Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Worema Yehowa Ayɛ Wo Kyɛfa?

So Worema Yehowa Ayɛ Wo Kyɛfa?

So Worema Yehowa Ayɛ Wo Kyɛfa?

“Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—MAT. 6:33.

1, 2. (a) Henanom ne “Onyankopɔn Israel” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Galatifo 6:16 no? (b) Henanom ne “Israel mmusuakuw dumien” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Mateo 19:28 no?

SƐ WUHU edin Israel wɔ Bible mu a, dɛn na ɛba w’adwenem? So Isak ba Yakob a wɔsan too no din Israel no ho adwene na ɛba wo tirim? Anaasɛ tete Israel man a na wɔyɛ Yakob asefo no ho asɛm na ɛba wo tirim? Na honhom fam Israel nso ɛ? Sɛ wɔka Israel ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so a, ɛtaa fa “Onyankopɔn Israel,” 144,000 a wɔde honhom kronkron asra wɔn sɛ wɔnkɔyɛ ahene ne asɔfo wɔ soro no ho. (Gal. 6:16; Adi. 7:4; 21:12) Nanso, wɔde edin Israel no di dwuma ɔkwan titiriw bi so nso. Yɛkenkan ho asɛm wɔ Mateo 19:28.

2 Yesu kae sɛ: “Bere a wɔayɛ nneɛma foforo na onipa Ba no te n’anuonyam ahengua so no, mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” Wɔn a wɔka wɔn ho asɛm sɛ “Israel mmusuakuw dumien” wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no ne wɔn a wobenya daa nkwa wɔ Paradise asase so no. Na 144,000 no bɛyɛ atemmufo ne asɔfo wɔ wɔn so.

3, 4. Nhwɛso pa bɛn na anokwafo a wɔasra wɔn no ayɛ?

3 Wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no bu ɔsom adwuma a wɔyɛ no sɛ ade a ɛsom bo paa, sɛnea asɔfo ne Lewifo a wɔtenaa ase tete no yɛe no. (Num. 18:20) Wɔn a wɔasra wɔn no nhwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔn asase bi anaa baabi wɔ asase so sɛ wɔn agyapade. Mmom no, wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Yesu Kristo bedi ade sɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. Sɛnea asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 4:10, 11 a ɛfa dibea a wɔn a wɔasra wɔn no benya wɔ soro ho ma yehu no, wɔbɛkɔ so asom Yehowa sɛ ahene ne asɔfo.—Hes. 44:28.

4 Bere a wɔn a wɔasra wɔn no wɔ asase so no, wɔbɔ wɔn bra ma ɛda adi sɛ Yehowa ne wɔn kyɛfa. Ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no ne ade a ɛho hia wɔn sen biara. Wonya Kristo agyede afɔre no mu gyidi, na wodi n’akyi daa, na ɛma ‘frɛ a wɔafrɛ wɔn ne paw a wɔapaw wɔn no di mu.’ (2 Pet. 1:10) Ɛsono wɔn mu biara nsɛm tebea ne nea wotumi yɛ. Nanso, wɔmmfa biribiara a esiw wɔn kwan nnyi wɔn ho ano nka sɛ wɔrentumi nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu. Mmom no, wɔde Onyankopɔn som adwuma no di kan wɔ wɔn asetena mu, na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa. Wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena paradise asase so no.

