Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Yɛ “Onyankopɔn A Ɔma Asomdwoe”

Yehowa Yɛ “Onyankopɔn A Ɔma Asomdwoe”

Yehowa Yɛ “Onyankopɔn A Ɔma Asomdwoe”

“Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no ne mo nyinaa ntena.”—ROM. 15:33.

1, 2. Tebea a emu yɛ den bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Genesis ti 32 ne ti 33, na dɛn na efii mu bae?

SUSUW asɛm yi ho hwɛ: Ná anuanom mmarima baanu bi rebehyia. Ná wɔrebehyiam wɔ baabi a ɛbɛn Penuel a ɛbɛn Yabok subon no ho wɔ Yordan asubɔnten no apuei fam. Ná anuanom baanu no ne Yakob ne Esau, na na wohuu wɔn ho akyɛ paa. Mfe 20 a na atwam no, na Esau atɔn ne panyin ama ne nua Yakob. Bere a Esau tee sɛ Yakob resan aba fie no, ɔne mmarima 400 kohyiaa no. Esiane sɛ Yakob adwene yɛɛ no sɛ anhwɛ a Esau ne no bɛko nti, Yakob soma ma wɔde nyɛmmoa kɔkyɛɛ no ntoatoaso, na na nyɛmmoa no dodow bɛboro 550. Bere biara a Yakob nkoa no de nyɛmmoa no bi kɔe no, wɔka kyerɛɛ Esau sɛ ɛyɛ akyɛde a efi ne nua Yakob hɔ.

2 Awiei koraa no, wohyiae! Yakob de akokoduru kohyiaa Esau, na ɔbɔɔ ne mu ase, ɛnyɛ pɛnkoro pɛ, na mmom ɔyɛɛ saa mpɛn ason. Ná Yakob adi kan ayɛ ade a ɛho hia paa a na obetumi ayɛ biara de adwudwo ne nua no bo. Ná Yakob abɔ Yehowa mpae sɛ onnye no mfi Esau nsam. So Yehowa tiee saa mpaebɔ yi? Yiw, otiei. Bible ka sɛ: “Esau de mmirika behyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu de ne ti too ne kɔn ho few n’ano.”—Gen. 32:11-20; 33:1-4.

3. Dɛn na yesua fi Yakob ne Esau asɛm no mu?

3 Yakob ne Esau asɛm no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de siesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ yɛne afoforo ntam wɔ asafo no mu no. Sɛ yɛanyɛ saa a, ebetumi asɛe asomdwoe a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no. Asomdwoe na na Yakob pɛ sɛ ɛtena ɔne Esau ntam, na na ɛnyɛ sɛ wayɛ ne nua no bɔne bi a na ɛhwehwɛ sɛ ɔpa no kyɛw. Esau ammu ne panyin, na na watɔn ne panyin ama Yakob de asesa asɛdua. (Gen. 25:31-34; Heb. 12:16) Nanso, ɔkwan a Yakob faa so kohyiaa Esau no ma yehu mmɔden a ɛsɛ sɛ yɛbɔ na ama asomdwoe a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam no akɔ so atena hɔ. Ɛsan nso ma yehu sɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma asomdwoe nkɔ so ntena yɛne yɛn nuanom ntam a, otie yɛn. Nhwɛso foforo pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛma asomdwoe atena yɛne afoforo ntam.

