Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtwɛnee Mesia No

Wɔtwɛnee Mesia No

Wɔtwɛnee Mesia No

“Ná nkurɔfo no retwɛn, na na wɔn nyinaa resusuw ho wɔ wɔn komam sɛ ebia Yohane ne Mesia no anaa.”—LUKA 3:15, THE EMPHATIC DIAGLOTT.

1. Anigyesɛm bɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no?

NÁ ƐYƐ anadwo, na na nguanhwɛfo rewɛn wɔn nguan wɔ wuram. Amonom hɔ ara Yehowa bɔfo begyinaa wɔn nkyɛn na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ baabi a wɔwɔ no! Ehu kaa wɔn, nanso wɔtee anigyesɛm bi a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no sɛ: “Munnsuro, hwɛ! mede asɛmpa a ɛfa anigye kɛse a nnipa nyinaa benya ho rebrɛ mo, efisɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo” no, nea na ɔbɛyɛ Mesia no. Ná nguanhwɛfo no betumi ahu akokoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu wɔ kurow bi a na ɛbɛn baabi a wɔwɔ no. Amonom hɔ ara, “ɔsoro asafodɔm” fii ase yii Yehowa ayɛ sɛ: “Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.”—Luka 2:8-14.

2. Abodin “Mesia” kyerɛ dɛn, na na ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo atumi ahu nea ɔyɛ Mesia no ankasa?

2 Ɛyɛ nokware sɛ na nguanhwɛfo a wɔyɛ Yudafo no nim sɛ abodin “Mesia” anaa “Kristo” kyerɛ “Nea” Onyankopɔn “Asra no.” (Ex. 29:5-7) Nanso, na wɔbɛyɛ dɛn atumi ahu Mesia no ho nsɛm pii na waboa afoforo ma wɔagye atom sɛ abofra a ɔbɔfo no kaa ne ho asɛm no na ɔbɛyɛ Mesia a Yehowa apaw no no? Ná ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu mu, na afei wɔhwɛ sɛ nkɔmhyɛ no bɛbam wɔ saa abofra no so wɔ nnwuma a ɔbɛyɛ wɔ n’asetena mu anaa.

Dɛn Nti na na Nkurɔfo Rehwɛ Mesia no Kwan?

3, 4. Yɛte asɛm a ɛwɔ Daniel 9:24, 25 no ase dɛn?

3 Mfe pii akyi bere a Yohane Osuboni no fii n’asɛnka adwuma ase no, nsɛm a na ɔka ne nnwuma a na ɔyɛ maa ebinom nyaa adwene sɛ gyama ɔno ne Mesia no. (Monkenkan Luka 3:15.) Ebetumi aba sɛ na ebinom te “adapɛn aduɔson” nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho no ase yiye. Sɛ na ebinom te ase saa a, ɛnde na wobetumi ahu bere a na Mesia no bɛba. Nkɔmhyɛ no fã bi ka sɛ: “Efi asɛm a ese wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no so kosi sɛ Mesia, Ɔkannifo no, bɛba no bɛyɛ adapɛn ason ne adapɛn aduosia abien.” (Dan. 9:24, 25) Nhomanimfo binom gye tom sɛ saa adapɛn no yɛ mfe, na ɛnyɛ adapɛn ankasa. Sɛ nhwɛso no, Revised Standard Version Bible no ka sɛ: “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson a ɛyɛ mfe.”

4 Ɛnnɛ, Yehowa asomfo nim sɛ adapɛn 69, anaa mfe 483 a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel 9:25 no fii ase wɔ afe 455 A.Y.B. mu, bere a Persia hene Artasasta hyɛe sɛ Nehemia nsan nkɔkyekye Yerusalem kurow no. (Neh. 2:1-8) Saa adapɛn no baa awiei wɔ mfe 483 akyi wɔ afe 29 Y.B. mu, bere a wɔbɔɔ Yesu a ofi Nasaret no asu na wɔde honhom kronkron sraa no ma ɔbɛyɛɛ Mesia no.—Mat. 3:13-17. *

5. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na yɛrebesusuw ho seesei?

5 Afei, momma yensusuw nkɔmhyɛ afoforo pii a ɛfa Mesia no ho a ɛbaa mu no mu kakra ho nhwɛ. Yebesusuw nea ɛfa n’awo, ne mmofraase, ne ne som adwuma ho. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno bɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ mu no mu den. Ɛbɛsan nso ama yɛanya adanse a ɛkyerɛ pefee sɛ na Yesu ne Mesia a na wɔde bere tenten atwɛn no no.