5. Kristofo nyinaa bɛyɛ dɛn atumi de Yehowa ayɛ wɔn kyɛfa, na dɛn nti na saa a yɛbɛyɛ no betumi ayɛ den?

5 Sɛ́ ebia yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaa yɛbɛtena asase so no, ɛsɛ sɛ ‘yɛpa yɛn ho akyi na yɛfa yɛn asɛndua na yedi Kristo akyi daa.’ (Mat. 16:24) Nnipa ɔpepem pii a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena Paradise wɔ asase so no resom Onyankopɔn, na wodi Kristo akyi wɔ saa kwan yi so. Sɛ wohu sɛ wobetumi ayɛ ɔsom adwuma no pii a, wɔnka sɛ kakraa bi a wotumi yɛ no ara dɔɔso. Anuanom pii ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, na wɔabɛyɛ akwampaefo. Afoforo tumi yɛ akwampae adwuma asram bi afe biara. Afoforo nso a wontumi nyɛ akwampae adwuma no yere wɔn ho yɛ asɛnka adwuma no. Wɔn a wɔyɛ saa no te sɛ Maria a na ɔwɔ ahofama a ohwiee ngo huamhuam guu Yesu so no. Yesu kae sɛ: “Adepa na wayɛ ama me. . . . Wayɛ nea obetumi.” (Mar. 14:6-8) Esiane sɛ yɛte wiase a Satan di so mu nti, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa. Nanso, yɛyere yɛn ho denneennen, na yɛde yɛn ho to Yehowa so. Yɛrebesusuw akwan anan a yebetumi afa so ayɛ saa ho.

Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan

6. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa dodow no ara da no adi sɛ wɔn kyɛfa wɔ asetena yi mu nkutoo? (b) Dɛn nti na eye sɛ yesuasua Dawid?

6 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan. Nnipa a wɔwɔ wiase taa hwehwɛ nneɛma a ɛho hia wɔn ankasa kan. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “nnipa a wɔn kyɛfa wɔ asetena yi mu.” (Monkenkan Dwom 17:1, 13-15.) Esiane sɛ saa nkurɔfo yi nsusuw wɔn Bɔfo no ho nti, nea wɔn mu pii hwehwɛ ara ne asetena pa a wobenya, mma a wɔbɛwo, ne agyapade a wɔbɛpɛ de agya wɔn mma. Nnipa a wɔte saa no kyɛfa wɔ asetena yi mu nkutoo. Nanso, na Dawid nte saa, ná “din pa” a obenya wɔ Yehowa anim ho hia no, sɛnea akyiri yi ne babarima no kae sɛ obiara nhwehwɛ din pa no. (Ɔsɛnk. 7:1) Sɛnea Asaf hui no, Dawid nso hui sɛ Yehowa a ɔbɛfa no Adamfo no yɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ asetena mu. Dawid nyaa anigye wɔ Onyankopɔn a ɔne no nantewee no mu. Wɔ yɛn bere yi so no, Kristofo pii ada no adi sɛ ɔsom a wɔde ma Yehowa no ho hia wɔn sen wɔn honam fam adwuma.

7. Nhyira bɛn na onua bi a ɔde Ahenni no dii kan nyae?

7 Susuw Jean-Claude a ɔwɔ Central African Republic no asɛm no ho hwɛ. Ɔyɛ asafo mu panyin a ɔwɔ yere ne mma baasa. Adwuma ho yɛ den wɔ saa ɔman no mu, na ɛkame ayɛ sɛ nnipa dodow no ara bɛyɛ nea wobetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwuma remfi wɔn nsa. Da koro, Jean-Claude adwumam panyin bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma anadwo, ná obefi adwuma ase anwummere 6:30, na na ɔbɛkɔ adwuma nnanson dapɛn biara. Jean-Claude ka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ honam fam nneɛma nkutoo na ɛsɛ sɛ onya ma n’abusua, na mmom ɛsɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa nso. Ɔsan nso kae sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔboa asafo no. Dɛn na adwumam panyin no kae? Ɔkae sɛ: “Sɛ Onyankopɔn aboa wo ma woanya adwuma a, ɛsɛ sɛ woma wo werɛ fi nneɛma a aka nyinaa, a wo yere, wo mma, ne wo haw ahorow nso ka ho. Ɛnsɛ sɛ wudwen biribi foforo biara ho, gye w’adwuma. Kyerɛ nea wopɛ: wo som anaa w’adwuma.” Sɛ ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn? Ná Jean-Claude nim sɛ sɛ n’adwuma fi ne nsa a, Onyankopɔn bɛhwɛ no. Ná obenya pii ayɛ wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu, na na Yehowa bɛboa ma n’abusua nsa aka nneɛma a wohia wɔ honam fam. Enti, ɔkɔɔ asafo nhyiam a na edi hɔ no. Ɛno akyi no, bere a na onnim sɛ wɔayi no adi anaasɛ wonyii no adi no, osiesiee ne ho sɛ ɔrekɔ adwuma. Saa bere no ara na wɔfrɛɛ no telefon so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔayi adwumam panyin no adi, nanso yɛn nua no kɔɔ so yɛɛ n’adwuma.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua asɔfo no ne Lewifo no na yɛde Yehowa ayɛ yɛn kyɛfa?

