Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Meresom Yehowa

Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Meresom Yehowa

Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Meresom Yehowa

Sɛnea Fred Rusk ka kyerɛe

Mihui wɔ me mmofraberem sɛ asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 27:10 no yɛ nokware. Ɔkae sɛ: “Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me a, Yehowa de, obegye me.” Ma menkyerɛ nea ɛyɛe a m’ankasa minyaa saa osuahu no.

MINYINII wɔ me nanabarima asaawa afuw a na ɛwɔ ɔmantam a ɛne Georgia a ɛwɔ U.S.A., mu wɔ Sikasɛm mu Ahokyere bere no mu wɔ afe 1930 mfe no mu. Me papa a na me maame ne me nuabarima a na wɔawo no foforo wu ama wahaw paa no gyaw me maa ne papa a na ɔyɛ okunafo no, na otu kɔtenaa kurow kɛse bi a na ɛwɔ akyirikyiri mu kɔyɛɛ adwuma. Akyiri yi, ɔbɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛma makɔka no ho, nanso anyɛ yiye da.

Ná me nanabarima mmabea mpanyimfo na wɔhwɛ toto nneɛma wɔ fie. Ɛwom sɛ na me nanabarima nyɛ obi a n’ani gye nyamesom ho de, nanso na ne mmabea no yɛ Southern Baptist asɔre no mma mapa. Ná wɔhyɛ me sɛ menkɔ asɔre Kwasida biara anyɛ saa a wɔbɛhwe me. Enti, na m’ani nnye nyamesom ho papa fi me mmofraase. Nanso, na m’ani gye sukuukɔ ne agumadi ho.

Nsrahwɛ Bi a Ɛsesaa M’asetena

Da koro awia bi wɔ afe 1941 mu bere a na madi mfe 15 no, owura bi a na n’ani afi ne ne yere baa yɛn fie. Wɔka kyerɛɛ me sɛ “wo wɔfa Talmadge Rusk” ni. Ná mentee ne ho asɛm da, nanso mihui sɛ na ɔne ne yere yɛ Yehowa Adansefo. Nea ɔka faa Onyankopɔn atirimpɔw ho a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa atena asase so daa no yɛ soronko koraa wɔ nea na mate wɔ asɔre no ho. Abusua no mufo dodow no ara antie nea wɔkae no, na wɔampɛ sɛ wɔte mpo. Wɔamma wɔn kwan amma wɔamma yɛn fie hɔ bio. Nanso, me sewaa Mary a na ɔsen me panyin mfe abiɛsa pɛ no gyee Bible ne nhoma ahorow a yɛde sua Bible.

Ankyɛ koraa na Mary gye dii sɛ wahu nokware a ɛwɔ Bible mu no, na wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1942 mu ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Asɛm a na Yesu aka ato hɔ sɛ “obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo” no nso too no. (Mat. 10:34-36) Abusua no mufo sɔre tiaa Mary denneennen. Me sewaa panyin a na ɔka mpanyimfo a na wɔhwɛ di ɔmantam no mu nsɛm ho dwuma ho no ne kuropɔn no sohwɛfo kaa wɔn ti pam ho ma wɔkyeree Wɔfa Talmadge. Wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔretɔn nneɛma bere a onni tumi krataa. Wɔde no too afiase.

Atesɛm krataa bi a ɛwɔ yɛn kurom hɔ bɔɔ amanneɛ sɛ kuropɔn sohwɛfo no a na ɔno ara nso na ɔyɛ ɔtemmufo no ka kyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ kurow no asɛnnibea hɔ sɛ: “Nhoma a saa ɔbarima yi rekyekyɛ no mu nsɛm . . . di awu te sɛ awuduru.” Me wɔfa de asɛm no san kɔɔ asɛnnibea ma odii bem de, nanso ɔdaa afiase dadu ansa.

Sɛnea Me Sewaa Mary Boaa Me

Mary kaa ɔsom foforo a na wahu no ho asɛm kyerɛɛ me, na ɔsan nso fii ase dii mpɔtam hɔfo adanse. Me ne no kɔɔ owura bi a na wagye The New World * nhoma no a na ɔne no sua ade hɔ kɔyɛɛ Bible adesua. Owura no yere kae sɛ, ne kunu kenkan nhoma no anadwo mũ no nyinaa a wanka n’ani angu so. Ɛwom sɛ na mempɛ sɛ mepere me ho de me ho hyɛ ɔsom biara mu de, nanso na m’ani gye nea na meresua no ho. Nanso, ɛnyɛ Bible a na Adansefo no kyerɛkyerɛ no ne ade titiriw a ɛma migye dii sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, na mmom nea na nkurɔfo de yɛ wɔn no.

