Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Wuhyia Nsɛnnennen a, So Wubetumi Ayɛ Sɛ Finehas?

Sɛ Wuhyia Nsɛnnennen a, So Wubetumi Ayɛ Sɛ Finehas?

Sɛ Wuhyia Nsɛnnennen a, So Wubetumi Ayɛ Sɛ Finehas?

ƐYƐ hokwan kɛse sɛ obi bɛsom sɛ asafo mu panyin. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ mpanyimfo hyia nsɛnnennen. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn a wɔayɛ bɔne asɛm, na ‘wobu atɛn ma Yehowa.’ (2 Be. 19:6) Anaasɛ ɔhwɛfo bi betumi anya dwumadi bi a ɔbɛte nka sɛ ɔmfata. Saa ara na Mose tee nka bere a ɔde ahobrɛase bisaa adwuma bi a wɔde maa no ho asɛm no. Obisae sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim?”—Ex. 3:11.

Kyerɛwnsɛm no a wɔde honhom kronkron koro no ara a wɔde paw mpanyimfo kyerɛwee no ma yehu nhwɛso pa a ahwɛfo a wogyinaa sɔhwɛ ahorow ano yɛe. Ná Finehas yɛ Eleasar ba ne Aaron banana ma enti na ɔbɛba abɛyɛ ɔsɔfo panyin. Nsɛm abiɛsa a esisii wɔ Finehas asetena mu no ma yehu hia a ehia sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn ho to Yehowa so na wɔde akokoduru ne nhumu gyina nsɛnnennen ano.

“Ɔyɛɛ Ntɛm”

Bere a Israelfo no kɔbɔɔ nsra wɔ Moab Sare so no, na Finehas yɛ aberante. Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman. . . . Enti wodidii na wɔsom wɔn anyame no.” (Num. 25:1, 2) Yehowa de ɔhaw bi baa wɔn a wɔyɛɛ bɔne no so ma wowuwui. So wubetumi de w’adwene abu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa bɔne a wɔyɛe ne ɔhaw a ɛde bae no kaa Finehas no?

Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Saa bere no ara mu no, Israelni barima bi kɔfaa Midianni bea bi baa ne nuanom mu, Mose ne Israel asafo no nyinaa anim, bere a wogyinagyina ahyiae ntamadan no ano resu no.” (Num. 25:6) Ná dɛn na ɔsɔfo Finehas bɛyɛ? Ná ɔyɛ aberante, ɛnna na Israelni a ɔreyɛ bɔne no yɛ ɔpanyin wɔ abusuakuw bi mu, na na odi Yehowa nkurɔfo anim ma wɔsom no.—Num. 25:14.

Nanso, na Finehas suro Yehowa, na ɛnyɛ nnipa. Bere a ohuu wɔn baanu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔfaa peaw, na odii ɔbarima no akyi kɔɔ ntamadan no mu, na ɔde peaw no wɔɔ ɔbarima ne ɔbea no nyinaa ma epuee. Yehowa buu akokoduru ne ade a Finehas yɛɛ no ntɛm so no dɛn? Ntɛm ara na Yehowa maa ɔhaw no to twae, na ohyiraa Finehas ne no yɛɛ apam sɛ asɔfodi no bɛka ɔne ne nkyirimma fie ‘daa.’—Num. 25:7-13.

Ɛwom, Kristofo asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nkum nnipa. Nanso ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ krado sɛ wɔde akokoduru bɛyɛ wɔn ade ntɛm so sɛnea Finehas yɛe no. Sɛ nhwɛso, na Guilherme asom sɛ ɔpanyin asram kakra bi pɛ ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnka mpanyimfo bi ho mma wonni obi asɛm. Ná asɛm a wɔrekodi no fa asafo mu panyin bi a na waboa Guilherme bere a na ɔyɛ abofra no ho. Ɔka sɛ: “Asɛm no haw me. Ná mintumi nna anadwo. Midwinnwen akwan a mɛfa so adi saa asɛm yi ho dwuma a meremma sɛnea mete nka no mma mimmu m’ani ngu Yehowa gyinapɛn a mede bebu atɛn no so. Mebɔɔ mpae nna pii, na meyɛɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ho nhoma ahorow mu.” Eyi boaa no ma onyaa akokoduru a ɔde bedi tebea soronko yi ho dwuma na waboa ne nua a na wayɛ bɔne no ma wasiesie ɔne Yehowa ntam.—1 Tim. 4:11, 12.