8 Ebia ebinom a wɔakɔ tebea a ɛte saa mu a na ɛte sɛ nea wɔn adwuma reyɛ afi wɔn nsa bisaa wɔn ho sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi adi m’asɛyɛde ho dwuma ahwɛ m’abusua?’ (1 Tim. 5:8) Sɛ́ ebia woahyia tebea a ɛte saa pɛn anaasɛ wunhyiaa bi da no, ɛda adi sɛ w’ankasa wowɔ osuahu a ɛma wugye di sɛ sɛ wode Onyankopɔn yɛ wo kyɛfa na wode ne som di kan wɔ w’asetena mu a, ɔrenni wo huammɔ da. Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnkɔ so nhwehwɛ ahenni no kan no, ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de “nneɛma a aka yi nyinaa” te sɛ nea wobedi, nea wɔbɛnom, anaa nea wɔbɛhyɛ ‘bɛka ho ama wɔn.’—Mat. 6:33.

9 Susuw Lewifo a wɔannya asase sɛ wɔn agyapade no ho hwɛ. Esiane sɛ na wɔn adwuma titiriw ne sɛ wobedi ɔman no anim wɔ nokware som mu nti, na ɛsɛ sɛ wonya ahotoso sɛ Yehowa ne wɔn kyɛfa, na ɔbɛma wɔn nsa aka nneɛma a wohia wɔ honam fam. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene wo kyɛfa.” (Num. 18:20) Ɛwom sɛ yɛnsom wɔ asɔrefie bi ankasa mu sɛ asɔfo ne Lewifo de, nanso yebetumi asuasua wɔn na yɛanya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. Bere a yɛadu akyiri wɔ awiei bere yi mu no, ɛho abehia kɛse sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ ɔbɛhwɛ yɛn.—Adi. 13:17.

Hwehwɛ Onyankopɔn Trenee Kan

10, 11. Ɔkwan bɛn so na ebinom de wɔn ho ato Yehowa so wɔ adwuma ho nsɛm ho? Ma nhwɛso.

10 Yesu san ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ‘wɔnkɔ so nhwehwɛ Onyankopɔn trenee kan.’ (Mat. 6:33) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛteɛ akyi na yɛpo nea ɔkyerɛ sɛ ɛnteɛ, na ɛnsɛ sɛ yedi nnipa nsusuwii akyi. (Monkenkan Yesaia 55:8, 9.) Ansa na nnipa binom resua nokware no, na wodua tawa anaa wɔtɔn nneɛma a wɔde tawa yɛ, na wɔtete afoforo wɔ akodi mu, anaasɛ na wɔyɛ akode tɔn. Nanso, bere a wosuaa nokware no, wɔn mu dodow no ara sesaa wɔn adwuma, na wɔfatae sɛ wɔbɔ wɔn asu.—Yes. 2:4; 2 Kor. 7:1; Gal. 5:14.

11 Wɔn a wɔyɛɛ nsakrae a ɛte saa no mu biako ne Andrew. Bere a ɔne ne yere suaa Yehowa ho ade no, wosii gyinae sɛ wɔbɛsom no. Ná Andrew ani gye n’adwuma ho yiye, nanso ogyaee. Dɛn ntia? Ná ahyehyɛde a Andrew ne wɔn yɛ adwuma no de wɔn ho ahyɛ akodi mu, na na wasi ne bo sɛ ɔde Onyankopɔn trenee bedi kan. Bere a Andrew gyaee adwuma no, na ɔwɔ mma baanu, na na ne sika a ɔwɔ betumi ahwɛ wɔn asram kakraa bi pɛ. Wɔ nnipa ani so no, na ɛbɛyɛ te sɛ nea onni ‘agyapade’ biara. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so, na ɔhwehwɛɛ adwuma. Seesei sɛ Andrew ne n’abusua susuw saa bere no ho a, wobetumi aka sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa. (Yes. 59:1) Esiane sɛ Andrew ne ne yere yɛɛ wɔn ho awiɛmfoɔ nti, wɔatumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Andrew ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a yedwen sikasɛm, ɔdan a yɛbɛtena mu, yɛn apɔwmuden, ne nyin a yɛrenyinyin ho. Nanso, Yehowa agyina yɛn akyi bere nyinaa. . . . Yebetumi aka no pefee sɛ mfaso wɔ Yehowa a yɛbɛsom no no so, na ɛno ne ade a nidi wom sen biara a nnipa betumi ayɛ.” *Ɔsɛnk. 12:13.

