Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiam Titiriw Bi

Nhyiam Titiriw Bi

Nhyiam Titiriw Bi

“BERE a nhyiam yi bɛba awiei no, wobɛka sɛ, ‘Nhyiam yi yɛ teokrase afe afe nhyiam titiriw ankasa!’” Saa asɛm yi a Stephen Lett a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni kae no maa atiefo a na wɔdɔɔso no hwɛɛ nsɛm a na wɔrebɛte no kwan denneennen. Ná wɔahyiam wɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, afe afe nhyiam a ɛto so 126 a wɔyɛɛ no October 2, 2010, wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City, New Jersey, U.S.A. no ase. Nsɛm a wɔkae wɔ nhyiam titiriw yi ase no bi ne dɛn?

Onua Lett maa ɔkasa a emu yɛ hyew de buee nhyiam no ano. Ná ɔkasa no fa Yehowa soro teaseɛnam a ɛho asɛm wɔ Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel mu no ho. Saa teaseɛnam kɛse a ɛyɛ fɛ yi yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a Yehowa kyerɛ no kwan sɛnea ɔpɛ biara no ho mfonini. Onua Lett kae sɛ, ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a ahonhom abɔde na wɔwom no tu mmirika sɛ anyinam, te sɛ nea Yehowa ankasa dwen nneɛma ho ntɛmntɛm no. Yehowa Nyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no nso retu mmirika saa ara. Onua Lett kaa nneɛma a ɛyɛ anigye a ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so mu nnansa yi no bi ho asɛm.

Sɛ nhwɛso no, wɔrekeka baa dwumadibea dodow bi abom ma ayɛ den, na ama nnipa pii a na wɔsom wɔ Betel wɔ saa aman no mu no de wɔn adwene asi asɛnka adwuma no so. Onua Lett ka kyerɛɛ atiefo no sɛ wɔnkɔ so mmɔ mpae sɛ Sodikuw no a ɛyɛ akoa kuw no nanmusifo no bɛkɔ so ayɛ ɔnokwafo ne onyansafo, anaa ɔbadwemma.—Mat. 24:45-47.

Amanneɛbɔ a Ɛhyɛ Nkuran ne Nsɛm a Wobisabisae a Ɛka Koma

Tab Honsberger a ɔsom sɛ Haiti Baa Boayikuw no muni no de amanneɛbɔ bi a ɛka koma a ɛfa nsɛm a esisii bere a asasewosow a esii January 12, 2010 a wobu akontaa sɛ ekunkum nnipa bɛyɛ 300,000 wɔ saa ɔman no mu ho mae. Ɔkae sɛ na asɔfo no rekeka kyerɛ nkurɔfo sɛ esiane sɛ na wɔn a wowuwui no nni gyidi nti na Onyankopɔn twee wɔn aso na ɔbɔɔ wɔn a wɔyɛ papa no ho ban. Nanso, bere a asasewosow no maa afiase adan bubui no, nsɛmmɔnedifo mpempem pii a na wogu afiase no faa wɔn ho dii. Enti Haitifo pii a wɔwɔ koma pa a wɔrehu nea enti a ɔhaw pii wɔ yɛn bere yi so no renya awerɛkyekye. Onua Honsberger faa onua nokwafo bi a ɔyɛ Haitini a ne yere wui wɔ atoyerɛnkyɛm no mu anom asɛm kae sɛ: “Matew nusu de abesi nnɛ. Minnim bere tenten a mede bɛkɔ so adi awerɛhow, nanso ɛyɛ me anigye sɛ mihu ɔdɔ a Yehowa ahyehyɛde no da no adi no. Mewɔ anidaso, na masi me bo sɛ mɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.”

