Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ mekenkan biribi wɔ Bible mu na mewɔ ho asɛmmisa anaasɛ mihia me haw bi ho afotu a, dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

Mmebusɛm 2:1-5 hyɛ yɛn mu biara nkuran sɛ ‘ɔnyere ne ho nhwehwɛ’ ntease ne nhumu te sɛ nea ɔrehwehwɛ “akorade a ahintaw.” Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ Bible mu nsɛm bi ho nsɛmmisa a yɛwɔ ho mmuae, na yɛyere yɛn ho nso hwehwɛ ɔkwan a yebetumi afa so adi yɛn haw ho dwuma. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no kratafa 33 kosi 38 kyerɛkyerɛ “Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu” mu. Ɛkyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ ama yɛn no ahwehwɛ yɛn nsɛmmisa ho mmuae mu. (Mat. 24:45) Wɔakyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de Watch Tower Publications Index no adi adwuma mu wɔ nhoma no kratafa 36. Sɛ wofa Watch Tower Publications Index biara a, wɔahyehyɛ nsɛmpɔw ahorow ne kyerɛw nsɛm wɔ mu. Ɛno ma etumi yɛ yiye sɛ yɛbɛyɛ asɛmfua anaa kyerɛw nsɛm bi mu nhwehwɛmu, na ɛbɛkyerɛ wo nhoma ahorow a wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu no wom. Tɔ wo bo ase hwehwɛ mmuae anaa akwankyerɛ pɔtee a wuhia no. Kae sɛ worehwehwɛ “akorade a ahintaw,” na ɛno begye bere ne mmɔdenbɔ.

Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm ne kyerɛw nsɛm bi wɔ hɔ a, wɔnhyɛɛ da nkyerɛkyerɛɛ mu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Baabi mpo a yɛaka kyerɛwsɛm pɔtee bi ho asɛm no, ebetumi aba sɛ yɛankyerɛkyerɛ asɛmmisa pɔtee a worehwehwɛ ho mmuae no mu. Afei nso Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛma nsɛmmisa bi sɔre efisɛ wɔanka ho asɛm ankɔ akyiri wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛno nti, ɛnyɛ asɛmmisa biara na yebetumi anya ho mmuae ntɛm ara. Sɛ yɛannya yɛn asɛmmisa ho mmuae wɔ yɛn nhoma ahorow mu a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ma ho mmuae, anyɛ saa a, ebetumi ama yɛagye akyinnye wɔ ‘nsɛmmisa a ɛsɛe bere mmom ho sen sɛ ɛbɛma yɛanya biribi afi Onyankopɔn hɔ de ahyɛ afoforo gyidi den.’ (1 Tim. 1:4; 2 Tim. 2:23; Tito 3:9) Baa dwumadibea no anaa wiase nyinaa adwumayɛbea ti no rentumi mma nsɛmmisa biara a wɔnkyerɛkyerɛɛ mu wɔ yɛn nhoma ahorow mu no ho mmuae. Yebetumi anya ahotoso sɛ nsɛm pii wɔ Bible mu a ebetumi akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asetena mu. Na Bible mu nsɛm a yennya ntee ase no ma yenya hokwan da no adi sɛ yɛwɔ Onyankopɔn ne n’Asɛm no mu gyidi kɛse.—Hwɛ Bɛn Yehowa nhoma no kratafa 185 kosi 187.

Nanso sɛ woayɛ nea wubetumi nyinaa de ayɛ asɛm bi a ɛho hia wo ho nhwehwɛmu nanso wunnyaa ho mmuae nso ɛ? Wubetumi ne Kristoni bi a ne ho akokwaw, te sɛ ebia asafo mu mpanyimfo no mu biako asusuw asɛm no ho. Mpanyimfo no wɔ Bible mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri, na wɔasom Yehowa mfe pii nso. Sɛ wuhia afotu de adi wo haw bi ho dwuma anaa de asi gyinae bi a, wobetumi aboa wo efisɛ wonim wo, wɔbɛn wo, na wonim tebea a wowom no nso. Mma wo werɛ mmfi da sɛ wobɛbɔ Yehowa mpae na woaka ade pɔtee a ɛrehaw wo no ho asɛm akyerɛ no, na woasrɛ no sɛ ɔmfa ne honhom kronkron nkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so asusuw nneɛma ho, “efisɛ Yehowa na ɔma nyansa . . . ne nhumu.”—Mmeb. 2:6; Luka 11:13.