Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛmma Asomdwoe Ntena Yɛn Mu

Momma Yɛmma Asomdwoe Ntena Yɛn Mu

Momma Yɛmma Asomdwoe Ntena Yɛn Mu

“Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba . . . akyi.”—ROM. 14:19.

1, 2. Dɛn nti na asomdwoe wɔ Yehowa Adansefo mu?

ASOMDWOE paa nni nnipa a wɔwɔ wiase nnɛ no mu. Nyamesom, amanyɔsɛm, sikasɛm, ne nhomasua taa de mpaapaemu ba nnipa a wofi ɔman biako mu na wɔka kasa biako mpo mu. Nanso, ɛmfa ho sɛ Yehowa nkurɔfo fi “amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” no, biakoyɛ wɔ wɔn mu.—Adi. 7:9.

2 Nneɛma pii nti na asomdwoe wɔ yɛn mu. Ade titiriw nti a yɛwɔ asomdwoe ne sɛ ‘asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam.’ Esiane gyidi a yɛwɔ wɔ ne Ba no a ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn no mu nti na yɛwɔ saa asomdwoe no. (Rom. 5:1; Efe. 1:7) Bio nso, nokware Nyankopɔn no de honhom kronkron ma n’asomfo anokwafo, na saa honhom no aba no bi ne asomdwoe. (Gal. 5:22) Ade foforo a ama asomdwoe ne biakoyɛ wɔ yɛn mu ne sɛ ‘yɛnyɛ wiase no fã.’ (Yoh. 15:19) Eyi kyerɛ sɛ yɛmmfa yɛn ho nnhyehyɛ amanyɔsɛm anaa ɔko mu. Esiane sɛ ‘yɛde yɛn nkrante ayɛ nsɔw’ nti, yɛmmfa yɛn ho nnhyehyɛ ɔmanko ne amanaman ntam akodi mu.—Yes. 2:4.

3. Dɛn na asomdwoe a ɛwɔ yɛn mu no ma yetumi yɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛmfa ho mpo sɛ ɛsono baabi a nnipa a yɛwɔ asafo no mu fi, yɛn amammerɛ, ne ɔkwan a yɛfa so susuw nneɛma ho no, ‘yɛdodɔ yɛn ho.’ (Yoh. 15:17) Asomdwoe a ɛwɔ yɛn mu no kɔ akyiri sen yɛn nuanom a yɛrenyɛ wɔn bɔne kɛkɛ. Asomdwoe a ɛwɔ yɛn mu no ma ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.’ (Gal. 6:10) Saa asomdwoe a yɛne Yehowa ne yɛn nuanom mmarima ne mmea wɔ no som bo paa, na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban. Enti, momma yɛnhwehwɛ sɛnea yebetumi ama asomdwoe atena yɛn mu wɔ asafo no mu no mu.

Bere a Yɛadi Mfomso

4. Sɛ yɛafom obi a, dɛn na yebetumi ayɛ de ama asomdwoe atena yɛne no ntam?

4 Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii. Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ.” (Yak. 3:2) Enti, ɛtɔ mmere bi a, nsɛmnsɛm anaa akasakasa bɛsɔre wɔ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ntam. (Filip. 4:2, 3) Nanso, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ nnipa baanu ntam a, wobetumi asiesie a wɔremma ɛnsɛe asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu. Sɛ nhwɛso no, momma yensusuw afotu a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma ho bere a yɛahu sɛ ebia a yɛafom obi no.—Monkenkan Mateo 5:23, 24.