Sɛ nhwɛso no, da bi a na me ne Mary akɔdɔw tomantosi ho na yɛrekɔ fie no, yehuu biribi wɔ baabi a na yɛhyew nwura no a na ɛkyerɛ sɛ na Mary nuabeanom ahyew ne nhoma ahorow a na gramafon ne mpaawa a na Bible mu nsɛm gu so ka ho. Me bo fuwii paa, nanso me sewaa biako ani annye ho koraa sɛ memaa me bo fuwii, na ɔkae sɛ, “Daakye bi wobɛda yɛn ase wɔ nea yɛayɛ yi ho.”

Esiane sɛ na Mary mpɛ sɛ ogyae ɔsom foforo a na wahu ne asɛm a na ɔka kyerɛ mpɔtam hɔfo no nti, otu fii fie wɔ afe 1943 mu. Saa bere no, na m’ani agye sɛ mahu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na mesan nso hui sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye, na ɔnyɛ obi a ɔhyew nkurɔfo wɔ hellgya mu. Ɛwom sɛ na minnya nkɔɔ asafo nhyiam biara da de, nanso mihui nso sɛ Yehowa wɔ ahyehyɛde a ɔdɔ wom.

Akyiri yi bere a na meretwa nsensan so no, kar bi bae bɔkɔɔ begyinaa me nkyɛn, na mmarima baanu a na wɔwɔ kar no mu biako bisaa me sɛ me ne Fred no anaa. Bere a mihui sɛ wɔyɛ Adansefo no, mekae sɛ, “Momma memforo kar no na yɛnkɔ baabi a ɛhɔ ye a metumi ne mo akasa.” Ná Mary na wayɛ nhyehyɛe sɛ wɔmmɛhwehwɛ me. Ná wɔfrɛ mmarima no mu biako Shield Toutjian, na na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ɔhyɛɛ me nkuran, na ɔmaa me akwankyerɛ a na mihia paa a na ɛbɛboa me ma manya nkɔso wɔ ɔsom no mu. Afei, abusua no tuu wɔn ani sii me so esiane Yehowa Adansefo gyidi a na meka ho asɛm kyerɛ afoforo no nti.

Mary kyerɛw me krataa fi Virginia, baabi a na wakɔtena no, na ɔkae sɛ sɛ mepɛ sɛ mesom Yehowa paa a, metumi ne no abɛtena. Ɛhɔ ara na misii gyinae sɛ mɛkɔ. Fida anwummere bi wɔ October 1943 mu no, mede nneɛma bi a na ɛho hia me guu adaka mu, na mede kɔkyekyeree dua bi a na efi yɛn fie rekɔ hɔ mu ntwe ahe biara so. Ade kyee Memeneda no, mikoyii adaka no, na mefaa mfikyikwan bi so kɔɔ ofipamfo bi fie, na mefaa kar wɔ hɔ kɔɔ kurom. Bere a miduu Roanoke kurow no mu no, mihuu Mary wɔ Edna Fowlkes fie.

Nkɔso a Minyae wɔ Ɔsom no Mu, Asubɔ, ne Betel

Ná Edna yɛ Ɔdansefo a wɔasra no a na ɔwɔ ayamhyehye a na ɔte sɛ Lidia a Bible ka ne ho asɛm no. Ná wahan ofie kɛse bi, na na wama me sewaa Mary ne Edna ankasa nuabarima yere ne ne mmabea baanu abɛtena hɔ. Akyiri yi, saa mmabaa baanu a wɔfrɛ wɔn Gladys ne Grace Gregory no bɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo. Seesei Gladys adi boro mfe 90, na ɔda so ara de nokwaredi resom wɔ Japan baa dwumadibea.

