Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yehowa Nim Wo?

So Yehowa Nim Wo?

So Yehowa Nim Wo?

“Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de.”—2 TIM. 2:19.

1, 2. (a) Dɛn na na ɛho hia Yesu? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

DA BI, Farisini bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no sɛ: “Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse?” Yesu buaa no sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mat. 22:35-37) Ná Yesu wɔ ɔdɔ kɛse ma n’Agya, na ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ ne bra no ma ɛdaa adi. Ná abusuabɔ a Yesu ne Yehowa wɔ no nso ho hia no, na ɔma ɛdaa adi wɔ sɛnea odii nokware kosii awiei no mu. Enti, aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, otumi kae sɛ Onyankopɔn nim no sɛ obi a odii n’ahyɛde so pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, Yesu tenaa Yehowa dɔ mu.—Yoh. 15:10.

2 Ɛnnɛ, nnipa pii ka sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nso yɛka saa. Nanso, nsɛmmisa a ɛho hia bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ebi ne sɛ: ‘So Yehowa nim me? Yehowa bu me dɛn? So onim me sɛ meyɛ ne dea?’ (2 Tim. 2:19) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hokwan sɛ yɛne amansan Hene no benya abusuabɔ pa a ɛte saa!

3. Dɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye atom sɛ wobetumi ayɛ Yehowa dea, na dɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔayi adwene a ɛte saa afi wɔn tirim?

3 Nanso, ɛyɛ den ma ebinom a wɔdɔ Yehowa paa no sɛ wobegye atom sɛ wɔne Onyankopɔn betumi anya abusuabɔ pa. Ebinom te nka sɛ wɔnsɛ hwee, enti wosusuw sɛ wɔrentumi nyɛ Yehowa dea. Nanso, hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ Onyankopɔn betumi ahu yɛn wɔ ɔkwan soronko so! (1 Sam. 16:7) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno nso nim no.” (1 Kor. 8:3) Ɛho hia sɛ wunya ɔdɔ ma Onyankopɔn na ama ɔno nso ahu wo anaa wagye wo atom. Susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho hwɛ: Dɛn nti na worekenkan nsɛmma nhoma yi? Dɛn nti na worebɔ mmɔden de wo koma nyinaa, wo kra nyinaa, w’adwene nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa asom Yehowa? Sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn abɔ asu a, dɛn na ɛma woyɛɛ saa? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ, Yehowa a ɔhwehwɛ koma mu no twe wɔn a wɔfata. (Monkenkan Hagai 2:7; Yohane 6:44.) Enti, wubetumi aka sɛ esiane sɛ Yehowa atwe wo nti na woresom no. Sɛ wɔn a watwe wɔn no kɔ so di nokware ma no a, ɔrennyaw wɔn da. Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔsom bo ma no paa, na ɔdɔ wɔn yiye.—Dw. 94:14.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw abusuabɔ pa a yɛne Yehowa wɔ no ho bere nyinaa?

4 Seesei a Yehowa atwe yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho sie ne dɔ mu. (Monkenkan Yuda 20, 21.) Kae sɛ, Bible ma yehu sɛ yebetumi atwe yɛn ho anaasɛ yebetumi awae afi Onyankopɔn ho. (Heb. 2:1; 3:12, 13) Sɛ nhwɛso no, ansa na ɔsomafo Paulo reka asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:19 no, na wadi kan aka Himeneo ne Fileto ho asɛm. Ɛda adi sɛ bere bi na saa mmarima baanu no yɛ Yehowa dea, nanso akyiri yi wɔman fii nokware no ho. (2 Tim. 2:16-18) Kae nso sɛ, ebinom a na wɔwɔ Galatia asafo no mu a na Onyankopɔn nim wɔn no ankɔ so antena nokware a bere bi na wɔwom no mu. (Gal. 4:9) Ɛsɛ sɛ yɛkae abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ no bere nyinaa.