5. Sɛ obi afom yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ de ama asomdwoe atena yɛne no ntam?

5 Na sɛ obi afom yɛn wɔ ade ketewa bi mu nso ɛ? So ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nea wafom yɛn no bɛba abɛpa yɛn kyɛw? Korintofo Nhoma a Edi Kan ti 13:5 ka sɛ: ‘Ɔdɔ mmfa bɔne nnhyɛ ne mu.’ Sɛ obi fom yɛn a, yɛde firi no a yɛnkɔfa ho asɛm mma bio, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ‘yɛmmfa bɔne no nnhyɛ yɛn mu,’ na yɛyɛ saa de ma asomdwoe tena yɛn mu. (Monkenkan Kolosefo 3:13.) Eyi yɛ ɔkwan a eye sen biara a ɛsɛ sɛ yɛfa so siesie nsɛm nketenkete a ɛsɔre wɔ yɛn ntam da biara da no, efisɛ sɛ yɛyɛ saa a, ɛboa ma asomdwoe tena yɛne yɛn nuanom ntam, na ɛma yenya asomdwoe. Onyansafo bi buu bɛ sɛ: ‘Ɛyɛ anuonyam sɛ yebebu yɛn ani agu bɔne so.’—Mmeb. 19:11.

6. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn paa sɛ yebebu yɛn ani agu bɔne a obi ayɛ yɛn so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Na sɛ obi fom yɛn na ɛyɛ den ma yɛn paa sɛ yebebu yɛn ani agu so nso ɛ? Nyansa nnim sɛ yɛbɛkeka akyerɛ afoforo. Nea nseku a ɛte saa de ba ara ne sɛ ɛsɛe asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie asɛm no asomdwoe mu? Mateo 18:15 ka sɛ: “Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomso adi kyerɛ no wo ne ɔno nkutoo ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.” Ɛwom sɛ Mateo 18:15-17 no fa bɔne a emu yɛ duru ho de, nanso yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 15 mu no ayɛ adwuma, na yɛakɔ nea wafom yɛn no hɔ ne ɔno nkutoo akosiesie asɛm no ma asomdwoe asan aba yɛne no ntam. *

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn mu no ntɛm ara?

7 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efe. 4:26, 27) Yesu nso kae sɛ: “Sɛ obi samana wo a, . . . wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.” (Mat. 5:25) Enti, sɛ asomdwoe betumi atena yɛne afoforo ntam a, ɛsɛ sɛ yesiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn mu no ntɛm ara. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ yɛanyɛ saa a, ɛbɛma nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn mu no ayɛ kɛse te sɛ nea ekuru a wommia tu yɛ kɛse no. Mommma yɛmma ahantan, ahoɔyaw, anaa ahonyade a yɛma ɛho hia yɛn dodoodo mma yemmmu yɛn ani ngu so sɛ yebesiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛn mu no.—Yak. 4:1-6.

Bere a Nsɛmnsɛm no Fa Nnipa Pii Ho

8, 9. (a) Dɛn na na Kristofo a wɔwɔ Roma asafo a ɛwɔ afeha a edi kan no mu no adwene nhyia wɔ ho? (b) Afotu bɛn na Paulo de maa Kristofo a na wɔwɔ Roma no wɔ akasakasa a ɛsɔree wɔ wɔn mu no ho?

8 Ɛtɔ mmere bi a, nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ asafo no mu no fa nnipa pii ho na ɛnyɛ nnipa baanu pɛ. Saa na ɛtoo Kristofo a na wɔwɔ Roma a honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw wɔn no. Akasakasa bi baa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo ne Amanaman mufo a na wɔabɛyɛ Kristofo no ntam. Ɛda adi sɛ na asafo no mufo a wɔn ahonim yɛ den no rebu wɔn a wɔn ahonim yɛ mmerɛw, anaa wɔn a wɔn ahonim mma wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bi a Bible nka ho asɛm sɛ ɛyɛ bɔne no animtiaa. Ná nkurɔfo a wɔte saa no rebu afoforo atɛn sɛnea ɛmfata wɔ nneɛma a na ankorankoro wɔ hokwan sɛ wɔn ankasa si ho gyinae ho. Afotu bɛn na Paulo de maa asafo no?—Rom. 14:1-6.

