Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Misuro Owu—Seesei Merehwɛ ‘Nkwa A Ɛboro So’ Kwan

Ná Misuro Owu—Seesei Merehwɛ ‘Nkwa A Ɛboro So’ Kwan

Ná Misuro Owu—Seesei Merehwɛ ‘Nkwa A Ɛboro So’ Kwan

Sɛnea Piero Gatti ka kyerɛe

DEDE bi a mfiase no na ano nyɛ den no ano bɛyɛɛ den kɛse. Abɛn a na ɛrebɔ a na wɔde rebɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ wɔnkɔpɛ baabi nhintaw dii akyiri bae. Afei atopae a ɛtotow sɛe ade ne nnyigyei a ano yɛ den paa dii akyiri bae.

Saa asɛm yi sii wɔ Milan, Italy, wɔ afe 1943 ne afe 1944 mu. Bere a na meyɛ ɔsraani kumaa wɔ Milan no, na wɔtaa ma mekɔsesa nnipa afunu fi mmeae a na nkurɔfo kɔhwehwɛ ahobammɔ fi wimhyɛn a ɛtotow atopae ho. Ná wɔatotow atopae agu hɔ ma akunkum nnipa a na wɔhyehyɛ hɔ no. Nà afunu no mu atetew ma na wuntumi nhu wɔn nipaban. Ɛnyɛ nkurɔfo a wowuwui nkutoo na mihui. Mmere bi wɔ hɔ a, ɛkaa kakraa bi ma anka wokum me. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, mebɔɔ mpae hyɛɛ Onyankopɔn bɔ sɛ sɛ manwu wɔ akunkumakunkum no mu a, mɛyɛ n’apɛde.

Owu Ho Hu Fii Me Mu

Wɔtetee me wɔ Italy akuraa bi a ɛbɛn Switzerland hye so ase. Efi Como a ɛwɔ Italy rekɔ hɔ yɛ bɛyɛ akwansin asia (kilomita 10). Midii awerɛhow wɔ me mmofraase pɛɛ, na na misuro owu. Spania influensa kunkum me nuabeanom baanu. Afei wɔ afe 1930 mu bere a na madi mfe asia pɛ no, me maame a na wɔfrɛ no Luigia wui. Wɔtetee me wɔ Katolek asɔre mu, na midi asɔre mmara so, na na mekɔ Mass dapɛn biara. Nanso, mfe pii akyi bere a na mewɔ baabi a woyi ti no na ehu a na ɛwɔ me mu no fii me mu, na ɛnyɛ asɔredan mu.

Wɔ afe 1944 mu no, na Wiase Ko II no redi awu kɛse. Ná meka Italy asraafo ɔpehaha pii a na wɔaguan afi baabi a na ɔko rekɔ so no akɔ Switzerland a amfa ne ho anhyɛ ɔko no mu no ho. Bere a yeduu hɔ no, wɔde yɛn kɔɔ ɔko mu aguanfo atenae ahorow bi mu. Wɔde me kɔɔ biako bi a na ɛbɛn Steinach a ɛwɔ ɔman no atifi fam apuei no mu. Wɔmaa yɛn ahofadi kakra wɔ hɔ. Ná obi a oyi nkurɔfo ti wɔ Steinach no repɛ obi aboa no wɔ n’adwumam bere tiaa mu. Me ne no tena yɛɛ adwuma ɔsram biako pɛ, nanso ɛma mitumi bɔɔ manni bi a ɛsesaa m’asetena.

Ná Italiani bi a ɔte Switzerland a ne din de Adolfo Tellini taa beyi ne ti wɔ yɛn hɔ. Ná ɔyɛ Yehowa Dansefo. Ná mentee saa kuw yi ho asɛm da. Ná ɛnyɛ nwonwa, efisɛ saa bere no na Adansefo a wɔwɔ Italy nyinaa dodow bɛyɛ 150. Adolfo kaa Bible mu nsɛm bi a ɛyɛ anigye, bɔhyɛ ahorow a ɛfa asomdwoe ne ‘nkwa a ɛboro so’ ho asɛm kyerɛɛ me. (Yoh. 10:10; Adi. 21:3, 4) M’ani gyee ɔko ne owu a ebefi hɔ daakye ho asɛm no ho kɛse. Bere a mesan kɔɔ ɔko mu aguanfo atenae hɔ no, mekaa saa anidaso yi ho asɛm kyerɛɛ Italiani aberante foforo a ne din de Giuseppe Tubini, na ɔno nso ani gyee ho. Ná Adolfo ne Adansefo foforo bɛsra yɛn wɔ atenae hɔ bere ne bere mu.

