Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛm A Edii Mfe Pii Wɔ Asɛnnibea Kowiee Nkonimdi Mu!

Asɛm A Edii Mfe Pii Wɔ Asɛnnibea Kowiee Nkonimdi Mu!

Asɛm A Edii Mfe Pii Wɔ Asɛnnibea Kowiee Nkonimdi Mu!

EFII ase wɔ afe 1995 mu, na edii mfe 15 ansa na ɛto retwa. Wɔ saa mfe no nyinaa mu no, asɔretiafo sɔre tiaa nokware Kristofo a wɔwɔ Russia wɔ hokwan a wɔde som Onyankopɔn no ho. Ná asɔretiafo no awe ahinam so sɛ wɔbɛma wɔabara Yehowa Adansefo wɔ Moscow ne mmeae foforo. Ɛno mpo no, Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ɔma yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo a wɔwɔ Russia no di nkonim wɔ asɛnnibea wɔ wɔn mũdi mu a wokurae no ho. Nanso, dɛn na ɛkɔfaa saa asɛm yi bae?

AWIEI KORAA WONYAA AHOFADI!

Wɔ afe 1990 ne afe 1995 ntam hɔ no, yɛn nuanom a wɔwɔ Russia no san nyaa ɔsom mu ahofadi a efii wɔn nsa wɔ afe 1917 mu no bio. Wɔ afe 1991 mu no, Soviet Union aban no gyee wɔn som no toom wɔ mmara mu. Bere a Soviet Union mu tetewee akyi no, wɔde Yehowa Adansefo som hyɛɛ mmara mu wɔ Russia man no mu. Bio nso, Ɔman no buu Adansefo a na wɔataa wɔn wɔ wɔn som ho mfe pii a na abɛsen kɔ no sɛ nkurɔfo a amanyɔfo hyɛɛ wɔn so. Wɔ afe 1993 mu no, Moscow Asoɛe a Ɛhwɛ Atɛntrenee Ho Nsɛm So gyee Yehowa Adansefo a wɔwɔ Moscow toom wɔ mmara mu. Wɔ saa afe no ara mu no, Russia man no hyɛɛ mmara foforo a ɛmaa ɔsom mu ahofadi ho kwan. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ onua biako kae sɛ, “Yɛansõ dae da sɛ yebenya ahofadi a ɛte saa!” Afei ɔtoaa so sɛ, “Yɛde mfe 50 na atwɛn sɛ yebenya saa ahofadi yi!”

Anuanom mmarima ne mmea a na wɔwɔ Russia no de “mmere pa” a wonyae no dii dwuma yiye de yɛɛ asɛnka adwuma no pii, na nnipa bebree kyerɛɛ asɛm no ho anigye. (2 Tim. 4:2) Ɔbea bi kae sɛ, “Ná nkurɔfo ani gye nyamesom ho paa.” Ankyɛ koraa na adawurubɔfo, akwampaefo, ne asafo ahorow no dodow bu bɔɔ ho pii. Nokwarem no, Adansefo a na wɔwɔ Moscow no dodow kɔɔ anim fi 300 koduu 5,000 fi afe 1990 kosi 1995 mu! Bere a na nnipa foforo a wɔrebɛsom Yehowa no dodow rekɔ anim wɔ Moscow no, wɔn a na wɔsɔre tia ɔsom mu ahofadi no bo tui. Wɔ bɛyɛ afe 1995 mu hɔ no, asɔretiafo no yɛ maa wɔde Adansefo no kɔɔ asɛnnibea. Ná wɔde asɛm no bɛkɔ asɛnnibea mpɛn anan a na emu biara bedi mfe pii ansa na awiei koraa no, asɛm no to atwa.