Bere a na mete Edna fie hɔ no, na mekɔ asafo nhyiam bere nyinaa, na wɔtetee me wɔ asɛnka adwuma no mu nso. Ahofadi a minyae a na mede sua Onyankopɔn Asɛm na mede kɔ Kristofo nhyiam no ma mitumi huu Yehowa yiye sɛnea na mepɛ no. Wɔbɔɔ me asu wɔ June 14, 1944. Gladys ne Grace Gregory, ne Mary fii ase yɛɛ akwampae adwuma, na wɔma wɔkɔyɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Virginia atifi fam. Wɔboae paa ma wɔhyehyɛɛ asafo wɔ Leesburg. Wɔ afe 1946 mfiase no, mifii akwampae adwuma ase wɔ ɔmantam bi a na ɛbɛn baabi a na wɔwɔ no. Wɔ saa afe no ara mu no, yɛbɔɔ mu kɔɔ amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Cleveland, Ohio wɔ August 4-11 a yɛn ani gyei paa wɔ ase.

Nathan Knorr a na odi ahyehyɛde no anim saa bere no kaa nhyehyɛe a na wɔayɛ a wɔde rebɛtrɛw Brooklyn Betel mu wɔ saa nhyiam no ase. Ná wobesi ɔdan a wɔda mu foforo, na wɔatrɛw baabi a wotintim nhoma no mu. Ná wohia anuanom mmerante pii ma wɔakɔboa. Misii gyinae sɛ ɛhɔ na mɛkɔ akɔsom Yehowa. Enti, mede m’akwammisa krataa kɔe, na asram kakraa bi akyi wɔ December 1, 1946 no, mekɔɔ Betel.

Bɛyɛ afe akyi no, Max Larson a na ɔhwɛ nhoma tintim so no baa me ɔfese wɔ Dwumadibea a Wɔde Nkrataa Mena hɔ. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔrema me akɔyɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Bere a mereyɛ saa adwuma no, misuaa sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma ne sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ adwuma no ho ade pii, titiriw, bere a na me ne T. J. (Bud) Sullivan yɛ adwuma no, ɔno na na ɔhwɛ dwumadibea hɔ.

Me papa bɛsraa me mpɛn dodow bi wɔ Betel. Bere a ne mfe kɔɔ anim no, n’ani begyee nyamesom ho. Bere a etwa to koraa a ɔbɛsraa me wɔ afe 1965 mu no, ɔkae sɛ, “Wubetumi abɛsra me, na me mmom de meremma ha mmɛsra wo bio.” Mekɔsraa no mpɛn kakraa bi ansa na ɔrewu. Ná ogye di paa sɛ ɔbɛkɔ soro. Mehwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkae no, na sɛ ɔkae no a, wɔ owusɔre mu no, wobenyan no ma wabɛtena asase so a obenya anidaso sɛ ɔbɛtena ase daa wɔ Paradise a wɔasan de aba no mu, na ɛnyɛ baabi a na osusuw sɛ ɔbɛkɔ no.

Nhyiam ne Adansi Adwuma Foforo a Me Werɛ Remfi Da

Ná nhyiam ahorow yɛ ade titiriw a ɛboa ma asafo no nya nkɔso bere nyinaa. Amanaman ntam nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ New York Yankee Stadium wɔ afe 1950 ne afe 1959 ntam hɔ no paa na na ɛte saa. Wɔ afe 1958 mu no, wɔ nhyiam no dwumadi fã biako bi no, na nnipa 253,922 a wofi aman 123 so ahyɛ Yankee Stadium ne Polo Grounds ma. Asɛm bi sii wɔ saa nhyiam no ase a me werɛ remfi da. Bere a na mereboa wɔ nhyiam dwumadibea hɔ no, Onua Knorr de mmirika baa me nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Fred, me werɛ fii sɛ mɛma onua bi ne akwampaefo nyinaa a seesei wɔahyiam wɔ adididan bi a yɛahan a ɛbɛn baabi a yɛreyɛ nhyiam yi no akɔkasa. So wubetumi ayɛ ntɛm akɔ hɔ na bere a wonam kwan so no woadwinnwen ɔkasa bi a ɛbɛboa wɔn a wobɛma akyerɛ wɔn ho?” Mebɔɔ mpae mpɛn pii kosii sɛ miduu hɔ a na meretee so.

