Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubedi Yehowa Akwankyerɛ A Ofi Ɔdɔ Mu De Ma No Akyi?

So Wubedi Yehowa Akwankyerɛ A Ofi Ɔdɔ Mu De Ma No Akyi?

So Wubedi Yehowa Akwankyerɛ A Ofi Ɔdɔ Mu De Ma No Akyi?

“Mikyi nkontompo kwan biara.”—DW. 119:128.

1, 2. (a) Sɛ wubisa w’adamfo bi sɛ ɔnkyerɛ wo ɔkwan a ɛkɔ baabi a, kɔkɔbɔ bɛn na sɛ ɔde ma wo a w’ani begye ho, na dɛn ntia? (b) Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na Yehowa de ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no, na dɛn ntia?

SUSUW asɛm yi ho hwɛ: Ɛho hia sɛ wutu kwan kɔ baabi. Enti wubisa w’adamfo bi a wowɔ ne mu ahotoso a onim ɔkwan a ɛkɔ hɔ no sɛ ɔnkyerɛ wo kwan no. Bere a ɔrekyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so adu hɔ no, ebia ɔbɛka sɛ: “Sɛ wudu saa nkwanta no so a, hwɛ yiye wɔ baabi wobɛman afa ho. Ahyɛnsode a ɛkyerɛ kwan no betumi adaadaa wo. Nnipa pii adi akyi ma wɔayera.” So w’ani begye kɔkɔbɔ a ɔde rema wo no ho, na woatie? Yehowa te sɛ saa adamfo no wɔ akwan bi so. Ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a yebetumi afa so anya daa nkwa, na ɔsan nso bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn ma yɛafom kwan ho.—Deut. 5:32; Yes. 30:21.

2 Yebesusuw nneɛma bi a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn a yɛn Adamfo a ɔne Yehowa Nyankopɔn bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho no ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu. Momma yɛnkae sɛ esiane sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ɔdɔ yɛn nti na ɔde kɔkɔbɔ a ɛte saa ma yɛn. Ɔpɛ sɛ yenya daa nkwa. Sɛ nkurɔfo sisi gyinae bɔne na wogyae ne som a, ɛyɛ ne yaw. (Hes. 33:11) Yebesusuw saa nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn yi abiɛsa ho wɔ adesua yi mu. Nea edi kan no fi nnipa foforo hɔ na ɛba, na nea ɛto so abien no fi yɛn ankasa. Nea ɛto so abiɛsa no nyɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa, na ɛyɛ hu paa. Ɛho hia sɛ yehu saa nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn a yɛreka ho asɛm yi ne sɛnea yɛn soro Agya no boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi ho no. Bible kyerɛwfo bi ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Mikyi nkontompo kwan biara.” (Dw. 119:128) So saa na wo nso wote nka? Momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi ayere yɛn ho na yɛatwe yɛn ho afi saa nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn no ho.

Nni “Nnipa Dodow” Akyi

3. (a) Dɛn nti na ebetumi ayɛ asiane sɛ yebedi akwantufo foforo akyi bere a yenhu ɔkwan a yɛmfa so no? (b) Nnyinasosɛm a ɛho hia bɛn na yehu wɔ Exodus 23:2?

3 Fa no sɛ woretwa ɔkwantenten bi, na woakodu baabi a wunhu ɔkwan a womfa so, dɛn na wobɛyɛ? Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ di akwantufo foforo akyi, titiriw, sɛ wuhu sɛ wɔdɔɔso paa, na wɔn nyinaa de wɔn ani akyerɛ faako a. Nanso asiane wom sɛ wubedi wɔn akyi. Efisɛ ebia ɛnyɛ baabi a worekɔ no na saa akwantufo no nyinaa nso rekɔ, anaasɛ ebia wɔn nso ayera kwan te sɛ wo ara. Saa asɛm yi boa yɛn ma yehu nnyinasosɛm bi a na Yehowa pɛ sɛ ɔma Israelfo no hu wɔ mmara a ɔde maa wɔn no biako mu. Wɔbɔɔ wɔn a na wɔyɛ atemmufo anaa adansefo wɔ nkurɔfo nsɛm a wodi mu kɔkɔ wɔ asiane a ɛwom sɛ ‘wobedi nnipa dodow akyi’ ho. (Monkenkan Exodus 23:2.) Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ atipɛnfo nhyɛso bɛma nnipa a wɔtɔ sin abu atɛnkyea. Nanso, so nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yedi nnipa dodow akyi no fa asɛm a wodi nkutoo ho? Dabida.

