Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wohuu Mesia No!

Wohuu Mesia No!

Wohuu Mesia No!

“Yɛahu Mesia no.”—YOH. 1:41.

1. Dɛn na ɛma wɔkaa asɛm a ɛne sɛ: “Yɛahu Mesia no”?

NÁ Yohane Osuboni no ne n’asuafo baanu gyina hɔ. Bere a Yesu rebɛn wɔn no, Yohane teɛɛm sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa no ni!” Ntɛm ara na Andrea ne osuani biako no kodii Yesu akyi, na wɔtenaa ne nkyɛn saa da no. Akyiri yi, Andrea huu ne nua Simon Petro, na ɔkaa anigyesɛm yi kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia no.” Ɛno akyi no, odii Simon Petro anim kɔɔ Yesu nkyɛn.—Yoh. 1:35-41.

2. Ɔkwan bɛn so na Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow a yɛrebɛtoa so ahwehwɛ mu no bɛboa yɛn?

2 Bere rekɔ so no, na Andrea, Petro, ne afoforo benya kwan ahwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye na wɔatumi aka no pefee sɛ Yesu a ofi Nasaret no ne Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no. Bere a yɛrebɛtoa so ahwehwɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow mu no, ɛbɛma gyidi a yɛn ankasa yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no ne Nea Wɔasra No no mu ayɛ den.

“Hwɛ, Wo Hene Reba”

3. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛbaa mu wɔ Yesu so bere a ɔkɔɔ Yerusalem ma wɔbɔ gyee no so no?

3 Ná Mesia no bɛkɔ Yerusalem ma wɔabɔ agye no so. Sakaria nkɔmhyɛ no kae sɛ: “O Sion babea, ma w’ani nnye. O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni na wɔagye no nkwa; ɔbrɛ ne ho ase, na ɔte afurum so, afurummere ba so.” (Sak. 9:9) Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne Nea ɔreba Yehowa din mu.” (Dw. 118:26) Ɛnyɛ Yesu na ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ wɔmmɔ nnye no so. Na mmom, ɛyɛ nnipadɔm no ankasa na wɔbɔɔ ose maa nkɔmhyɛ no baa mu. Sɛ worekenkan kyerɛwsɛm no a, fa no sɛ na wowɔ hɔ, na wote sɛnea wɔde anigye rebɔ ose no.—Monkenkan Mateo 21:4-9.

4. Kyerɛkyerɛ sɛnea Dwom 118:22, 23 baa mu no mu.

4 Ɛwom mpo sɛ na nnipa pii rennye Yesu ntom sɛ ɔne Mesia no de, nanso ɔsom bo ma Onyankopɔn. Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, wɔn a wɔannye adanse a na ɛwɔ hɔ anni no buu Yesu ‘animtiaa, na wɔamfa no anyɛ hwee.’ (Yes. 53:3; Mar. 9:12) Nanso, na Onyankopɔn de honhom aka odwontofo no ma waka sɛ: “Ɔbo a adansifo poe no abɛyɛ tweatibo. Yehowa hɔ na eyi fi.” (Dw. 118:22, 23) Yesu twee nyamesomfo a na wɔsɔre tia no no adwene sii saa asɛm yi so, na Petro kae sɛ saa asɛm yi baa mu wɔ Kristo so. (Mar. 12:10, 11; Aso. 4:8-11) Yesu bɛyɛɛ Kristofo asafo no “twea bo a wɔde to fapem.” Nnipa a na wonsuro Onyankopɔn poo Yesu, nanso “Onyankopɔn apaw no a ɔsom bo ma no.”—1 Pet. 2:4-6.

Woyii no Mae, na Wogyaw No!

5, 6. Nkɔm bɛn na wɔhyɛ faa Mesia no a na wobeyi no ama ho, na ɔkwan bɛn so na ɛbaa mu?

5 Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ na obi a wayɛ ne ho sɛ Mesia no adamfo na obeyi no ama. Dawid hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nea me ne no te asomdwoe mu a mede me ho too no so mpo, nea na odi m’aduan no, wama ne nantin so atia me.” (Dw. 41:9) Wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, sɛ na onipa bi ne obi to nsa didi a, na wobu no sɛ ɔyɛ n’adamfo. (Gen. 31:54) Enti yi a Yuda Iskariot yii Yesu mae no kyerɛ sɛ ɔyɛɛ no bɔne paa. Yesu twee adwene sii nkɔm a Dawid hyɛe no so bere a na ɔreka nea oyii no mae no ho asɛm no, na ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na mereka; minim wɔn a mapaw wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwnsɛm no bɛba mu sɛ, ‘Nea na odi m’aduan no, wama ne nantin so atia me.’”—Yoh. 13:18.