12. Su bɛn na yehia na ama yɛatumi ahwehwɛ Onyankopɔn trenee kan? Fa mo hɔnom nhwɛso ma.

12 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba mpo a, mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tu fi ha kɔ do,’ na ebetu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yiye mma mo.” (Mat. 17:20) So wode Onyankopɔn trenee bedi kan, bere a saa a wobɛyɛ de ɔhaw bɛbrɛ wo? Sɛ w’adwenem yɛ wo nãã sɛ ebia wubetumi ayɛ saa a, wo ne asafo no mufo foforo mmɔ ho nkɔmmɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ osuahu ahorow a wobɛte afi wɔn hɔ no bɛma wo gyidi ayɛ den.

Ma W’ani Nsɔ Nea Yehowa De Ma Yɛn

13. Sɛ yɛyere yɛn ho wɔ Yehowa som mu a, ahotoso bɛn na yebetumi anya?

13 Sɛ w’ani sɔ hokwan a woanya de resom Yehowa no a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛma wo nsa aka biribiara a wuhia wɔ honam fam ne honhom fam, sɛnea ɔmaa Lewifo no nsa kaa nea wohia no. Susuw Dawid ho hwɛ. Ɛwom sɛ na ɔhyɛ ɔbodan mu de, nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ no. Sɛ ɛba mpo sɛ ɛte sɛ nea yenni ɔboafo biara a, yɛn nso yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so. Kae sɛ, ɛyɛ bere a Asaf kɔɔ “Onyankopɔn kronkronbea kɛse no mu” no ansa na ɔrete nea na ɛrehaw no no ase yiye. (Dw. 73:17) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia na ama yɛne no akɔ so anya abusuabɔ pa. Enti, ɛmfa ho tebea biara a yɛwom no, yɛkyerɛ hokwan a yɛanya resom Onyankopɔn no ho anisɔ. Yɛnam saa a yɛyɛ no so ma Yehowa yɛ yɛn kyɛfa.

14, 15. Sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea na yɛte kyerɛw nsɛm bi ase mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

14 Sɛ Yehowa boa yɛn ma yɛte “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” a ɛwɔ Bible mu no ase a, woyɛ w’ade dɛn? (1 Kor. 2:10-13) Ɔsomafo Petro yɛ obi a ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso pa. Yesu ka kyerɛɛ N’atiefo sɛ: “Sɛ moanni onipa Ba no honam annom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu.” Esiane sɛ asuafo no pii faa no sɛ na Yesu reka honam ne mogya ankasa ho asɛm nti, wɔkae sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hena na obetumi atie?” Enti wɔsan “kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho.” Nanso, Petro kae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—Yoh. 6:53, 60, 66, 68.

15 Petro ante asɛm a Yesu ka faa Ne honam a wobedi ne Ne mogya a wɔbɛnom ho no ase yiye. Nanso, ɔsomafo no de ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔbɛboa no ma wate nokware no ase. Sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea na yɛte Bible mu asɛm bi ase mu nnɛ a, so wobɔ mmɔden sɛ wobɛte nea enti a wɔayɛ nsakrae no ase? (Mmeb. 4:18) Beroiafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no de “wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye.” (Aso. 17:11) Sɛ wusuasua wɔn a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma ɔsom a wode ma Yehowa no mu ayɛ den, na w’ani begye paa sɛ wode Yehowa ayɛ wo kyɛfa.

Ware wɔ Awurade mu Nkutoo

16. Sɛnea asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:39 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ asigyafo betumi ama Onyankopɔn ayɛ wɔn kyɛfa?