4, 5. Nhyɛso bɛn na nnipa dodow de baa Yosua ne Kaleb so, nanso dɛn na ɛboaa wɔn ma wonyaa akokoduru?

4 Nokwasɛm ne sɛ ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ ‘yebedi nnipa dodow akyi’ wɔ tebea ahorow pii mu. Tebea a ɛte saa betumi asɔre mpofirim, na ebetumi ayɛ den sɛ worenyɛ nea afoforo reyɛ no bi. Sɛ nhwɛso no, susuw atipɛnfo nhyɛso a Yosua ne Kaleb hyiae bere bi no ho hwɛ. Ná wɔka mmarima 12 a wɔkɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asase no ho. Bere a saa mmarima no san bae no, wɔn mu du de amanneɛbɔ a enye koraa na etu koma na ɛbae. Wɔkyerɛe mpo sɛ na asase no sofo binom yɛ abran a wɔyɛ Nefilimfo asefo, mma a abɔfo atuatewfo ne mmea woo wɔn no. (Gen. 6:4) Ná saa asɛm no nyɛ nokware koraa. Efisɛ na Nsuyiri no asɛe saa Nefilimfo no nyinaa wɔ mfehaha pii a na atwam no, na Nefilimfo no anwo mma mpo. Nanso, Israelfo no gyee nea saa mmarima du no kae no dii, efisɛ na wɔn gyidi nyɛ den. Saa nsɛm a enye a akwansrafo du no bɛkae no maa ehu ne ahopopo kaa nkurɔfo no ntɛm ara. Ankyɛ koraa na wɔn mu dodow no ara nyaa adwene sɛ ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobetie asɛm a na Yehowa aka no na wɔakɔ Bɔhyɛ Asase no so. Dɛn na Yosua ne Kaleb yɛe wɔ saa tebea a na emu yɛ den no mu?—Num. 13:25-33.

5 Wɔanni nnipa dodow akyi. Ɛwom sɛ na nnipa dodow no ara mpɛ sɛ wotie nokwasɛm no de, nanso Yosua ne Kaleb kaa nokware a ɛwɔ asɛm no mu bere mpo a na nkurɔfo no pɛ sɛ wosiw wɔn abo no! Dɛn na ɛma wonyaa akokoduru? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn gyidi ne ade titiriw a ɛma wonyaa akokoduru no. Sɛ obi wɔ Yehowa mu gyidi paa a, ogye nea Yehowa Nyankopɔn ka di, na ɛnyɛ nea nnipa a wɔka atosɛm ka. Akyiri yi, saa mmarima baanu yi kaa sɛnea wɔwɔ Yehowa mu gyidi sɛ ne bɔhyɛ biara ba mu no ho asɛm. (Monkenkan Yosua 14:6, 8; 23:2, 14.) Yosua ne Kaleb bataa wɔn Nyankopɔn nokwafo no ho, na na wɔmpɛ koraa sɛ wɔbɛyɛ biribi de asɔ nnipa dodow ani ma Yehowa werɛ ahow. Enti wɔanni nnipa dodow akyi, na wɔyɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so maa yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ.—Num. 14:1-10.

