Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛmfa Boasetɔ Ntu Mmirika No

Momma Yɛmfa Boasetɔ Ntu Mmirika No

Momma Yɛmfa Boasetɔ Ntu Mmirika No

“Momma . . . yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.”—HEB. 12:1.

1, 2. Ɔsomafo Paulo de Kristofo asetena totoo dɛn ho?

AFE biara, nkurɔfo tu mmirika twa kwantenten de si akan wɔ mmeae pii. Wɔn a wosi saa akan no bi yɛ nkurɔfo a wonim mmirikatu paa a wɔn botae ara ne sɛ wobedi nkonim. Nanso, wɔn a wotu mmirika no mu dodow no ara nim sɛ wɔrentumi nni nkonim. Nea ɛho hia saafo no paa ne sɛ wobetumi atu mmirika no awie.

2 Wɔ Bible mu no, wɔde Kristofo asetena atoto mmirikatu ho. Ɔsomafo Paulo kaa eyi ho asɛm kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ tete Korinto no bere a ɔkyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa wɔn no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Munnim sɛ mmirikatufo a wosi akan nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako pɛ na onya nkonimbo no? Muntu mmirika no saa na mo nsa aka.”—1 Kor. 9:24.

3. Dɛn nti na Paulo kae sɛ mmirikatufo no mu biako pɛ na onya nkonimbo no?

3 So nea na Paulo reka ne sɛ saa Kristofo no mu biako pɛ na obenya nkonimbo a ɛne nkwa no, na wɔn a wɔaka no betu mmirika hunu? Ɛnte saa koraa! Ná wɔn a wosi akan wɔ mmirikatu mu no siesie wɔn ho yiye, na na wɔyere wɔn ho denneennen tu mmirika no a na wɔn botae ne sɛ wobedi nkonim. Ná Paulo pɛ sɛ ne mfɛfo Kristofo yere wɔn ho denneennen saa ara wɔ daa nkwa a na wɔrehwehwɛ no mu. Sɛ na wɔyɛ saa a, na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya nkonimbo a ɛne nkwa no. Nokwasɛm ne sɛ, mmirika a Kristofo retu no de, wɔn a wobetumi atu awie nyinaa benya nkonimbo no bi.

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ mmirika a yɛretu no ho?

4 Saa asɛm no hyɛ yɛn nkuran, nanso ɛsan ma yɛn a yɛretu nkwa ho mmirika nnɛ no nyinaa susuw nneɛma ho anibere so. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ nkonimbo a yebenya no yɛ ade a yɛrentumi mfa biribiara ntoto ho, sɛ́ ebia yebenya nkwa wɔ soro anaa Paradise asase so no. Nokwarem no, mmirika a yɛretu no ware na ɛyɛ den; akwanside, nneɛma a ɛtwetwe adwene, ne asiane pii wɔ ɔkwan no so. (Mat. 7:13, 14) Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom agow wɔn ho, anaasɛ wɔagyae mmirika no tu mpo. Nneɛma a ebetumi asum yɛn afiri ne asiane ahorow bɛn na yehyia wɔ nkwa ho mmirika a yɛretu no mu? Dɛn na wubetumi ayɛ na amma mfiri no anyi wo anaa woantɔ asiane ahorow no bi mu? Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woatumi atu mmirika no awie na woanya nkonimbo no?

Yehia Boasetɔ Ansa na Yɛatumi Adi Nkonim

5. Mmirikatu bɛn na Paulo kaa ho asɛm wɔ Hebrifo 12:1?

5 Paulo san kaa mmirikatu ho asɛm wɔ krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no mu. (Monkenkan Hebrifo 12:1.) Ɛnyɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yetu mmirika no nkutoo na ɔtwee adwene sii so, na mmom, ɔtwee adwene sii nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama watumi adi nkonim no so nso. Ansa na yɛbɛhwehwɛ afotu a Onyankopɔn honhom kaa Paulo ma ɔde maa Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no mu ahwɛ nea yebetumi asua afi mu no, momma yensusuw nea ɛmaa Paulo kyerɛw krataa no ne nea na ɔpɛ sɛ wɔn a ɔkyerɛw krataa no kɔmaa wɔn no yɛ ho.