Nhwɛso a Eye Sen Biara a Yebetumi Asuasua

4. Dɛn na Onyankopɔn yɛe de gyee adesamma fii bɔne ne owu mu?

4 Yehowa a ɔyɛ “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no” ne obi a ɔpɛ asomdwoe sen obiara. (Rom. 15:33) Susuw nea Yehowa yɛe nyinaa a etumi maa asomdwoe tenaa yɛne no ntam no ho hwɛ. Esiane sɛ yɛyɛ Adam ne Hawa asefo a yɛyɛ abɔnefo nti, ɛfata sɛ yenya “bɔne akatua.” (Rom. 6:23) Nanso, esiane ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn nti, ɔsomaa ne Dɔba no fii soro ma wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ sɛ ommegye yɛn nkwa. Ɔba no nso fii ne pɛ mu yɛɛ saa. Ɔmaa kwan maa Onyankopɔn atamfo kum no. (Yoh. 10:17, 18) Nokware Nyankopɔn no nyan ne Dɔba no fii awufo mu, na ɛno akyi no, Ɔba no de ne mogya a ohwie gui no bo kɔmaa n’Agya, na na ɛno bɛyɛ agyede a wɔde begye nnebɔneyɛfo a wɔasakra afi wɔn bɔne ho afi owu a owusɔre nnim mu.—Monkenkan Hebrifo 9:14, 24.

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Yesu mogya a ohwie gui no siesie nnipa abɔnefo ne Onyankopɔn ntam a asɛe no?

5 Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ba no agyede afɔre no siesie nnipa abɔnefo ne Onyankopɔn ntam a asɛe no? Yesaia 53:5 ka sɛ: “Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe, na ɔde n’akuru saa yɛn yare.” Sɛ́ anka Onyankopɔn bebu nnipa a wɔyɛ osetie sɛ wɔyɛ n’atamfo no, seesei asomdwoe betumi atena wɔne no ntam. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɛnam [Yesu] so na yɛanya ogye wɔ ne mogya mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri sɛnea n’adom mu ahonya no te.”—Efe. 1:7.

6 Bible ka sɛ: “Onyankopɔn hui sɛ ɛfata sɛ nneɛma nyinaa tena [Kristo] mu yɛ mã.” Eyi kyerɛ sɛ Kristo ne obi a Onyankopɔn de no di dwuma ma n’atirimpɔw ba mu. Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw? Yehowa atirimpɔw ne sɛ ‘ɔbɛka ɔno ne nneɛma a aka nyinaa abom bio denam asomdwoe a ɔde Yesu Kristo mogya a ohwie gui no dii ho dwuma no so.’ Enti, “nneɛma a aka nyinaa” no a Onyankopɔn ma asomdwoe ba ɔne wɔn ntam no yɛ “ɔsoro nneɛma” ne “asase so nneɛma.” Ɛyɛ nneɛma bɛn?—Monkenkan Kolosefo 1:19, 20.

7. Dɛn ne “ɔsoro nneɛma” ne “asase so nneɛma” a wɔma asomdwoe tena wɔne Onyankopɔn ntam no?

7 Agyede no a wɔde mae no ma etumi yɛ yiye sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wɔabu wɔn bem’ sɛ Onyankopɔn mma no ne Onyankopɔn ‘benya asomdwoe.’ (Monkenkan Romafo 5:1.) Wɔfrɛ wɔn “ɔsoro nneɛma,” efisɛ wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro, na “wobedi asase so ahene,” na wɔasom sɛ asɔfo ama Onyankopɔn. (Adi. 5:10) “Asase so nneɛma” no ne nnipa a wɔasakra afi wɔn bɔne ho a wobenya daa nkwa wɔ asase so no.—Dw. 37:29.

8. Sɛ wususuw nea Yehowa yɛe a ebetumi ama asomdwoe atena ɔne nnipa ntam no ho a, ɛboa wo dɛn?

8 Bere a Paulo rekyerɛ anisɔ kɛse a na ɔwɔ ma agyede a Yehowa de ama no, ɔkyerɛw Kristofo a na wɔasra wɔn a wɔwɔ Efeso no sɛ: “Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no . . . ama yɛaka Kristo ho anya nkwa, bere a na yɛawu wɔ mfomso mu mpo no—wɔnam adom so na agye mo.” (Efe. 2:4, 5) Sɛ́ ebia yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaa yɛbɛtena asase so no, ɛsɛ sɛ yenya anisɔ kɛse paa wɔ mmɔborɔhunu a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn ne n’adom ho. Sɛ yesusuw nea Yehowa ayɛ ma atumi ayɛ yiye sɛ ɛbɛma asomdwoe aba ɔne nnipa ntam no nyinaa ho a, ɛma yenya anisɔ kɛse paa. Sɛ yehyia ɔhaw a ebetumi asɛe asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ asafo no mu no a, so ɛnsɛ sɛ anisɔ a yɛde susuw nea Onyankopɔn ayɛ ho no ka yɛn ma yɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe?

