Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monkyekye Wɔn A Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’

‘Monkyekye Wɔn A Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’

‘Monkyekye Wɔn A Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’

“Yehowa asra me sɛ . . . menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ.”—YES. 61:1, 2.

1. Dɛn na Yesu yɛ maa wɔn a na wɔredi awerɛhow no, na dɛn ntia?

YESU KRISTO kae sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.” (Yoh. 4:34) Bere a Yesu reyɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa no, ɔdaa n’Agya su a ɛyɛ fɛ no bi adi. Emu bi ne ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma nnipa no. (1 Yoh. 4:7-10) Ɔsomafo Paulo kaa ɔkwan biako a Yehowa fa so da ɔdɔ adi ho asɛm bere a ɔfrɛɛ Yehowa “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no. (2 Kor. 1:3) Yesu daa ɔdɔ a ɛte saa ara adi bere a ɔyɛɛ nea wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no. (Monkenkan Yesaia 61:1, 2.) Yesu kenkan saa nkɔmhyɛ no wɔ hyiadan mu wɔ Nasaret, na ɔkae sɛ saa nkɔmhyɛ no fa ne ho. (Luka 4:16-21) Wɔ ɔsom adwuma a Yesu yɛe nyinaa mu no, ofi ɔdɔ mu kyekyee wɔn a na wɔredi awerɛhow no werɛ, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wonyaa asomdwoe.

2, 3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo kyekye afoforo werɛ sɛnea Kristo yɛe no?

2 Ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo nyinaa kyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ sɛnea Yesu yɛe no. (1 Kor. 11:1) Paulo kae sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den.” (1 Tes. 5:11) Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkyekye afoforo werɛ, efisɛ adesamma te “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Tim. 3:1) Nnipa a wɔwɔ koma pa pii wɔ wiase baabiara nnɛ a nkurɔfo de wɔn kasa ne wɔn nneyɛe teetee wɔn ma wodi yaw, na wɔhyɛ wɔn awerɛhow.

3 Sɛnea Bible mu nkɔmhyɛ ma yehu no, wɔ wiase bɔne yi nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii yɛ “ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” Seesei, subammɔne a ɛte saa a nnipa da no adi agye nsam nnɛ koraa sen bere biara efisɛ ‘nnipa bɔne ne nnaadaafo akɔ wɔn anim wɔ bɔneyɛ mu.’—2 Tim. 3:2-4, 13.

4. Nneɛma rekɔ so dɛn wɔ wiase wɔ yɛn bere yi so?

4 Ɛnsɛ sɛ eyinom nyinaa yɛ yɛn nwonwa efisɛ Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yoh. 5:19) “Wiase nyinaa” a Bible ka ho asɛm no ne amanyɔsɛm, nyamesom, aguadi, ne akwan a Satan fa so trɛw n’atosɛm mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ wɔfrɛ Satan Ɔbonsam sɛ “wiase sodifo” ne “wiase yi nyame.” (Yoh. 14:30; 2 Kor. 4:4) Nneɛma rekɔ so sɛe wɔ wiase nyinaa efisɛ seesei Satan bo afuw paa, na onim sɛ ne bere a aka ma Yehowa ayi no afi hɔ yɛ tiaa. (Adi. 12:12) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛ Onyankopɔn remma Satan ne ne wiase bɔne no nkɔ so ntena hɔ nkyɛ, na asɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ Yehowa tumidi ho no bɛba awiei!—Gen., ti 3; Hiob, ti 2.

Wɔreka Asɛmpa no Wɔ Wiase Nyinaa

5. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛfa asɛnka adwuma no ho renya mmamu wɔ nna a edi akyiri yi mu?

5 Nkɔm a Yesu hyɛe no renya mmamu wɔ saa mmere a emu yɛ den wɔ nnipa asetena mu yi mu. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Sɛnea Yesu kae no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa redi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse kɛse sen bere biara. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɛboro 7,500,000 a wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 107,000 a ɛwɔ wiase nyinaa mu no reyɛ saa adwuma yi. Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm na ɔkyerɛkyerɛɛ ho ade, na saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa Adansefo nso reyɛ. (Mat. 4:17) Esiane asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ nti, yɛrekyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no pii werɛ. Nnansa yi, wɔ mfe abien bi mu no, wɔbɔɔ nnipa 570,601 asu ma wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo!