6. Nhyɛso bɛn na nyamesom akannifo no de baa Kristofo no so?

6 Ná Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu, ne titiriw no, wɔn a na wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no rehyia sɔhwɛ ne amanehunu pii. Ná Yudasom mu akannifo a wɔda so ara wɔ nkurɔfo no so tumi no rehyɛ wɔn so denneennen. Ná saa akannifo yi atumi ama nkurɔfo agye adi sɛ Yesu Kristo yɛ ɔmammɔfo ma wɔakum no sɛ ɔsɛmmɔnedifo. Ná wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so asɔre atia Kristofo. Wɔaka sɛnea saa akannifo no hunahunaa Kristofo ne sɛnea wɔsɔre tiaa wɔn no ho asɛm pii wɔ Asomafo Nnwuma no mu, na wofii ase taa wɔn wɔ anwonwade ahorow a ɛkɔɔ so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no akyi pɛɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi maa asetena yɛɛ den maa anokwafo no.—Aso. 4:1-3; 5:17, 18; 6:8-12; 7:59; 8:1, 3.

7. Mmere a emu yɛ den bɛn mu na na Kristofo a Paulo kyerɛw wɔn no te?

7 Ade foforo nso a ɛmaa asetena yɛɛ den paa maa saa Kristofo no ne sɛ na wɔte bere a na aka kakraa bi ma wɔasɛe Yudafo nhyehyɛe no mu. Ná Yesu aka ɔsɛe a na ɛreba Yuda man a anni nokware no so ho asɛm akyerɛ wɔn. Ná Yesu asan aka nsɛm a na ebesisi bere a aka kakraa bi ma ɔsɛe no aba no ho asɛm akyerɛ n’akyidifo no, na saa ara nso na na wakyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ pɔtee na ama wɔanya nkwa. (Monkenkan Luka 21:20-22.) Ná dɛn bio na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim.”—Luka 21:34.

8. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Kristofo binom gow wɔn ho anaa wogyaee Yehowa som mpo?

8 Bere a Yesu de saa kɔkɔbɔ no mae akyi bɛyɛ mfe 30 na Paulo kyerɛw Hebrifo no. Dɛn na ɛtoo saa Kristofo no wɔ saa mfe 30 no mu? Esiane ɔhaw ne nneɛma a wohia no da biara da ho adwinnwen nti, wɔn mu binom ankɔ so ansua Yehowa ho ade amma abusuabɔ a na wɔne no wɔ no mu anyɛ den. (Heb. 5:11-14) Ebia ebinom nso tee nka sɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra sɛnea na Yudafo dodow no ara bɔ wɔn bra no a, na ɛbɛma asetena ayɛ mmerɛw ama wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ Kristofo no nyaa adwene sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wɔbɛyɛ saa efisɛ na Yudafo no da so ara gye Onyankopɔn di, na na wodi Mose Mmara no mu dodow no ara so. Ná nnipa bi nso wɔ asafo no mu a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Kristofo binom sɛ wonni Mose Mmara no ne Yudafo atetesɛm so. Ná asɛm bɛn na Paulo bɛka a ɛbɛboa ne nuanom Kristofo ma wɔakɔ so abɔ wɔn bra sɛ Kristofo na wɔde boasetɔ atu mmirika no?

9, 10. (a) Nkuranhyɛsɛm bɛn na Paulo kae wɔ Hebrifo ti 10 awiei? (b) Dɛn nti na Paulo kyerɛw nneɛma a adansefo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe ho asɛm?