Suasua Abraham ne Isak Nhwɛso No

9, 10. Bere a akasakasa baa Abraham mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam no, dɛn na Abraham yɛe de kyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ asomdwoe tena ɔne Lot ntam?

9 Bible ka tete agya Abraham ho asɛm sɛ: “‘Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no trenee maa no,’ na wɔbɛfrɛɛ no ‘Yehowa adamfo.’” (Yak. 2:23) Gyidi a na Abraham wɔ no daa adi wɔ akwan a ɔfaa so maa asomdwoe tenaa ɔne afoforo ntam no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Abraham nguan ne ne mmoa dɔɔso no, akasakasa baa ne mmoahwɛfo ne ne wɔfase Lot mmoahwɛfo ntam. (Gen. 12:5; 13:7) Ná ade a ebetumi ama ɔhaw no to atwa ne sɛ Abraham ne Lot bɛtetew mu. Ná Abraham bedi asɛm a ne ka yɛ den yi ho dwuma dɛn? Sɛ́ anka Abraham begyina mfe a wadi ne gyinabea a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim so aka nea ɛsɛ sɛ ne wɔfase no yɛ akyerɛ no no, wanyɛ saa, mmom no, ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe ankasa.

10 Abraham ka kyerɛɛ ne wɔfase no sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa biara mmma me ne wo ntam anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.” Abraham toaa so sɛ: “Hwɛ, ɛnyɛ asase na ɛda w’anim tɛtrɛɛ yi? Mesrɛ wo tew wo ho fi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.” Lot paw asase no fã a eye paa no, nanso Abraham bo amfuw no. (Gen. 13:8-11) Akyiri yi, bere a atamfo bi tow hyɛɛ Abraham wɔfase Lot so faa no dommum no, Abraham antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkɔ akogye no.—Gen. 14:14-16.

11. Dɛn na Abraham yɛe de maa asomdwoe tenaa ɔne Filistifo a na ɔte bɛn wɔn no ntam?

11 Susuw sɛnea Abraham yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma asomdwoe atena ɔne Filistifo a na ɔte bɛn wɔn wɔ Kanaan asase so ntam no nso ho hwɛ. Ná Filistifo no de ‘anuɔden agye’ asubura bi a na Abraham nkoa atu wɔ Beer-Seba no. Dɛn na na ɔbarima a wako adi ahemfo baanan so agye ne wɔfase a na wɔafa no dommum afi wɔn nsam no bɛyɛ wɔ saa asɛm yi ho? Sɛ́ anka Abraham bɛko agye n’asubura no, wanka ho asɛm biara. Bere bi akyi no, Filistifo hene no baa Abraham nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam. Ɛyɛ bere a Filistifo hene no nyaa Abraham ma ɔkaa ntam sɛ ɔne ɔhene no asefo bedi no yiye akyi ansa na Abraham reka n’asubura a na wɔagye afi ne nsam no ho asɛm. Ɔhene no ho dwiriw no sɛ ɔtee sɛ wɔagye Abraham asubura, na ɔsan de maa no. Abraham de, ɔkɔɔ so tenaa ase asomdwoe mu sɛ ɔhɔho wɔ asase no so.—Gen. 21:22-31, 34.

12, 13. (a) Dɛn na Isak yɛe de suasuaa ne papa? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de hyiraa Isak wɔ asomdwoe a na ɔpɛ no ho?