Adolfo de me kɔɔ Arbon a efi Steinach rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin asia (kilomita 10) no. Ná Adansefo kuw ketewaa bi yɛ asafo nhyiam wɔ Italia kasa mu wɔ hɔ. M’ani gyee asɛm a metee no ho araa ma dapɛn a edi hɔ no, mefaa fam kɔɔ hɔ. Akyiri yi, mekɔɔ nhyiam bi a Adansefo no yɛe wɔ nhyiam asa bi so wɔ Zurich. Sini bi a woyii a na ɛfa nneduaban a na wokunkum nnipa wɔ hɔ ho a na afunu pii sum hɔ no a mihui no haw me yiye. Metee sɛ na wɔakunkum German Adansefo pii esiane wɔn gyidi nti. Mihyiaa Maria Pizzato wɔ saa nhyiam no ase. Esiane n’adwuma a na ɔreyɛ sɛ Ɔdansefo nti, na Italia Kankabi atumfoɔ no de no ato afiase mfe 11.

Bere a ɔko no baa awiei no, mesan kɔɔ Italy, na mekɔɔ asafo ketewaa bi a na ɛwɔ Como no mu. Ná wɔnhyɛɛ da nyɛɛ nhyehyɛe ne me nsuaa Bible no, nanso na minim nokware atitiriw no yiye. Ná Maria Pizzato nso wɔ saa asafo no mu. Ɔkaa sɛnea Kristofo asubɔ ho hia ho asɛm kyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔsra Marcello Martinelli a na ɔte Castione Andevenno a ɛwɔ Sondrio mantam mu no. Ná Marcello yɛ onua nokwafo a wɔasra no a Kankabi nniso no de no too afiase mfe 11. Metenaa sakre so twaa akwansin 50 (kilomita 80) kɔsraa no.

Marcello de Bible kyerɛkyerɛɛ nea ɛhwehwɛ sɛ obi yɛ na ama wafata sɛ ɔbɔ asu mu kyerɛɛ me, na ɛno akyi no yɛbɔɔ mpae, na yɛkɔɔ Adda asubɔnten no ho, na emu na wɔbɔɔ me asu. Ná ɛyɛ September 1946. Ná ɛyɛ ɛda titiriw ankasa ma me! Gyinae a misii sɛ mɛsom Yehowa no maa m’ani gyei araa ma eduu anwummere no na menkae sɛ matena sakre so atwa akwansin 100 (kilomita 160) saa da no!

Nhyiam a edi kan a wɔyɛe wɔ Italy wɔ ɔko no akyi wɔ May 1947 mu no, wɔyɛe wɔ Milan. Nnipa bɛyɛ 700 na wɔbaa bi, na na Kankabi nniso no ataa wɔn mu pii. Anwonwasɛm bi sii wɔ saa nhyiam yi ase. Giuseppe Tubini a midii no adanse wɔ ɔko mu aguanfo atenae no na ɔmaa asubɔ kasa no, na ɛno akyi no, ɔno ankasa nso bɔɔ asu!

Minyaa hokwan ne Onua Nathan Knorr a na ofi Brooklyn Betel no kasae. Ɔhyɛɛ me ne Giuseppe nkuran sɛ yɛmfa yɛn asetena nyɛ Onyankopɔn som adwuma. Misii gyinae sɛ mefi bere nyinaa som adwuma ase wɔ ɔsram biako ntam. Bere a miduu fie no, mekaa gyinae a masi no ho asɛm kyerɛɛ m’abusuafo, na wɔn nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma masesa m’adwene. Nanso, na masi me bo. Enti wɔ ɔsram biako akyi no, mifii ase kɔsomee wɔ Betel wɔ Milan. Asɛmpatrɛwfo baanan na na wɔsom wɔ hɔ: wɔne Giuseppe (Joseph) Romano ne ne yere Angelina; Carlo Benanti ne ne yere Costanza. Abusua no muni a na ɔto so anum ne Giuseppe Tubini a na ɔkɔɔ hɔ nkyɛe no, na me na na metɔ so asia.

Bere a midii ɔsram biako wɔ Betel no, wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo, na na me ne Italiani a wodii kan paw no ɔmansin sohwɛfo. Ná Onua George Fredianelli a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a odii kan baa Italy wɔ afe 1946 mu a ofi United States no wɔ akwantu adwuma no mu dedaw. Ɔde adapɛn kakraa bi tetee me, na afei m’ankasa mekɔyɛɛ saa adwuma yi. Mekae asafo a edi kan a mekɔsraa wɔn a ne din de Faenza no paa. Wo de, susuw ho hwɛ! Ɛde besi saa bere no, na minnyinaa asafo bi anim mmaa ɔkasa da! Ɛno mpo no, mehyɛɛ atiefo no a na mmofra pii ka ho no nkuran sɛ wonsusuw bere nyinaa som adwuma no ho na wɔnyɛ bi. Akyiri yi, saa mmofra no mu pii benyaa ɔsom hokwan atitiriw wɔ Italy.