Wɔhyɛɛ ne Mmofraase Ho Nkɔm

6. Kyerɛkyerɛ sɛnea asɛm a ɛwɔ Genesis 49:10 no baa mu no mu.

6 Ná wɔbɛwo Mesia no wɔ Yuda abusuakuw mu. Bere a na tete agya Yakob da owupa so a na ɔrehyira ne mmabarima no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahempoma remfi Yuda nsa, na tumi poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ Silo bɛba; na ɔno na aman betie no.” (Gen. 49:10) Yudafo nhomanimfo pii a wɔtenaa ase tete no kyerɛe sɛ na saa asɛm no fa Mesia no ho. Efi Yuda hene Dawid nniso so no, ahempoma (ɛkyerɛ tumi a obi wɔ sɛ ɔhene) ne tumi poma (ɛkyerɛ tumi a obi wɔ sɛ ɔhyɛ mmara) no bedii Yuda abusua mu. Saa nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ na nea ɔwɔ hokwan sɛ odi hene no befi Yuda abusua mu. Ɔhene a odi kan a ofi Yuda abusua mu ne Ɔhene Dawid, na na Sedekia ne ɔhene a otwa to a ofi Yuda abusua mu a odii ade wɔ asase so. Nanso, nkɔm a Yakob hyɛe no kaa ɔhene bi a na ɔbɛba wɔ Sedekia akyi ho asɛm. Ná saa ɔhene no bedi ade afebɔɔ. Wɔfrɛ no Silo. Silo kyerɛ “Nea Ɛyɛ Ne De; Nea Ade Wɔ No.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, saa ɔhene no na ahenni no bɛyɛ ne dea. (Hes. 21:26, 27) Sedekia akyi no, Yesu nkutoo ne obi a ofi Dawid abusua mu a wɔhyɛɛ no bɔ sɛ obedi hene. Ansa na wɔrewo Yesu no, ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’ahenni remma awiei.” (Luka 1:32, 33) Ná Silo no bɛyɛ Yesu Kristo a ofi Yuda ne Dawid abusua mu no.—Mat. 1:1-3, 6; Luka 3:23, 31-34.

7. Ɛyɛɛ dɛn na nkɔmhyɛ a na ɛfa baabi a wɔbɛwo Mesia no ho no baa mu?

7 Ná wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. Odiyifo Mika kyerɛwee sɛ: “Wo, Betlehem Efrata, wo a wusua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu, wo mu na mɛma obi afi abɛyɛ Israel sodifo. Ɔno na n’ase fi tete a enni ano.” (Mika 5:2) Ná wɔbɛwo Mesia no wɔ Yuda kurow Betlehem a ɛda adi sɛ bere bi na wɔfrɛ no Efrata no mu. Ɛwom sɛ na Yesu maame Maria ne ne papa Yosef a ɔtetee no no te Nasaret de, nanso ná mmara a Roma aban no ahyɛ sɛ obiara nkɔ ne kurom mma wɔnkɔkan no no de wɔn akopue Betlehem, na ɛhɔ na wɔwoo Yesu wɔ afe 2 A.Y.B. mu. (Mat. 2:1, 5, 6) Hwɛ sɛnea nkɔmhyɛ no baa mu ma ɛyɛɛ nwonwa!

8, 9. Nkɔm bɛn na wɔhyɛ faa Mesia no awo ne nea na ɛbɛkɔ so wɔ n’awo akyi ho?

8 Ná ɔbaabun na ɔbɛwo Mesia no. (Monkenkan Yesaia 7:14.) Hebri asɛmfua bethu·lahʹ kyerɛ “ɔbaabun,” nanso wɔde asɛmfua foforo (ʽal·mahʹ) na edii dwuma wɔ Yesaia 7:14. Ɛhɔ na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ “ababaa no [ha·ʽal·mahʹ]” bɛwo ɔbabarima. Wɔde asɛmfua ʽal·mahʹ kaa ababaa Rebeka ho asɛm ansa na ɔreware. (Gen. 24:16, 43) Onyankopɔn honhom kaa Mateo ma ɔde Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔbaabun” (par·theʹnos) dii dwuma bere a na ɔrekyerɛ sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 7:14 nyaa mmamu bere a wɔwoo Yesu no. Nsɛmpa akyerɛwfo Mateo ne Luka ka sɛ na Maria yɛ ɔbaabun a Onyankopɔn honhom baa no so ma onyinsɛnee.—Mat. 1:18-25; Luka 1:26-35.

9 Ná wobekunkum mmofra nkumaa wɔ Mesia no awo akyi. Biribi a ɛte saa sii mfehaha pii ansa na wɔrewo Mesia no bere a Egypt hene Farao hyɛɛ mmara sɛ wɔntow mmofra a Hebrifo bɛwo wɔn a wɔyɛ mmarimaa ngu Nil Asubɔnten no mu no. (Ex. 1:22) Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow titiriw ne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 31:15, 16 no, baabi a wɔka Rahel ho asɛm sɛ ɔresu ne mma a wɔafa wɔn kɔ “ɔtamfo asase so” no. Wɔtee agyaadwo a na Rahel retwa no wɔ Rama a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Benyamin asase so wɔ Yerusalem atifi fam no. Mateo kyerɛe sɛ, asɛm a Yeremia kae no baa mu bere a Ɔhene Herode hyɛe ma wokunkum mmofra a wɔyɛ mmarimaa a na wɔwɔ Betlehem ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ mu no. (Monkenkan Mateo 2:16-18.) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo dii awerɛhow paa wɔ hɔ!