5. (a) Su ahorow a Onyankopɔn bu no sɛ ɛsom bo no bi ne dɛn? (b) Nhwɛso ahorow bɛn na yebesusuw ho?

5 Su ahorow bi wɔ hɔ a Yehowa bu no sɛ ɛsom bo paa. (Dw. 15:1-5; 1 Pet. 3:4) Gyidi ne ahobrɛase maa ebinom a na Onyankopɔn nim wɔn no daa nsow koraa. Momma yɛnhwehwɛ nhwɛso a mmarima baanu bi yɛe mu nhwɛ sɛnea saa su ahorow a na wɔwɔ yi maa Yehowa pɛɛ wɔn asɛm paa. Yebesusuw ɔbarima bi a na osusuw sɛ Onyankopɔn nim no nanso ahantan a ɔyɛe maa Yehowa poo no nso ho. Yebetumi anya asuade a ɛho hia pii afi saa nhwɛso ahorow yi mu.

Wɔn a Wɔwɔ Gyidi Agya

6. (a) Gyidi bɛn na Abraham nyae wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu? (b) Ɔkwan bɛn so na na Yehowa nim Abraham?

6 Abraham yɛ ɔbarima a “ogyee Yehowa dii.” Nokwasɛm ne sɛ, wɔfrɛ no wɔn a “wɔwɔ gyidi nyinaa agya.” (Gen. 15:6; Rom. 4:11) Gyidi a Abraham nyae nti, ogyaw ne fie, ne nnamfo, ne nea ɔwɔ nyinaa hɔ kɔɔ asase bi a ɛwɔ akyirikyiri so. (Gen. 12:1-4; Heb. 11:8-10) Ná Abraham gyidi da so yɛ den wɔ mfe pii akyi. Eyi daa adi bere a odii ahyɛde a Yehowa de maa no so na ɔde ne ba “Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa” no. (Heb. 11:17-19) Abraham nyaa gyidi wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu, enti Onyankopɔn buu no sɛ ɔyɛ soronko; ná Yehowa nim Abraham paa. (Monkenkan Genesis 18:19.) Ná ɛnyɛ sɛ Yehowa nim sɛ Abraham wɔ hɔ kɛkɛ; na ɔyɛ n’adamfo a ɔda ne koma so.—Yak. 2:22, 23.

7. Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛbɛbam ho, na dɛn na Abraham yɛe wɔ ho?

7 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Abraham annya asase a wɔde hyɛɛ no bɔ no bere a na ɔte ase no. Wanhu n’asefo a wɔhyɛɛ no bɔ sɛ ‘wɔbɛyɛ bebree sɛ mpoano anhwea’ no nso. (Gen. 22:17, 18) Ɛwom sɛ bɔhyɛ yi amma mu wɔ Abraham bere so de, nanso ɔkɔɔ so nyaa Yehowa mu gyidi kɛse. Ná onim sɛ sɛ Yehowa ka asɛm a, na ɛte sɛ nea abam dedaw. Nokwarem no, Abraham daa ne gyidi adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ ne bra mu. (Monkenkan Hebrifo 11:13.) So Yehowa nim yɛn sɛ nnipa a yɛwɔ gyidi te sɛ Abraham?

Twɛn Yehowa Fa Kyerɛ sɛ Wowɔ Gyidi

8. Nneɛma a nkurɔfo pɛ paa sɛ wobenya no bi ne dɛn?

8 Nneɛma bi wɔ hɔ a ebia sɛ yenyae a anka yɛpɛ paa. Ebi ne aware, mma a yɛbɛwo, ne apɔwmuden a yebenya, na eyinom nyinaa yɛ nneɛma a mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yebenya. Nanso, yɛn mu pii wɔ hɔ a, ebia yɛrennya nea yɛpɛ no. Sɛ saa na ɛte wɔ yɛn fam a, ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ yɛn ade wɔ ho no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛn gyidi yɛ den fa.

