Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Intanɛt Di Dwuma Yiye

Fa Intanɛt Di Dwuma Yiye

Fa Intanɛt Di Dwuma Yiye

AFIRI a wɔde tintim nhoma a wɔyɛe wɔ mfehaha pii a atwam no sesaa ɔkwan a nnipa fa so ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho no. Wɔde Intanɛt a wɔayɛ no ɛnnɛ bere yi mu no atoto afiri a wɔde tintim nhoma a wɔyɛe no ho. Wɔafrɛ saa adwinnade a wɔde yɛ nneɛma a mfaso wɔ so yi adwinnade a wɔde di nkitaho wɔ wiase nyinaa, na ɛfata sɛ wɔfrɛ no saa. Sɛ wowɔ Intanɛt so a, wubetumi anya nsɛm, akontaabu, ne nkurɔfo adwene ahorow a wɔakyerɛ afa nneɛma pii ho.

Nkitaho a yetumi ne afoforo di no yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi yɛn Bɔfo no hɔ. Ɛma yetumi ne afoforo susuw nsɛm ho na yɛka nsɛm kyerɛ wɔn. Yehowa na odii kan ne n’abusua a wɔyɛ nnipa no dii nkitaho, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ a emu da hɔ fann wɔ sɛnea na wɔbɛbɔ wɔn bra ma asi wɔn yiye ho. (Gen. 1:28-30) Nanso, sɛ anhwɛ a, yebetumi de akyɛde a ɛne nkitahodi no adi dwuma ɔkwammɔne so, sɛnea nnipa a wodi kan no yɛe no. Asɛm a ɛnyɛ nokware koraa na Satan ka kyerɛɛ Hawa. Hawa gyee asɛm a Satan kae no dii, na ɔno nso ka kyerɛɛ Adam, na ɛmaa ɔde nnipa nyinaa kɔɔ amanehunu mu.—Gen. 3:1-6; Rom. 5:12.

Dɛn na yebetumi aka afa Intanɛt a yɛde bedi dwuma no ho? Bere a Intanɛt betumi ama yɛanya nsɛm pii a mfaso wɔ so, adi nneɛma ho dwuma ntɛmntɛm, na yɛatumi de ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so no, ebetumi nso ama yɛanya nsɛm a ɛnyɛ nokware, agye yɛn bere pii, na ama ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhwɛ ɔbrasɛe ho mfonini. Ma yensusuw sɛnea yebetumi de Intanɛt adi dwuma yiye ho.

So Asɛm no Yɛ Nokware Anaa Ɛyɛ Atoro?

Ɛnyɛ w’adwene da sɛ nsɛm a ɛwɔ Intanɛt so nyinaa ye na mfaso wɔ so. Yebetumi de Intanɛt dwumadibea ahorow atoto wɔn a wɔbrɛ tutu mmire ahorow a eye sɛ yedi ne nea awuduru wom a wɔde ne nyinaa gu kyɛnsee biako mu ho. Sɛ worekɔtɔ mmire no bi de akɔyɛ aduan a, so worentɔ wo bo ase nhwɛ emu biara yiye ansa na woatɔ? Saa pɛpɛɛpɛ na wobɛyɛ! Sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu wɔ Intanɛt so a, yebetumi anya nsɛm a eye paa ne nea enye koraa wɔ so. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yeyiyi papa fi bɔne no mu.

Wɔ afe 1993 mu no, wɔyɛɛ aseresɛm mfonini bi a na nkraman abien wɔ kɔmputa bi so wɔ nsɛmma nhoma bi a agye din mu. Ɔkraman biako ka kyerɛɛ nea ɔka ne ho no sɛ: “Intanɛt so de, obiara nnim sɛ woyɛ ɔkraman.” Tete no, Satan kɔhyɛɛ ɔwɔ bi akyi fii ase ne Hawa “bɔɔ nkɔmmɔ,” na ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ Hawa betumi ayɛ sɛ Onyankopɔn. Ɛnnɛ, obiara a otumi kɔ Intanɛt so betumi ayɛ ne ho sɛ ɔyɛ ɔbenfo a ɔwɔ nea ɔreka no ho nimdeɛ pii bere mpo a ɔremmɔ ne din. Obiara betumi de n’adwenkyerɛ, ne nsɛm, mfonini, ne nyansahyɛ ahorow agu Intanɛt so a mmara biara nkyekyere no.

