Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛmmom Nni Ahurusi!

Momma Yɛmmom Nni Ahurusi!

Momma Yɛmmom Nni Ahurusi!

ƐREYƐ den paa ma nkurɔfo sɛ wɔn ani begye na wɔadi ahurusi. Nnipa pii wɔ hɔ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobedwen nsɛm a ɛhyɛ nkuran ho na wɔaka akyerɛ afoforo. Ɛtɔ mmere bi a, kurow kɛse mu asetena betumi ama nkurɔfo ate nka sɛ wɔyɛ ankonam na wɔatwe wɔn ho afi afoforo ho.

Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Alberto Oliverio ka sɛ: “Nnipa dodow no ara yɛ ankonam,” na “kurow kɛse mu asetena betumi ama ebinom atew wɔn ho anaa wɔate nka sɛ wɔyɛ ankonam. Esiane sɛ wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam nti, ebia wɔremma wɔn mfɛfo adwumayɛfo, nnipa a wɔne wɔn te mpɔtam, anaa nkurɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ sotɔɔ a wɔtɔ nneɛma wom mu asɛm nhia wɔn.” Mpɛn pii no, sɛ obi tew ne ho saa a, ɛma ɔhaw.

Nanso, tebea a yɛn mfɛfo Kristofo wom yɛ soronko, na saa ara na wɔn su nso te. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mo ani nnye bere nyinaa.” (1 Tes. 5:16) Yɛwɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye na yɛbom di ahurusi. Yɛsom Yehowa a ɔne Ɔsorosoroni Nyankopɔn no; yɛte nokware a ɛwɔ Bible mu no ase; yɛwɔ anidaso sɛ wobegye yɛn nkwa na yɛatena ase daa; na yebetumi nso aboa afoforo ma wɔanya saa nhyira no bi.—Dw. 106:4, 5; Yer. 15:16; Rom. 12:12.

Nokware Kristofo di ahurusi, na wɔka anigye a wonya ho asɛm kyerɛ afoforo. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo kyerɛw Filipifo no sɛ: “Ɛyɛ me anigye na me ne mo nyinaa di ahurusi. Saa ara na mo nso momma mo ani nnye na mo ne me nni ahurusi.” (Filip. 2:17, 18) Wɔ asɛm tiawa a Paulo kae yi mu no, ɔkaa yɛn ani a yɛbɛma agye ne ahurusi a yɛne yɛn ho yɛn ho bedi ho asɛm mprenu.

Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ yiye na wɔantew wɔn ho. Obiara a ɔtew ne ho no ntumi ne ne mfɛfo gyidifo nni ahurusi. Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi de afotu a Paulo de mae sɛ ‘yɛnkɔ so’ ne yɛn nuanom “nni ahurusi wɔ Awurade mu” no ayɛ adwuma?—Filip. 3:1.

Momma Yɛne Yɛn Nuanom Nni Ahurusi

Bere a Paulo kyerɛw ne krataa no kɔmaa Filipifo no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔde no ato afiase wɔ Roma esiane asɛnka adwuma a na ɔyɛ no nti. (Filip. 1:7; 4:22) Nanso, afiase a wɔde no toe no amma wammrɛ nsi a na ɔde yɛ asɛnka adwuma no ase. Mmom no, odii ahurusi sɛ ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de som Yehowa, na ‘wohwiee no sɛ nsã.’ (Filip. 2:17) Su a Paulo daa no adi no ma yehu sɛ anigye a yebenya nnyina tebea a yɛwom so. Ɛmfa ho sɛ na ɔda afiase no, ɔkae sɛ: “Mɛkɔ so adi ahurusi nso.”—Filip. 1:18.

Paulo na ɔhyehyɛɛ Filipifo asafo no, enti na ɔwɔ ɔdɔ soronko ma ne nuanom a wɔwɔ hɔ no. Ná onim sɛ sɛ ɔka anigye a onya wɔ Yehowa som mu kyerɛ wɔn a, na ɛbɛhyɛ wɔn nso nkuran. Enti ɔkyerɛwee sɛ: “Afei anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ me tebea no ama asɛmpa no akɔ so mmom, ma enti me mpokyerɛ abɛda adi Kristo fam wɔ Aban Awɛmfo nyinaa ne wɔn a aka nyinaa mu.” (Filip. 1:12, 13) Osuahu a ɛhyɛ nkuran yi a Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom a wɔwɔ Filipi no yɛ ade biako a ɛma onyaa anigye na ɔne wɔn dii ahurusi. Ɛbɛyɛ sɛ Filipifo no nso ne Paulo dii ahurusi. Ná ɛsɛ sɛ Filipifo no kae nea enti a na wɔredi ahurusi no, na na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu esiane sɛ wɔde Paulo ato afiase nti. Mmom no, na ɛsɛ sɛ wosuasua Paulo nhwɛso no. (Filip. 1:14; 3:17) Bio nso, na Filipifo no betumi akɔ so akae Paulo wɔ wɔn mpaebɔ mu na wɔayɛ nea wobetumi biara de aboa no.—Filip. 1:19; 4:14-16.