10. Kyerɛkyerɛ sɛnea asɛm a ɛwɔ Hosea 11:1 no baa mu wɔ Yesu so no mu.

10 Ná wɔbɛfrɛ Mesia no afi Egypt te sɛ nea wɔfrɛɛ Israelfo fii hɔ no. (Hos. 11:1) Ansa na Herode rehyɛ ma wɔakunkum mmofra no, na ɔbɔfo bi aka akyerɛ Yosef ne Maria sɛ wɔne Yesu nkɔ Egypt. Bere a wɔkɔɔ hɔ no, wɔtwɛn “kosii sɛ Herode wui, na ama nea Yehowa nam ne diyifo [Hosea] so kae no aba mu sɛ: ‘Egypt na mefrɛɛ me ba fii.’” (Mat. 2:13-15) Nokwarem no, na Yesu ankasa ntumi nyɛ biribi mma nkɔm a na wɔahyɛ afa n’awo ne ne mmofraase ho no mma mu sɛnea ɔpɛ.

Mesia no Fii Ne Som Adwuma Ase!

11. Ɔkwan bɛn so na wosiesiee kwan mu maa Nea Yehowa Asra No no?

11 Ná wobesiesie kwan mu ama Nea Onyankopɔn Asra No no. Malaki hyɛɛ nkɔm sɛ, na “odiyifo Elia” na ɔbɛyɛ saa adwuma yi a ɛne sɛ obesiesie nkurɔfo no koma ama Mesia no a na ɔreba no. (Monkenkan Malaki 4:5, 6.) Yesu ankasa kyerɛe sɛ saa “Elia” yi a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no ne Yohane Osuboni no. (Mat. 11:12-14) Marko daa no adi sɛ asɛnka adwuma a Yohane yɛe no maa Yesaia nkɔmhyɛ no baa mu. (Yes. 40:3; Mar. 1:1-4) Ɛnyɛ Yesu na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Yohane nyɛ adwuma a ɛte sɛ Elia de no mfa nsiesie kwan mu mma no. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔpaw Yohane sɛ ɔnyɛ adwuma a ɛte sɛ “Elia” de no mfa nsiesie nkurɔfo no koma mfa nhwɛ Mesia no kwan.

12. Adwuma bɛn na ɛboa ma yehu Mesia no?

12 Adwuma a Onyankopɔn de mae no boa ma yehu Mesia no. Yesu kenkan Yesaia nhoma mmobɔwee no wɔ kurow a wɔtetee no wom a ɛne Nasaret no hyiadan mu, na ɔkaa saa asɛm yi faa ne ho sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho, na menka bere a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.” Esiane sɛ na Yesu ne Mesia no ampa nti, na obetumi aka ma afata sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm a motee no seesei ara yi aba mu.”—Luka 4:16-21.

13. Nkɔm bɛn na wɔhyɛ faa ɔsom adwuma a na Yesu bɛyɛ wɔ Galilea no ho?

13 Wɔhyɛɛ ɔsom adwuma a na Mesia no bɛyɛ wɔ Galilea no ho nkɔm. Yesaia kyerɛw faa “Sebulon asase ne Naftali asase . . . amanaman mufo Galilea” ho sɛ: “Na nnipa a wɔnam sum mu no ahu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte esum kabii bun mu no, hann apue wɔn so.” (Yes. 9:1, 2) Yesu fii ne som adwuma no ase wɔ Galilea, na ɔtenaa Kapernaum, na ɛhɔ na Sebulonfo ne Naftalifo nyaa honhom fam hann a Yesu de brɛɛ wɔn no. (Mat. 4:12-16) Galilea na Yesu maa ne Bepɔw so Asɛnka a ɛyɛ ɔkasa a ɛma yesusuw nneɛma ho kɔ akyiri no, na ɛhɔ na ɔpaw n’asomafo no, ɔyɛɛ anwonwade a edi kan wɔ hɔ, na ɛda adi sɛ ɛhɔ ara na oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bɛyɛ 500 wɔ ne wusɔre akyi no. (Mat. 5:1–7:27; 28:16-20; Mar. 3:13, 14; Yoh. 2:8-11; 1 Kor. 15:6) Enti, ɔnam asɛnka adwuma a ɔyɛe wɔ “Sebulon asase ne Naftali asase” so no so maa Yesaia nkɔmhyɛ no baa mu. Nokwarem no, Yesu kɔkaa Ahenni no ho asɛm wɔ nkurow foforo a ɛwɔ Israel mu nso.