Sɛ wowɔ Intanɛt so a, nnye asɛm biara nni kɛkɛ sɛnea Hawa yɛe no. Ɛsɛ sɛ wohwehwɛ asɛm bi mu yiye ansa na woagye adi. Ansa na wubegye asɛm bi adi no, bisa wo ho sɛ: (1) Hena na ɔde asɛm yi too hɔ? Nimdeɛ bɛn na ɔkyerɛwfo no wɔ wɔ asɛm no ho? (2) Dɛn nti na ɔde asɛm yi too hɔ? Adwene bɛn na ɔde kyerɛwee? So nea ɔpɛ na ɔkyerɛwee? (3) Ɛhe na ɔkyerɛwfo no nyaa ne nsɛm no? So wakyerɛ baabi a onyaa ne nsɛm no a yebetumi akɔyɛ ho nhwehwɛmu? (4) So asɛm no yɛ nea yebetumi de adi dwuma nnɛ? Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo de afotu bi maa Timoteo a yebetumi de ayɛ adwuma nnɛ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Bɔ nea wɔde ahyɛ wo nsa no ho ban, na po nsɛnhunu a etia akronkronne ne akyinnye a ɛfa nea wodi atoro frɛ no ‘nimdeɛ’ ho no.”—1 Tim. 6:20.

Ɛsɛe Bere Anaa Ɛnsɛe Bere?

Sɛ yɛde Intanɛt di dwuma yiye a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛremma yɛnsɛe bere, ahoɔden, ne sika. Yebetumi atena yɛn fie atɔ biribi a yɛremmrɛ. Sɛ yɛhwehwɛ nneɛma bo wɔ Intanɛt so a, ebetumi aboa yɛn ma yɛrentɔ nneɛma aboɔden. Sɛ́ anka nkurɔfo bɛkɔ sikakorabea no; Intanɛt nti wotumi tena wɔn afie tuatua wɔn aka, wɔde sika mena, na wɔyɛ nneɛma foforo a ɛtete saa. Yetumi fa Intanɛt so yɛ ɔkwan bi a yɛpɛ sɛ yetu ho nhyehyɛe, na yɛtɔ tekiti wɔ so. Ɛyɛ mmerɛw nso sɛ yebenya telefon nɔma, address, ne akwan a yebetumi afa so akɔ baabi a yɛrekɔ no. Wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea ahorow de Intanɛt dwumadibea ahorow di dwuma ma enti wɔnsɛe sika ne bere pii, na ɛmma wonhia adwumayɛfo pii nso.

Nanso, asiane bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛfa bere a sɛ yɛkɔ Intanɛt so a yebetumi asɛe no no ho. Intanɛt abɛyɛ ade a nnipa binom de di agoru kɛkɛ sen sɛ wɔde bɛyɛ nneɛma a mfaso wɔ so. Wɔsɛe bere pii wɔ Intanɛt so di agoru, totɔ nneɛma, ne afoforo bɔ nkɔmmɔ, de nsɛm mena nkurɔfo, wɔyɛ nhwehwɛmu, na wokyinkyin so kwa. Awiei koraa no, ebia wobefi ase abu wɔn ani agu nneɛma a ɛho hia paa a ɛfa wɔn abusua, wɔn nnamfo, ne asafo no ho so. Intanɛt tumi gye nkurɔfo adwene paa mpo. Sɛ nhwɛso no, akontaa bi a wobui wɔ afe 2010 mu daa no adi sɛ Intanɛt agye Koreafo mmabun ɔha biara mu 18.4 adwene paa. Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Germany kae sɛ “mmea pii na wɔrenwiinwii sɛ ɛregye wɔn ahokafo adwene dodo.” Ɔbea biako kae sɛ Intanɛt agye ne kunu adwene araa ma asɛe wɔn aware.

Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi nsa kaa krataa fii obi a ɔkae sɛ Intanɛt agye n’adwene paa hɔ. Ɛtɔ mmere bi a odi nnɔnhwerew du wɔ Intanɛt so da koro. Ɔkae sɛ “mfiase no, na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho,” na ɔde kaa ho sɛ: “Bere bi akyi no, na mentaa nkɔ asafo nhyiam, na migyaee mpae bɔ.” Bere a ɔbɛkɔ asafo nhyiam no, na onsuaa nneɛma a wɔrekosusuw ho no, na na n’adwene wɔ fie a ɔpɛ sɛ “ɔkɔsɔ kɔmputa no bio.” Anigyesɛm ne sɛ, ohuu sɛnea asɛm no yɛ aniberesɛm fa, na ɔyɛɛ biribi de siesiee tebea no. Mommma ɛmma da sɛ yɛde Intanɛt bedi dwuma ma agye yɛn adwene dodoodo da.

Nsɛm no Fata Anaa Ɛmfata?