9 Paulo tuu wɔn a na wɔn ahonim yɛ mmerɛw ne wɔn a na wɔn ahonim yɛ den no nyinaa fo. Ɔka kyerɛɛ wɔn a na wogye tom sɛ wɔnnhyɛ Mose Mmara no ase bio no sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn nuanom animtiaa. (Rom. 14:2, 10) Ná suban a ɛte saa betumi ato gyidifo a na wokyi kɔkɔɔkɔ sɛ wobedi nnuan a na Mose Mmara no abara no hintidua. Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Munnyae sɛ aduan nti mobɛsɛe Onyankopɔn adwuma. . . . Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa anaasɛ wonyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.” (Rom. 14:14, 15, 20, 21) Paulo tuu Kristofo a wɔn ahonim mma wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bi a Bible nka ho asɛm sɛ ɛyɛ bɔne no nso fo sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn a wɔne wɔn adwene nhyia wɔ nneɛma ho no atɛn. (Rom. 14:13) Ɔka kyerɛɛ ‘wɔn mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ.’ (Rom. 12:3) Bere a Paulo tuu afanu a na akasakasa yi asɔre wɔ wɔn ntam no fo wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Enti afei momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den akyi.”—Rom. 14:19.

10. Sɛnea Kristofo a na wɔwɔ Roma no yɛe no, ɛnnɛ sɛ nsɛmnsɛm bi sɔre a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a ɛfa wɔn ho no yɛ de siesie asɛm no?

10 Yebetumi agye adi sɛ asafo a na ɛwɔ Roma no mufo tiee Paulo afotu no yiye, na wɔyɛɛ nsakrae a ehia. Ɛnnɛ, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo ntam a, so ɛnyɛ saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi ahobrɛase mu hwehwɛ afotu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu de siesie? Sɛnea ɛtoo Romafo no, ɛnnɛ nso ebia ɛho behia sɛ wɔn a nsɛmnsɛm sɔre wɔ wɔn ntam no yɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛma asomdwoe atena wɔn ntam.’—Mar. 9:50.

Sɛnea Mpanyimfo no Betumi Aboa

11. Sɛ Kristoni bi rebɛka asɛm bi a asɔre wɔ ɔne ne yɔnko gyidini bi ntam akyerɛ asafo mu panyin bi a, ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ ɔpanyin no yɛ?

11 Na sɛ Kristoni bi ne ne busuani anaa ne yɔnko gyidini wɔ asɛm na ɔpɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ asafo mu panyin bi nso ɛ? Mmebusɛm 21:13 ka sɛ: “Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.” Ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ asafo mu panyin ‘sisiw n’aso.’ Nanso, ɛbɛ foforo bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛte sɛ nea onipa a odi kan ka n’asɛm no asɛm yɛ dɛ, kosi sɛ nea ɔne no anya asɛm no befi ase abisabisa no nsɛm.” (Mmeb. 18:17, New English Translation) Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin yi ne yam tie asɛm yiye, nanso ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na wannyina onipa a ɔreka asɛm akyerɛ no no akyi. Sɛ ɔpanyin no tie asɛm no wie a, obetumi abisa onipa no sɛ ɔne nea wafom no no aka ho asɛm anaa. Ɔpanyin no betumi ne no asusuw nea Kyerɛwnsɛm no ka sɛ sɛ obi fom yɛn a, yɛnyɛ na ama asomdwoe atena yɛn ntam no nso ho.

12. Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛnea asiane wom sɛ yɛbɛpere yɛn ho asi gyinae bere a obi aka asɛm bi akyerɛ yɛn no.

12 Bible mu nhwɛso abiɛsa ma yehu sɛ asiane wom sɛ yebetie onipa biako pɛ anom asɛm na yɛapere yɛn ho asi gyinae. Potifar gyee asɛm a ne yere ka faa Yosef ho sɛ anka ɔreyɛ ato no mmonnaa no dii. Potifar bo fuwii araa ma ɔma wɔde Yosef too afiase. (Gen. 39:19, 20) Ɔhene Dawid nso gyee asɛm a Siba kae sɛ ne wura Mefiboset akɔka Dawid atamfo ho no dii. Dawid peree ne ho kae sɛ: “Hwɛ! Nea Mefiboset wɔ biara yɛ wo dea.” (2 Sam. 16:4; 19:25-27) Wɔka kyerɛɛ Ɔhene Artasasta sɛ na Yudafo no resan ato Yerusalem afasu no, na na wɔrebɛtew atua atia Persia Ahemman no. Ɔhene no gyee atosɛm no dii, na ɔhyɛe sɛ wonnyae Yerusalem afasu a wɔreto no nyinaa. Enti Yudafo no gyaee Onyankopɔn asɔrefie no ho adwuma. (Esra 4:11-13, 23, 24) Ɛyɛ papa sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo de afotu a Paulo de maa Timoteo no yɛ adwuma na amma wɔampere wɔn ho ammu atɛn.—Monkenkan 1 Timoteo 5:21.