WƆANNYA ADANSE A ƐKYERƐ SƐ ADANSEFO NO YƐ NSƐMMƆNEDIFO

Wodii kan de asɛm no kɔɔ asɛnnibea wɔ June 1995 mu. Kuw bi a ɛwɔ Moscow a wɔayi wɔn anim sɛ wɔtaa Russia Ortodɔks Asɔre no akyi no kɔbɔɔ yɛn nuanom sobo wɔ asɛnnibea sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Kuw no kyerɛe sɛ wɔkasa ma wɔn a wɔn ani nnye ho koraa sɛ wɔn kununom anaa wɔn yerenom anaa wɔn mma abɛyɛ Adansefo no. Wɔ June 1996 mu no, wɔn a wɔhwehwɛ nsɛm mu fii ase hwehwɛɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Adansefo no yɛ nsɛmmɔnedifo, nanso wɔannya bi. Nanso, kuw koro no ara san de yɛn nuanom kɔɔ asɛnnibea, na wɔsan bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo. Wɔn a wɔyɛ nsɛm mu nhwehwɛmu san yɛɛ nhwehwɛmu bio wɔ sobo no ho, nanso wohui sɛ nokware biara nni sobo a wɔbɔɔ wɔn no nyinaa mu. Ɛno mpo no, asɔretiafo no san de Adansefo no kɔɔ asɛnnibea ne mprɛnsa so, na wɔde asɛm koro no ara na ɛbɔɔ wɔn sobo. Wɔsan hwehwɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Moscow no dwumadi mu, nanso asɛm koro no ara na kwaadubɔfo no kae—ná Adansefo no nyɛɛ bɔne biara a wobetumi agyina so adi wɔn asɛm. Afei, asɔretiafo no san de Adansefo no kɔɔ asɛnnibea wɔ asɛm koro no ara ho nea ɛto so anan, na saa bere yi nso kwaadubɔfo no annya asɛm biara antia wɔn. Anwonwasɛm ne sɛ, kuw koro no ara san kae sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu foforo. Enti awiei koraa no, onipa foforo a ɔhwehwɛ nsɛm mu no twaa asɛm no mu wɔ April 13, 1998.

Mmaranimfo bi a na ɔka wɔn a na wɔredi asɛm no ho kae sɛ, “Nanso, anwonwasɛm bi sii.” Ɛwom sɛ ɔbea a ogyinaa kwaadubɔfo asoɛe no ananmu a ɔyɛɛ nhwehwɛmu a ɛto so anum no gye toom sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Adansefo no yɛ nsɛmmɔnedifo de, nanso ɔkae sɛ wɔmfa yɛn nuanom nkɔ asɛnnibea. Kwaadubɔfo no kyerɛe sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Moscow no ato ɔman no ne amanaman ntam mmara. Kwaadubɔfo a ɔwɔ Moscow Ɔmansin no Atifi Fam Asoɛe no gye toom, na wɔde Adansefo no kɔɔ asɛnnibea. * Wofii ase dii asɛm no September 29, 1998 wɔ Golovinsky Mantam Asɛnnibea wɔ Moscow. Ná ɔfã ɛto so abien no afi ase.

BIBLE WƆ ASƐNNIBEA

Kwaadubɔfo a wɔfrɛ no Tatyana Kondratyeva bɔɔ Adansefo no kwaadu wɔ asɛnnibea bi a na nnipa akyere so wɔ hɔ a ɛwɔ Moscow atifi fam. Ogyinaa ɔman no mmara bi a wɔyɛe wɔ afe 1997 mu a ɛkyerɛ sɛ Ortodɔks Kristosom, Nkramosom, Yudasom, ne Buddhasom na wogye tom wɔ ɔman no mu so bɔɔ wɔn sobo. * Ná mmara koro no ara ama ayɛ den ama ɔsom afoforo sɛ wobegye wɔn atom wɔ mmara mu. Ná mmara no san ma asɛnnibea ahorow kwan ma wɔbara ɔsom ahorow a wɔma nkurɔfo tan afoforo no. Kwaadubɔfo no twee adwene sii mmara yi so bɔɔ Yehowa Adansefo sobo a ɛnyɛ nokware sɛ wɔma nkurɔfo tan afoforo, na wɔtetew mmusua mu ma enti ɛsɛ sɛ wɔbara wɔn.