Ná mafi adwuma a ɛyɛ anigye ase sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ɛyɛ adwuma a nneɛma a wonhwɛ kwan sisi wom, ɛhwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae, na nsɛnnennen ne anigye nso wom. Ɛyɛ adwuma a ɛmaa anuanom mmarima ne mmea a medɔ wɔn no daa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ me.

Sɛnea na Nyamesom Te wɔ Italy wɔ Ɔko no Akyi

Ma menka sɛnea na nyamesom te wɔ Italy saa bere no ho asɛm nkyerɛ wo. Saa bere no, na Katolek Asɔre no nkutoo ne ɔsom a na ɛwɔ nkurɔfo so tumi kɛse. Ɛwom sɛ wɔyɛɛ ɔman mmara foforo wɔ afe 1948 mu de, nanso ɛyɛ afe 1956 mu ansa na wɔretwa mmara a na Kankabi nniso no ahyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Adansefo no yɛ asɛnka adwuma no mu. Esiane sɛ asɔfo no tuu wɔn ani sii yɛn so nti, na wɔtaa bɛyɛ basabasa wɔ yɛn amansin nhyiam ase. Nanso, ɛtɔ mmere bi a na ɛpɔw a asɔfo no bɔ yɛ kwa, na saa na ɛbae wɔ afe 1948 mu wɔ kurow ketewa bi a ɛwɔ Italy mfinimfini fam a wɔfrɛ no Sulmona no mu.

Ná yɛreyɛ nhyiam wɔ agohwɛbea bi. Me na meyɛɛ oguamtenani Kwasida anɔpa no, na Giuseppe Romano na ɔmaa baguam ɔkasa no. Saa bere no, na atiefo no dɔɔso. Saa bere no mpo a na adawurubɔfo a wɔwɔ ɔman no mũ nyinaa nnu 500 no, na nnipa 2,000 na wɔahyɛ agohwɛbea hɔ ma. Bere a ɔkasa no baa awiei no, aberante bi a na ɔwɔ atiefo no mu a na asɔfo no atutu nsɛm agu n’asom huruw sii asɛnka agua no so. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ɛhɔ ayɛ basabasa, enti ofii ase teɛteɛɛm denneennen. Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wowɔ asɛm bi ka a, kɔhane wo dan, na kɔka nea wopɛ biara wɔ hɔ.” Atiefo no ani annye nea na ɔreyɛ no ho, na wɔteɛteɛɛm guu no so maa wɔn nne boroo ne de no so de kyerɛe sɛ wɔn ani nnye nea ɔreyɛ no ho. Afei, aberante no huruw fii asɛnka agua no so a obiara anhu baabi a ɔfae.

Saa bere no, na akwantu nna fam. Ɛtɔ mmere bi na sɛ mifi asafo biako mu rekɔ foforo mu a, na me fa fam, metena me sakre so, mefa bɔs a agogow a nnipa abɔ apee so wom, anaasɛ na mefa keteke. Ɛtɔ bere bi a na meda adan a mpɔnkɔ da mu mu, anaa ɔdan a wɔde nnwinnade gu mu mu. Ná ɔko no baa awiei nkyɛe, na na Italiafo dodow no ara yɛ ahiafo. Ná anuanom kakraa bi na wɔwɔ hɔ, na na wɔnyɛ adefo. Ná sɛnea wɔde anigye som Yehowa no te sɛ nea na ɛte kan no ara pɛ.

Ntetee a Minyae wɔ Gilead

Wɔ afe 1950 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Giuseppe Tubini sɛ yɛnkɔ Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu no adesuakuw ɛto so 16 no bi. Mfiase no ara na mihui sɛ ɛbɛyɛ den ama me sɛ mesua Borɔfo kasa. Mebɔɔ me ho mmɔden biara, nanso na ɛyɛ den ma me paa. Ná ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible mũ no nyinaa wɔ Borɔfo kasa mu. Nea ɛbɛyɛ na matumi akenkan awie no, ɛtɔ mmere bi a, na minkodidi awia sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkenkan no den de abobɔ so. Awiei koraa no, eduu me so sɛ mɛma ɔkasa. Mekae asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ me wɔ ɔkasa no akyi no te sɛ nea nnɛra yi ara na ɔka kyerɛɛ me. Ɔkae sɛ, “Sɛnea wode wo nipadua sisii nsɛm so dua ne ɔhyew a wode kasae no ye paa, nanso mante Borɔfo a wokae no ase koraa!” Eyi nyinaa akyi no, mimiaa m’ani wiee sukuu no. Yewiee sukuu no, wɔsan maa me ne Giuseppe kɔɔ Italy. Ná ntetee foforo a yɛanya no asiesie yɛn yiye a na ɛbɛma yɛatumi asom yɛn nuanom.