6. Dɛn na ama asɛnka adwuma a yɛreyɛ no renya nkɔso?

6 Seesei Yehowa Adansefo kyerɛ Bible ho nhoma ase kɔ kasa bɛboro 500 mu kyekyɛ ma nkurɔfo. Obiara nyɛɛ adwuma a ɛte saa da wɔ nnipa abakɔsɛm mu! Ɛyɛ nwonwa paa sɛ Yehowa ahyehyɛde no fã wɔ asase so, ɛreyɛ adwuma, na ɛrenya nkɔso. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn honhom kronkron a ɛwɔ tumi no na ɛrekyerɛ ahyehyɛde no kwan na ɛreboa no a, anka ɛbɛyɛ den sɛ ebetumi ayɛ adwuma a ɛte saa wɔ wiase a Satan di so yi mu. Esiane sɛ yɛreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa nti, wɔn a wɔredi awerɛhow a wotie Ahenni no ho asɛm no nya awerɛkyekye a yɛn mfɛfo gyidifo nya fi Kyerɛwnsɛm no mu no bi.

Sɛnea Yɛbɛkyekye Yɛn Mfɛfo Asomfo Werɛ

7. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa beyi nneɛma a ɛmma yɛn ani nnye nyinaa afi hɔ nnɛ? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi agyina ɔtaa ne ahohia ano?

7 Esiane sɛ yɛte wiase a bɔne ne amanehunu ahyɛ mu ma mu nti, ɛyɛ dɛn ara a yebehyia tebea horow bi a ɛbɛma yɛn ho ahiahia yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn beyi biribiara a ɛmma yɛn ani nnye anaa ɛma yedi yaw no afi hɔ ansa na wasɛe saa wiase yi. Ansa na saa da no bɛba no, ɔtaa a yebehyia bɛma ada adi sɛ ebia yedi nokware ma Yehowa na yegyina ne tumidi no akyi anaa ɛnte saa. (2 Tim. 3:12) Nanso, esiane sɛ yɛn soro Agya no boa yɛn na ɔkyekye yɛn werɛ nti, yebetumi ayɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ tete Tesalonika a wɔde boasetɔ ne gyidi gyinaa ɔtaa ne ahohia ano no.—Monkenkan 2 Tesalonikafo 1:3-5.

8. Adanse bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛma yehu sɛ Yehowa kyekye n’asomfo werɛ?

8 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ma n’asomfo nya awerɛkyekye a wohia. Sɛ nhwɛso no, bere a na Ɔhemmaa Yesebel a ne tirim yɛ den no pɛ sɛ okum odiyifo Elia no, ehu kaa odiyifo no ma oguanee, na ɔkae mpo sɛ ɔpɛ sɛ owu. Nanso, sɛ́ anka Yehowa bɛka Elia anim no, ɔkyekyee ne werɛ mmom, na ɔmaa no akokoduru a ɔde bɛyɛ n’adwuma sɛ odiyifo. (1 Ahe. 19:1-21) Sɛnea Yehowa kyekye ne nkurɔfo werɛ ho nhwɛso foforo nso ne mmoa a ɔde maa asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ asomafo no bere so no. Sɛ nhwɛso no, Bible ka bere bi a “asafo a ɛwowɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den” ho asɛm. Bio nso, “bere a wɔde Yehowa suro ne honhom kronkron no awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so dɔe.” (Aso. 9:31) Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ yɛn nso yɛwɔ “honhom kronkron no awerɛkyekye”!

9. Dɛn nti na Yesu ho ade a yebesua no betumi akyekye yɛn werɛ?

9 Yɛn a yɛyɛ Kristofo no nam Yesu Kristo ho ade a yesua ne n’anammɔn akyi a yedi no so anya awerɛkyekye. Yesu kae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:28-30) Sɛ yesua ɔkwan a Yesu faa so ne nnipa dii wɔ ɔdɔ mu ho ade, na yɛbɔ mmɔden suasua nea ɔyɛe no a, ebetumi aboa yɛn paa ma yɛn ho atɔ yɛn wɔ ahohia biara a ebia yɛwom mu.