9, 10. (a) Dɛn na ebinom ayɛ de ahwehwɛ nea wɔpɛ? (b) Wote nka dɛn wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbɛbam ho?

9 Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛfa ɔkwan a ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ nhyia so ahwehwɛ nea yɛn koma pɛ. Eyi betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ nhwɛso no, ebinom apaw ayaresa a ɛne Yehowa asɛm nhyia. Afoforo nso yɛ adwuma a ɛmma wonnya bere mma wɔn mmusua na wonnya bere nso nkɔ asafo nhyiam. Na sɛ Kristoni ma n’ani gye obi a ɔnsom Yehowa ho sɛ ɔbɛware no nso ɛ? Sɛ Kristoni yɛ biribi a ɛte saa a, so na ɔrebɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛma Yehowa agye no atom? Fa no sɛ sɛ Abraham annya abotare antwɛn Yehowa bɔhyɛ a na ɛbɛbam no a, anka Yehowa bɛte nka dɛn? Na sɛ Abraham yɛɛ nea n’ankasa pɛ, ɛnna ɔsan tenaa faako na ogyee din sen sɛ anka ɔbɛtwɛn Yehowa nso ɛ? (Fa toto Genesis 11:4 ho.) So anka Yehowa bɛkɔ so abu no sɛ n’adamfo?

10 Nneɛma bɛn na wunyae a anka wopɛ paa? So wo gyidi yɛ den sɛ ɛbɛma woatumi atwɛn Yehowa a ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma woanya nea wopɛ no? (Dw. 145:16) Sɛnea na ɛte wɔ Abraham fam no, Yehowa bɔhyɛ no bi wɔ hɔ a, ebia ɛremma mu ntɛm sɛnea yɛpɛ. Nanso, sɛ yɛkɔ so bɔ yɛn bra ma ɛda adi sɛ yɛwɔ gyidi a na Abraham wɔ no bi a, Yehowa werɛ remfi yɛn. Obehyira yɛn.—Heb. 11:6.

Nsonsonoe a Ɛwɔ Ahobrɛase ne Ahantan Mu

11. Hokwan ahorow bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Kora nyae, na ɛno da no adi sɛ su bɛn na na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho?

11 Ɛsono sɛnea Mose ne Kora mu biara yɛɛ n’ade koraa wɔ obu a yebenya ama Yehowa nhyehyɛe ne ne gyinaesi ho. Sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade no kaa sɛnea Yehowa bu wɔn. Ná Kora yɛ Lewini a ofi Kohat abusua mu, na onyaa ɔsom hokwan pii. Hokwan a ɛbɛyɛ sɛ onyae no bi ne sɛnea ohuu ɔkwan a Yehowa faa so gyee Israelfo no bere a ɔde wɔn faa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, Yehowa afã a ogyinae bere a Yehowa de atemmu baa Israelfo a wɔyɛɛ asoɔden wɔ Bepɔw Sinai ho so no, ne apam adaka no a ɔboa ma wɔsoae. (Ex. 32:26-29; Num. 3:30, 31) Ɛda adi sɛ na wadi Yehowa nokware mfe pii, na ɛno maa Israelfo pii buu no.

12. Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 28 no, ahantan a Kora yɛe kaa abusuabɔ a na ɔne Onyankopɔn wɔ no dɛn?

12 Nanso, bere a Israel man no nam kwan so rekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Kora nyaa adwene sɛ na mfomso wɔ ɔkwan a na Yehowa nam so redi ɔman no anim no ho. Enti ɔman no mu mmarima foforo a wɔyɛ atitiriw 250 kɔɔ Kora afã wɔ mmɔden a na ɔrebɔ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na Kora ne wɔn a wɔka ne ho no susuw sɛ wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron, na Yehowa wɔ wɔn mu.” (Num. 16:1-3) Hwɛ sɛnea wogyee wɔn ho dii dodo na wɔyɛɛ ahantan! Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa bɛkyerɛ nea ɔyɛ ne dea.” (Monkenkan Numeri 16:5.) Eduu ɛda a edi hɔ anwummere no, na Kora ne wɔn a wɔkɔkaa ne ho ma wɔtew atua no nyinaa awuwu.—Num. 16:31-35.