Mark Sanderson a seesei ɔyɛ Brooklyn Betel abusua no muni de amanneɛbɔ bi a ɛfa Philippines ho mae. Esiane sɛ bere bi na ɔyɛ Baa Boayikuw a ɛwɔ hɔ no muni nti, ɔde anigye kaa Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a wɔanya atoatoa so mpɛn 32 wɔ ɔman no mu ne sɛnea Bible adesua a wɔyɛ no boro adawurubɔfo no dodow so koraa no ho asɛm. Ɔkaa onua bi a wɔfrɛ no Miguel a wokum ne banana a na ɔyɛ barima ho asɛm. Miguel bɔɔ mmɔden paa ma wodii owudifo no asɛm de no too afiase. Akyiri yi, bere a Miguel kɔɔ asɛnka wɔ afiase hɔ no, ohyiaa owudifo no. Ɛwom sɛ ehu kaa Miguel de, nanso ɔne owudifo no kasae odwo ne ayamye mu. Awiei koraa no, Miguel ne ɔbarima no suaa ade, na otiee asɛm no benyaa Yehowa ho dɔ. Seesei ɔbarima no abɔ asu. N’adamfo paa ne Miguel, na Miguel rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔayi ne nua foforo yi afi afiase ntɛm. *

Mark Noumair a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea no na obisabisaa afoforo nsɛm wɔ dwumadi no fã a edi hɔ no mu. Obisabisaa awarefo baasa nsɛm, na wɔne Alex ne Sarah Reinmueller, David ne Krista Schafer, Robert ne Ketra Ciranko. Alex Reinmueller a ɔyɛ Nhoma Tintim Boayikuw no boafo no kaa sɛnea ɔno ankasa soo nokware no mu den bere a na wadi mfe 15 pɛ a na ɔreyɛ akwampae adwuma wɔ Canada a na ɔno nkutoo taa kɔ asɛnka no ho asɛm. Bere a wobisaa Onua Reinmueller sɛ henanom na wɔaboa no paa wɔ Betel no, ɔbɔɔ mmarima anokwafo baasa din, na ɔkyerɛɛ sɛnea na wɔn mu biara aboa no ma wayɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. Ne yere Sarah kaa sɛnea ɔne onuawa bi a ne gyidi nti wɔde no too afiase mfe pii wɔ China no faa adamfo no ho asɛm. Sarah kae sɛ wasua sɛ ɔnam mpae a n’ankasa bɔ so de ne ho bɛto Yehowa so.

David Schafer a ɔyɛ Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no boafo no kamfoo ne maame wɔ gyidi a ɛyɛ den a ɔwɔ ho, na ɔkaa anuanom mmarima a wotwa nnua a wɔboaa no ma ɔyɛɛ akwampaefo boafo wɔ ne mmerantebere mu no ho asɛm. Ne yere Krista de anigye kaa sɛnea Betel abusua no mufo a wɔn mfe akɔ anim a sɛnea Yesu tuu yɛn fo no, ‘wodi ade ketewa mu nokware’ no boaa no ho asɛm.—Luka 16:10.

Robert Ciranko a ɔyɛ Nhomakyerɛw Boayikuw no boafo de anigye kaa ne nananom baanan a na wɔyɛ Hungary atubrafo ne Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm. Bere a na ɔyɛ abarimaa no, n’ani gyee amantam nhyiam akɛse a ɔkɔe wɔ afe 1950 kosi afe 1959 ntam hɔ no ho, na ohui sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ kɛse koraa sen asafo a na ɔwom no. Ne yere Ketra kaa sɛnea osuaa sɛnea ɔbɛkɔ so abata Yehowa ahyehyɛde no ho bere a na ɔresom sɛ ɔkwampaefo wɔ asafo bi a na awaefo ne ɔhaw afoforo wom mu no ho asɛm. Otumi gyinaa ɔhaw no ano, na awiei koraa no, wɔma ɔkɔsomee sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ asafo bi a na biakoyɛ wom mu, na biakoyɛ no kaa ne koma.

Afei, Manfred Tonak de Ethiopia man ho amanneɛbɔ mae. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na saa ɔman yi wɔ hɔ, na seesei asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛboro 9,000 na wɔwɔ hɔ. Adawurubɔfo no mu dodow no ara te ɔman no ahenkurow Addis Ababa mu anaa baabi a ɛbɛn hɔ. Enti, wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ mmeae a atew ne ho no. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi saa ahiade yi ho dwuma no, wɔtoo nsa frɛɛ Ethiopiafo a wɔyɛ Adansefo a wɔtete aman foforo so ma wɔbɛkaa asɛm no wɔ mmeae bi a atew ne ho wɔ ɔman no mu. Adawurubɔfo pii bae, na ɛhyɛɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no nkuran, na nkurɔfo tiee asɛm no.

