Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛho Hia Paa sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’?

Dɛn Nti na Ɛho Hia Paa sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’?

Dɛn Nti na Ɛho Hia Paa sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’?

“DƐN na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3) Bere a Yesu rema saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɔmaa n’asuafo no sɛnkyerɛnne bi a emu da hɔ a ɔkyerɛkyerɛɛ mu yiye a na wobetumi ahu no pefee nso, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, ne Luka ti 21 no. Ɔde kaa ho sɛ: “Monkɔ so nwɛn.”—Mat. 24:42.

Sɛ na sɛnkyerɛnne no ankasa bɛda adi pefee a, dɛn nti na Yesu san kae sɛ ‘yɛnkɔ so nwɛn’? Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma abien bi ntia. Nea edi kan, nneɛma betumi atwetwe ebinom ma wɔabu wɔn ani agu sɛnkyerɛnne no so ma wɔn gyidi ayɛ mmerɛw, na ɛremma wɔnkɔ so nwɛn. Nea ɛto so abien, Kristoni bi betumi ahu sɛ sɛnkyerɛnne no fã bi resisi wɔ baabi, nanso sɛ ɛnyɛ baabi a ɔte no na ɛresisi a, ebia ɔbɛte nka sɛ ɛmfa no ho. Enti, obetumi anya adwene sɛ nkɔm a Yesu hyɛe no fã a etwa tõ a ɛne “ahohiahia kɛse” no nnya mmae ma enti ɛho nhia sɛ ‘ɔkɔ so wɛn.’—Mat. 24:21.

“Wɔanhu”

Yesu kaee n’akyidifo no sɛnea nkurɔfo a wɔtenaa ase wɔ Noa bere so no yɛɛ wɔn ade. Ɛbɛyɛ sɛ wohui sɛ Noa reka asɛm no, ɔreyɛ adaka kɛse bi, na wohuu basabasayɛ a na ɛrekɔ so saa bere no nso. Nanso, wɔn mu dodow no ara ‘anhu.’ (Mat. 24:37-39) Saa ara na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ wɔn ade wɔ kɔkɔbɔ ho. Sɛ nhwɛso no, ahyɛnkafo pii hu ahyɛnsode a esisi kwan ho pefee a ɛkyerɛ mmirika a ɛsɛ sɛ wɔkɔ, nanso wobu wɔn ani gu so. Aban mpanyimfo a wɔhwɛ kar akwan ho nsɛm so taa yɛ sumpi twitwa akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma ahyɛnkafo abrɛ wɔn mmirika ase. Saa ara na Kristoni bi betumi ahu sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ awiei bere mu nanso ɔremma n’abrabɔ nkyerɛ sɛ ɔwɔ awiei bere no mu. Biribi a ɛte saa too Arielle a ɔyɛ ababaa a ofi Afrika Atɔe fam.

Ná Arielle ani gye ho sɛ ɔbɛhwɛ mmea a wɔde wɔn nsa bɔ bɔɔl wɔ television so. Bere a ne sukuu hyehyɛɛ kuw a wɔde wɔn nsa bɔ bɔɔl no, esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔbɔ bi nti, ɛmaa ne werɛ fii sɛ ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Ɔkɔkaa bɔɔlbɔ kuw no ho sɛ obi a ɔbɛkyere bɔɔl ama wɔn. Dɛn na esii? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná wɔn a me ne wɔn bɔ bɔɔl no bi wɔ mpenafo a na wɔnom nnubɔne ne sigaret. Esiane sɛ na menyɛ nea na wɔyɛ no bi nti, wodii me ho fɛw, nanso na ɛyɛ me sɛ metumi agyina ano. Bere bi akyi no, agoru no a na mede me ho ahyɛ mu no fii ase sɛee me som. Bɔɔlbɔ gyee m’adwene ne me koma nyinaa. Sɛ mewɔ Kristofo nhyiam ase a, na m’adwene afi Ahenni Asa so hɔ nenam baabi a yɛbɔ bɔɔl no. Suban pa a na mewɔ sɛ Kristoni no nso sɛee. Sɛ́ anka mɛbɔ bɔɔl no de agyigye m’ani no, afei de, na nea ehia me paa ne sɛ yebedi nkonim. Migyee bere pii de tetee me ho efisɛ na mepɛ sɛ yedi nkonim. Eyi bɛyɛɛ me so dadwen kɛse. Bɔɔlbɔ no nti, mannya bere amma me nnamfo mpo.