16 Ade foforo a ɛsɛ sɛ Kristofo ma Onyankopɔn atirimpɔw tena wɔn adwenem wɔ ho ne sɛ wɔde ahyɛde a Bible de ma sɛ wɔnware wɔ “Awurade mu nkutoo” no bɛyɛ adwuma. (1 Kor. 7:39) Anuanom pii di sigya sen sɛ wobebu Onyankopɔn ahyɛde yi so. Onyankopɔn hwɛ wɔn a wɔyɛ saa no yiye. Dɛn na Dawid yɛe bere a ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam na ɛyɛɛ te sɛ nea onni ɔboafo biara no? Ɔkae sɛ: “Mihwiee me dadwen guu [Onyankopɔn anim] daa. Na mekaa m’ahohia wɔ n’anim daa nyinaa bere a me honhom tɔɔ piti wɔ me mu no.” (Dw. 142:1-3) Ɛbɛyɛ sɛ odiyifo Yeremia a ɔde mfe pii som Onyankopɔn nokware mu sɛ osigyani no tee nka saa ara. Wubetumi asua ne nhwɛso no ho ade wɔ God’s Word for Us Through Jeremiah (Onyankopɔn Asɛm a Wɔnam Yeremia so De Ma Yɛn) nhoma no ti 8.

17. Dɛn na onuawa bi a ɔyɛ sigyani yɛ bere a ɔte nka sɛ wayɛ ankonam?

17 Onuawa bi a ɔwɔ United States ka sɛ: “Menyɛɛ m’adwene da sɛ mɛkɔ so adi sigya. Sɛ minya obi a ɔfata a, mɛware. Me maame a ɔnyɛ Ɔdansefo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma maware obiara a ɔbɛka sɛ ɔbɛware me. Mibisaa no sɛ sɛ meware na aware no ankɔ yiye a, obegye atom sɛ ɔno na wama aba saa anaa. Bere bi akyi no, ohui sɛ manya adwuma pa bi reyɛ ma mitumi hwɛ me ho, na m’ani gye. Enti, ogyaee me haw.” Ɛtɔ mmere bi a saa onuawa no te nka sɛ wayɛ ankonam. Ɔka sɛ: “Sɛ ɛba saa a, mebɔ mmɔden de me ho to Yehowa so. Onnyaw me da.” Dɛn na aboa onuawa no ma ɔde ne ho ato Yehowa so? Ɔka sɛ: “Mpae a mebɔ boa me ma mihu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ankasa, na menyɛɛ ankonam da. Ɔsorosoroni no retie, enti dɛn nti na merente nka sɛ wadi me ni na memma m’ani nnye?” Esiane sɛ onuawa no gye tom sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye” nti, ɔka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛboa afoforo bere a menhwɛ kwan sɛ menya biribi afi wɔn nkyɛn. Bere biara a mesusuw ho sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de aboa saa nipa yi?’ no, m’ani gye.” (Aso. 20:35) Nokwarem no, ɔde Yehowa ayɛ ne kyɛfa, na ɔde anigye reyɛ ne som adwuma.

18. Wobɛyɛ dɛn atumi abɛyɛ Yehowa kyɛfa?

18 Ɛmfa ho tebea biara a wowom no, wubetumi ama Onyankopɔn ayɛ wo kyɛfa. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi aka Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ anigye no ho. (2 Kor. 6:16, 17) Wubetumi abɛyɛ Yehowa kyɛfa, sɛnea Onyankopɔn asomfo foforo yɛe tete no. (Monkenkan Deuteronomium 32:9, 10.) Sɛnea Israel bɛyɛɛ Onyankopɔn kyɛfa wɔ amanaman no mu no, obetumi de wo ayɛ ne kyɛfa na wahwɛ wo wɔ ɔdɔ mu.—Dw. 17:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Hwɛ November 2009 Awake!, kratafa 12-14.

Wubebua Dɛn?

Wobɛyɛ dɛn atumi ama Yehowa ayɛ wo kyɛfa

• denam Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee a wobɛhwehwɛ no kan so?

• denam honhom fam aduan ho anisɔ a wobɛkyerɛ so?

• denam Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ ware wɔ Awurade mu nkutoo no a wubedi so no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Sɛ yɛde Yehowa som adwuma no yɛ yɛn adwuma titiriw a, ɔbɛyɛ yɛn kyɛfa

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yeremia nhwɛso no hyɛ nkuran