Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛsɛ sɛ yɛte ɔsom afe ho akontaabu no ase dɛn?

Afe biara yɛhwɛ ɔsom adwuma ho akontaabu a ɛba Yearbook mu no kwan. Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛbɛkenkan nea Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ wɔ Ahenni no ho asɛm a wɔreka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu ho asɛm. Nanso, sɛ yebenya akontaabu no so mfaso paa a, ɛho hia sɛ yɛte nneɛma a wɔabu ho akontaa no ne akontaahyɛde a ɛwom no ase yiye. Susuw nhwɛso kakra ho hwɛ.

Ɔsom afe. Efi ase fi September kosi afe a edi hɔ no August. Wɔde ɔsom afe a atwam no ho akontaabu na ɛba Yearbook no mu. Enti, afe 2010 ɔsom afe a efii ase September 1, 2009 kosii August 31, 2010 no ho akontaabu na ɛwɔ afe 2011 Yearbook no mu.

Adawurubɔfo dodow a ɛsen biara ne adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka ɔsram biara. Adansefo a wɔabɔ asu ne wɔn a wɔafata sɛ Ahenni no ho adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu na wɔbom yɛ “adawurubɔfo.” “Adawurubɔfo dodow a ɛsen biara” yɛ adawurubɔfo a wɔdɔɔso sen biara a wobuu asɛnka ho akontaa ɔsram bi wɔ ɔsom afe no mu, na nea ebetumi aka ho bi ne ɔsram a etwaam no akontaabu a ɛkaa akyi a wɔde kaa saa ɔsram no de ho. Wɔ saa kwan yi so no, wobetumi akan adawurubɔfo binom mprenu. Nanso, wɔmmfa adawurubɔfo a wɔkɔɔ asɛnka ankasa nanso wɔn werɛ fii sɛ wobebu ho akontaa no nnka adawurubɔfo dodow a ɛsen biara no ho. Eyi si sɛnea ɛho hia sɛ ɔdawurubɔfo biara de n’akontaabu ma ntɛm ɔsram biara no so dua. “Adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka ɔsram biara” yɛ adawurubɔfo a wɔde wɔn asɛnka ho akontaabu ma ɔsram biara no.

Nnɔnhwerew nkabom. Sɛnea afe 2011 Yearbook no kyerɛ no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem 1.6 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no. Nanso nnɔnhwerew a yɛde yɛɛ ɔsom adwuma no afã a yɛyɛ no daa te sɛ nguanhwɛ adwuma, nea yɛde kɔ asafo nhyiam ahorow, ne nea yɛn ankasa de sua Bible de dwinnwen ho nka saa nnɔnhwerew dodow yi ho.

Sika a yɛde dii dwuma. Wɔ afe 2010 ɔsom afe no mu no, Yehowa Adansefo de sika bɛboro dɔla ɔpepem 155 na ɛhwɛɛ akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, ne ahwɛfo akwantufo wɔ wɔn som adwuma mu. Nanso, sika a yɛde tintim Bible ho nhoma ahorow nka sika dodow a yɛabɔ din no ho; saa ara nso na sika a yɛde hwɛɛ atuhoamafo bɛboro 20,000 a wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no nso nka ho.

Wɔn a wodi Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi. Eyinom yɛ wɔn a wɔabɔ asu a wodi Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ wiase nyinaa. So nnipa dodow yi na wogyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so? Ɛnte saa ankasa. Nneɛma bi te sɛ gyidi a ɔsom a na obi wom ma onyae, adwenemyare, anaa adwenemhaw mpo betumi ama ebinom adi mfomso asusuw sɛ wɔanya ɔsoro frɛ. Enti, yenni ɔkwan biara a yebetumi afa so ahu wɔn a wɔasra wɔn no a wɔwɔ asase so no dodow pɔtee; na ɛho nhia sɛ yehu mpo. Sodikuw no nkyerɛw obiara a odi Nkaedi paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ wiase nyinaa no din nto hɔ. *

Nea yenim ne sɛ bere a wobegyae ɔsɛe mframa no mu wɔ ahohiahia kɛse no mu no, na “yɛn Nyankopɔn nkoa” a wɔasra wɔn no mu binom da so wɔ asase so. (Adi. 7:1-3) Bere a wɔn a wɔasra wɔn no mu binom da so ara wɔ asase yi so no, wɔayere wɔn ho denneennen reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Ɔsom afe akontaabu no ma yehu nea Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ wɔ adwuma a ɛho hia sen biara a wɔreyɛ wɔ nnipa abakɔsɛm mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Hwɛ asɛm a ɛne “Ofiehwɛfo Nokwafo no ne Ne Sodikuw No,” a ɛwɔ June 15, 2009, Ɔwɛn-Aban, kratafa 24 no.