13, 14. Dɛn na Mose yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ ahobrɛase?

13 Sɛ yɛde Mose toto Kora ho a, na Mose yɛ soronko koraa. Ná Mose ‘dwo sen obiara wɔ asase so.’ (Num. 12:3) Ɔyɛɛ nea na Yehowa ahyɛ no sɛ ɔnyɛ pɛpɛɛpɛ de daa no adi sɛ odwo na ɔbrɛ ne ho ase. (Ex. 7:6; 40:16) Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Mose taa ka ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade ho asɛmmɔne anaasɛ ne bo fuwii esiane sɛ na ɛsɛ sɛ odi Yehowa akwankyerɛ akyi nti. Sɛ nhwɛso no, Yehowa de ntamadan a na wobesi ho akwankyerɛ mae, a na akwankyerɛ a ɛfa ɛho nneɛma nketenkete mpo ka ho, ebi ne ahama a na wɔde bɛyɛ ntamadan no kɔla ne hankare dodow a na ɛsɛ sɛ wɔde toto ntama no ano. (Ex. 26:1-6) Sɛ ɔhwɛfo bi a ɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu ma wo nneɛma bi ho akwankyerɛ a ɛte sɛ nea ɛkɔ akyiri dodo a, ɛtɔ mmere bi a ebetumi ama w’abam abu. Nanso, Yehowa yɛ ɔhwɛfo a ɔyɛ pɛ a ɔma n’asomfo adwuma, na ɔwɔ wɔn mu ahotoso sɛ wɔbɛyɛ no yiye. Sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma mu kɔɔ akyiri saa a, biribi pa bi nti na ɔyɛɛ saa. Mose bo amfuw Yehowa anaasɛ wannya adwene sɛ na Yehowa rebu no animtiaa esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ no nneɛma mu kɔɔ akyiri saa nti. Saa ara nso na wannya adwene sɛ na Yehowa mma ɔmfa n’adwene nyɛ adwuma. Mmom no, Mose hwɛ maa adwumayɛfo no dii Onyankopɔn akwankyerɛ akyi “saa pɛpɛɛpɛ.” (Ex. 39:32) Hwɛ ahobrɛase ara a ɔdaa no adi! Ná Mose nim sɛ ɛyɛ Yehowa adwuma na ɔreyɛ, na Yehowa nam no so kɛkɛ na ɛreyɛ saa adwuma no.

14 Mose daa ahobrɛase adi nso bere mpo a na anka ɛsɛ sɛ n’abam bu no. Sɛ nhwɛso no, bere a nkurɔfo no nwiinwii sɛ wonnya nsu no, Mose bo fuw wɔn paa, na amma wanhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɛno nti, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔremma onni nkurɔfo no anim nnkɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Num. 20:2-12) Ná Mose ne ne nua Aaron agyina Israelfo no anwiinwii no ano mfe pii. Nanso esiane saa mfomso biako a Mose dii no nti, na ɔrennya nea na wahwɛ kwan bere tenteenten no! Dɛn na Mose yɛe? Ɛwom sɛ ɛhaw Mose de, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase gyee gyinae a Yehowa sii no toom. Ná onim sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔteɛ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu. (Deut. 3:25-27; 32:4) Sɛ wususuw Mose ho a, so wunhu sɛ ɔyɛ obi a na Yehowa nim no?—Monkenkan Exodus 33:12, 13.