6. Nneɛma bɛn mu na anhwɛ a yebetumi adi nnipa dodow akyi?

6 Ɛtɔ mmere bi a, so ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ di nnipa dodow akyi? Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara na wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho, na wosusuw sɛ nyansa nni nea ɔka fa papa ne bɔne ho no mu. Saa nkurɔfo no wɔ wɔn ankasa adwene wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn nso yɛagye wɔn adwene a ɛnteɛ no atom. Sɛ nhwɛso no, wɔka sɛ mfomso biara nni ɔbrasɛe, basabasayɛ, ne ahonhonsɛmdi a abu so wɔ television so dwumadi ne sini ahorow mu, ne video so agodie no ho. (2 Tim. 3:1-5) Sɛ worepaw nneɛma a wo anaa w’abusua de begyigye mo ani a, so wugyina nea nkurɔfo ka so na esi gyinae? Sɛ woyɛ saa a, so ɛnte sɛ nea woredi nnipa dodow akyi?

7, 8. (a) Dɛn na yɛyɛ de tete yɛn “adwene,” na dɛn nti na ntetee a ɛte saa ho hia paa sen mmara pii a yebedi akyi denneennen? (b) Dɛn nti na nhwɛso pa a mmabun a wɔyɛ Kristofo pii reyɛ no ka wo koma?

7 Yehowa ama yɛn akyɛde bi a ɛsom bo a ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae, na ɛno ne yɛn “adwene.” Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene “yɛ adwuma” de tete adwene no. (Heb. 5:14) Sɛ yedi nea afoforo ka akyi a, yɛrentumi ntete yɛn adwene; na saa ara na mmara pii a yebedi akyi denneennen nso remma yentumi ntete yɛn ahonim. Ɛno nti na sɛ nhwɛso no, wɔmmobɔ sini pɔtee a ɛnsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo hwɛ, nhoma pɔtee a ɛnsɛ sɛ wɔkenkan, ne Intanɛt dwumadibea pɔtee a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ hɔ din nkyerɛ wɔn no. Esiane sɛ nneɛma a ɛwɔ wiase yi mu sesa ntɛmntɛm nti, sɛ wɔyɛ saa a, ɛho behia sɛ wobobɔ nneɛma a ɛtete saa no foforo biara a ɛbɛba din kyerɛ wɔn bere nyinaa. (1 Kor. 7:31) Nea enye koraa no, ɛremma yɛnyɛ ade a ɛho hia paa a ɛne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase asusuw Bible nnyinasosɛm ho yiye, abɔ ho mpae, na afei yɛagyina saa nnyinasosɛm no so asisi gyinae no.—Efe. 5:10.

8 Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a gyinae a yegyina Bible so sisi no remma nkurɔfo ani nnye yɛn ho. Sɛ nhwɛso no, nnipa dodow betumi ahyɛ Kristofo a wɔyɛ mmabun so denneennen sɛ wɔnhwɛ nea obiara rehwɛ na wɔnyɛ nea obiara reyɛ no bi. (1 Pet. 4:4) Enti ɛyɛ anigye sɛ yehu Kristofo a wɔyɛ mmofra ne mpanyin nyinaa sɛ wɔresuasua gyidi a Yosua ne Kaleb daa no adi no bi adi, na wonni nnipa dodow akyi.

Nni “Wo Koma ne Wo Aniwa” Akyi

9. (a) Sɛ yɛretu kwan a, dɛn nti na ebetumi ayɛ asiane sɛ yebedi yɛn koma akyi? (b) Dɛn nti na na mmara a ɛwɔ Numeri 15:37-39 no ho hia Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ tete Israel no?