12 Abraham ba Isak suasuaa sɛnea na ne papa pɛ asomdwoe no. Yehu eyi wɔ sɛnea Isak ne Filistifo no dii mu. Esiane ɔkɔm bi a na asi asase no so nti, Isak ne n’abusua tu fii Beer-Lahai-Roi atifi fam a ɛwɔ Negeb asase a na nsu nni so no so kɔɔ Filistifo asase pa a ɛwɔ Gerar no so. Yehowa hyiraa Isak wɔ hɔ ma onyaa nnɔbae ne mmoa pii. Enti ɛmaa Filistifo no ani fii ase beree no. Esiane sɛ na Filistifo no mpɛ sɛ Isak di yiye te sɛ ne papa nti, wɔde dɔte siw nsubura a na Abraham nkoa atutu wɔ asase no so no. Awiei koraa no, Filistifo hene no ka kyerɛɛ Isak sɛ ‘ontu mfi wɔn hɔ nkɔ.’ Isak a na ɔpɛ asomdwoe no tui.—Gen. 24:62; 26:1, 12-17.

13 Bere a Isak ne n’abusua tu kɔtenaa baabi foforo no, ne nguanhwɛfo no tuu asubura foforo wɔ hɔ. Filistifo nguanhwɛfo no kae sɛ nsu no yɛ wɔn dea. Isak anko asubura ho sɛnea ne papa Abraham anko asubura ho no. Mmom no, Isak san maa ne mmarima no tuu asubura foforo. Filistifo no san gyee eyi nso fae. Esiane sɛ na Isak pɛ asomdwoe nti, ɔne ne fiefo ne nea ɔwɔ nyinaa tu kɔɔ baabi foforo. Ne nkoa no tuu asubura foforo wɔ hɔ, na Isak frɛɛ no Rehobot. Bere bi akyi no, otu kɔɔ Beer-Seba a na ɛhɔ asase no ye paa no. Yehowa hyiraa no wɔ hɔ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, efisɛ meka wo ho, na m’akoa Abraham nti mehyira wo mama w’ase atrɛw.”—Gen. 26:17-25.

14. Bere a Filistifo hene no kɔɔ Isak hɔ sɛ ɔne no rekɔyɛ asomdwoe apam no, dɛn na Isak yɛe de kyerɛe sɛ na ɔyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe?

14 Akyinnye biara nni ho sɛ na anka Isak betumi ako agye nsubura a na ne nkoa no atutu no nyinaa na ɔde adi dwuma. Efisɛ Filistifo hene no ne ne mpanyimfo baa Beer-Seba bɛsraa Isak sɛ wɔne no rebɛyɛ asomdwoe apam, na wɔkae sɛ: “Yɛahu ampa ara sɛ Yehowa di w’akyi.” Nanso, esiane sɛ na Isak pɛ asomdwoe nti, osii gyinae sɛ obedi atutena mpɛn pii sen sɛ ɔbɛko. Saa bere yi nso, Isak daa no adi sɛ na ɔpɛ sɛ asomdwoe tena ɔne afoforo ntam. Bible ka sɛ: “Ɔtow [n’ahɔho no] pon, na wodidi nomee. Ade kyee no wɔsɔree ntɛm, na wɔkekaa wɔn ho ntam. Ɛno akyi no, Isak gyaa wɔn kwan na wɔde asomdwoe . . . kɔe.”—Gen. 26:26-31.

Suasua Yakob Ba a na Ɔdɔ no Sen Biara No

15. Dɛn nti na Yosef nuanom antumi ne no ankasa abodwo so?

15 Isak ba Yakob nyin bɛyɛɛ “obi a ne ho nni asɛm.” (Gen. 25:27) Sɛnea yɛkaa ho asɛm mfiase no, Yakob hwehwɛe sɛ ɔbɛma asomdwoe atena ɔne ne nua Esau ntam. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yakob asuasua ne papa Isak nhwɛso pa a ɔyɛe wɔ asomdwoe ho no. Dɛn na yebetumi aka afa Yakob mmabarima no ho? Ná Yakob wɔ mmabarima 12, na na ɔdɔ Yosef sen wɔn nyinaa. Ná Yosef yɛ ɔba a otie ne papa na obu no, na na ɔyɛ ɔba a ne papa tumi de ne ho to no so. (Gen. 37:2, 14) Nanso, Yosef nuanom mpanyimfo no ani beree no araa ma wɔantumi ne no ankasa abodwo so. Wɔtɔn Yosef yayaayaw sɛ akoa, na wɔdaadaa wɔn papa ma ogye dii sɛ aboa bi na akyere Yosef awe.—Gen. 37:4, 28, 31-33.