So yɛn nso yɛn ani gye te sɛ Paulo? So yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nneɛma pa a ɛkɔ so wɔ yɛn asetena mu ne yɛn asɛnka adwuma no mu? Sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam a, ɛyɛ papa sɛ yedi ahurusi wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho. Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ yebenya osuahu bi a ɛyɛ anigye paa ansa na yɛayɛ saa. Ebia yetumi de nnianim asɛm bi a etu mpɔn dii dwuma anaa yɛfaa ɔkwan bi so ne obi susuw nsɛm ho ma otiee Ahenni no ho asɛm. Ebetumi aba nso sɛ yɛne obi bɔɔ Bible mu asɛm bi a ɛyɛ anigye ho nkɔmmɔ. Anaa ebi mpo a, bere a yɛnam asɛnka mu no, nkurɔfo huu yɛn sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo, na ɛno nkutoo dii wɔn adanse kama. Osuahu ahorow a ɛte saa a yɛbɛka akyerɛ yɛn nuanom yɛ ɔkwan a yɛfa so ne wɔn bom di ahurusi.

Yehowa nkurɔfo pii de nneɛma abɔ afɔre, na wɔda so de nneɛma rebɔ afɔre na ama wɔatumi aka asɛmpa no. Akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, Betelfo, asɛmpatrɛwfo, ne amanaman ntam asomfo yere wɔn ho denneennen wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, na wodi ahurusi bere a wɔreyɛ saa. So yɛn ani gye, na yɛne wɔn di ahurusi? Ɛnde momma yɛnkyerɛ yɛn “mfɛfo adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn ahenni no fam” no ho anisɔ. (Kol. 4:11) Sɛ yehyiam wɔ asafo nhyiam ahorow ase anaa Kristofo nhyiam akɛse ase a, yebetumi de anigye ahyɛ wɔn nkuran. Yebetumi nso asuasua sɛnea wɔyɛ nsi no. Yebetumi ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn, ebia yebetumi ne wɔn abom adidi, na yɛnam so ahwehwɛ “hokwan” de atie wɔn suahu ne nsɛm a ɛhyɛ nkuran a wɔka no.—Filip. 4:10.

Momma Yɛne Wɔn a Wɔrehyia Sɔhwɛ Nni Ahurusi

Ɔtaa ne sɔhwɛ ahorow a Paulo gyinaa ano no hyɛɛ ne bo a na wasi sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware no mu den. (Kol. 1:24; Yak. 1:2, 3) Esiane sɛ na Paulo nim sɛ anuanom a wɔwɔ Filipi no betumi ahyia sɔhwɛ a ɛte saa ara enti, na onim sɛ sɛ ogyina ne sɔhwɛ no ano a, ebetumi ahyɛ ne nuanom nkuran, na ɛno maa n’ani gyei. Ɛno nti na ɔkae sɛ: “Mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na ɛnyɛ sɛ munnya ne mu gyidi nko na mmom sɛ munnyina n’ananmu nhu amane nso. Na mowɔ apereperedi koro no ara a muhui sɛ mewom na meda so wom no mu bi.”—Filip. 1:29, 30.

Saa ara na ɛnnɛ Kristofo hyia ɔsɔretia esiane asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nti. Ɛtɔ mmere bi a, wɔyɛ yɛn basabasa bere a wɔresɔre tia yɛn no, nanso mpɛn pii no, wɔfa anifere kwan so na ɛsɔre tia yɛn. Ebetumi ayɛ atosɛm a awaefo ka fa yɛn ho, yɛn abusuafo a wodi yɛn ani, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma anaa yɛn mfɛfo sukuufo a wodi yɛn ho fɛw. Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma sɔhwɛ ahorow a ɛte saa no yɛ yɛn nwonwa anaa ebu yɛn abam. Mmom no, ɛno na ɛma yenya nea yegyina so di ahurusi. Ɔkae sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro.”—Mat. 5:11, 12.

Sɛ yɛte sɛ wɔretaa yɛn nuanom denneennen wɔ aman bi so a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu anaa yɛma yɛn koma tu. Mmom no, ɛsɛ sɛ yedi ahurusi sɛ wotumi gyina ano. Yebetumi abɔ mpae ama wɔn, na yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wɔn gyidi den mma wontumi nnyina ano. (Filip. 1:3, 4) Ɛwom sɛ ebia yɛrentumi nyɛ pii mfa mmoa saa anuanom adɔfo a wɔrehyia sɔhwɛ no de, nanso yebetumi aboa anuanom a wɔwɔ yɛn ankasa asafo mu a wɔrehyia sɔhwɛ no. Yebetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho na yɛaboa wɔn. Ɛwom ara a yebetumi ato nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛayɛ yɛn Abusua Som anwummere, yebetumi ne wɔn akɔ asɛnka, na yebetumi ne wɔn abom ayɛ nneɛma bi de agyigye yɛn ani na yɛnam so ahwehwɛ hokwan ne wɔn adi ahurusi.

Yɛwɔ nneɛma pii nti a ɛsɛ sɛ yɛbom di ahurusi! Ɛnsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi afoforo ho sɛnea wiase no yɛ no, mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka anigye a yenya ho asɛm kyerɛ yɛn nuanom. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛboa ma ɔdɔ ne biakoyɛ atena asafo no mu, na yɛn ani begye nso sɛ yɛka yɛn nuanom Kristofo ho. (Filip. 2:1, 2) Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, munni ahurusi!”—Filip. 4:4.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]

Asase mfonini: Courtesy of Replogle Globes