“Da bi, bere a na yɛresi akan bi no, biribi sii, na ɛma misusuw tebea a na mewom no ho. Wogyee panati maa wɔn a na yɛne wɔn resi akan no. Ná mayɛ krado sɛ mɛkyere bɔɔl no. M’ani baa me ho so no na mabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me mma menkyere bɔɔl no! Saa asɛm yi ma mihuu sɛnea na me ne Yehowa ntam asɛe afa. Ɛyɛɛ dɛn na me ne Yehowa ntam san yɛɛ yiye?

“Ná mahwɛ yɛn DVD a wɔato din, Young People Ask—What Will I Do With My Life? no. * Meyɛe sɛ mɛsan ahwɛ bio, na saa bere yi de mɛfa no aniberesɛm. Efisɛ mihui sɛ na me haw no te sɛ André a ɔwɔ drama no mu no de ara pɛ. Ade titiriw a mehyɛɛ no nsow ne nyansahyɛ a na asafo mu panyin bi de ama André sɛ—kenkan Filipifo 3:8 na dwinnwen ho no. Ɛno na ɛboaa me. Enti migyaee bɔɔl no bɔ.

“Hwɛ sɛnea ɛno boaa me paa! Mesesaa adwene a na mewɔ wɔ akansi ho no, na dadwen no fii me so. M’ani gyei paa, na mebɛn me nuanom Kristofo. Asafo no mu dwumadi ahorow ho behiaa me paa. Sɛ mekɔ asafo nhyiam a na mitumi tie asɛm yiye, na m’ani san begyee nhyiam ahorow no ho bio. Ɔkwan a mefa so yɛ asɛnka adwuma no nso tuu mpɔn. Seesei metaa yɛ akwampaefo boafo.”

Sɛ biribi retwetwe w’adwene sɛ bu w’ani agu sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no so a, ɛnde yɛ ho biribi ntɛm sɛnea Arielle yɛe no. Wubetumi asɔ nea edidi so yi mu bi ahwɛ. Yɛ nhwehwɛmu wɔ Watch Tower Publications Index no mu. Index no te sɛ asase mfonini a wɔde hwehwɛ akorade a ahintaw. Ɛbɛkyerɛ wo baabi a wubenya afotu pa ne osuahu ahorow a nkurɔfo a wɔafa tebea a worefa mu yi mu pɛn anya no ho nsɛm. Sɛ wusua ade yiye ansa na woakɔ Kristofo nhyiam na wokɔ na wokyerɛkyerɛw nsɛm kakra a, wubenya so mfaso kɛse. Ebinom ahu sɛ sɛ wɔtena anim wɔ asa no so a, ɛboa wɔn ma wotie asɛm yiye. Sɛ dwumadi no yɛ nea atiefo ka bi a, bɔ mmɔden ma mmuae ntɛm. Bio nso, fa nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ a wɔbɔ ho amanneɛ no toto sɛnkyerɛnne a Yesu de mae ne nkɔmhyɛ afoforo a ɛfa “nna a edi akyiri” no ho ho ma ɛmmoa wo na kɔ so nwɛn.—2 Tim. 3:1-5; 2 Pet. 3:3, 4; Adi. 6:1-8.

“Munsiesie Mo Ho”

Nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne no resisi wɔ “asase so nyinaa.” (Mat. 24:7, 14) Nnipa ɔpepem pii rehu amane esiane ɔyaredɔm, aduankɔm, asasewosow, ne nneɛma foforo a Bible hyɛɛ ho nkɔm a ɛresisi no nti. Nanso, nnipa foforo pii te mmeae a asomdwoe ne ahotɔ kakra wɔ. Sɛ sɛnkyerɛnne no fã bi nsii baabi a wowɔ a, so ɛsɛ sɛ wunya adwene sɛ ahohiahia kɛse no nnya mmae? Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wubenya adwene a ɛte saa.