9 Yehowa de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw saa asɛm a ɛhyɛ nkuran yi kɔmaa Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no. Paulo kyerɛe wɔ ne krataa no ti 10 mu sɛ na Mose Mmara no yɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsuma,” na ɔsan kyerɛkyerɛɛ sɛnea Kristo agyede afɔrebɔ no som bo mu pefee. Wɔ Hebrifo ti 10 awiei no, Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Muhia boasetɔ, na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na ‘aka kakraa bi’ na ‘nea ɔreba no abedu, na ɔrenkyɛ.’”—Heb. 10:1, 36, 37.

10 Paulo kyerɛkyerɛɛ nea Onyankopɔn mu gyidi ankasa kyerɛ mu yiye wɔ Hebrifo 11. Na ɔde nneɛma a mmarima ne mmea a wɔtenaa ase tete a na wɔwɔ gyidi no yɛe na ɛkyerɛkyerɛɛ mu. Dɛn nti na Paulo kaa gyidi ho asɛm ansa na ɔresan aka boasetɔ ho asɛm? Efisɛ na ɔsomafo no nim sɛ na ɛsɛ sɛ ne mfɛfo asomfo no hu sɛ gyidi a wobenya no hwehwɛ sɛ wonya akokoduru ne boasetɔ. Ná nhwɛso pa a Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no bɛhyɛ Hebrifo no den ma wɔatumi agyina sɔhwɛ ahorow ne amanehunu a na wɔrehyia no ano. Enti, bere a Paulo kaa nneɛma a saa anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe de kyerɛe sɛ na wɔwɔ gyidi ho asɛm wiei no, otumi kae sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ adansefo mununkum kɛse a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yenyi adesoa biara ne bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.”—Heb. 12:1.

“Adansefo Mununkum”

11. Sɛ yesusuw nhwɛso a “adansefo mununkum” no yɛe ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

11 Paulo kae sɛ na Yehowa asomfo a wɔtenaa ase ansa na Kristofo mmere reba no yɛ “adansefo mununkum” kɛse “a atwa yɛn ho ahyia.” Ná wɔadi Yehowa nokware wɔ wɔn asetena mu akosi ase, na nhwɛso a wɔyɛe no kyerɛ sɛ Kristofo betumi akɔ so adi nokware ama Yehowa wɔ mmere a emu yɛ den paa mpo mu. Ná “adansefo mununkum” no te sɛ mmirikatufo a wɔatu wɔn mmirika awie. Ná wɔn nhwɛso no bɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔakɔ so atu mmirika no. Sɛ yɛretu mmirika na sɛ yenim sɛ nnipa a wonim mmirikatu paa rehwɛ yɛn rehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyere yɛn ho ntu mmirika no a, ɛbɛma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa de atu mmirika no awie. Enti, na ɛsɛ sɛ Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no susuw nhwɛso a saa Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no yɛe no ho. Ná wɔn nhwɛso no betumi ama wɔanya akokoduru na akae wɔn sɛ wobetumi de ‘boasetɔ atu mmirika’ no awie. Na yɛn nso yebetumi atu mmirika no awie.

12. Dɛn na yebetumi asua afi nnipa a Paulo kaa wɔn ho asɛm no gyidi mu?

12 Ná anokwafo a Paulo kaa wɔn ho asɛm no mu pii nsɛm tebea te sɛ yɛn de ara pɛ. Sɛ nhwɛso no, Noa tenaa ase wɔ bere a na aka kakra ma wɔde Nsuyiri asɛe wiase no mu. Yɛte bere a aka kakra ma wɔasɛe Satan wiase no mu. Wɔka kyerɛɛ Abraham ne Sara sɛ wontu mfi wɔn kurom nkɔsom Yehowa nokware mu, na wɔntwɛn Yehowa bɔhyɛ a na ɛbɛba mu no. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ, na mmom yɛnyɛ nea ɔno pɛ, na ama yɛanya n’anim dom ne nhyira a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no. Mose nantew faa sare a ɛso yɛ hu so a na n’ani kyerɛ Bɔhyɛ Asase no so. Yɛte wiase bɔne mu, na yɛretwɛn wiase foforo a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no. Ɛho hia sɛ yesusuw sɛnea saa nnipa anokwafo yi bɔɔ wɔn bra no ho. Yebetumi asuasua nneɛma a saa anokwafo no yɛe a ɛma wonyaa Yehowa anim dom no, na yɛasua biribi afi nneɛma a wɔyɛe a amma Yehowa ani annye wɔn ho no mu.—Rom. 15:4; 1 Kor. 10:11.

