Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Borɔfo a Emu Nyɛ Den Ɔwɛn-Aban Foforo

Borɔfo a Emu Nyɛ Den Ɔwɛn-Aban Foforo

Borɔfo a Emu Nyɛ Den Ɔwɛn-Aban Foforo

YƐDE anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ ɛde fi Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom yi so rekɔ no, yebetintim Borɔfo a emu nyɛ den de ɔsram biara. Yɛresɔ eyi ahwɛ afe biako. Yebetintim adesua nsɛm no wom, na sɛ ɔkwan da so ara wom a, yɛde nsɛm foforo bɛka ho. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ eyi bɛboa Yehowa Adansefo bebree ma wɔanya nea wohia paa wɔ honhom fam. Dɛn ntia?

Yɛn nuanom dodow no ara a wɔwɔ aman te sɛ Fiji, Ghana, Kenya, Liberia, Nigeria, Papua New Guinea, ne Solomon Islands no ka Borɔfo kasa. Ɛwom sɛ ebia yɛn nuanom a wɔwɔ saa aman no mu no ka ɔman no mu kasa foforo de, nanso mpɛn pii no, Borɔfo kasa na wɔka wɔ asafo nhyiam ase ne asɛnka mu. Nanso, Borɔfo kasa a wɔka no ba fam sen nea yɛde kyerɛw yɛn nhoma ahorow no. Afei nso, Yehowa nkurɔfo foforo atu akɔtena aman bi so a ɛsɛ sɛ wɔka Borɔfo kasa, ɛwom mpo sɛ wɔnte kasa no papa de. Bio nso, asafo nhyiam a wɔde wɔn kurom kasa yɛ nni hɔ a wobetumi akɔ bi.

Nsɛm a yesusuw ho dapɛn biara wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no yɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so ma yenya honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu bere nyinaa. Ɛno nti, nea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔwɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase nyinaa anya adesua no so mfaso kɛse no, yɛreyɛ Borɔfo a emu nyɛ den de a emu nsɛmfua ne kasa mmara nyɛ den. Ɔwɛn-Aban a emu Borɔfo nyɛ den no nnuraho bɛyɛ soronko. Nsɛmti nketewa, nkyekyɛm ahorow, nsɛmmisa a wɔde tĩ adesua no mu, ne mfonini ahorow a ɛwɔ nea emu Borɔfo yɛ den mu no ara bi na wɔde bɛba nea emu Borɔfo nyɛ den no mu. Enti, obiara betumi ahwɛ Ɔwɛn-Aban abien yi mu nea ɔwɔ biara mu adi Ɔwɛn-Aban Adesua no akyi na wama mmuae. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛwɔ sɛnea wɔakyerɛw emu biara mu nsɛm wɔ Borɔfo kasa mu a, hwɛ nhwɛso a ɛwɔ ase hɔ a woyi fii Ɔwɛn-Aban yi adesua asɛm a edi kan no nkyekyɛm 2 no.

Yɛwɔ anidaso sɛ saa nhyehyɛe foforo yi bɛma nnipa pii a wɔasrɛ Yehowa sɛ: “Ma minnya ntease na minhu wo mmara nsɛm” no anya wɔn mpaebɔ ho mmuae. (Dw. 119:73) Yɛwɔ ahotoso sɛ eyi bɛboa wɔn a wɔnte Borɔfo kasa papa ne mmofra nkumaa a wɔka Borɔfo kasa ma wɔasiesie wɔn ho yiye ama Ɔwɛn-Aban Adesua no dapɛn biara. Yɛde aseda no nyinaa ma Yehowa sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma “anuanom nyinaa” nti, ɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no redi dwuma ma wɔama yɛn honhom fam nnuan pii.—1 Pet. 2:17; Mat. 24:45.

Yehowa Adansefo Sodikuw