɔ ne bra?

So wo ba nim Bible mu yiye? So otumi de n’ankasa nsɛm ka nneɛma a osua bere a moreyɛ Abusua Som a yɛyɛ no anwummere no? So obetumi akyerɛkyerɛ Bible mu nokware no mfitiasesɛm mu? (Mmeb. 2:6-9) So n’ani gye Bible akenkan ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no nhoma ahorow a osua ho? (Mat. 24:45) So obisa nsɛm fa Bible nkyerɛkyerɛ ne Bible mu nsɛm ho?

Saa nsɛmmisa no betumi aboa wo ma woahu baabi a wo ba anya nkɔso akodu wɔ nokware no mu. Sɛ wususuw nsɛmmisa no ho wie a, ebia wubehu sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ biribi mu ansa na wabɔ asu. Nanso, sɛnea ɔbɔ ne bra no kyerɛ sɛ ɔyɛ osuani, na sɛ wahyira ne nkwa so ama Onyankopɔn ampa a, ebia wubehu sɛ wubetumi ama no kwan ma wabɔ asu.

Mmofra Betumi Ayi Yehowa Ayɛ

Onyankopɔn asomfo pii daa no adi sɛ wɔyɛ anokwafo wɔ wɔn mmabunbere mu anaa wɔn mmofraase. Susuw Yosef, Samuel, Yosia, ne Yesu ho hwɛ. (Gen. 37:2; 39:1-3; 1 Sam. 1:24-28; 2:18-20; 2 Be. 34:1-3; Luka 2:42-49) Ɛbɛyɛ sɛ wɔtetee Filipo mmabea baanan a na wɔhyɛ nkɔm no nso yiye fii wɔn mmofraase.—Aso. 21:8, 9.

Ɔdansefo bi a ɔwɔ Greece kae sɛ: “Mebɔɔ asu no, na madi mfe 12. Minnuu me ho da sɛ misii saa gyinae no. Efi saa bere no, mfe 24 atwam, na mede emu mfe 23 ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no boaa me bere nyinaa ma migyinaa nsɛnnennen a mmabun hyia no ano. Bere a midii mfe 12 no, na minnim Kyerɛwnsɛm no mu sɛnea minim no seesei no. Nanso na minim sɛ medɔ Yehowa, na na mepɛ sɛ mesom no daa. Ɛyɛ me dɛ sɛ waboa me ma makɔ so asom no.”

Sɛ́ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin no, sɛ ɔda no adi sɛ ɔyɛ Kristo suani ankasa a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no asu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Rom. 10:10) Sɛ ɔbabun bi a ɔyɛ Kristo suani si gyinae a ɛho hia sɛ ɔbɛbɔ asu a, na ɔne n’awofo nyinaa adu botae titiriw bi ho. Mma biribiara mma anigye a ɛte saa a wo anaa wo mma benya no mmɔ mo.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Adaka wɔ kratafa 5]

Adwene a Ɛfata sɛ Yenya wɔ Asubɔ Ho

Awofo binom bu asu a wɔn mma bɛbɔ sɛ ɛyɛ ade a mfaso wɔ so na asiane nso wom—te sɛ nea obi rekogye tumi krataa a wɔde ka kar ara pɛ. Nanso, so ebetumi aba sɛ asu a obi bɛbɔ ne ɔsom kronn a ɔde ne ho bɛhyɛ mu no remma ensi no yiye daakye? Bible ka sɛ ɛnte saa. Mmebusɛm 10:22 ka sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.” Ɔsomafo Paulo nso kyerɛw kɔmaa aberante Timoteo sɛ: “Nokwasɛm ni, mfaso kɛse wɔ onyamesom pa ne nea obi wɔ a ɔma n’ani sɔ so.”—1 Tim. 6:6.

Nokwarem no, Yehowa a obi bɛsom no no nna fam. Yeremia hyiaa nsɛnnennen pii wɔ n’adwuma a ɔyɛe sɛ Onyankopɔn diyifo no mu. Nanso, ɔkyerɛw ɔsom a ɔde maa nokware Nyankopɔn no ho asɛm sɛ: “W’asɛm bɛyɛɛ ahurusi ne anigye wɔ me koma mu; wo din na ɛda me so, O Yehowa, asafo Nyankopɔn.” (Yer. 15:16) Ná Yeremia nim sɛ Onyankopɔn som na ɛma n’ani gye. Satan wiase no de, ɛde amanehunu na ɛba. Ɛho hia sɛ awofo boa wɔn mma ma wohu saa nsonsonoe no.—Yer. 1:19.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

So Ɛsɛ sɛ Me Ba Tu N’asubɔ Hyɛ Da?