Dɛn na Ɛboaa Wɔn Ma Wotumi Tuu Mmirika no Wiei?

13. Nsɛnnennen bɛn na Noa hyiae, na dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ nea Yehowa kae sɛ ɔnyɛ nyinaa?

13 Dɛn na ɛboaa Yehowa asomfo yi ma wotumi kɔɔ so tuu mmirika no wiei? Hyɛ nea Paulo kyerɛw faa Noa ho no nsow. (Monkenkan Hebrifo 11:7.) Ná ‘nsu a ebeyiri afa asase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa’ no yɛ biribi a na Noa ‘nnya nhui.’ (Gen. 6:17) Ná nsuyiri biara mmae da. Nanso, Noa annya adwene sɛ nsuyiri bi ntumi mma. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔwɔ gyidi sɛ Yehowa bɛma asɛm biara a ɔka abam. Noa annya adwene sɛ nea na Yehowa aka sɛ ɔnyɛ no yɛ den dodo. Mmom no, nea Yehowa kae no, “saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.” (Gen. 6:22) Sɛ yesusuw adwuma a na ɛsɛ sɛ Noa yɛ nyinaa—adaka a na ɛsɛ sɛ ɔpam, mmoa a na ɛsɛ sɛ ɔboaboa wɔn ano, nnuan a na ɛsɛ sɛ ɔde gu adaka no mu ma nnipa ne mmoa, asɛm a na ɛsɛ sɛ ɔka de bɔ nkurɔfo kɔkɔ, ne n’abusua a na ɛsɛ sɛ ɔboa wɔn ma wonya gyidi kɛse wɔ Yehowa mu no ho—a, na ɛnyɛ adwuma a ɛda fam a ɔbɛyɛ no “saa pɛpɛɛpɛ.” Nanso, Noa gyidi ne ne boasetɔ maa ɔne n’abusua nyaa nkwa, na wohyiraa wɔn pii.

14. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Abraham ne Sara gyinaa ano, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

14 Paulo bɔɔ Abraham ne Sara din kaa ‘adansefo mununkum a atwa yɛn ho ahyia’ no ho. Wɔn asetena sesae bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi wɔn kurow Ur mu no. Ná wonnim nea ɛbɛto wɔn. Nanso, na wɔwɔ Yehowa mu gyidi a emu yɛ den, na wotiee no wɔ tebea a emu yɛ den paa mpo mu. Esiane sɛ na Abraham ani gye ho sɛ ɔde nneɛma bɛbɔ afɔre ama nokware som akɔ so nti, ɛfata paa sɛ wɔfrɛɛ no wɔn a “wɔwɔ gyidi nyinaa agya.” (Rom. 4:11) Ná Hebrifo a wɔyɛ Kristofo no nim Abraham ne n’abusua ho nsɛm dedaw, enti nneɛma a wɔyɛe de kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi no bi nkutoo na Paulo kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nanso, na saa nsɛm no betumi ama wɔahu sɛnea wɔn gyidi yɛ den fa. Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa [a Abraham ne n’abusua ka ho] wuwui a wɔanhu bɔhyɛ ahorow no mmamu, nanso wohui wɔ akyirikyiri gye toom, na wɔpaee mu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.” (Heb. 11:13) Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn mu gyidi ne abusuabɔ a na wɔne no wɔ na ɛboaa wɔn ma wotuu mmirika no wiei.