Sɛ nhwɛso no, susuw nkɔm a Yesu hyɛɛ faa “ɔyaredɔm ne aduankɔm” ho no ho hwɛ. (Luka 21:11) Nea edi kan, wanka sɛ saa nneɛma no besisi wiase baabiara wɔ bere koro mu anaa sɛnea emu bɛyɛ den no bɛyɛ pɛ wɔ baabiara. Mmom no, ɔkae sɛ ebesisi “mmeaemmeae.” Enti, yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ nsɛm koro no ara besisi wɔ baabiara wɔ bere koro mu. Nea ɛto so abien, bere a Yesu kaa aduankɔm ho asɛm wiei no, ankyɛ koraa na ɔkae sɛ ɛho behia sɛ n’akyidifo no bi hwɛ yiye na wɔannidi ammoro so: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso . . . anhyɛ mo koma so da.” (Luka 21:34) Enti, ɛnsɛ sɛ Kristofo nyinaa hwɛ kwan sɛ sɛnkyerɛnne no fã biara besisi wɔ baabi a wɔwɔ no. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.” (Luka 21:31) Abɛɛfo mfiri a wɔde di nkitaho ma yetumi hu sɛnkyerɛnne no afã horow nyinaa ɛmfa ho sɛ ɛnyɛ baabi a yɛwɔ na ɛresisi no.

Kae nso sɛ, Yehowa ahyɛ ‘da ne dɔn’ a ahohiahia kɛse no befi ase dedaw. (Mat. 24:36) Na biribiara nni hɔ a esisi wɔ asase so a ebetumi asesa saa da ne dɔn no.

Yesu tuu Kristofo a wɔwɔ baabiara fo sɛ: “Munsiesie mo ho.” (Mat. 24:44) Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho bere nyinaa. Nokwasɛm ne sɛ, yɛrentumi mfa da mũ nyinaa nyɛ asafo no mu nnwuma da biara da. Ɛno da nkyɛn nso a, yɛn mu biara nnim nea bere a ahohiahia kɛse no befi ase no na ɔreyɛ. Ebetumi aba sɛ ebefi ase no na ebinom reyɛ afuw mu adwuma anaa wɔreyɛ ofie nnwuma. (Mat. 24:40, 41) Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho?

Emmanuel ne Victorine ne wɔn mmabea baasia te Afrika beae bi. Baabi a wɔte no wonhu sɛ nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne no afã nyinaa resisi wɔ hɔ. Enti wosii gyinae sɛ da biara da wɔbɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ na aboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho. Emmanuel kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ yebenya bere a ɛbɛyɛ ama yɛn nyinaa. Awiei koraa no, yeyii anɔpa nnɔnsia kosi nnɔnsia ne fã sii hɔ. Sɛ yesusuw daa asɛm no ho wie a, na yesusuw nhoma ahorow a yebesua wɔ asafo nhyiam ase wɔ dapɛn no mu nkyekyɛm kakra ho.” So nhyehyɛe a wɔayɛ yi aboa wɔn ma wɔakɔ so awɛn? Yiw, aboa wɔn paa! Emmanuel yɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo wɔ asafo no mu. Victorine taa yɛ akwampaefo boafo, na waboa nnipa pii ma wɔagye nokware no. Wɔn mmabea no nyinaa nso rebɔ mmɔden paa wɔ asafo no mu.

Yesu tuu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn.” (Mar. 13:33) Mma biribiara a ɛremma wuntumi nkɔ so nwɛn ntwetwe wo. Mmom no, tie afotu pa a wɔde ma yɛn wɔ Kristofo nhyiam ase ne yɛn nhoma ahorow mu no sɛnea Arielle yɛe no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ biribi da biara da de asiesie wo ho na ama ‘woakɔ so awɛn’ sɛnea Emmanuel ne n’abusua yɛ no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Ɛnnɛ bere yi mu drama a ɛfa mmɔden a Kristoni aberante bi rebɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so ho.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Bible mu nkɔmmɔ a Emmanuel ne n’abusua bɔ da biara da no boa wɔn ma ‘wosiesie wɔn ho’