Sɛ nsɛm bi sɔre wɔ asafo no mu na sɛ mpanyimfo no de akokoduru yɛ ade ntɛm so saa a, ɛma anuanom suasua mpanyimfo no gyidi ne wɔn nokwaredi. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔaka nyinaa nso yɛ wɔn ade akokoduru so, na wɔka bɔne a emu yɛ duru a ebia wɔate ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no. Saa ara nso na egye nokwaredi na ama yɛatumi ne yɛn adamfo anaa yɛn busuani a yɛatu no agyae fekubɔ.—1 Kor. 5:11-13.

Nhumu Siw Ɔhaw Kɛse Bi Ano

Ná akokoduru a Finehas daa no adi no nyɛ mmabun anisohyew bi kɛkɛ. Susuw sɛnea ɔdaa nhumu adi, na ɔyɛɛ n’ade nyansam na ɔyɛɛ anifere bere a ɔtee asɛm foforo bi no ho hwɛ. Ná Ruben ne Gad mmusuakuw, ne Manase abusuakuw fã no asi afɔremuka bi wɔ baabi a ɛbɛn Yordan Asubɔnten no. Israelfo a wɔaka no nyaa adwene sɛ na wɔde resom atoro anyame, na wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔne wɔn rekɔko.—Yos. 22:11, 12.

Dɛn na Finehas yɛe wɔ asɛm yi ho? Finehas ne Israel mmusuakuw mu mpanyimfo no de nhumu yɛɛ adwuma, na wɔne wɔn a na wɔasi afɔremuka no susuw asɛm no ho. Mmusuakuw a wɔbɔɔ wɔn sobo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ na wɔde afɔremuka no ‘resom Yehowa’ ma wɔtee asɛm no ase. Ɛno ma wotumi siw ɔhaw kɛse bi ano.—Yos. 22:13-34.

Sɛ Kristoni bi te sɛ wɔabɔ ne nua a ɔne no som Yehowa sobo anaa wɔaka ne ho asɛmmɔne bi a, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ obesuasua Finehas! Sɛ yɛwɔ nhumu a, yɛremma asɛm a afoforo aka nhyɛ yɛn abufuw anaasɛ yɛrenka nsɛm a enye mfa yɛn nuanom ho.—Mmeb. 19:11.

Ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa mpanyimfo no ma wɔayɛ wɔn ade sɛ Finehas? Jaime a wasom sɛ asafo mu panyin bɛboro mfe du no ka sɛ: “Sɛ ɔdawurubɔfo bi fi ase ka asɛm bi a asɔre wɔ ɔne onipa foforo ntam kyerɛ me a, ntɛm ara mesrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me na mannyina wɔn mu biara akyi, na mmom ɔmmoa me ma memfa Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ mma no. Bere bi, onuawa bi bɛkaa asɛm bi a na onua bi a ɔyɛ ɔpanyin wɔ asafo foforo mu de adi no ho asɛm kyerɛɛ me. Esiane sɛ na onua no yɛ m’adamfo nti, na anka ɛrenyɛ den sɛ me no bɛkasa. Nanso, me ne onuawa no susuw Bible mu nnyinasosɛm ahorow bi ho. Onuawa no gye toom sɛ ɔno ankasa bedi kan ne onua no akasa. (Mat. 5:23, 24) Asomdwoe ansan amma wɔn ntam ntɛm ara. Enti mehyɛɛ onuawa no nkuran sɛ onsusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm foforo ho. Onuawa no sii gyinae sɛ ɔbɛsan abɔ asɛm no ho mpae bio na wabɔ mmɔden de onua no bɔne afiri no.”

Asɛm no kosii dɛn? Jaime ka sɛ: “Asram bi akyi no, onuawa no baa me nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ bere bi akyi no, ɔpanyin no nuu ne ho wɔ asɛm a ɔkae no ho. Ɔpanyin no ne onuawa no yɛɛ nhyehyɛe kɔɔ asɛnka, na ɔdaa onuawa no ase. Asɛm no to twae. Sɛ me a anka na wobetumi abu me sɛ magyina wɔn mu biako afã no de me ho gyee asɛm no mu kɛse a, so anka metumi aboa ma wɔasiesie asɛm no yiye saa?” Bible tu yɛn fo sɛ: “Mpere wo ho nkɔtwe manso.” (Mmeb. 25:8) Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ nhumu na wɔda nyansa adi no hyɛ Kristofo a nsɛmnsɛm wɔ wɔne afoforo ntam nkuran sɛ wɔmfa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nyɛ adwuma na ama asomdwoe atena wɔn ntam.