15. Dɛn na ɛhyɛɛ Mose nkuran ma ɔbɔɔ ne bra sɛnea ɔyɛe no?

15 Mose nso yɛ Yehowa somfo foforo a ɔyɛɛ nhwɛso pa a ɔka “adansefo mununkum” no ho. Mose gyaw asetena pa ne anuonyam a na ɔwɔ hɔ, “na ɔpawee sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani mmom.” Dɛn na ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔyɛɛ saa? Paulo buae sɛ: “Ogyen n’ani hwɛɛ akatua no. . . . Na ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” (Monkenkan Hebrifo 11:24-27.) Mose amma ‘bɔne mu anigye a na obenya no bere tiaa bi’ antwetwe no. Ná Mose nim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa, na ne bɔhyɛ ahorow nso bɛbam. Eyi na ɛboaa no ma ɔdaa akokoduru kɛse adi na ɔde boasetɔ gyinaa nsɛnnennen ano. Ɛboaa no ma ɔyɛɛ adwumaden de dii Israelfo anim fii Egypt ma wɔkɔɔ Bɔhyɛ Asase no so.

16. Dɛn nti na bere a wɔamma Mose ankɔ Bɔhyɛ Asase no so no, n’abam ammu?

16 Abraham ne Mose wuwui ansa na ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no rebam. Aka kakraa bi ma Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “W’ani na wode behu asase a mede rema Israelfo no wɔ akyirikyiri, na wo nan de, ɛrensi hɔ.” Nea enti a wɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ no ne sɛ bere bi a na atwam no, na ɔne Aaron ama nkurɔfo no atuatew no ahyɛ wɔn abufuw paa ma ‘wɔafom Onyankopɔn wɔ Israelfo mu wɔ Meriba nsu no ho.’ (Deut. 32:51, 52) So Mose abam bui anaa ne bo fuwii? Dabi. Ohyiraa nkurɔfo no, na ɔne wɔn dii nkra sɛ: “Israel, ma w’ani nnye! Hena na ɔte sɛ wo, ɔman a anya Yehowa nkwagye? Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa wo ne wo nkrante kɛse.”—Deut. 33:29.

Nea Yebetumi Asua Afi Mu

17, 18. (a) Dɛn na yebetumi asua afi “adansefo mununkum” no hɔ wɔ nkwa ho mmirika a yɛretu no mu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Wɔn a wɔka ‘adansefo mununkum a atwa yɛn ho ahyia’ ho no mu bi a yɛasusuw sɛnea wɔbɔɔ wɔn bra ho no ama yɛahu pefee sɛ sɛ yebetumi atu mmirika no awie a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi kɛse. (Heb. 11:6) Ɛsɛ sɛ saa gyidi no ka biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu seesei. Yehowa nkurɔfo nte sɛ wɔn a wonni gyidi no, yɛn de, yenim sɛ asetena pa bi wɔ yɛn anim a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ. Yetumi hu “Onii a wonhu no no” ma enti yɛde boasetɔ tu mmirika no.—2 Kor. 5:7.

18 Mmirika a Kristofo retu no nyɛ mmerɛw. Nanso, yebetumi atu mmirika no awie. Yebesusuw nneɛma foforo a ɛwɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛatumi atu mmirika no awie ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na Paulo kyerɛw adansefo anokwafo a wɔtenaa ase tete no ho asɛm pii?

• Ɔkwan bɛn so na sɛ yesusuw “adansefo mununkum kɛse a atwa yɛn ho ahyia” no ho a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde boasetɔ tu mmirika no?

• Dɛn na woasua afi adansefo anokwafo te sɛ Noa, Abraham, Sara, ne Mose a yɛasusuw wɔn ho no hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Ná Abraham ne Sara ani gye ho sɛ wobegyaw asetena pa a na wɔwom wɔ Ur no hɔ