Mmaranimfo bi a na ɔretwitwa gye yɛn nuanom no bisae sɛ: “Henanom na wɔwɔ Moscow Asafo no mu a wɔreto saa mmara no?” Kwaadubɔfo no antumi ammɔ onipa biako mpo din. Nanso, ɔkae sɛ Yehowa Adansefo nhoma ma nkurɔfo tan ɔsom afoforo mufo. Ɔkenkan Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no ne nhoma foforo mu nsɛm de sii n’asɛm no so (hwɛ atifi hɔ). Bere a wobisaa kwaadubɔfo no sɛ ɔkwan bɛn so na nhoma ahorow no ma wɔtan nkurɔfo no, ɔkae sɛ: “Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ sɛ wɔn som na ɛyɛ nokware.”

Yɛn nua biako a ɔyɛ mmaranimfo de Bible maa ɔtemmufo no, ɛnna ɔde biako nso maa kwaadubɔfo no, na ɔkenkan Efesofo 4:5. Ɛhɔ ka sɛ: “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako.” Ankyɛ koraa ná ɔtemmufo no, kwaadubɔfo no, ne mmaranimfo no nyinaa kurakura Bible a wɔresusuw kyerɛw nsɛm te sɛ Yohane 17:18 ne Yakobo 1:27 ho. Ɔtemmufo no bisae sɛ: “So saa kyerɛw nsɛm yi ma nkurɔfo tan ɔsom afoforo mufo?” Kwaadubɔfo no kae sɛ onnim Bible mu yiye ma enti ɔrentumi nka mu asɛm. Mmaranimfo no de Russia Ortodɔks Asɔre no nhoma ahorow bi a ɛkasa tia Yehowa Adansefo denneennen kyerɛe, na obisae sɛ: “So saa nsɛm yi bu mmara no so?” Kwaadubɔfo no buae sɛ: “Onni nyamesom ho nimdeɛ pii ma enti ɔrentumi nka ho asɛm biara.”

KWAADUBƆFO NO NSA SII FAM

Bere a kwaadubɔfo no rebɔ Adansefo no sobo sɛ wɔtetew mmusua mu no, ɔkae sɛ wonnni afahyɛ ahorow te sɛ Buronya. Nanso akyiri yi, ogye toom sɛ Russia mmara nhwehwɛ sɛ ɔmamma di Buronya. Sɛ Russiafo pɛ a, ɛnna wodi Buronya, enti Yehowa Adansefo a wɔyɛ Russiafo nso pɛ a ɛnna wobedi Buronya. Kwaadubɔfo no san bɔɔ yɛn sobo sɛ yɛn ahyehyɛde no ‘mma mmofra nnye wɔn ahome sɛnea ɛsɛ, na ɛmma wontumi nyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn ani agye.’ Nanso, bere a wobisabisaa kwaadubɔfo no nsɛm no, ɔkae sɛ ɔne mmabun a wɔn awofo a wɔyɛ Adansefo tetee wɔn biara nkasae da. Bere a mmaranimfo bi bisaa kwaadubɔfo no sɛ ebia wakɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase pɛn no, obuae sɛ: “Ɛho nhia sɛ ɔbɛkɔ hɔ.”

Kwaadubɔfo no maa adwenemyare ho ɔbenfo bi bedii adanse. Ɔbenfo no kyerɛe sɛ sɛ nkurɔfo kenkan yɛn nhoma ahorow no a, ɛma wonya adwenemhaw. Bere a mmaranimfo a ɔretwitwa gye yɛn no kae sɛ nsɛm a ɔbenfo no akyerɛw de redi adanse wɔ asɛnnibea hɔ ne nkrataa a Ortodɔks Asɔre a ɛwɔ Moscow no akannifo akyerɛw mu nsɛm yɛ pɛ no, ɔbenfo no gye toom sɛ ɔhwɛɛ wɔn de no so na ɔkyerɛw ne nsɛm no pii. Nsɛm foforo a wobisaa ɔbenfo no ma ɛbɛdaa adi sɛ na ɔnsaa Yehowa Dansefo biara yare da. Nanso, adwenemyare ho ɔbenfo foforo dii adanse wɔ asɛnnibea hɔ sɛ wayɛ Adansefo bɛboro 100 mu nhwehwɛmu wɔ Moscow. Nea ohui ne sɛ Adansefo no adwenem da hɔ, na efi bere a wɔbɛyɛɛ Adansefo no obu a wɔwɔ ma ɔsom afoforo no abɛyɛ kɛse sen bere a na wɔmmɛyɛɛ bi no.