6 Ná nea obeyi Mesia no ama no benya nnwetɛbona 30—sika a na wɔde tɔ akoa! Bere a Mateo retwe adwene asi Sakaria 11:12, 13 so no, ɔdaa no adi sɛ woyii Yesu mae de gyee sika ketewaa bi. Nanso, dɛn nti na Mateo kae sɛ ɛyɛ “odiyifo Yeremia so” na “wɔnam” hyɛɛ saa nkɔm yi? Wɔ Mateo bere so no, ɛbɛyɛ sɛ na Yeremia nhoma no na wɔde di Bible mu nhoma ahorow bi a na wɔahyehyɛ ayɛ no kuw biako a na Sakaria nhoma no ka ho anim. (Fa toto Luka 24:44 ho.) Yuda anni sika a ɔfaa ɔkwammɔne so nyae no mu kaprɛ mpo, efisɛ ɔtow sika no guu asɔrefie hɔ, na ofii hɔ kɔsɛn ne ho.—Mat. 26:14-16; 27:3-10.

7. Ɔkwan bɛn so na Sakaria 13:7 baa mu?

7 Ná Mesia no asuafo mpo bɛbɔ ahwete. Sakaria kyerɛwee sɛ: “Bɔ oguanhwɛfo no na nguan no mmɔ nhwete.” (Sak. 13:7) Wɔ Nisan da a ɛto so 14, afe 33 Y.B. mu no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa hintidua anadwo yi, na wɔakyerɛw sɛ, ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no na nguankuw no mu nguan abɔ ahwete.’” Saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae, efisɛ Mateo bɔɔ amanneɛ sɛ “asuafo no nyinaa gyaw [Yesu] hɔ guanee.”—Mat. 26:31, 56.

Wɔbɔɔ no Sobo, na Wɔhwee No

8. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 53:8 baa mu?

8 Ná wobedi Mesia no asɛm na wɔabu no fɔ. (Monkenkan Yesaia 53:8.) Wɔ Nisan da a ɛto so 14 ahemadakye no, Sanhedrin no mufo nyinaa hyiae, na wɔma wɔkyekyeree Yesu, na wɔde no kɔmaa Roma Amrado Pontio Pilato. Pilato bisabisaa Yesu nsɛm, na ohui sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara. Nanso, bere a Pilato kae sɛ obegyae Yesu no, nnipadɔm no nyinaa teɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!” na wɔkae sɛ wonnyae nsɛmmɔnedifo Baraba. Esiane sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔsɔ nnipadɔm no ani nti, ogyaee Baraba, na ɔma wɔhwee Yesu, na ɔde no maa wɔn sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu.—Mar. 15:1-15.

9. Asɛm bɛn na esii wɔ Yesu bere so a na wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Dwom 35:11?

9 Ná adansekurumfo bedi adanse atia Mesia no. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Adansefo nkontompofo sɔre; nea minnim na wobisa me.” (Dw. 35:11) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm pɛpɛɛpɛ no, ‘ná asɔfo mpanyin ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adansekurum bi de atia Yesu ma wɔagyina so akum no.’ (Mat. 26:59) “Nokwarem no, nnipa bebree dii adansekurum tiaa no, nanso na wɔn adanse no nhyia.” (Mar. 14:56) Anhaw Yesu atamfo a wɔn tirim yɛ den a na wɔpɛ sɛ wɔma wokum no no koraa sɛ wobedi adansekurum atia no.

10. Kyerɛkyerɛ sɛnea Yesaia 53:7 baa mu no mu.

10 Ná Mesia no bɛyɛ komm wɔ wɔn a wɔbɛbɔ no sobo no anim. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔhyɛɛ no ahometew, na ɔmaa kwan ma wɔtan n’ani, nanso wammue n’ano. Wɔde no kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no, na te sɛ oguan a wɔretwitwa ne nhwi a wayɛ komm no, ɔno nso ammue n’ano.” (Yes. 53:7) Bere a “asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no rebɔ [Yesu] sobo no, wanyi ano.” Pilato bisaa no sɛ: “Enti wonte nsɛm bebrebe a wɔreka agu wo so yi?” Nanso, Yesu ‘ammua no, na wanka asɛm biako mpo, enti ɛyɛɛ amrado no nwonwa paa.’ (Mat. 27:12-14) Yesu ansopa wɔn a wɔbɔɔ no sobo no.—Rom. 12:17-21; 1 Pet. 2:23.

11. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 50:6 ne Mika 5:1 baa mu?