Bere a asafo ahorow a ɛwɔ New York City mu dɔɔso pii wɔ afe 1950 ne afe 1969 ntam hɔ no, na mmeae a yɛhan de yɛ Ahenni Asa ho ayɛ den. Enti, efi afe 1970 kosi afe 1990 no, yɛtɔɔ adan abiɛsa wɔ Manhattan, na yesiesiei ma ɛbɛyɛɛ baabi a ɛfata a na yebetumi ayɛ asafo nhyiam. Ná me na meyɛ boayikuw a ɛrehwɛ ma wɔayɛ saa adan no ho adwuma no guamtenani, na mekae sɛnea Yehowa hyiraa asafo ahorow a woyii sika de boae ma yɛyɛɛ adan a yɛakɔ so ara de ɔsom kronn ama Yehowa wom no ho adwuma a, na m’ani agye paa.

Nsakrae a Ɛbaa M’asetena Mu

Da koro bi wɔ afe 1957 mu a na merekɔ adwuma a na menam baabi a Betel adwumayɛfo da ne ɔdan a wotintim nhoma wom ntam no, osu fii ase tɔe. Mihuu ababaa hoɔfɛfo bi a na waba Betel foforo sɛ odi m’anim. Ná onni kyinii, enti mema ɔbɛhyɛɛ mede no ase bi. Saa na ɛyɛe a mihyiaa Marjorie, na efi bere a yɛwaree wɔ afe 1960 mu no, osu mu oo, owia mu oo, yɛabom akɔ so de anigye asom Yehowa. Yɛkaee yɛn ayeforohyia da a ɛto so 50 wɔ September 2010 mu.

Bere a yekogyee yɛn ahome wɔ yɛn ayeforohyia akyi bae no, ankyɛ koraa na Onua Knorr ka kyerɛɛ me sɛ menkɔkyerɛ ade wɔ Gilead Sukuu no mu. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ hokwan soronko! Efi afe 1961 kosi afe 1965 no, wɔyɛɛ sukuu maa adesua akuw anum a emu biara gyee bere tenten, na wɔn a wɔbaa bi titiriw yɛ wɔn a na wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea ahorow a wɔmaa wɔn ntetee soronko wɔ sɛnea wɔbɛhwɛ baa dwumadibea so. Bere a afe 1965 rekɔ awiei no, yɛsan de asram anum kyerɛɛ adesuakuw biara ade bio, na wɔsan de adwene sii asɛmpatrɛwfo a wɔbɛtete wɔn so bio.

Wɔ afe 1972 mu no, wɔma mifii Gilead Sukuu no mu kɔyɛɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛma Nsɛm a Nkurɔfo Bisa Ho Mmuae, na me na wɔma mehwɛɛ dwumadibea no so. Nhwehwɛmu a na meyɛ de bua nsɛmmmisa ne nkurɔfo haw ho nsɛm a na wobisa no aboa me ma mate Onyankopɔn Asɛm no ase yiye, na aboa me nso ma mahu sɛnea yɛde yɛn Nyankopɔn nnyinasosɛm a ɛkorɔn no yɛ adwumma de boa afoforo no yiye.

Afei wɔ afe 1987 mu no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea foforo a ɛne Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea. Yɛne asafo mu mpanyimfo a wɔsom wɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no so yɛɛ nhyiam ahorow kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔne nnuruyɛfo, atemmufo, ne asetena mu nsɛm ho adwumayɛfo besusuw yɛn gyidi a ɛfa mogya ho a egyina Kyerɛwnsɛm so no ho. Ná ɔhaw kɛse a ɛwɔ hɔ ne sɛ na nnuruyɛfo si wɔn bo ma Adansefo mma mogya bere a wɔn awofo mpene so, na mpɛn pii no, na wogye tumi fi asɛnnibea na wɔde yɛ saa.

Sɛ yɛma nnuruyɛfo no nyansahyɛ wɔ nnuru foforo a wobetumi de asi mogya ananmu ho a, na mmuae a wɔtaa de ma yɛn ara ne sɛ, saa nnuru no bi nni hɔ anaa ne bo yɛ den dodo. Sɛ oduruyɛfo bi ka saa a, na metaa ka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma menhwɛ wo nsam.” Na sɛ obue ne nsam kyerɛ me a, meka sɛ, “Wunim sɛ wowɔ biribi wɔ wo nsam a eye paa a wubetumi de asi mogya ananmu.” Sɛ mekamfo no saa a, na ɛma ɔkae biribi a ɔno ankasa nim yiye paa, na ɛno ne sɛnea ɔbɛtɔ ne bo ase de sekan no ayɛ oprehyɛn a ɛremma ɔyarefo no nhwere mogya pii.