Ɛtɔ mmere bi na sɛ mmofra fata sɛ wɔbɔ asu mpo a, wɔn awofo tumi ka kyerɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra. Dɛn na ebetumi ama wɔaka saa?

Misuro sɛ sɛ me ba bɔ asu a, ebia akyiri yi ɔbɛyɛ bɔne a emu yɛ duru ma wɔatu no afi asafo no mu. So ntease wom sɛ yebenya adwene sɛ ɔbabun a otu n’asubɔ hyɛ da no remmu ne nneyɛe ho akontaa nkyerɛ Onyankopɔn? Solomon kaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ mmabun sɛ: “Hu sɛ [wo nneyɛe] ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.” (Ɔsɛnk. 11:9) Paulo nso kaa asɛm a edi so yi a wanka mfe a obi adi ho asɛm sɛ: “Yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”—Rom. 14:12.

Wɔn a wɔabɔ asu ne wɔn a wɔmmɔɔ asu nyinaa bebu akontaa akyerɛ Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfi sɛ Yehowa bɔ n’asomfo ho ban denam ‘sɔ a ɔremma wɔnsɔ wɔn nhwɛ ntra nea wobetumi’ so. (1 Kor. 10:13) Bere tenten a nnipa a wɔte saa no ‘ma wɔn ani da hɔ’ na wɔko tia sɔhwɛ no, wobetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn. (1 Pet. 5:6-9) Ɛna bi a ɔyɛ Kristoni kyerɛwee sɛ: “Mmofra a wɔabɔ asu wɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ wɔ wiase no mu ho. Me babarima a ɔbɔɔ asu na wadi mfe 15 no susuw sɛ asubɔ yɛ ahobammɔ. Ɔkae sɛ, ‘Ɛmma wunnya adwene sɛ yɛ biribi a etia Yehowa mmara.’ Sɛ obi bɔ asu a, ɛboa no paa ma ɔyɛ adetrenee.”

Sɛ wonam wo kasa ne wo nhwɛso so atete wo mma sɛ wontie Yehowa a, wubetumi anya ahotoso sɛ wɔbɛkɔ so atie no wɔ wɔn asubɔ akyi. Mmebusɛm 20:7 ka sɛ: “Ɔtreneeni nam ne nokwaredi mu. Anigye ne ne mma a wɔbɛba wɔ n’akyi.”

Mepɛ sɛ me ba du botae ahorow bi ho ansa. Ɛsɛ sɛ mmofra sua sɛ wɔbɛyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wonyinyin a wobetumi ahwɛ wɔn ho. Nanso, asiane wom sɛ wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde nhomasua ne sika a wobenya wɔ asetena mu asi wɔn ani so sen sɛ wɔde wɔn ani besi nokware som so. Yesu kaa “aba” anaa Ahenni asɛm no a entumi nnyin no ho asɛm sɛ: “Nea woguu no nsɔe mu no ne nea ɔte asɛm no, nanso wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɔnsow aba.” (Mat. 13:22) Sɛ ɔwofo bi hyɛ ne ba nkuran sɛ ɔmfa wiase no mu botae nsisi n’ani so na ɛno nti ɛma obu abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ sɛ ɛho nhia ahe biara a, eyi betumi ama anigye a abofra no wɔ sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn no ano abrɛ ase.

Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw kaa mmabun a wɔfata sɛ wɔbɔ asu nanso wɔn awofo siw wɔn kwan ho asɛm sɛ: “Sɛ wusiw abofra kwan sɛ woremma ɔmmɔ asu a, ebetumi ama nkɔso a ɔrenya wɔ nokware no mu no ano abrɛ ase, na ama n’abam abu.” Ɔhwɛfo kwantufo bi nso kyerɛwee sɛ: “Ebetumi ama ɔbabun ate nka sɛ ɔne Onyankopɔn ntam nyɛ papa anaasɛ ɔmfata. Na anhwɛ a ɛno bɛma ɔde n’ani ato wiase no so sɛ ɛhɔ na obetumi ayɛ biribi.”

[Mfonini wɔ kratafa 6]

So ɛsɛ sɛ ɔkɔ sukuupɔn ansa?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Abofra betumi ama ada adi sɛ ɔyɛ osuani

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Osua ade ansa na wakɔ asafo nhyiam, na ɔma mmuae

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Otie n’awofo asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ɔkɔ asɛnka

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ɔno ankasa bɔ mpae