YEDII NKONIM—NANSO NA ƐTO NTWAE

Wɔ March 12, 1999 no, ɔtemmufo no paw nhomanimfo baanum sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa Adansefo nhoma ahorow mu, na otuu asɛm no hyɛɛ da. Nanso, ansa na ɔtemmufo no reyɛ saa no, na Atɛntrenee Asoɛe a ɛwɔ Russia man no mu aka akyerɛ nhomanimfo kuw bi nso sɛ wɔnhwehwɛ yɛn nhoma ahorow mu. Wɔ April 15, 1999 no, saa kuw a Asoɛe no pawee no kae sɛ wɔanhu asɛm a ɛhaw adwene biara wɔ yɛn nhoma ahorow no mu. Enti wɔ April 29, 1999 no, Atɛntrenee Asoɛe no maa Yehowa Adansefo san yɛɛ wɔn nkrataa a ɛkyerɛ sɛ wogye wɔn tom wɔ ɔman no mu no foforo. Nanso, ɔtemmufo a ɔwɔ Moscow no kae denneennen sɛ nnipa baanum a ɔpaw wɔn no nhwehwɛ yɛn nhoma ahorow no mu. Ná eyi yɛ asɛm a ɛyɛ nwonwa. Ná Asoɛe a Ɛhwɛ Atɛntrenee Ho Nsɛm So wɔ Russia man no mu nyinaa no aka sɛ Yehowa Adansefo di mmara so ma enti wobetumi agye wɔn som no atom wɔ mmara mu. Nanso bere koro no ara na Atɛntrenee Adwumayɛbea a ɛwɔ Moscow no rehwehwɛ Adansefo no nsɛm mu esiane sɛ afoforo abɔ wɔn sobo sɛ wobu mmara so nti!

Bɛyɛ mfe abien twaam ansa na wɔresan atena asɛm no so. Na wɔ February 23, 2001 no, Ɔtemmufo Yelena Prokhorycheva buaa asɛm no. Bere a osusuw nea nnipa baanum a wɔpaw wɔn no hui wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe no mu akyi no, obuu atɛn sɛ: “Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wɔbara Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Moscow.” Awiei koraa no, asɛnnibea no sii gyinae sɛ sobo ahorow a wɔabɔ yɛn nuanom nyinaa nyɛ nokware! Nanso, kwaadubɔfo no annye gyinae a ɔtemmufo no sii no antom, na ɔde asɛm no kɔdan Moscow Kuropɔn Asɛnnibea no. Asram abiɛsa akyi, wɔ May 30, 2001 no, saa asɛnnibea no bɔɔ gyinae a Ɔtemmufo Prokhorycheva sii no gui. Asɛnnibea no hyɛe sɛ wɔnsan nni asɛm no bio. Ɛhyɛe nso sɛ wɔnsesa ɔtemmufo no, nanso kwaadubɔfo no de, ɛnsɛ sɛ wɔsesa no. Ná ɔfã ɛto so abiɛsa no rebefi ase.