16, 17. Dɛn na Yosef yɛe de kyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ asomdwoe tena ɔne ne nuanom ntam?

16 Yehowa dii Yosef akyi. Bere bi akyi no, Yosef bɛyɛɛ Egypt ɔman soafo panyin—sɛ na Farao nni hɔ a, na ɔno na ɔwɔ hɔ. Bere a ɔkɔm kɛse bi maa Yosef nuanom baa Egypt no, esiane sɛ na Yosef hyɛ Egyptfo atade nti, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno. (Gen. 42:5-7) Hwɛ sɛnea na anka ebetumi ayɛ mmerɛw koraa sɛ Yosef bɛyɛ ne nuanom bɔne de atua ayayade a wɔde yɛɛ ɔno ne wɔn papa no so ka! Nanso sɛ́ anka Yosef betua wɔn so ka no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma asomdwoe atena ɔne wɔn ntam. Bere a Yosef hui sɛ ne nuanom no asakra wɔn adwene no, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: “Mommma ɛnnhaw mo, na mommma mo bo mmfuw mo ho sɛ motɔn me baa ha; efisɛ Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.” Afei, ofew ne nuanom nyinaa ano sui.—Gen. 45:1, 5, 15.

17 Wɔn papa Yakob wui akyi no, na Yosef nuanom susuw sɛ ebia Yosef bɛyɛ wɔn bɔne de atua wɔn so ka. Bere a wɔkaa wɔn haw kyerɛɛ Yosef no, “Yosef sui,” na ɔkae sɛ: “Munnsuro. Mɛkɔ so ara ama mo ne mo mma nkumaa nyinaa aduan.” Yosef a na ɔpɛ asomdwoe no ‘kyekyee wɔn werɛ kaa wɔn koma too wɔn yam.’—Gen. 50:15-21.

“Wɔakyerɛw Ama Yɛn Nkyerɛkyerɛ”

18, 19. (a) Dɛn na woasua afi wɔn a wɔmaa asomdwoe tenaa wɔne afoforo ntam a yɛasusuw wɔn ho wɔ adesua yi mu no hɔ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Rom. 15:4) Dɛn na yɛasua afi nhwɛso a ɛsen biara a Yehowa ayɛ, ne afei nso nea Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef yɛe a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a yɛasusuw ho no mu?

19 Sɛ yɛde anisɔ susuw nea Yehowa ayɛ a ɔde asiesie ɔne nnipa abɔnefo ntam a asɛe no ho a, so ɛnka yɛn sɛ yɛnyɛ nea yebetumi biara mma asomdwoe ntena yɛne afoforo ntam? Nhwɛso a Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef yɛe a yɛasusuw ho no ma yehu sɛ awofo betumi ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma asuasua. Bio nso, saa nhwɛso ahorow yi ma yɛsan hu sɛ Yehowa hyira mmɔden a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔma asomdwoe tena wɔne afoforo ntam bɔ no so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe”! (Monkenkan Romafo 15:33; 16:20.) Yebesusuw nea enti a Paulo sii hia a ehia sɛ yɛma asomdwoe tena yɛne afoforo ntam ne ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa no so dua ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Dɛn na Wusuae?

• Bere a Yakob rebehyia Esau no, dɛn na ɔyɛe de hwehwɛɛ asomdwoe?

• Ɔkwan bɛn so na nea Yehowa yɛe a ebetumi ama asomdwoe atena ɔne nnipa ntam no aka wo?

• Dɛn na woasua afi nea Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef yɛe de maa asomdwoe tenaa wɔne afoforo ntam no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ade a ɛho hia paa bɛn na Yakob yɛe de maa asomdwoe baa ɔne Esau ntam?