Yehowa ahyira mmɔden a yɛabɔ de akyerɛkyerɛ nnuruyɛfo ne atemmufo no so yiye paa wɔ mfe aduonu a atwam no mu. Sɛ wɔte nea yegye di no ase yiye a, na ɛma wɔsesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho no koraa. Wɔahu sɛ aduruyɛ ho nhwehwɛmu ma ɛda adi sɛ nnuru a wɔde si mogya ananmu yɛ adwuma paa, na nnuruyɛfo pii ne ayaresabea pii wɔ hɔ a wɔagye atom sɛ wɔbɛsa yɛn yare a wɔremfa mogya nni dwuma wom a wobetumi de ɔyarefo bi akɔ hɔ.

Efi afe 1996 no, me ne Marjorie ayɛ adwuma wɔ Watchtower Educational Center a ɛwɔ Patterson, New York no. Efi Brooklyn atifi fam rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 70 (kilomita 110). Yɛbaa ha no, meyɛɛ adwuma kakra wɔ Ɔsom Dwumadibea, na afei mekɔboae ma wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea a wɔpaw wɔn ma wɔtete wɔn ne ahwɛfo akwantufo wɔ bere bi mu. Mfe 12 a atwam no, wɔama masan akɔhwɛ Dwumadibea a Ɛma Nsɛm a Nkurɔfo Bisa Ho Mmuae a wɔayi afi Brooklyn de aba Patterson no so.

Mpanyinyɛ mu Nsɛnnennen

Seesei a madi bɛyɛ mfe 85 no, ayɛ den ama me paa sɛ mɛyɛ adwuma a wɔde ama me wɔ Betel no. Kokoram ateetee me bɛboro mfe du ni. Mete nka te sɛ Hesekia a Yehowa too ne nkwa nna mu no. (Yes. 38:5) Me yere nso nte apɔw, na yɛabom reko yare bi a aka n’adwene ama ne werɛ afi biribiara. Marjorie yɛ Yehowa somfo a ɔbɔ mmɔden, otu mmabun fo, na ɔyɛ ɔboafo ne ɔhokafo nokwafo nso. Ná osua Bible bere nyinaa, na na otumi de kyerɛkyerɛ afoforo yiye, na yɛn honhom fam mma pii ne yɛn di nkitaho.

Me sewaa Mary wui wɔ March 2010 mu bere a na wadi mfe 87. Ná ɔyɛ obi a otumi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm yiye, na ɔboaa afoforo ma wohuu nokware som. Ɔde mfe pii yɛɛ bere nyinaa som adwuma no. M’ani sɔ nea ɔyɛ de boaa me ma mibehuu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ma mebɛyɛɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no somfo te sɛ ɔno. Wosiee Mary wɔ ne kunu a bere bi ɔsomee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Israel no nkyɛn. Mewɔ ahotoso sɛ Yehowa kae wɔn, na obenyan wɔn wɔ owusɔre mu.

Sɛ mehwɛ mfe bɛboro 67 a mede asom Yehowa no a, m’ani sɔ nhyira pii a manya no. Ɛyɛ me anigye sɛ mereyɛ Yehowa apɛde! Esiane Yehowa adom mu ahotoso a mewɔ nti, mehwɛ kwan denneennen sɛ me nsa bɛka ɛbɔ a ne Ba no hyɛe no. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Obiara a wagyaw afie anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase esiane me din nti no benya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.”Mat. 19:29.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Wotintimii wɔ afe 1942 mu, nanso seesei wɔagyae tintim.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Mewɔ me nanabarima asaawa afuw mu wɔ Georgia, U.S.A., 1928

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Me sewaa Mary ne Wɔfa Talmadge

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Mary, Gladys, ne Grace

[Mfonini wɔ kratafa 20]

M’asubɔ, June 14, 1944

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Mewɔ Ɔsom Dwumadibea wɔ Betel

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Me ne Mary wɔ amanaman ntam nhyiam ase wɔ Yankee Stadium, 1958

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Me ne Marjorie wɔ yɛn ayeforohyia da

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yɛn baanu wɔ afe 2008 mu