WOBU GUU YƐN SO—NANSO NA ƐTO NTWAE

Ɔtemmufo Vera Dubinskaya san fii ase dii asɛm no wɔ October 30, 2001. * Kwaadubɔfo Kondratyeva san bɔɔ Yehowa Adansefo sobo sɛ wɔma nkurɔfo tan ɔsom afoforo mufo, nanso ɔsan kae sɛ, sɛ aban no bara Yehowa Adansefo no dwumadi a, ɛbɛbɔ Adansefo a wɔwɔ Moscow no ho ban! Bere a Adansefo 10,000 a wɔwɔ Moscow no tee asɛm yi no, wɔn nyinaa de wɔn nsa hyɛɛ krataa bi ase ntɛm de srɛɛ asɛnnibea no sɛ wonhia “ahobammɔ” a kwaadubɔfo no rehwehwɛ aman wɔn no.

Kwaadubɔfo no kae sɛ na ɛho nhia sɛ ɔde adanse ma ansa na wɔahu sɛ Adansefo no ayɛ bɔne. Ɔkae sɛ, ɛnyɛ Yehowa Adansefo dwumadi nti na wɔredi wɔn asɛm, na mmom wɔn nhoma ne wɔn gyidi nti. Ɔsan kae sɛ, ɔbɛma Russia Ortodɔks Asɔre no kasamafo abedi adanse wɔ asɛnnibea hɔ. Nokwarem no, saa asɛm a ɔkae no sii so dua sɛ ɛyɛ asɔfo no na na wɔpɛ sɛ wɔma wɔbara Adansefo no. Wɔ May 22, 2003 no, ɔtemmufo no hyɛe sɛ kuw bi a wonim ɔsom ho nsɛm yiye nsan nhwehwɛ Yehowa Adansefo no nhoma ahorow mu.

Wɔ February 17, 2004 no, wɔsan tenaa asɛm no so susuw nea kuw no mufo hui ho. Kuw no mufo hui sɛ yɛn nhoma ahorow no hyɛ akenkanfo nkuran ma “wɔhwɛ wɔn mmusua ne wɔn aware so yiye,” na afei nso, “adanse biara nni hɔ a ɛfoa” ka a wɔka sɛ yɛn nhoma ahorow no ma wɔtan nkurɔfo no so. Nhomanimfo afoforo ne wɔn yɛɛ adwene. Ɔtemmufo no bisaa obi a waben wɔ ɔsom ho abakɔsɛm ho sɛ: “Dɛn nti na Yehowa Adansefo ka nsɛmpa no?” Ɔbenfo no kae wɔ asɛnnibea hɔ sɛ: “Ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ asɛnka adwuma no bi. Saa na Asɛmpa no ka, na saa na Kristo hyɛe sɛ n’asuafo nyɛ—‘monkɔ nkɔka asɛm no wɔ aman nyinaa so.’” Eyi nyinaa akyi no, wɔ March 26, 2004 no, ɔtemmufo no baraa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Moscow. Wɔ June 16, 2004 no, Moscow Kuropɔn Asɛnnibea no gyee gyinaesi no toom. * Bere a Ɔdansefo bi a ɔde mfe pii asom reka sɛnea obuaa asɛm no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Bere a na Soviet aban wɔ hɔ no, na wɔhwehwɛ sɛ Russiani yɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛnnɛ, wɔhwehwɛ sɛ Russiani yɛ Ortodɔksni.”

Dɛn na anuanom yɛe wɔ bara a wɔbaraa wɔn no ho? Wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ Nehemia a ɔtenaa ase tete no ara pɛ. Wɔ Nehemia bere so no, bere a nnipa a wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo sɔre tiaa mmɔden a na ɔrebɔ sɛ ɔbɛma wɔasan ato Yerusalem ɔfasu no, ɔsɔretia biara a Nehemia ne ne nkurɔfo hyiae amma wɔannyae adwuma no yɛ. Mmom no, ‘wɔkɔɔ so too’ ɔfasu no, na ‘wonyaa koma pa de yɛɛ adwuma no.’ (Neh. 4:1-6) Saa ara na ɔsɔretia a yɛn nuanom a wɔwɔ Moscow no hyiae no amma wɔannyae adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nnɛ a ɛne asɛmpa no a yɛreka no. (1 Pet. 4:12, 16) Ná wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn, na na wɔasiesie wɔn ho ama ɔfã ɛto so anan no.