Wɔ afe 1955 mu no, mewaree Lidia a memaa n’asubɔ kasa wɔ mfe ason a na atwam mu no. Ná ne papa a wɔfrɛ no Domenico a na ɔyɛ onua a anuanom dɔ no no abɔ mmɔden atete ne mma baason nyinaa ma wɔagye nokware no, ɛmfa ho sɛ Kankanbi nniso no taa no na wotwaa no asu mfe abiɛsa no. Ná Lidia nso abrɛ nokware no ho paa. Wɔde no kɔɔ asɛnnibea mprɛnsa ansa na awiei koraa no aban no rema yɛn kwan ma yɛaka asɛmpa no wɔ afie afie. Bere a yɛwaree akyi mfe asia no, yɛwoo yɛn babarima a odi kan, na yɛtoo ne din Beniamino. Wɔ afe 1972 mu no, yɛwoo ɔbabarima foforo, na yɛtoo ɔno nso din Marco. Ɛyɛ me anigye sɛ wɔn baanu nyinaa ne wɔn mmusua de nsi resom Yehowa.

Migu So Reyɛ Yehowa Som Adwuma No

Anigye a mede som afoforo no ama manya osuahu pii a me werɛ remfi da. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1980 mfe no mfiase mu hɔ no, m’asebarima kyerɛw krataa kɔmaa Sandro Pertini a na ɔyɛ Italy mampanyin saa bere no. Bere a na Kankabi nniso no redi tumi no, wotwaa wɔn baanu nyinaa asu kɔɔ Ventotene supɔw no so, saa supɔw no so na wɔde nnipa a na nniso no susuw sɛ wɔtan wɔn no kogui. M’asebarima srɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔne ɔmampanyin no kasa a na n’adwene ne sɛ obedi no adanse. Bere a wɔmaa no kwan no, me ne no kɔe, na ogyee yɛn fɛw so—hokwan a na yennyaa bi saa da. Ɔmampanyin no bam m’asebarima no yɛɛ no atuu. Afei, yɛkaa yɛn gyidi ho asɛm kyerɛɛ no, na yɛmaa no yɛn nhoma ahorow no bi.

Wɔ afe 1991 mu, bere a na mede mfe 44 ayɛ ɔhwɛfo kwantufo adwuma no, mifii ɔmansin adwuma no mu. Saa bere no, na masom asafo ahorow a ɛwɔ Italy man no mũ nyinaa. Mfe anan a na edi hɔ no, mesomee sɛ Nhyiam Asa sohwɛfo kosii sɛ na ɛsɛ sɛ metew me dwumadi so esiane yare a emu yɛ den a ɛbɔɔ me nti. Nanso, Yehowa adom so nti, meda so ara wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Meyɛ nea metumi biara de ka asɛmpa no, na mede kyerɛkyerɛ nkurɔfo nso, na seesei me ne ebinom sua Bible. Anuanom da so ara ka sɛ sɛ merema ɔkasa a, mekasa ɔhyew so paa. Meda Yehowa ase sɛ onyin mmaa m’ahoɔden so ntewee.

Bere a na meyɛ abofra no, na misuro owu paa, nanso Bible mu nokware nimdeɛ a manya no ama manya anidaso paa sɛ menya daa nkwa—nkwa a ‘ɛboro so,’ sɛnea Yesu frɛɛ no no. (Yoh. 10:10) Ɛno ne ade a seesei mehwɛ kwan—asetena a edi mũ a asomdwoe ne anigye wom a yebenya Yehowa nhyira pii wom. Anuonyam nka yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ a yɛanya hokwan sɛ ne din da yɛn so no.—Dw. 83:18.

[Asase mfonini wɔ kratafa 22, 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SWITZERLAND

BERN

Zurich

Arbon

Steinach

ITALY

ROME

Como

Milan

Asubɔnten Adda

Castione Andevenno

Faenza

Sulmona

Ventotene

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Yɛrekɔ Gilead

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me ne Giuseppe wɔ Gilead

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yɛn ayeforohyia da

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me yere a medɔ no no aka me ho bɛboro mfe 55 ni