11 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛhwe Mesia no. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Medan m’akyi maa mmaakãfo, na mede m’afono maa wɔn a wotutu nhwi. Na mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.” (Yes. 50:6) Mika hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Ná wɔde abaa bɛhwe Israel temmufo asom.’ (Mika 5:1) Bere a Asɛmpa kyerɛwfo Marko resi sɛnea nkɔmhyɛ ahorow yi baa mu so dua no, ɔkae sɛ: “Ebinom fii ase tetee ntasu guu [Yesu] so, na wɔkataa n’anim nyinaa bobɔɔ no akuturuku ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hyɛ nkɔm!’ Na asɛnnibea asomfo no bobɔɔ n’ani so faa no kɔe.” Marko kae sɛ, ná asraafo no ‘de demmire hwehwe ne tirim tete ntasu gu no so, na wobu nkotodwe kotow n’anim’ de di ne ho fɛw. (Mar. 14:65; 15:19) Nanso, na Yesu nyɛɛ biribiara a na ɛfata sɛ wɔyɛ no ayayade a ɛte saa.

Odii Nokware Kosii Owu Mu

12. Ɔkwan bɛn so na Dwom 22:16 ne Yesaia 53:12 fa Yesu ho?

12 Wɔhyɛɛ asɛndua mu a na wɔbɛbɔ Mesia no ho nsɛm bi ho nkɔm. Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem. Wokura me nsa ne me nan mu sɛ gyata.” (Dw. 22:16) Bere a Asɛmpa kyerɛwfo Marko reka asɛm bi a nnipa a wɔkenkan Bible nim no yiye ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa [bɛyɛ anɔpa nnɔnkron], na wɔbɔɔ no asɛndua mu.” (Mar. 15:25) Ná wɔahyɛ nkɔm nso sɛ wɔbɛkan Mesia no afra abɔnefo. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Ɔde ne kra maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo.” (Yes. 53:12) Eyi baa mu bere a “wɔbɔɔ adwowtwafo baanu bi asɛndua mu kaa [Yesu] ho, obiako wɔ ne nifa na obiako wɔ ne benkum” no.—Mat. 27:38.

13. Ɔkwan bɛn so na Dwom 22:7, 8 baa mu wɔ Yesu so?

13 Dawid hyɛɛ nkɔm sɛ nkurɔfo bɛsopa Mesia no. (Monkenkan Dwom 22:7, 8.) Nkurɔfo sopaa Yesu bere a na ɔrehu amane wɔ asɛndua no so no. Mateo bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔretwam no wosow wɔn ti kasa tiaa no, na wɔkae sɛ: ‘O wo a anka wubedwiriw asɔrefie agu na woasi no nnansa ntam, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, fi asɛndua no so si fam!’” Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne mpanyimfo no fii ase dii ne ho agoru na wɔkae sɛ: “Ogyee afoforo, nanso ontumi nnye ɔno ara ne ho! Ɔyɛ Israel hene; afei ma onsi mfi asɛndua no so na yebegye no adi. Ɔde ne ho ato Onyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a ma onnye no, efisɛ ɔno ara na ɔkae sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’” (Mat. 27:39-43) Nanso, Yesu hyɛɛ ne ho so a wanka asɛmmɔne biara da. Hwɛ sɛnea ɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn!

14, 15. Kyerɛ sɛnea nkɔmhyɛ ahorow pɔtee a na ɛfa Mesia no atade ne nsã nyinyanyinya a na wɔde bɛma no no ho no baa mu.

14 Ná wɔbɛbɔ Mesia no atade so ntonto. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wɔkyekyɛ me nguguso mu fa, na m’atade nso, wɔbɔ so ntonto.” (Dw. 22:18) Saa na ɛbae efisɛ “bere a [Roma asraafo no bɔɔ Yesu] asɛndua mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atade nguguso mu.”—Mat. 27:35; monkenkan Yohane 19:23, 24.

15 Ná wɔbɛma Mesia no nsã nyinyanyinya ne bɔnwoma. Odwontofo no kae sɛ: “Wɔmaa me awɔnwene sɛ aduan, na wɔmaa me nsã nyinyanyinya sɛ memfa nkum me sukɔm.” (Dw. 69:21) Mateo bɔ yɛn amanneɛ sɛ: “Wɔmaa [Yesu] bobesa a wɔde bɔnwoma afra sɛ ɔnnom; nanso bere a ɔde kaa n’ano no wannom.” Akyiri yi, “wɔn mu biako tuu mmirika kɔfaa sapɔw de bɔɔ nsa nyinyanyinya mu de tuaa demmire ano de kɔmaa no sɛ ɔnnom.”—Mat. 27:34, 48.

16. Ɔkwan bɛn so na Dwom 22:1 baa mu.