ATEETEE NO MU YƐƐ DEN

Wɔ August 25, 2004 no, yɛn nuanom de wɔn adesrɛ kɔtoo Vladimir Putin a na ɔyɛ Russia mampanyin saa bere no anim. Ná nkrataa a wɔde kyerɛɛ sɛnea na bara a wɔabara wɔn no haw wɔn no yɛ 76, na na nnipa bɛboro 315,000 na wɔde wɔn nsa ahyɛ ase. Saa bere no, Russia Ortodɔks Asɔre no asɔfo ma ɛdaa adi sɛ wokyi Adansefo no kɔkɔɔkɔ. Russia Ortodɔks Asɔre no akannifo no kasamafo bi kae sɛ: “Yɛn ani nnye Yehowa Adansefo adwuma no ho koraa.” Nkramofo panyin bi kae sɛ bara a wɔbaraa Adansefo no yɛ “ade titiriw, na eye paa.”

Nnipa bi a wɔwɔ Russia gyee sobo a ɛnyɛ nokware a wɔbɔɔ Yehowa Adansefo no dii, na wofii ase teetee wɔn. Asɔretiafo bobɔɔ Adansefo a wɔreka asɛmpa no wɔ Moscow no bi akuturuku, na wotutuu wɔn nan wɔɔ wɔn. Owura bi a na ne bo afuw pamoo onuawa bi fii ɔdan bi mu, na otuu ne nan wɔɔ n’akyi denneennen ma ɔhwee fam maa ne ti bɔɔ ade mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔde onuawa no kɔ ayaresabea; nanso polisifo anyɛ owura no hwee. Polisifo kyeree Adansefo foforo de wɔn nsa tintim nkrataa so, twitwaa wɔn mfonini, na wɔde wɔn guu afiase anadwo mũ nyinaa. Wɔka kyerɛɛ mpanyimfo a na wɔhwɛ adan a Adansefo a wɔwɔ Moscow no ahan de yɛ wɔn nhyiam ahorow so no sɛ sɛ wɔannye adan no amfi wɔn nsam a, wobeyi wɔn adi. Ankyɛ koraa na wogyee adan a na asafo ahorow pii hyiam wom no fii wɔn nsam. Enti, na ɛsɛ sɛ asafo ahorow aduanan hyiam wɔ Ahenni Asa anan a na ɛwɔ ɔdan biako mu so. Ná ɛsɛ sɛ asafo no mu biako yɛ Baguam Nhyiam no anɔpa nnɔnson apa ho simma aduasa. Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ anuanom sɔre anɔpa nnɔnnum ansa na wɔatumi akɔ nhyiam no, nanso wɔde anigye yɛɛ saa bɛboro afe.”

“AYƐ ADANSE”

Wɔ December 2004 mu no, mmaranimfo a na wɔretwitwa gye yɛn no de asɛm no kɔdan Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So kɔhwehwɛɛ mmoa de kyerɛe sɛ bara a na wɔabara Yehowa Adansefo wɔ Moscow no tia mmara. (Hwɛ adaka a ɛne “Nea Enti a Wɔsan Dii Asɛm Bi a Russia Buae wɔ France,” a ɛwɔ kratafa 6 no.) Mfe asia akyi, June 10, 2010 no, Asɛnnibea no yɛɛ ano koro sii gyinae sɛ Yehowa Adansefo nyɛɛ bɔne biara! * Asɛnnibea no hwehwɛɛ sobo a wɔde bɔɔ yɛn no nyinaa mu, na wohui sɛ emu biara nyɛ nokware. Asɛnnibea no san kae sɛ mmara hwehwɛ sɛ Russia aban “hwɛ yi bara a na wɔabara Yehowa Adansefo no fi hɔ, na wɔyɛ nea wobetumi biara de siesie ɔhaw a Asɛnnibea no ahu sɛ wɔde aba Adansefo no so no.”—Hwɛ adaka a ɛne “Atɛn a Asɛnnibea no Bui,” a ɛwɔ kratafa 8 no.