Egye Ahobrɛase na Ama Yɛayɛ Osetie Ama Yehowa

15. Dɛn na yebetumi asua afi ahantan a Kora yɛe no mu?

15 Sɛ yegye nsakrae a wɔyɛ wɔ Kristofo asafo no mu tom nkutoo a, ɛnna yebetumi anya Yehowa anim dom. Ɛsɛ sɛ yebu wɔn a Yehowa nam wɔn so di asafo no anim no. Sɛ saa mmarima yi sisi gyinae anaa wɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ asafo no mu ho a, dɛn na yɛyɛ wɔ ho? Esiane sɛ na Kora ne wɔn a na wɔka ne ho no gye wɔn ho di dodo, wɔyɛ ahantan, na wonni gyidi nti, wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn ho. Ɛyɛɛ Kora sɛ Mose a na wabɔ akwakoraa no na na osisi gyinae ma ɔman no da biara da, nanso na ɛyɛ Yehowa ankasa na na ɔrekyerɛ ɔman no kwan. Enti Kora anni wɔn a na Onyankopɔn de wɔn reyɛ adwuma no nokware. Ná anka ɛsɛ sɛ Kora twɛn Yehowa. Ná anka Yehowa betumi aboa no ma wate nea enti a na nneɛma rekɔ so saa no ase anaasɛ sɛ na ɛho hia a, wasakra nneɛma mu. Enti awiei koraa no, ahantan a Kora yɛe no sɛee nokware a na wadi mfe pii no!

16. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase a Mose daa no adi no betumi aboa yɛn ma yɛanya Yehowa anim dom?

16 Nea ɛtoo Kora no yɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma asafo mu mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu nnɛ. Egye ahobrɛase na ama yɛatumi atwɛn Yehowa ma wadi nneɛma ho dwuma, na yɛadi akwankyerɛ a wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni asafo no anim de ma yɛn no so. So yɛda no adi sɛ yɛwɔ ahobrɛase na yedwo te sɛ Mose? So yɛte ase sɛ Yehowa na ɔde wɔn a wodi asafo no anim no reyɛ adwuma na yegye tom, na yetie akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no? Sɛ yɛn abam bu a, so yetumi hyɛ yɛn ho so? Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso yebenya Yehowa anim dom. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛyɛ osetie a, Yehowa bɛpɛ yɛn asɛm paa.

Yehowa Nim Wɔn a Wɔyɛ Ne Dea

17, 18. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ nkurɔfo a yɛyɛ Yehowa dea?

17 Mfaso wɔ so sɛ yebesusuw wɔn a Yehowa atwe wɔn aba ne nkyɛn na onim wɔn yiye no ho. Ná Abraham ne Mose yɛ nnipa a wɔtɔ sin na wɔwɔ mmerɛwyɛ te sɛ yɛn ara. Nanso na Yehowa nim wɔn sɛ wɔyɛ ne dea. Nea Kora yɛe no ma yehu sɛ yebetumi atwe yɛn ho afi Yehowa ho, na sɛ ɛba saa a, ɛnde na yenni n’anim dom bio. Ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Yehowa bu me dɛn? Dɛn na metumi asua afi Bible mu nhwɛso ahorow yi mu?’

18 Wubetumi anya awerɛkyekye kɛse sɛ Yehowa bu anokwafo a watwe wɔn aba ne nkyɛn no sɛ wɔyɛ ne dea. Kɔ so nya gyidi, ahobrɛase, ne su afoforo a ɛbɛma yɛn Nyankopɔn no apɛ w’asɛm paa. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ Yehowa nim yɛn, na ɛma yenya akomatɔyam ɛnnɛ, na ɛbɛma yɛanya nhyira pii daakye.—Dw. 37:18.

So Wokae?

• Abusuabɔ pa bɛn na wubetumi ne Yehowa anya?

• Wobɛyɛ dɛn atumi asuasua Abraham gyidi no bi?

• Dɛn na yebetumi asua afi Kora ne Mose hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

So yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ ahorow abam te sɛ nea na Abraham gye di no?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ná Kora mpɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase gye akwankyerɛ tom

[Mfonini wɔ kratafa 29]

So Yehowa nim wo sɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase gye akwankyerɛ tom?