13, 14. (a) Sɛ akasakasa ba nnipa baanu ntam a, dɛn na ɛho hia sɛ yɛkae? (b) Dɛn na ebetumi aboa mpanyimfo no ma wɔabu atɛn pa?

13 Bible ka sɛ: “Sɛ obi susuw sɛ wanya biribi ho nimdeɛ a, onnya nhui sɛnea ɛsɛ sɛ ohu.” (1 Kor. 8:2) Sɛ akasakasa sɔre nnipa baanu ntam a, ebia yebesusuw sɛ yenim nea ɛkɔfa bae. Nanso ɛho hia sɛ yɛkae sɛ ebetumi aba sɛ yennim asɛm no mu nyinaa. Afei nso, ebetumi aba sɛ yennim nnipa baanu a asɛm asɔre wɔ wɔn ntam no yiye. Sɛ mpanyimfo no rebu asɛm no ho atɛn a, ɛsɛ wɔhwɛ yiye paa na wɔamma atosɛm anaa atesɛm annaadaa wɔn. Bio nso, ɛnsɛ sɛ wogye asɛm a obi ka di esiane sɛ ɔwɔ sika nti. Yesu a ɔyɛ Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no no rennyina “nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn.” (Yes. 11:3, 4) Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛ Yesu kwan. Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo nso ma Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan.

14 Ɛho hia sɛ mpanyimfo no bɔ mpae hwehwɛ Yehowa honhom ansa na wɔabu asɛm bi ho atɛn. Mpanyimfo no ma Onyankopɔn honhom no kyerɛ wɔn kwan denam Bible no ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nhoma ahorow a wɔde di dwuma no so.—Mat. 24:45.

Ɛsɛ sɛ Yɛma Asomdwoe Tena Yɛne Onyankopɔn Ntam

15. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka bɔne a emu yɛ duru a obi ayɛ kyerɛ mpanyimfo no?

15 Wotu Kristofo fo sɛ wɔmma asomdwoe ntena wɔn ntam. Nanso, Bible san ka sɛ: “Nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew.” (Yak. 3:17) Bible ka sɛ, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew. Nea yɛn ho a yɛbɛma atew kyerɛ ne sɛ yɛbɛma Onyankopɔn akyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, na yɛabɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Sɛ Kristoni bi hu sɛ ne yɔnko gyidini bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ no nkuran ma ɔkɔka kyerɛ mpanyimfo no. (1 Kor. 6:9, 10; Yak. 5:14-16) Sɛ nea wayɛ bɔne no ankɔka a, ɛsɛ sɛ Kristoni a onim bɔne no kɔka kyerɛ mpanyimfo no. Sɛ Kristoni a onim bɔne no ankɔka esiane sɛ ɔpɛ sɛ asomdwoe tena ɔne nea wayɛ bɔne no ntam nti a, ɛnde na ɔno nso reyɛ bɔne.—Lev. 5:1; monkenkan Mmebusɛm 29:24.