Asɛnnibea no sii gyinae sɛ Europa Nnipa Ahofadi Ho Apam no mmɔ Yehowa Adansefo dwumadi ho ban. Saa gyinae a wosii no mfa Russia nkutoo ho. Ɛfa aman foforo 46 a wɔka Europa Bagua no nso ho. Atemmufo, mmarahyɛfo, ne nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa a wosua nnipa ahofadi ho nsɛm no mu pii nso ani begye gyinae a wosii no ho. Dɛn ntia? Efisɛ bere a atemmufo a wɔwɔ saa Asɛnnibea hɔ sii gyinae no, wogyinaa gyinae afoforo awotwe a na Asɛnnibea no adi kan asisi a wobuaa Yehowa Adansefo bem so na esii. Wɔsan nso gyinaa gyinae ahorow akron a na asɛnnibea kunini a ɛwɔ Argentina, Canada, Japan, Russia, South Africa, Spain, United Kingdom, ne United States asisi abu Adansefo no bem so na wosii gyinae. Seesei, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa betumi de gyinae a Asɛnnibea no sii no ayi wɔn ano wɔ wɔn som ho.

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahene anim, na ayɛ adanse ama wɔne amanaman no.” (Mat. 10:18) Asɛm a yɛde akɔ asɛnnibea mfe dunum a atwam no ama yɛn nuanom anya hokwan ama wɔate Yehowa din ho asɛm wɔ Moscow ne mmeae foforo sen bere biara. Adansefo no nsɛm a wɔahwehwɛ mu, wɔn nsɛm a wɔde akɔ asɛnnibea, ne atɛn a amanaman ntam asɛnnibea abu no “ayɛ adanse,” na aboa ma “asɛmpa no akɔ so.” (Filip. 1:12) Nokwarem no, sɛ Adansefo a wɔwɔ Moscow no reyɛ asɛnka adwuma no nnɛ a, afiewuranom pii bisa sɛ, “Na wɔammara mo?” Saa asɛmmisa no taa ma anuanom nya hokwan ka yɛn gyidi ho nsɛm pii kyerɛ afiewuranom. Ɛda adi pefee sɛ, tumi biara nni hɔ a ebetumi asɔre atia yɛn ma yɛagyae Ahenni no ho asɛm a yɛka no. Yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nhyira yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo akokodurufo a wɔwɔ Russia no na ɔnhwɛ wɔn so.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Wɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea April 20, 1998. Adapɛn abien akyi wɔ May 5 no, Russia gyee Europa Nnipa Ahofadi Ho Apam no toom.

^ nky. 10 “Russia Ortodɔks Asɔre no na na ɛhyɛ akyi denneennen ma wɔyɛɛ mmara no, efisɛ na Asɔre no pɛ sɛ aban no bara Yehowa Adansefo.”—Associated Press, June 25, 1999.

^ nky. 20 Anikasɛm ne sɛ, na saa da no ne mfe du pɛpɛɛpɛ a Russia aban no gye toom sɛ Soviet aban no ataa Yehowa Adansefo esiane wɔn som nti.

^ nky. 22 Bara a wɔbaraa Adansefo no kyerɛe sɛ na wonnye asafo ahorow a na ɛwɔ Moscow no ntom wɔ mmara mu bio. Ná asɔretiafo no hwɛ kwan sɛ ɛno bɛma yɛn nuanom agyae wɔn som adwuma no.