10, 11. Henanom na wobetumi akyekye yɛn werɛ wɔ asafo no mu?

10 Yɛn mfɛfo Kristofo nso betumi akyekye yɛn werɛ. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea asafo mu mpanyimfo betumi aboa wɔn a wɔn gyidi reyɛ mmerɛw no ho hwɛ. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare [honhom fam] anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no.” Dɛn na ebefi mu aba? “Gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.” (Yak. 5:14, 15) Asafo no mufo foforo nso betumi akyekye yɛn werɛ.

11 Ɛtaa yɛ mmerɛw ma mmea sɛ wɔbɛka wɔn haw ahorow ho asɛm akyerɛ mfɛfo mmea. Anuanom mmea mpanyimfo a wɔn ho akokwaw titiriw betumi de afotu pa ama anuanom mmabaa. Ebetumi aba sɛ saa Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw yi afa tebea a ɛte saa mu wɔ wɔn asetena mu pɛn. Sɛ wotie mmabaa no na wonya tema ma wɔn a, wobetumi aboa wɔn paa. (Monkenkan Tito 2:3-5.) Nokwarem no, asafo mu mpanyimfo ne afoforo betumi ‘akyekye akra a wɔahaw wɔ yɛn mu no werɛ,’ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. (1 Tes. 5:14, 15) Ɛyɛ papa sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ Onyankopɔn ‘kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, nea ɛbɛyɛ a yɛn nso yebetumi akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu no werɛ.’—2 Kor. 1:4.

12. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam?

12 Ɔkwan a ɛho hia paa a yɛbɛfa so anya awerɛkyekye ne sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam, ɛhɔ na yɛte Bible mu nsɛm a ɛhyɛ yɛn nkuran. Yɛkenkan sɛ Yuda ne Silas ‘kaa nsɛm pii de hyɛɛ anuanom nkuran, na wɔhyɛɛ wɔn den.’ (Aso. 15:32) Asafo no mufo bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran ansa na yɛafi yɛn nhyiam ahorow ase, na yɛpɔn nso a yɛyɛ saa ara. Enti sɛ tebea a ɛhaw adwene bi ama yɛrehu amane mpo a, mommma yɛnntew yɛn ho, efisɛ sɛ yɛtew yɛn ho a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa. (Mmeb. 18:1) Mmom no, ɛsɛ sɛ yetie ɔsomafo Paulo afotu a efi honhom mu yi. Ɔkae sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—Heb. 10:24, 25.

Nya Awerɛkyekye Fi Onyankopɔn Asɛm no Mu

13, 14. Kyerɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm no betumi akyekye yɛn werɛ.

13 Sɛ́ yɛyɛ Kristofo a yɛabɔ asu anaasɛ afei ara na yɛafi ase resua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade no, yebetumi anya awerɛkyekye kɛse afi Onyankopɔn Asɛm no mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Rom. 15:4) Kyerɛw Kronkron no betumi akyekye yɛn werɛ na ama ‘yɛafata koraa a wɔasiesie yɛn yiye ama adwuma pa biara.’ (2 Tim. 3:16, 17) Sɛ yehu Onyankopɔn atirimpɔw ho nokwasɛm na yenya daakye ho anidaso a edi mũ a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkyekye yɛn werɛ kɛse. Enti, momma yensua Onyankopɔn Asɛm no ne Bible ho nhoma ahorow a ebetumi akyekye yɛn werɛ na aboa yɛn wɔ akwan pii so no yiye.

14 Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn denam Kyerɛwnsɛm no a ɔde kyerɛkyerɛɛ afoforo na ɔde kyekyee wɔn werɛ no so. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo baanu, na ‘ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ wɔn yiye.’ Bere a ɔne wɔn kasae no, ɛkaa wɔn koma paa. (Luka 24:32) Ɔsomafo Paulo suasuaa nhwɛso pa a Yesu yɛe no, na ‘ofi Kyerɛwnsɛm no mu ne nkurɔfo susuw nsɛm ho.’ Bere a ɔkɔɔ Beroea no, nnipa a na wɔretie no no ‘de wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye.’ (Aso. 17:2, 10, 11) Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛbɛkenkan Bible no da biara da, na yɛanya n’akenkan ne Kristofo nhoma ahorow a wɔayɛ sɛ ɛmma yennya awerɛkyekye ne anidaso wɔ ahohia bere yi mu no so mfaso!

Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Akyekye Afoforo Werɛ

15, 16. Nneɛma a yebetumi ayɛ de aboa yɛn mfɛfo Kristofo na akyekye wɔn werɛ no bi ne dɛn?

15 Nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa yɛn nuanom de akyekye wɔn werɛ. Sɛ nhwɛso no, yebetumi akodi gua ama nkwakoraa ne mmerewa anaa yɛn mfɛfo gyidifo a wɔyare. Yebetumi aboa afoforo ma wɔayɛ wɔn fie nnwuma, na yɛnam so akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. (Filip. 2:4) Yebetumi nso akamfo yɛn nuanom wɔ su pa a wɔda no adi te sɛ ɔdɔ, mmɔdenbɔ, akokoduru, ne gyidi ho.

16 Ade biako a yebetumi ayɛ de akyekye nkwakoraa ne mmerewa werɛ ne sɛ yɛbɛkɔ akɔsra wɔn na yɛayɛ aso atie wɔn suahu ahorow a wɔka kyerɛ yɛn ne nhyira a wɔanya wɔ Yehowa som mu no. Ɛno betumi ahyɛ yɛn nkuran na akyekye yɛn werɛ ankasa! Sɛ yɛkɔsra wɔn a, yebetumi ne wɔn akenkan Bible anaa yɛn Bible ho nhoma no bi. Ebia yebetumi ne wɔn asua Ɔwɛn-Aban Adesua a yɛbɛyɛ no dapɛn no mu anaasɛ nea yebesua wɔ Asafo Bible Adesua a yɛbɛyɛ wɔ dapɛn no mu no. Yebetumi nso ne wɔn ahwɛ yɛn DVD no bi. Afei nso, yebetumi akenkan anaasɛ yɛaka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ yɛn nhoma mu no bi akyerɛ wɔn.

17, 18. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn a yɛyɛ n’asomfo anokwafo no na wakyekye yɛn werɛ?

17 Sɛ yehu sɛ yɛn nua a yɛne no som Yehowa hia awerɛkyekye a, yebetumi abɔ ne din wɔ mpae a yɛn ankasa a yɛbɔ mu. (Rom. 15:30; Kol. 4:12) Sɛ yɛn ankasa yegyina nsɛnnennen a yehyia wɔ asetena mu ano na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyekye afoforo werɛ a, yebetumi anya gyidi ne ahotoso a na odwontofo no wɔ no bi. Ɔtoo dwom sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.” (Dw. 55:22) Nokwarem no, Yehowa bɛkyekye yɛn a yɛyɛ n’asomfo no werɛ na waboa yɛn bere nyinaa.

18 Onyankopɔn ka kyerɛɛ n’asomfo a na wɔwɔ hɔ tete no sɛ: “Me—me ara na mɛkyekye mo werɛ.” (Yes. 51:12) Yehowa bɛkyekye yɛn nso yɛn werɛ, na obehyira nneɛma pa a yɛyɛ ne nsɛm a yɛka de kyekye wɔn a wɔredi awerɛhow werɛ no so. Sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtena asase so no, Paulo asɛm a ɔde kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no betumi akyekye yɛn mu biara werɛ. Ɔkae sɛ: “Yɛn Awurade Yesu Kristo, ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔɔ yɛn na ɔmaa yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa wɔ adom mu no, ɔnkyekye mo koma werɛ, na ɔmma munnyina pintinn wɔ asɛm ne adwuma pa biara mu.”—2 Tes. 2:16, 17.

So Wokae?

• Ɛhe na yɛayɛ adwuma a yɛde rekyekye wɔn a wɔredi awerɛhow werɛ no akodu?

• Nneɛma a yebetumi ayɛ de akyekye afoforo werɛ no bi ne dɛn?

• Adanse bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛma yehu sɛ Yehowa kyekye ne nkurɔfo werɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

So wo nso wokyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Mmofra ne mpanyin nyinaa betumi ahyɛ afoforo nkuran