16. Dɛn na yebetumi asua afi Yehu ne Ɔhene Yehoram asɛm no mu?

16 Biribi a Yehu yɛe ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yɛyɛ adetrenee sen sɛ yɛbɛma asomdwoe atena yɛne obi a ɔkɔ so yɛ bɔne ntam. Onyankopɔn somaa Yehu sɛ ɔnkɔka N’atemmusɛm nkyerɛ Ɔhene Ahab fiefo. Ɔhemmɔne Yehoram a na ɔyɛ Ahab ne Yesebel babarima no tenaa ne teaseɛnam mu kohyiaa Yehu kae sɛ: “Yehu, asomdwoe mu anaa?” Yehu buaa no dɛn? Obuaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe atumi aba bere a wo maame Yesebel aguamammɔ ne n’asumansɛm bebrebe no da so wɔ hɔ yi?” (2 Ahe. 9:22) Bere a Yehu kaa saa no, ɔtwee n’agyan na ɔtow wɔɔ Yehoram ma ehwirew ne komam. Sɛnea Yehu yɛɛ asɛm no ho biribi no, saa ara na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nso yɛ bere a obi kɔ so yɛ bɔne na onnu ne ho no. Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no ma wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔsakra fi wɔn bɔne ho no kɔ so tena asafo no mu esiane sɛ wɔpɛ sɛ asomdwoe tena wɔne wɔn ntam nti. Wotu abɔnefo a wonnu wɔn ho fi asafo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe betumi akɔ so atena asafo no mufo ne Onyankopɔn ntam.—1 Kor. 5:1, 2, 11-13.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ na ama asomdwoe atena yɛn mu?

17 Nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ anuanom ntam mu dodow no ara nyɛ bɔne a emu yɛ duru a ɛhwehwɛ sɛ wodi ho asɛm. Enti, hwɛ sɛnea eye sɛ yebefi ɔdɔ mu akata bɔne a afoforo yɛ yɛn no so. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea ɔkata bɔne so no hwehwɛ ɔdɔ, na nea otĩ asɛm mu no tetew nnamfo ntam.” (Mmeb. 17:9) Sɛ yetie saa asɛm no a, ɛbɛboa yɛn nyinaa ma yɛama asomdwoe akɔ so atena asafo no mu, na yɛne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa.—Mat. 6:14, 15.

Onyankopɔn Hyira Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe

18, 19. Sɛ yɛma asomdwoe tena yɛn mu a, mfaso bɛn na yenya?

18 Sɛ yɛyɛ “nneɛma a ɛde asomdwoe ba” a, ɛma yenya nhyira pii. Sɛ yesuasua Yehowa akwan a, yɛne no nya abusuabɔ pa, na yɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ tena yɛn honhom fam paradise no mu. Sɛ yɛma asomdwoe tena asafo no mu a, ɛno nso boa yɛn ma yehu akwan a yɛbɛfa so ama asomdwoe atena yɛne wɔn a yɛka “asomdwoe asɛmpa no” kyerɛ wɔn no ntam. (Efe. 6:15) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma ‘yedwo ma nnipa nyinaa, na yɛhyɛ yɛn ho so wɔ bɔne ho.’—2 Tim. 2:24.

19 Kae nso sɛ bere bi bɛba a “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Aso. 24:15) Eyi kyerɛ sɛ Yehowa benyan nnipa ɔpepem pii a wɔyɛ nnipa ahorow nyinaa bi. Wɔbɛyɛ nkurɔfo a wofi wiase no afã horow na wɔtenaa ase wɔ mmere ahorow mu, a wɔn a wɔtenaa ase fi “wiase asefi” tɔnn nso ka ho! (Luka 11:50, 51) Yebenya hokwan kɛse akyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn no ma wɔayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Hwɛ sɛnea ntetee a wɔde rema yɛn nnɛ ma yɛayɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe no bɛboa yɛn kɛse saa bere no!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛfa bɔne a emu yɛ duru te sɛ nseku anaa nsisi ho a, hwɛ October 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-22.

Dɛn na Wusuae?

• Sɛ yɛafom obi a, dɛn na yebetumi ayɛ de ama asomdwoe atena yɛne no ntam?

• Sɛ obi afom yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ de ama asomdwoe atena yɛne no ntam?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae bere a akasakasa asɔre wɔ nnipa baanu ntam no?

• Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ sen sɛ yɛbɛma asomdwoe atena yɛne obi a ɔkɔ so yɛ bɔne ntam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yehowa dɔ wɔn a wɔde bɔne firi afoforo korakora no