^ nky. 28 Wɔ November 22, 2010 no, atemmufo baanum a wɔwɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So no Bagua Kɛse mu no bɔɔ asɛm a Russia de kɔtoo wɔn anim sɛ wɔde asɛm no rekɔdan Asɛnnibea no Bagua Kɛse no gui. Ná ɛno kyerɛ sɛ gyinae a wosii wɔ June 10, 2010 no atwa asɛm no so, na ɛno na ɛsɛ sɛ obiara de yɛ adwuma.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Nea Enti a Wɔsan Dii Asɛm Bi a Russia Buae wɔ France

Russia de ne nsa hyɛɛ Europa Nnipa Ahofadi Ho Apam no ase wɔ February 28, 1996. (Russia gyee Apam no toom May 5, 1998.) Russia nam saa apam no a ɛde ne nsa hyɛɛ ase no so daa no adi sɛ ne manfo wɔ

‘hokwan sɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom biara a wɔpɛ mu, na wɔwɔ hokwan nso sɛ wɔsom wɔ wɔn afie mu ne baguam, na sɛ wɔpɛ nso a wobetumi asesa wɔn som.’—Apam no mu asɛm 9.

‘hokwan sɛ wɔka wɔn adwene anaa wɔkyerɛw nea wɔn adwene yɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so, na wobetumi nso ne afoforo akasa.’—Apam no mu asɛm 10.

‘hokwan sɛ wɔyɛ wɔn nhyiam asomdwoe mu.’—Apam no mu asɛm 11.

Ankorankoro anaa ahyehyɛde ahorow a wɔatiatia wɔn ahofadi a apam no ama wɔanya so, na wɔde asɛm no akɔ asɛnnibea ahorow a ɛwɔ wɔn man mu nyinaa nanso wɔantie wɔn no betumi de wɔn asɛm no akɔdan Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So a ɛwɔ Strasbourg, France no (ɛno na ɛwɔ atifi hɔ no). Atemmufo 47 na wɔwɔ saa Asɛnnibea no mu. Wɔn dodow ne aman a wɔde wɔn nsa ahyɛ Europa Nnipa Ahofadi Ho Apam no ase no dodow yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ aman a wɔde wɔn nsa ahyɛ apam no ase no gye atɛn biara a Asɛnnibea no bu no tom.

[Adaka wɔ kratafa 8]

Atɛn a Asɛnnibea no Bui

Atɛn a Asɛnnibea no bui mu nsɛm abiɛsa bi ni.

Ná sobo no biako kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo tetew mmusua mu. Asɛnnibea no sii gyinae sɛ ɛnyɛ nokware. Ɛkae sɛ:

“Nea ɛde akasakasa ba ne Ɔdansefo no abusuafo a wɔnyɛ Adansefo a wɔko tia Ɔdansefo no, ne pɛ a wɔmpɛ sɛ wobegye atom sɛ wɔn busuani no wɔ hokwan sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsom biara a ɔpɛ mu no.”—Nky. 111.

Asɛnnibea no annya adanse biara nso a ɛfoa sobo a ɛfa “afoforo adwene a wɔsɛe no” no ho so, na ɛkae sɛ:

“Ɛyɛɛ Asɛnnibea no nwonwa sɛ asɛnnibea ahorow a ɛwɔ [Russia] no antumi ammɔ onipa biako mpo din sɛ ɔyɛ obi a wɔafa saa akwan a wɔde sɛe nkurɔfo adwene no so atiatia hokwan a ɔwɔ sɛ ɔde n’ahonim yɛ adwuma no so.”—Nky. 129.

Sobo no biako ne sɛ Yehowa Adansefo nam mogya a wonnye so sɛe ɔsom no mufo akwahosan. Asɛnnibea no bɔɔ saa sobo no gui, na ɛkae sɛ:

“Hokwan a obi wɔ sɛ obegye ayaresa bi atom anaa ɔrennye ntom, anaasɛ ɔbɛpaw ayaresa foforo no yɛ nnyinasosɛm a ɛho hia wɔ gyinae a obi sisi ma ne ho mu. Sɛ nhwɛso no, ɔyarefo a wanyin a n’adwenem da hɔ wɔ hokwan sɛ ɔpene so sɛ ɔbɛma wɔayɛ no oprehyɛn anaa wagye ayaresa bi atom anaasɛ ɔremma kwan anaa ɔrennye ntom, na saa ara nso na ɔwɔ hokwan sɛ obegye mogya anaasɛ ɔrennye.”—Nky. 136.