9 Ade bɔne a ɛto so abien a yɛbɛka ho asɛm no fi yɛn ankasa. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ woretu kwan akɔ baabi, na wowɔ asase mfonini a wobɛhwɛ so de akodu hɔ. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ woremfa asase mfonini no nni dwuma, na wudi wo koma akyi kɔfa ɔkwan biara a wususuw sɛ wubehu nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ so so a, dɛn na ebesi? Ɛda adi sɛ sɛ wudi wo koma akyi saa a, worennu baabi a worekɔ no da. Momma yensusuw mmara foforo a Yehowa de maa tete Israelfo no a ɛfa saa asɛm yi ho no ho nhwɛ. Ɛnnɛ, ebetumi ayɛ den ama ebinom sɛ wɔbɛte nea enti a wɔhyɛɛ mmara sɛ Israelfo nyɛ wɔn ntade ano mmɛsã, na wɔmfa ahama bruu nto mmɛsã no ano no ase. (Monkenkan Numeri 15:37-39.) Nanso, so wote nea enti a na saa mmara no ho hia ase? Saa mmara no a Onyankopɔn nkurɔfo dii so no boaa wɔn ma wɔdaa nsow, na wɔyɛɛ soronko wɔ aman a na atwa wɔn ho ahyia na wɔsom abosom no ho. Sɛ na wobenya Yehowa anim dom na wɔakɔ so asɔ n’ani a, na ɛho hia sɛ wodi saa mmara no so. (Lev. 18:24, 25) Nanso, saa mmara no ma yehu ade bɔne foforo nso a ebetumi ama yɛaman afi daa nkwa kwan no so. Ɔkwan bɛn so?

10. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ onim nnipa yiye?

10 Hyɛ nea enti a Yehowa de saa mmara no maa ne nkurɔfo yi nsow. Ɔkae sɛ: ‘Munnni mo koma ne mo aniwa akyi sɛnea mudi akyi bɔ aguaman no.’ Yehowa nim nnipa yiye paa. Na onim sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma a yɛde yɛn aniwa hu no betumi adaadaa yɛn koma. Enti, Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew. Hena na obetumi ahu mu?” (Yer. 17:9) Ɛnde, so wuhu sɛnea ɛfata sɛ Yehowa de kɔkɔbɔ a ɛte saa maa Israelfo no? Ná onim sɛ sɛ Israelfo no hwɛ aman a atwa wɔn ho ahyia a wɔnsom Yehowa no a, anhwɛ a na wɔn ani agye ho sɛ wɔbɛyɛ te sɛ wɔn. Ebetumi ayɛ wɔn sɛ wɔnyɛ wɔn ho te sɛ wɔn a wonnye nni no, na wonsusuw nneɛma ho te sɛ wɔn, na wɔnyɛ wɔn ade te sɛ wɔn.—Mmeb. 13:20.

11. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a yɛde yɛn aniwa hu betumi adaadaa yɛn?

11 Wɔ yɛn bere yi so no, ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma a yɛde yɛn aniwa hu no betumi adaadaa yɛn koma okontomponi no. Yɛte wiase bi a ɛma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yebedi akɔnnɔ bɔne akyi mu. Enti, yɛbɛyɛ dɛn atumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Numeri 15:39 no ayɛ adwuma? Susuw ho hwɛ: Sɛ wɔn a wo ne wɔn kɔ sukuu, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma, anaa nnipa a wɔte wo mpɔtam no siesie wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so bere nyinaa a, so ebetumi aka wo bi? So nea wuhu betumi adaadaa wo ma ‘woadi wo koma ne w’aniwa akyi’? Ɛnde, anhwɛ a, yebefi ase asiesie yɛn ho te sɛ wɔn, na yɛrensiesie yɛn ho sɛ Kristofo.—Rom. 12:1, 2.

12, 13. (a) Sɛ yɛde yɛn aniwa hwɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛbɛma afoforo kɔn adɔ bɔne?

12 Ɛho hia paa sɛ yenya ahosodi. Sɛ yɛde yɛn aniwa hwɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ a, momma yɛnkae ɔnokwafo Hiob a osii ne bo denneennen ne n’aniwa yɛɛ apam sɛ ɔrennya ɔbea foforo a ɔnyɛ ne yere ho akɔnnɔ da no. (Hiob 31:1) Saa ara na Ɔhene Dawid nso sii ne bo sɛ ɔbɛyɛ. Ɔkae sɛ: “Meremfa adehunu biara nsi m’anim.” (Dw. 101:3) Biribiara a ebetumi asɛe ahonim pa ne abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no yɛ “adehunu.” Biribiara a sɛ yɛhwɛ a yɛn ani betumi agye ho na adaadaa yɛn koma ma yɛayɛ bɔne no nso yɛ adehunu.