Ɔkasa a wɔakyekyɛm a ɛfa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia ne wɔn nsɛm a wɔde akɔ asɛnnibea ho no na na ɛyɛ asɛntitiriw wɔ dwumadi no mu. Aulis Bergdahl a ɔyɛ Russia Baa Boayikuw no muni no kaa ɔtaa a wɔde aba Adansefo a wɔwɔ Russia so, titiriw wɔ Moscow, no ho asɛm. Philip Brumley a ɔyɛ adwuma wɔ Mmara Dwumadibea wɔ United States baa dwumadibea no kaa anigyesɛm a asisi asram bi ni bere a Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So (ECHR) no tiee sobo akron a na wɔde abɔ Adansefo no ho asɛm no. Atemmufo a wɔwɔ Asɛnnibea no mu nyinaa hui sɛ sobo akron no mu biako mpo nni hɔ a ɛyɛ nokware, na sobo no bi wɔ hɔ a, asɛnnibea no hyɛɛ da kyerɛkyerɛɛ nea enti a wonnnye nntom no mu kɔɔ akyiri. Ɛwom sɛ yennya nhuu sɛnea Russia man no beso asɛm yi mu afa de, nanso Onua Brumley de ahotoso kaa sɛnea atɛn a Asɛnnibea no bui no betumi aka nsɛm a wɔde akɔ asɛnnibea wɔ aman foforo so no ho asɛm.

Wɔ saa anigyesɛm yi akyi no, Onua Lett bɔɔ amanneɛ sɛ ECHR no ahu sɛ ɛfata sɛ wodi towtua ho asɛm a ɛfa France aban ne Yehowa Adansefo ho a akɔ so bere tenten no. Nsɛm a wɔde kɔ Asɛnnibea a nkurɔfo bu no paa yi anim no mu kakraa bi pɛ na wogye tom sɛ wobedi. Ɛde besi saa bere yi, ECHR no adi nsɛm 39 a ɛfa Yehowa Adansefo ho, na wɔabu wɔn bem wɔ emu 37 mu. Onua Lett hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa asɛm a ɛda hɔ seesei no nkɔ Yehowa Nyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu.

Richard Morlan a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Sukuu a Wɔyɛ Ma Asafo mu Mpanyimfo mu no na ɔde amanneɛbɔ a etwa to no mae. Ɔde anigye kaa sukuu no ho asɛm, na ɔkyerɛɛ sɛnea asafo mu mpanyimfo a wɔakɔ sukuu no bi no akyerɛ ho anisɔ.

Ɔkasa Afoforo a Sodikuw no Mufo Mae

Guy Pierce a ɔyɛ Sodikuw no muni maa ɔkasa bi a ɛka koma a na ɛfa afe 2011 afe asɛm a ɛne ‘Fa Yehowa din yɛ wo guankɔbea’ no ho. (Sef. 3:12) Ɔkae sɛ bere a yɛwom yi yɛ anigye bere ma Yehowa nkurɔfo wɔ akwan pii so, na ɛsan nso yɛ bere a ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma ho anibere so. Yehowa da kɛse no abɛn; nanso nkurɔfo gu so rehwehwɛ ahobammɔ wɔ atoro som, amammui ahyehyɛde ahorow, ahonyade, ne nneɛma a ɛtete saa mu, na ebinom nso ato wɔn adwenem wɔ nneɛma a ɛrekɔ so no ho. Sɛ yebenya guankɔbea a edi mũ a, ɛho hia sɛ yɛbɔ Yehowa din, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yebehu Onii a edin no gyina hɔ ma no, na yɛanya obu kɛse ama no, na yɛde yɛn ho ato no so, na yɛadɔ no wɔ biribiara mu.