Yɛkenkan wɔ 1 Tesalonikafo 5:21, 22 sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ; munkura nea eye mu pintinn. Montwe mo ho mfi bɔne biara ho.” Ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛ nneɛma a yɛhwɛ wɔ Intanɛt so no yɛ nea Onyankopɔn ani gye ho na ɛne ne gyinapɛn a ɛkorɔn no hyia anaa. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔbrasɛe nnim na ɛfata ma Kristoni. Aguamansɛm ho mfonini a wɔhwɛ wɔ Intanɛt so abɛyɛ ade a abu so paa, na sɛ yɛanhwɛ yiye a, ɛrenyɛ den koraa sɛ ebetumi atwetwe yɛn ma yɛahwɛ bi.

Ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me hokafo, m’awofo, anaa me nuanom Kristofo ba ɔdan yi mu a, so mɛyɛ ntɛm ayi ade a merehwɛ wɔ kɔmputa so yi afi so?’ Sɛ mmuae no yɛ yiw a, ɛnde ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ Intanɛt so bere a afoforo wɔ hɔ nkutoo. Nokwasɛm ne sɛ, Intanɛt asesa ɔkwan a yɛfa so di nkitaho ne ɔkwan a yɛfa so di gua. Afei nso, abue hokwan foforo koraa a ɛma nkurɔfo fa so ‘sɛe aware wɔ wɔn koma mu.’—Mat. 5:27, 28.

So Ɛsɛ sɛ Mede Kɔma Obi Anaa Ɛnsɛ sɛ Mede Kɔ?

Sɛ yɛwɔ Intanɛt so a, yetumi de nsɛm kɔma afoforo, na wɔn nso tumi de bi brɛ yɛn. Ɛwom sɛ biribiara nsiw yɛn kwan sɛ yebetumi anya nsɛm na yɛde bi akɔma afoforo de, nanso yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛhwɛ sɛ asɛm no yɛ nokware na ɛnhyɛ ɔbrasɛe ho nkuran. So yebetumi akyerɛ sɛ asɛm a yɛrekyerɛw anaa nea yɛde rekɔma afoforo no yɛ nokware turodoo? So yɛwɔ hokwan sɛ yɛde asɛm no kɔma afoforo? * So mfaso wɔ so anaa ɛhyɛ nkuran? Dɛn nti na yɛde rekɔma afoforo? So yɛpɛ sɛ yɛde twetwe afoforo adwene kɛkɛ?

Sɛ yɛkyerɛw nsɛm fa kɔmputa so de mena nkurɔfo wɔ ɔkwan a ɛfata so a, ɛso betumi aba mfaso. Ebetumi nso ama yɛanya nsɛm pii a ɛho nhia. So yɛde nsɛm foforo biara a yɛte anaa nsɛm a ɛho nhia ahe biara kɔma nnipa pii a yenim wɔn de sɛe bere a anka wobetumi de ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so? So ɛnsɛ sɛ yesusuw nea enti a yɛde nsɛm no rekɔma wɔn no ho ansa na yɛde akɔ? Dɛn nti paa na yɛde rekɔma wɔn? Bere bi, na nkurɔfo kyerɛw nkrataa ka wɔn ankasa suahu kyerɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo ma wohu nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetena mu. So ɛnyɛ saa nsɛm yi na ɛsɛ sɛ yɛde fa kɔmputa so kɔma afoforo? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nsɛm a yɛrentumi nkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware kɔma afoforo?

Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde Intanɛt yɛ? So ɛnsɛ sɛ yɛde di dwuma koraa? Wɔ ebinom fam de, ebia ɛho behia sɛ wɔremfa nni dwuma koraa. Obi a ɔkae sɛ Intanɛt agye n’adwene paa a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atetew ne ho afi mfe pii a na Intanɛt agye n’adwene no ho. Nanso, sɛ yɛde Intanɛt bedi dwuma ma yɛanya so mfaso a, gye sɛ yɛma ‘adwempa hwɛ yɛn so na nhumu bɔ yɛn ho ban.’—Mmeb. 2:10, 11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Asɛm no fa mfonini nso ho. Ɛwom sɛ yɛn ankasa betumi atwa afoforo mfonini de adi dwuma de, nanso ebia yenni hokwan sɛ yɛde bɛkɔ akɔma afoforo, na kampɛsɛ yɛde nnipa a wɔwɔ mfonini no mu din akɔma afoforo na yɛakyerɛ baabi a wɔte.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Dɛn na wubetumi ayɛ na wɔamfa atosɛm annaadaa wo?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho ansa na wode nsɛm akɔma afoforo?