13 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛrempɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛma afoforo kɔn adɔ bɔne, na ɔkwan bi so no ama yɛabɛyɛ “adehunu” ama wɔn. Enti yɛfa Onyankopɔn afotu a ɛwɔ Bible mu a ɛka sɛ yɛmfa fɛre nhyɛ ntade a ɛfata no aniberesɛm. (1 Tim. 2:9) Ntade a ɛfata nyɛ nea yɛn ankasa ani gye ho nko. Ɛho hia sɛ yesusuw sɛnea ɛbɛka afoforo ahonim ne sɛnea ɛbɛhaw wɔn ho, na yɛyɛ nea ɛbɛma wɔn bo atɔ wɔn yam na ama wɔn ani agye sen sɛ yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ. (Rom. 15:1, 2) Mmabun mpempem pii wɔ Kristofo asafo no mu a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ ahosiesie mu. Sɛ ‘wɔanni wɔn koma ne wɔn aniwa akyi,’ na sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani wɔ biribiara a wɔyɛ mu a wɔn ahosiesie mpo ka ho a, hwɛ sɛnea wɔma yɛn ani gye!

Nni “Ahuhude” Akyi

14. Kɔkɔbɔ bɛn na Samuel de mae wɔ “ahuhude” akyi a yebedi ho?

14 Fa no sɛ w’akwantu no de wo akopue anhweatam kɛse bi so. Wuduu baabi no, ɛyɛɛ wo sɛnea woahu nsu wɔ w’anim. Nanso, ɛnyɛ nsu ankasa. Biribiara nni hɔ! Sɛ woman fi ɔkwan a wonam so no so kɔhwehwɛ nea wususuw sɛ ɛyɛ nsu no a, dɛn na ebetumi asi? Wubetumi ayera na woawu wɔ anhweatam no so. Yehowa nim sɛ asiane wom sɛ yebedi biribi a enni hɔ akyi. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Ná Israelfo no pɛ sɛ wɔyɛ te sɛ aman a atwa wɔn ho ahyia a na ahemfo a wɔyɛ nnipa na wodi wɔn so no. Nokwasɛm ne sɛ, saa ɔpɛ a wonyae sɛ wɔbɛyɛ te sɛ wɔn no yɛ bɔne a na emu yɛ duru, efisɛ nea na ɛkyerɛ ankasa ne sɛ wɔapo Yehowa sɛ wɔn hene. Ɛwom sɛ Yehowa maa wɔn kwan ma wɔde onipa sii wɔn so sɛ wɔn hene de, nanso ɔmaa ne diyifo Samuel de kɔkɔbɔ bi a emu yɛ den maa wɔn wɔ “ahuhude” akyi a wobedi ho.—Monkenkan 1 Samuel 12:21.