16 Ná ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn agyaw Mesia no. (Monkenkan Dwom 22:1.) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, “eduu dɔn a ɛto so akron [bɛyɛ awia nnɔnabiɛsa] no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: ‘Eli, Eli, lama sabaktani?’ a asekyerɛ ne sɛ: ‘Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?’” (Mar. 15:34) Bere a Yesu kae sɛ Onyankopɔn apa no no, na ɛnkyerɛ sɛ onni n’Agya mu gyidi bio. Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn remmɔ ne ho ban mfi n’atamfo nsam wɔ bere a na ɔrebewu no. Ná eyi bɛma Yesu anya hokwan ada no adi sɛ obedi Onyankopɔn nokware bere nyinaa. Na ɛnne kɛse a Yesu de teɛɛm no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 22:1 no baa mu wɔ no so.

17. Ɔkwan bɛn so na Sakaria 12:10 ne Dwom 34:20 baa mu?

17 Ná wɔde ade bɛwɔ Mesia no, nanso na wɔremmu ne dompe mu. Ná Yerusalemfo ‘bɛhwɛ Nea wɔde ade wɔɔ no no.’ (Sak. 12:10) Dwom 34:20 ka sɛ: “[Onyankopɔn hwɛ] ne nnompe nyinaa so; emu biako mpo mmu.” Ɔsomafo Yohane kae sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow yi baa mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Asraafo no mu biako de peaw wɔɔ [Yesu] mfe na ntɛm ara mogya ne nsu fi bae. [Yohane a] ɔde n’ani hui na wadi adanse yi, na n’adanse no yɛ nokware . . . Eyinom sii na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: ‘Wɔremmu ne dompe biako mpo mu.’ Afei nso kyerɛwsɛm foforo ka sɛ: ‘Wɔbɛhwɛ Nea wɔde ade wɔɔ no no.’”—Yoh. 19:33-37.

18. Ɛyɛɛ dɛn na wosiee Yesu wɔ adefo mu?

18 Ná wobesie Mesia no wɔ adefo mu. (Monkenkan Yesaia 53:5, 8, 9.) Nisan da a ɛto so 14 anwummere no, “ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef” no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no, na wɔde maa no. Mateo kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yosef faa amu no de nwera a ɛho tew kyekyeree ho, na ɔde no too ne da foforo a watwa ato abotan mu no mu. Na omunum ɔbo kɛse twerii ɔda no kwan ano no, ogyaw hɔ kɔe.”—Mat. 27:57-60.

Kamfo Ɔhene Mesia No!

19. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 16:10 no baa mu?

19 Ná wobenyan Mesia no. Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa rennyaw] me kra wɔ asaman.” (Dw. 16:10) Hwɛ sɛnea mmea a wɔbaa ɔda a wɔde Yesu amu too mu ho no ho dwiriw wɔn. Wohuu ɔbɔfo bi a na wadan ne ho nipa wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma mo koma nntu. Morehwehwɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. Wɔanyan no na onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe no.” (Mar. 16:6) Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔahyiam wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no sɛ: “[Dawid hu] siei na ɔkaa Kristo wusɔre ho asɛm sɛ wɔannyaw no asaman na ne honam nso anhu porɔwee.” (Aso. 2:29-31) Onyankopɔn amma ne Ba a ɔdɔ no no honam nipadua amporɔw. Bio nso, wonyanee Yesu anwonwakwan so ma ɔtenaa ase sɛ honhom abɔde!—1 Pet. 3:18.

20. Dɛn na nkɔmhyɛ ahorow ka fa Mesia no nniso ho?

20 Sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm no, Onyankopɔn kae sɛ Yesu yɛ ne Ba. (Monkenkan Dwom 2:7; Mateo 3:17.) Bio nso, nnipadɔm kamfoo Yesu ne n’Ahenni, na ɛnnɛ yɛde anigye ka ɔne ne nniso no ho asɛm kyerɛ afoforo. (Mar. 11:7-10) Ɛrenkyɛ, Kristo bɛsɛe n’atamfo bere a ‘ɔbɛtena ne pɔnkɔ so ama nokwaredi ne ahobrɛase ne trenee’ no. (Dw. 2:8, 9; 45:1-6) Na ɛno akyi no, ne nniso no de asomdwoe ne ahotɔ bɛba asase so baabiara. (Dw. 72:1, 3, 12, 16; Yes. 9:6, 7) Yehowa Ba a ɔdɔ no a ɔne Yesu Kristo no redi Hene wɔ soro dedaw, na hwɛ sɛnea yɛanya hokwan kɛse sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo na yɛreka saa nokwasɛm no kyerɛ afoforo!

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na woyii Yesu mae na wogyaw no?

• Nkɔm a wɔhyɛ faa Yesu Kristo a na wɔbɛbɔ no asɛndua mu ho no bi ne dɛn?

• Dɛn nti na wugye di sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yerusalem a Yesu kɔe ma wɔbɔ gyee no so no maa nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛbaa mu?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu wu maa yɛn bɔne, nanso seesei ɔredi ade sɛ Ɔhene Mesia