Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua Som ne Ankorankoro Adesua Ho Nyansahyɛ

Abusua Som ne Ankorankoro Adesua Ho Nyansahyɛ

Abusua Som ne Ankorankoro Adesua Ho Nyansahyɛ

EFI afe 2009 mfiase no, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa yɛɛ nsakrae wɔ bere a wɔde yɛ wɔn asafo nhyiam mu. Wɔkaa asafo nhyiam abien a yɛyɛ no dapɛn mfinimfini no boom, na wɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa anwummere a wɔmmfa nnkɔ asafo nhyiam no nyɛ abusua som anaa ankorankoro adesua. So wode saa nhyehyɛe foforo yi reyɛ adwuma? So worenya so mfaso kɛse?

Ebinom nhu nea ɛsɛ sɛ wosusuw ho bere a wɔreyɛ abusua som no. Ɛnyɛ Sodikuw no adwene ne sɛ ɛbɛkyerɛ ɔkwan biako a ɛsɛ sɛ mmusua nyinaa fa so yɛ wɔn abusua som. Esiane sɛ ɛsono obiara asetena mu nsɛm tebea nti, ɛyɛ papa sɛ abusua ti anaa ankorankoro biara susuw nea ɔbɛyɛ a ɛbɛma wanya dapɛn dapɛn nhyehyɛe yi so mfaso kɛse ho.

Ebinom sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ahorow ase, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ abusua som. Afoforo kenkan Kyerɛwnsɛm no, wosusuw ho, na wɔyɛ ho drama mpo, ne titiriw no, wɔyɛ drama no sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra nkumaa benya so mfaso. Ɛnyɛ bere nyinaa na ebia ɛho behia anaa ɛbɛyɛ papa sɛ wobebisa nsɛm ma wɔama ho mmuae wɔ abusua som ase te sɛ nea wɔyɛ wɔ nhyiam afoforo ase no. Sɛ wɔyɛ abusua som wɔ ɔkwan a ɛma obiara bo tɔ ne yam so a, ɛtaa boa ma nkɔmmɔbɔ kɔ so, na ɛma obiara tumi kyerɛ n’adwene. Tebea a ɛte saa boa ma obiara tumi susuw biribi ho, na ebetumi ama obiara ani agye adesua no ho na wakae bere nyinaa.

Agya bi a ɔwɔ mma baasa kyerɛwee sɛ: “Nea yɛtaa de yɛ yɛn abusua som ne Bible akenkan. Yɛn mu biara di kan kenkan Bible no ti ahorow bi, na mmofra no fa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bi yɛ ho nhwehwɛmu, na afei wɔka nea wohui no ho asɛm. Michael a [wadi mfe ason] no taa yɛ mfonini anaasɛ ɔkyerɛw bibiri fa nea wakenkan no ho. David ne Kaitlyn a [wɔadi mfe 13 ne mfe 15 no] tumi kyerɛw biribi fa Bible mu asɛm bi ho te sɛ nea na wɔwɔ hɔ na asɛm no sii. Sɛ nhwɛso no, bere a na yɛrekenkan dae a Farao paanootofo ne ne nsahyɛfo soe a Yosef kyerɛɛ ase maa wɔn ho asɛm no, Kaitlyn kyerɛw ho asɛm te sɛ nea na ɔyɛ ɔdeduani a na ɔwɔ hɔ a ɔrehwɛ nea na ɛrekɔ so no.”—Gen., ti 40.

Ɛsono obiara nsɛm tebea. Nea ɛbɛboa abusua bi anaa ankorankoro no remmoa ɔfoforo. Nyansahyɛ ahorow bi wɔ adaka a ɛka asɛm yi ho mu a wubetumi de adi dwuma wɔ w’abusua som anaa w’ankasa adesua mu. Ɛda adi paa sɛ wubetumi anya akwan foforo pii nso a wubetumi de ayɛ adwuma.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Mmusua a mmabun wom:

• Monkenkan Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no na munsusuw ho.

• Mommobɔ asɛm a ɛne, “Sɛ ɛba sɛ . . . ?” so. (Hwɛ May 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14, nkyekyɛm 17-18.)

• Munsusuw botae ahorow a wɔde bere tenten du ho ne nea wotumi du ho bere tiaa mu ho.

• Monhwɛ Bible ho video bere ne bere mu na munsusuw ho.

• Munsusuw Ɔwɛn-Aban mu asɛm a ɛne “Mmofra Afã” no ho.

Awarefo a wonni mma:

• Munsusuw Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no ti 1, 3, 11-16 ho.

• Monka nea munya fi Bible akenkan ho nhwehwɛmu a moyɛ mu nkyerɛ mo ho mo ho.

• Mommom nsua nea wobesusuw ho wɔ Asafo Bible Adesua anaa Ɔwɛn-Aban Adesua ase.

• Munsusuw akwan a mobɛfa so atrɛw mo som adwuma mu ho sɛ awarefo.

Anuanom mmarima ne mmea asigyafo anaa mmusua a emufo nni ɔsom biako mu:

• Sua nhoma foforo a woyi no adi wɔ amantam nhyiam ase.

• Kenkan Yearbook a aba foforo ne nea ɛwɔ hɔ dedaw.

• Yɛ nsɛm a wɔtaa bisa wɔ mo asasesin mu ho nhwehwɛmu.

• Sua nsɛm a wobɛka wɔ asɛnka mu.

Mmusua a mmofra nkumaa wom:

• Monyɛ Bible mu nsɛm ho drama.

• Munsusuw nsɛm te sɛ nea ɛba Awake! kratafa 30, ne 31 ho mfa nsɔ mo adwene nhwɛ.

• Ɛtɔ mmere bi a, mommɔ mo tirim nyɛ biribi. (“Hwɛ Bible a Yesua Wɔ Mmoa Yɛmmea!” wɔ March 8, 1996, Nyan!, kratafa 12-15.)

• Munsusuw Ɔwɛn-Aban mu asɛm a ɛne “Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma” no ho.