Wɔhyɛɛ Nneɛma Foforo a na Mesia no Bɛyɛ Ho Nkɔm

14. Ɔkwan bɛn so na Dwom 78:2 baa mu wɔ Yesu so?

14 Ná Mesia no bɛkasa abebu mu, anaa ɔbɛyɛ mfatoho. Odwontofo Asaf too dwom sɛ: “Abebu mu na mebue m’ano.” (Dw. 78:2) Yɛyɛ dɛn hu sɛ eyi yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Yesu ho? Mateo ma yehu sɛ ɛfa Yesu ho. Bere a Mateo kaa mfatoho ahorow a Yesu yɛe de Ahenni no totoo sinapi aba a efifii ne mmɔkaw ho no ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “[Yesu renkasa nkyerɛ] wɔn a mfatoho nka ho; ɛno na ɛbɛma nea wɔnam odiyifo no so kae no aba mu sɛ: ‘Mebue m’ano mfatoho mu, mɛpae mu aka nsɛm a ahintaw fi nhyɛase no.’” (Mat. 13:31-35) Nneɛma a ɛmaa Yesu nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn no mu biako ne mmɛ a obui.

15. Kyerɛkyerɛ sɛnea Yesaia 53:4 baa mu no mu.

15 Ná Mesia no bɛsoa yɛn mmerɛwyɛ. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nokwarem no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa; ogyee yɛn yaw hyɛɛ ne ho.” (Yes. 53:4) Mateo kae sɛ bere a Yesu saa Petro asebea yare wiei no, ɔsaa afoforo nso yare na ama ‘nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no aba mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn ahoɔmmerɛw.”’ (Mat. 8:14-17) Ná eyi yɛ nyarewa pii a Yesu sae a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no mu biako pɛ.

16. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Yohane daa no adi sɛ Yesaia 53:1 baa mu wɔ Yesu so?

16 Papa a Mesia no yɛe nyinaa akyi no, na nnipa pii rennye no nni. (Monkenkan Yesaia 53:1.) Bere a ɔsomafo Yohane rekyerɛ sɛ saa nkɔmhyɛ yi baa mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛwom sɛ na [Yesu ayɛ] nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso na wonnye no nni, enti asɛm a odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ: ‘Yehowa, hena na wagye nea yɛate no adi? Na hena na wɔayi Yehowa basa akyerɛ no?’” (Yoh. 12:37, 38) Afei nso, bere a na ɔsomafo Paulo reyɛ asɛnka adwuma no, nnipa kakraa bi na wogyee asɛmpa a ɔka faa Yesu a ɔne Mesia no ho no dii.—Rom. 10:16, 17.

17. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 69:4 no baa mu?

17 Ná wɔbɛtan Mesia no kwa. (Dw. 69:4) Ɔsomafo Yohane bɔɔ amanneɛ sɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔ [nkurɔfo no] mu a, anka wonni bɔne; nanso seesei wɔahu na wɔatan me ne m’Agya nyinaa. Nanso ɛno na ɛbɛma asɛm a wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu no aba mu sɛ, ‘Wɔtan me kwa.’” (Yoh. 15:24, 25) Sɛ wɔka “Mmara” no ho asɛm a, mpɛn pii no, na ɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mũ no nyinaa na ɛwɔ hɔ saa bere no. (Yoh. 10:34; 12:34) Asɛmpa no da no adi sɛ na wɔtan Yesu, titiriw, Yudafo nyamesom akannifo no. Afei nso, Kristo kae sɛ: “Wiase no nni nea ebegyina so atan mo, na me de, ɛtan me, efisɛ midi ne ho adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.”—Yoh. 7:7.

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Ná Yesu akyidifo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no gye di paa sɛ Yesu ne Mesia no, efisɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no baa mu wɔ no so ankasa. (Mat. 16:16) Sɛnea yɛahu no, saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu bi baa mu wɔ Yesu a ofi Nasaret no mmofraase ne ne som adwuma no mu. Yɛbɛhwehwɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow foforo mu wɔ adesua a edi hɔ no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yɛbɔ ho mpae na yesusuw ho a, ɛbɛma gyidi a yɛwɔ sɛ Yesu Kristo ne Mesia a yɛn soro Agya Yehowa apaw no no mu ayɛ den.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ “adapɛn aduɔson” no ho nsɛm pii a, hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma no ti 11.

Wubebua Dɛn?

• Bere a wɔwoo Yesu no, nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛbaa mu?

• Ɔkwan bɛn so na wosiesiee kwan mu maa Mesia no?

• Nkɔmhyɛ bɛn na ɛwɔ Yesaia ti 53 a ɛbaa mu wɔ Yesu so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]