David Splane a ɔyɛ Sodikuw no muni maa ɔkasa a ɛka koma na ɛma yesusuw nneɛma ho kɔ akyiri, a na asɛmti ne “So Woahyɛn Onyankopɔn Home Mu?” Ɔkae sɛ, Onyankopɔn home no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn agyae adwuma yɛ, efisɛ Yehowa ne ne Ba no ‘ayɛ adwuma’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so homeda no mu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa nea enti a ɔbɔɔ asase so nneɛma ho no bɛbam koraa. (Yoh. 5:17) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛn Onyankopɔn home mu? Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no bi ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi bɔne ho, na yɛagyae nnwuma a yɛn ankasa yɛ de sɔ yɛn ho ani no yɛ. Ɛsɛ sɛ yenya gyidi na yɛma Onyankopɔn atirimpɔw tena yɛn adwenem, na yɛyɛ nea yebetumi biara de boa saa atirimpɔw no. Ɛtɔ mmere bi a, saa a yɛbɛyɛ no betumi ayɛ den paa, nanso ɛsɛ sɛ yetie afotu a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no, na yegye akwankyerɛ a ahyehyɛde no de ma yɛn no tom. Onua Splane srɛɛ atiefo no sɛ wɔnyɛ nea wobetumi biara mfa nhyɛn Onyankopɔn home mu.

Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a etwa to a na asɛmti ne “Dɛn na Yɛretwɛn?” Onua Morris de anigye kasae te sɛ nea agya bi rekasa akyerɛ ne mma ma wɔayɛ wɔn ade ntɛm so. Ɔkaee atiefo no nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛrebenya mmamu, nsɛm a ɛrebesisi a anokwafo nyinaa de anigye rehwɛ kwan. Eyinom mu bi ne “Asomdwoe ne dwoodwoo!” a wɔbɛka, ne atoro som a wɔbɛsɛe no. (1 Tes. 5:2, 3; Adi. 17:15-17) Onua Morris bɔɔ kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na sɛ yɛte nsɛm a ɛresisi a nsɛm ho amanneɛbɔfo de to gua a ɛnyɛ nkɔmhyɛ a ɛtete saa mmamu a, yɛanka sɛ, “Harmagedon na ɛreba yi.” Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya ntoboase ne anigye a wɔde twɛn a wɔaka ho asɛm wɔ Mika 7:7 no. Nanso, bere koro no ara, otuu yɛn nyinaa fo sɛ ‘yɛmmata’ Sodikuw no ho paa sɛnea sɛ asraafo wɔ akono a wɔbata wɔn ho wɔn ho no. Ɔkae sɛ: “Mo bo nyɛ duru, mo a moretwɛn Yehowa nyinaa.”—Dw. 31:24.

Bere a dwumadi no reba awiei no, wɔde amanneɛbɔ atitiriw bi a ɛyɛ anigye too gua. Geoffrey Jackson a ɔyɛ Sodikuw no muni kaa nhyehyɛe a wɔayɛ a wɔrebɛsɔ ahwɛ a ɛne sɛ wɔrebɛyɛ Ɔwɛn-Aban a adesua nsɛm wom no foforo a emu Borɔfo nyɛ den ama wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo papa no ho asɛm. Afei, Stephen Lett bɔɔ amanneɛ sɛ Sodikuw no bɛyɛ nhyehyɛe ma wɔasrasra amantam so ahwɛfo a wɔwɔ United States ne wɔn yerenom na wɔahyɛ wɔn den. Ɔsan nso bɔɔ amanneɛ sɛ efi saa bere yi rekɔ no, wɔbɛfrɛ Asomfo Ntetee Sukuu no sɛ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo. Na ɔkae sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛyɛ sukuu foforo a wɔbɛfrɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo. Wɔnam sukuu yi so bɛma awarefo anya ntetee foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn adi dwuma pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Onua Lett san nso de too gua sɛ wɔbɛyɛ Sukuu a Wɔyɛ Ma Ahwɛfo Akwantufo ne Wɔn Yerenom ne Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo ne Wɔn Yerenom no mprenu afe biara wɔ Patterson, na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔn a wɔakɔ bi dedaw no bɛsan akɔ ne mprenu so.

Dwumadi no baa awiei wɔ ɔkwan a ɛka koma so bere a John E. Barr a wadi mfe 97 a ɔde bere tenten asom sɛ Sodikuw no muni no fi ahobrɛase ne komam bɔɔ mpae no. * Bere a dwumadi no baa awiei no, obiara tee nka sɛ ɛda no yɛ ɛda titiriw ampa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Hwɛ afe 2011 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 62-63.

^ nky. 20 Onua Barr wiee ne som adwuma wɔ asase so December 4, 2010.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Atiefo no nyinaa ani gyee nsɛm a wobisabisaa afoforo wɔ dwumadi no mu no ho

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Yehowa ahyira asɛnka adwuma no so wɔ Ethiopia