15. Dɛn na Israelfo no yɛe a ɛma wodii ahuhude akyi?

15 So na Israelfo no susuw sɛ sɛ ɔhene a ɔyɛ onipa di wɔn so a, wobetumi ahu no yiye na wɔatumi de wɔn ho ato no so kɛse asen Yehowa? Sɛ saa na na wosusuw a, ɛnde na wɔredi ahuhude akyi ankasa! Na na ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛma wɔakodi ahuhude foforo pii a efi Satan hɔ akyi. Ná ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ ahemfo a wɔyɛ nnipa bɛma wɔakɔsom abosom. Nnipa a wɔsom abosom susuw sɛ wobetumi de wɔn ho ato ahoni a wɔde nnua anaa abo ayɛ so sen Yehowa Nyankopɔn a wonhu no a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no, efisɛ wotumi hu saa ahoni no, na wotumi de wɔn nsa ka wɔn. Nanso, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, abosom nyɛ “hwee.” (1 Kor. 8:4) Wontumi nhu ade, wɔnte kasa, wontumi nkasa, na wontumi nyɛ hwee nso. Ebia wubetumi ahu ahoni na wode wo nsa aka wɔn, nanso sɛ wosom wɔn a, nokwarem no, na woredi ahuhude akyi. Ɛyɛ biribi a enni hɔ ankasa a ɛde wo bɛkɔ asiane mu.—Dw. 115:4-8.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan daadaa nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wodi ahuhude akyi? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ honam fam nneɛma yɛ ahuhude, titiriw, sɛ yɛde toto Yehowa Nyankopɔn ho a?

16 Satan da so ara yɛ obi a otumi daadaa nkurɔfo ma wodi ahuhude akyi. Sɛ nhwɛso no, wadaadaa nnipa pii ma wɔanya adwene sɛ sɛ wonya honam fam nneɛma pii a, ɛbɛma wɔanya ahotɔ. Ɛte sɛ nea ahode, sika, ne adwuma a akatua kɛse wom betumi aboa wɔn ma wɔn haw nyinaa to atwa. Dɛn na honam fam nneɛma betumi ayɛ ama nnipa bere a wɔyare, bere a ɔman no sikasɛm asɛe, anaa bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no? Sɛ nkurɔfo te nka sɛ wɔn anidaso asa, wonnim nea enti a wɔte wiase, na wonnya asetena mu nsɛmmisa a ɛho hia ho mmuae a, mmoa bɛn na saa nneɛma yi betumi ayɛ ama wɔn? So saa nneɛma yi betumi agye wɔn afi owu nsam? Sɛ yɛn adwene yɛ yɛn sɛ honam fam nneɛma betumi ama yɛn nsa aka yɛn honhom fam ahiade a, ɛnde yɛn nsa besi fam. Honam fam nneɛma rentumi nnye yɛn nkwa; ɛyɛ ahuhude. Awiei koraa no, ɛrentumi mmɔ yɛn ho ban, efisɛ ɛrentumi nto nnipa nkwa nna so, na saa ara nso na ɛrentumi nyi yare ne owu mfi hɔ. (Mmeb. 23: 4, 5) Ɛnde, hwɛ sɛnea Yehowa, yɛn Nyankopɔn no, wɔ hɔ ankasa! Sɛ yɛne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den nkutoo a, ɛnna yebetumi anya ahotɔ ankasa. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhyira kɛse! Mommma yennnyaw Yehowa nnkodi ahuhude akyi da.

17. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn a yɛasusuw ho no ho?

17 So ɛnyɛ nhyira sɛ Yehowa yɛ yɛn adamfo na ɔrekyerɛ yɛn kwan akɔ daa nkwa mu? Sɛ yɛkɔ so tie kɔkɔbɔ a ofi ɔdɔ mu de ma yɛn wɔ nneɛma abiɛsa a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn a ɛne nnipa dodow akyi a yebedi, yɛn koma akyi a yebedi, ne ahuhude akyi a yebedi ho a, ɛda adi paa sɛ yebenya daa nkwa. Wɔ adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw kɔkɔbɔ foforo abiɛsa a Yehowa de ma yɛn a ɛbɛboa yɛn ma yɛakyi na yɛatwe yɛn ho afi nkontompo akwan a ɛma nnipa pii yera ho no ho.—Dw. 119:128.

Wudwen Ho Dɛn?

Wobɛyɛ dɛn atumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ kyerɛw nsɛm a edidi so yi mu ayɛ adwuma?

Exodus 23:2

Numeri 15:37-39

1 Samuel 12:21

Dwom 119:128

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

So ayɛ wo sɛ di nnipa dodow akyi pɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Dɛn nti na asiane wom sɛ wubedi wo koma akyi?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

So woredi ahuhude bi akyi?