Obisaa Yehowa

Finehas nyaa hokwan somee sɛ ɔsɔfo wɔ Onyankopɔn man a wɔapaw wɔn no mu. Sɛnea yɛahu no, ɔdaa akokoduru ne nhumu soronko adi bere mpo a na ɔyɛ aberante no. Nanso, ne ho a ɔde too Yehowa so no na ɛma otumi gyinaa nsɛnnennen ano.

Bere a Gibea mmarima a wofi Benyamin abusuakuw mu no too Lewini bi yefam mmonnaa yayaayaw ma owui no, mmusuakuw a aka no sɔre kɔɔ Benyaminfo no so sɛ wɔne wɔn rekɔko. (Atem. 20:1-11) Wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Yehowa mmoa ansa na wɔrekɔko, nanso wodii nkogu mprenu ma wɔn nkurɔfo pii wuwui. (Atem. 20:14-25) So na wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ wɔantie mpae a wɔbɔe no? So na Yehowa ani gye ho paa sɛ obehu sɛ wɔreyɛ bɔne a na asi no ho biribi?

Finehas a saa bere no na ɔyɛ Israel sɔfo panyin na ɔwɔ Yehowa mu ahotoso denneennen no san sɔre gyinae. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mensan nkɔ ne me nua Benyamin nkɔko anaa minnyae?” Yehowa tiee mpae a ɔbɔe no, na ɔde Benyaminfo no hyɛɛ wɔn nsa, wɔhyew Gibea kurow no dwerɛbee.—Atem. 20:27-48.

Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ɛmfa ho sɛ mpanyimfo no bɛbɔ mmɔden adi ɔhaw bi a ɛwɔ asafo no mu ho dwuma na wɔabɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn mmoa no, ebia ɔhaw no to ntwa. Sɛ ɛba saa a, ɛfata sɛ mpanyimfo no kae Yesu asɛm yi: “Monkɔ so mmisa [anaa mommɔ mpae], na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom na wobebue mo.” (Luka 11:9) Sɛ ɛte sɛ nea ahwɛfo no nnya mpae a wɔbɔ ho mmuae ntɛm a, wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bebua mpae a wɔbɔ no wɔ n’ankasa bere mu.

Sɛ nhwɛso no, na asafo bi a ɛwɔ Ireland hia Ahenni Asa denneennen, nanso na kurom hɔ panyin a ɔhwɛ ma wosisi adan wɔ kurom hɔ no mpene so sɛ wobesi asa no. Wampene nhyehyɛe biara a na anuanom ayɛ wɔ asase a na wɔpɛ sɛ wosi ɔdan wɔ so no so. Ná ɛte sɛ nea ɔpanyin foforo koro pɛ a na obetumi apene so ma wɔasi asa no ne ɔpanyin paa a na ɔhwɛ ma wosisi adan wɔ ɔmantam no nyinaa mu no. So na mpaebɔ bɛboa sɛnea ɛboae wɔ Finehas bere so no?

Asafo mu panyin bi a ɔwɔ hɔnom ka sɛ: “Bere a yɛde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ pii kɔɔ Yehowa anim no, yetuu kwan kɔɔ wɔn a wɔhwɛ ma wosisi adan no adwumayɛbea kɛse mu. Wɔka kyerɛɛ me sɛ ebetumi adi adapɛn pii ansa na yɛatumi ahu ɔpanyin paa a ɔwɔ hɔ no. Nanso, yetumi huu no ne no kasae simma anum. Bere a ohuu asase nsusuwso a wɔayɛ no foforo no, ntɛm ara na ɔmaa kwan sɛ yɛnkɔtoa so nsi ɔdan no, na efi saa bere no, ɔpanyin a ɔhwɛ ma wosisi adan wɔ baabi a yɛwɔ no boaa yɛn. Saa osuahu yi ma yehui sɛ mpaebɔ yɛ adwuma paa.” Nokwarem no, Yehowa betie mpae a mpanyimfo a wɔde wɔn ho to no so fi wɔn komam bɔ no.

Finehas dii asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma wɔ tete Israel; nanso esiane sɛ ɔde ne ho too Onyankopɔn so na ɔwɔ akokoduru ne nhumu nti, otumi gyinaa nsɛnnennen ano. Yehowa ani sɔɔ nsi a Finehas de hwɛɛ Onyankopɔn asafo so no. Bɛyɛ mfe 1,000 akyi no, honhom kaa Esra ma ɔkyerɛwee sɛ: “Kan no, Eleasar ba Finehas na na ɔda wɔn ano; Yehowa dii n’akyi.” (1 Be. 9:20) Ɛmmra sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ anim nyinaa bɛyɛ saa. Nokwarem no, ɛfata sɛ Kristofo a wɔsom Onyankopɔn nokware mu nyinaa nso yɛ saa.